June
Kwasida, June 1
Ɛsɛ sɛ yɛfa amanehunu bebree mu de kɔ Onyankopɔn Ahenni mu. —Aso. 14:22.
Yehowa hyiraa tete Kristofo no, efisɛ mmere danee no, wɔn nso danee wɔn ho. Ná wɔtaa hyia ɔsɔretia; ɛtɔ mmere bi a, na etumi ba prɛko pɛ. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo Barnaba ne ɔsomafo Paul bere a na wɔreka asɛmpa no wɔ Listra mpɔtam hɔ no. Mfiase no, wɔn a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn fɛw so. Nanso akyiri yi, atamfo “bɛsɛee nnipadɔm no adwene.” Afei, wɔn a mfiase no wɔgyee Barnaba ne ɔsomafo Paul fɛw so no, wɔn mu bi siw Paul abo na wɔgyaa no too hɔ susuw sɛ wawu. (Aso. 14:19) Nanso Paul ne Barnaba ampa abaw; wɔkɔkaa asɛmpa no wɔ baabi foforo. Dɛn na efii mu bae? “Wonyaa asuafo dodow bi,” na nsɛm a wɔkae ne wɔn nhwɛso hyɛɛ wɔn mfɛfo gyidifo no den. (Aso. 14:21, 22) Ɛwom, prɛko pɛ na atamfo sɔre tiaa Barnaba ne Paul, nanso wɔampa abaw, na nea wɔyɛe no boaa afoforo pii. Yɛn nso, sɛ yɛampa abaw wɔ adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no mu a, obehyira yɛn. w23.04 16-17 ¶13-14
Dwoda, June 2
O Yehowa, tie me mpaebɔ; yɛ aso ma me sufrɛ. Mɛfrɛ wo m’ahohia da, na wubegye me so.—Dw. 86:6, 7.
Ɔhene Dawid asetena nyinaa mu no, atamfo a wɔn ho yɛ hu pii teetee no, enti na ɔtaa bɔ Yehowa mpae hwehwɛ ne mmoa. Ná Dawid wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa tie ne mpaebɔ na obua nso. Wo nso wubetumi anya saa awerɛhyem no bi. Bible ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ama yɛn nyansa, na wahyɛ yɛn den ma yɛagyina yɛn haw ano. Ebia ɔbɛfa kwan bi so ama yɛn nuanom Kristofo anaa mpo wɔn a wɔnsom no aboa yɛn. Ɛwom, yenim sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ sɛnea yɛhwɛ kwan, nanso yenim sɛ obebua. Ɔbɛma yɛn nea yehia, na ɔbɛma yɛn nsa aka no bere pɔtee a yehia nso. Enti, kɔ so bɔ Yehowa mpae na nya gyidi sɛ obetie wo. Afei nya awerɛhyem sɛ ɔbɛhwɛ wo nnɛ, na wiase foforo a ɛreba no mu nso, ‘ɔbɛma ɔteasefo biara anya nea ohia nyinaa.’—Dw. 145:16. w23.05 8 ¶4; 13 ¶17-18
Benada, June 3
Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama me nyinaa, dɛn na mede betua no ka? —Dw. 116:12.
Nhyira a wubenya bere a woadu wo botae ho no, eye sɛ wode w’adwene besi ɛno so. Nhyira bɛn na wubetumi de w’adwene asi so? Sɛ wo botae ne sɛ wobɛkenkan Bible daa, anaa wo mpaebɔ betu mpɔn a, dwinnwen sɛnea woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa no mu den no ho. (Dw. 145:18, 19) Sɛ suban pa bi na wopɛ sɛ wunya a, fa w’adwene si sɛnea ɛbɛboa ama wo ne afoforo ntam ayɛ kama no so. (Kol. 3:14) Nea enti a wopɛ sɛ wudu wo botae ho no, wubetumi akyerɛw ato hɔ. Ɛyɛ a, taa hwɛ. Afei nso, wo ne wɔn a wɔbɛhyɛ wo nkuran no mmɔ. (Mmeb. 13:20) Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nyinaa, ɛtɔ mmere bi a, botae bi a yɛde asi yɛn ani so no, hwee nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ ho adwuma. Wei kyerɛ sɛ yɛrentumi nyɛ nea esi yɛn ani so no ho adwuma anaa? Ɛnte saa. Sɛ biribiara nkanyan yɛn mpo a, yebetumi afa akwan foforo so adu yɛn botae ho. Ɛwom sɛ ebehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, nanso ɛbɛboa yɛn. w23.05 27-28 ¶5-8
Wukuda, June 4
Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.—Gal. 6:7.
Esiane sɛ yenim sɛ gyinae a yebesi biara ho asodi da yɛn so nti, ebetumi aka yɛn ma yɛaka yɛn bɔne, yɛasiesie mfomso a yɛadi no, na yɛayere yɛn ho sɛ yɛrenni saa mfomso no bio. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so atu nkwa ho mmirika no. Sɛ woasi gyinae bɔne bi na worentumi nyɛ ho hwee a, gye tom. Nhaw wo ho sɛ wobɛsɛe bere akyerɛ nea enti a wusii saa gyinae bɔne no anaa wode ɛho asodi bɛto afoforo so. Mmom, gye wo mfomso tom, na yɛ nea wubetumi biara wɔ tebea a woaba mu no mu. Sɛ bɔne bi a woayɛ nti, w’ahonim haw wo a, bɔ Yehowa mpae, gye wo mfomso tom, na srɛ no sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. (Dw. 25:11; 51:3, 4) Wɔn a ebia woafom wɔn no, pa wɔn kyɛw, na sɛ ɛho hia a, hwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ. (Yak. 5:14, 15) Sua biribi fi mfomso a woadi no mu, na bɔ mmɔden sɛ worenyɛ bio. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behu wo mmɔbɔ, na mmoa biara a wuhia no, ɔde bɛma wo.—Dw. 103:8-13. w23.08 28-29 ¶8-9
Yawda, June 5
Yehoas yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, nna a ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no no nyinaa.—2 Ahe. 12:2.
Yehoiada nhwɛso pa boaa Ɔhene Yehoas paa. Ɛno nti, bere a ɔhene no yɛ abofra nyinaa, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Nanso Yehoiada wu akyi no, Yehoas kotiee Yuda mpanyimfo awaefo no. (2 Be. 24:4, 17, 18) Ɛyɛɛ Yehowa yaw paa, nanso ‘ɔsomaa adiyifo baa wɔn hɔ mpɛn pii sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn, nso wɔantie.’ Yehoiada ba Sakaria a na ɔyɛ Yehowa diyifo ne ɔsɔfo, na ɔsan yɛ Yehoas busuani mpo, wɔantie no. Nea ɛwom ne sɛ, nea na abusua yi ayɛ ama Ɔhene Yehoas nyinaa no, n’ani ansɔ, mmom okum Sakaria. (2 Be. 22:11; 24:19-22) Yehoas ankɔ so ansuro Yehowa. Ná Yehowa aka sɛ: “Wɔn a wobu me animtiaa no, meremfa wɔn nyɛ hwee.” (1 Sam. 2:30) Akyiri yi, Siria asraafo kakraa bi dii Yehoas “asraafodɔm kɛse” so nkonim, na ‘wopiraa no paa.’ (2 Be. 24:24, 25) Yehoas ankasa nkoa kum no esiane sɛ na wakum Sakaria nti. w23.06 18 ¶16-17
Fida, June 6
Kan no na moyɛ sum, nanso afei de moyɛ hann.—Efe. 5:8.
Ɔsomafo Paul tenaa Efeso de bere pii kaa asɛmpa no kyerɛkyerɛe. (Aso. 19:1, 8-10; 20:20, 21) Ná ɔdɔ anuanom no paa, na na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn ma wɔkɔ so di Yehowa nokware. Efesofo a Paul kyerɛw krataa kɔmaa wɔn no, bere bi, na atoro nkyerɛkyerɛ ne gyidihunu de wɔn ayɛ nkoa. Ná Efesofo no bra asɛe pɔtɔɔ, na na wɔn ani mmu wɔn dwɛ. Nyamesom afahyɛ ne agorɔ a na wɔdi wɔ agoprama so no, na dodow no ara fa ɔbea ne ɔbarima nna ho. (Efe. 5:3) Ná Efesofo no mu bebree “ahonim awu.” Ahonim a awu no, ne nkyerɛase tẽẽ ne “wɔnte yaw bio.” (Efe. 4:17-19) Ansa na Efesofo no rebehu nea Yehowa pɛ ne nea ɔmpɛ no, wɔyɛ bɔne a na wɔn ahonim mmu wɔn fɔ. Ɛno nti, na Paul betumi aka wɔn ho asɛm sɛ “wɔn adwene aduru sum, na wɔatwe wɔn ho afi nkwa a Onyankopɔn de ma no ho.” Nanso Efesofo no bi antena sum mu. w24.03 20 ¶2, 4; 21 ¶5-6
Memeneda, June 7
Wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden. . . . Wɔremmrɛ.—Yes. 40:31.
Ná ɛsɛ sɛ Gideon yere ne ho paa na watumi ayɛ ɔtemmufo adwuma no. Bere a Gideon ne Midianfo no koe anadwo no, wɔguanee. Nanso Gideon taa wɔn so fii Yesreel Bon mu ara koduu Asubɔnten Yordan ho tɔnn. (Atem. 7:22) Gideon koduu Yordan ho no, na ɛkyerɛ sɛ wawie anaa? Daabi! Ɛwom sɛ na wabrɛ, nanso ɔne ne mmarima 300 no twaa asubɔnten no, na wɔkɔɔ so tiw Midianfo no. Awiei koraa no, wɔkɔtoo wɔn dii wɔn so nkonim. (Atem. 8:4-12) Ná Gideon wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhyɛ no den, na ne nsa ansi fam. (Atem. 6:14, 34) Bere bi a na Gideon ne ne mmarima no taa Midian ahemfo mmienu bi so no, ɛbɛyɛ sɛ ahemfo no de, na wɔtete yoma so. (Atem. 8:12, 21) Nanso Onyankopɔn boaa Israelfo no ma wɔkɔtoo wɔn dii wɔn so nkonim. Asafo mu mpanyimfo nso betumi de wɔn ho ato Yehowa so, efisɛ “ɔmmrɛ da na n’ahoɔden nsa da.” Wɔbrɛ a, ɔbɛhyɛ wɔn den.—Yes. 40:28, 29. w23.06 6 ¶14; 7 ¶16
Kwasida, June 8
[Yehowa] rempo mo, na ɔrennyaw mo.—Deut. 31:6.
Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia no, yebetumi agyina pintinn. Enti, fa wo ho to Yehowa so. Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa akwankyerɛ a Barak tiei nti, odii nkonim. Ɛwom, na Israelfo no mu biara nni ɔkyɛm anaa peaw, nanso Yehowa ka kyerɛɛ Barak sɛ ɔne Kaananfo sahene Sisera ne n’asraafo a wɔwɔ akode pii no nkɔko. (Atem. 5:8) Odiyifobea Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ onkohyia Sisera ne ne ko nteaseɛnam 900 no wɔ asaasetraa so. Ɛwom sɛ na nteaseɛnam no bɛboa atamfo no paa wɔ asaasetraa so, nanso Barak tiee Yehowa. Bere a Barak ne n’asraafo resian Tabor Bepɔw no, Yehowa maa nsu tɔe denneennen. Sisera nteaseɛnam no kotintim atɛkyɛ mu, na Yehowa maa Barak dii nkonim. (Atem. 4:1-7, 10, 13-16) Yɛn nso, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yetie akwankyerɛ a ɔnam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn no a, ɔbɛma asi yɛn yiye. w23.07 19 ¶17-18
Dwoda, June 9
Nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.—Mat. 24:13.
Sɛ yebetumi anya nkwa a, ehia sɛ yenya abotare. Sɛnea Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no, yɛn nso ɛsɛ sɛ yenya abotare twɛn ma Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa ba mu. (Heb. 6:11, 12) Bible de yɛn toto okuafo ho. (Yak. 5:7, 8) Okuafo yɛ adwumaden dua ne nnɔbae gugu so nsu, nanso onnim bere pɔtee a ebefifi. Enti okuafo no nya abotare twɛn, na onya ahotoso sɛ obetwa ne nnɔbae no. Yɛn nso, ɛwom sɛ ‘yennim da ko a yɛn Wura bɛba,’ nanso yɛyere yɛn ho yɛ yɛn som adwuma. (Mat. 24:42) Yɛwɔ ahotoso sɛ, bere a ɛsɛ mu no, Yehowa bɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam, enti yenya abotare twɛn. Sɛ yɛannya abotare a, yebetumi apa abaw, na nkakrankakra yɛbɛtwe yɛn ho afi nokware no ho. Afei nso, anhwɛ a, nneɛma a ebia ɛbɛma yɛn ani agye bere tiaa mu no, ɛno na yebedi akyi. Nanso sɛ yenya abotare a, yebetumi amia yɛn ani agyina mu akosi awiei, na wɔagye yɛn nkwa.—Mika 7:7. w23.08 22 ¶7
Benada, June 10
Ne nansoaa no fã bi yɛ dade na ne fã bi nso yɛ dɔte.—Dan. 2:42.
Nkɔmhyɛ afoforo a ɛwɔ Daniel ne Adiyisɛm nhoma no mu no, sɛ yɛde nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:41-43 no toto ho a, yebetumi aka sɛ, ohoni no nan ase no gyina hɔ ma Anglo-Amerika a ɛredi wiase so nnɛ no. Daniel kaa saa tumidi yi ho asɛm sɛ “ne fã bi bɛyɛ den na ne fã bi nso ayɛ mmerɛw.” Adɛn nti na ne fa bi yɛ mmerɛw? Efisɛ ɔmanfo no a wɔgyina hɔ ma dɔte a ɛyɛ mmerɛw no, wɔmma saa tumidi yi kwan mma enni ne koko so asɛm. Sɛ yɛhwɛ ohoni a Daniel kaa ho asɛm no a, yebetumi asua nokwasɛm atitiriw pii afi mu. Nea edi kan, Anglo-Amerika Wiase Tumidi no akyerɛ sɛ ɛwɔ tumi wɔ akwan pii so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, aman a edii nkonim wɔ Wiase Ko a Edi Kan ne Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu mu no, na wɔdi mu akoten paa. Nanso wɔn manfo no ama wɔn tumi ano abrɛ ase efisɛ, wɔn manfo no kɔ so ko tia wɔn ho wɔn ho ne aban no. Nea ɛtɔ so mmienu, Anglo-Amerika na ebedi tumi ara akosi sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsɛe wiase ahenni nyinaa. w23.08 10-11 ¶12-13
Wukuda, June 11
Misu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu; misu frɛɛ me Nyankopɔn daa. Ɔtee me nne wɔ n’asɔrefi hɔ.—Dw. 18:6.
Ɛtɔ mmere bi a, ɔhaw ne amane a na Dawid hyia no, na ɛma ne ho hiahia no. (Dw. 18:4, 5) Nanso esiane sɛ na Yehowa dɔ no na odwen ne ho nti, ɛmaa ne ho dwoo no. Yehowa de n’adamfo a na n’asɛm ayɛ mmɔbɔ no kɔɔ “adidibea a ɛhɔ wura yɛ frɔmfrɔm” ne “homebea a nsu pii wɔ.” Ɛno nti, Dawid san nyaa ahoɔden na ɔkɔɔ so de anigye som Yehowa. (Dw. 18:28-32; 23:2) Ɛnnɛ nso, yɛfa sɔhwɛ ne abɛbrɛsɛ bebree mu. Ne nyinaa mu no, “Yehowa dɔ a enni huammɔ nti na yɛn ase nhyewee.” (Kwa. 3:22; Kol. 1:11) Ná Dawid taa ne owu bɔ mpunimpu, na na ɔwɔ atamfo a wɔn ho yɛ hu bebree. Nanso ɔdɔ a na Yehowa wɔ ma Dawid nti, na ɔte nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ. Dawid tee nka sɛ, tebea biara mu no, Yehowa ka ne ho, na ɛno kyekyee ne werɛ. Ɛno nti, otumi kaa sɛ: ‘Nneɛma a ɛbɔɔ me hu no, Yehowa gyee me fii ne nyinaa mu.’ (Dw. 34:4) Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a na Dawid suro paa, nanso esiane sɛ na Yehowa dɔ no nti, otumi dii ehu a ɛtete saa so. w24.01 30 ¶15-17
Yawda, June 12
Sɛ abɔnefo pɛ sɛ wɔdaadaa wo a, mpene.—Mmeb. 1:10.
Sua biribi fi gyinae bɔne a Yehoas sii no mu. Ɔsɔfo Panyin Yehoiada wu akyi no, Yehoas faa nnamfo bɔne. (2 Be. 24:17, 18) Otiee Yuda mpanyimfo a na wɔnnɔ Yehowa no. Anka ɛsɛ sɛ Yehoas twe ne ho fi saa abɔnefo no ho. Nanso otiee ne nnamfo no afotu bɔne no mmom. Bere a Yehoas busuani Sakaria bɔɔ mmɔden sɛ obetu no fo no, Yehoas ma wɔkum no. (2 Be. 24:20, 21; Mat. 23:35) Nea ɔyɛe no, na nyansa nnim koraa! Yehoas fii ase yiye, nanso awerɛhosɛm ne sɛ ɔbɛdan ɔwaefo ne owudifo. Ewiee ase no, ɔno ara ne nkoa kum no. (2 Be. 24:22-25) Sɛ ɔkɔɔ so tiee Yehowa ne wɔn a wɔdɔ Yehowa no a, hwɛ sɛnea anka ebewie no yiye! w23.09 9 ¶6
Fida, June 13
Nsuro.—Luka 5:10.
Ná Yesu nim sɛ ɔsomafo Petro betumi asom Yehowa akosi awiei. Enti ɔka kyerɛɛ Petro sɛ mma ‘onnsuro.’ Gyidi a na Yesu wɔ wɔ Petro mu no sesaa n’asetena. Akyiri yi, Petro ne ne nua Andrea gyaee mpataayi adwuma no, na wɔde wɔn bere nyinaa bedii Mesia no akyi. Saa gyinae a wɔsii no ma wɔnyaa nhyira pii. (Mar. 1:16-18) Bere a Petro kodii Kristo akyi no, ohuu anwanwade pii a ɔyɛe no. Ohui sɛ Yesu saa nkurɔfo yare, otuu ahonhommɔne, na onyan awufo mpo. (Mat. 8:14-17; Mar. 5:37, 41, 42) Afei nso, anisoadehu a na ɛkyerɛ nea Yesu bɛyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni mu daakye no, ohuu bi, na enyaa ne so tumi paa. (Mar. 9:1-8; 2 Pet. 1:16-18) Nneɛma a Petro hui no, sɛ wammedi Yesu akyi a, anka ɔrenhu da. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ no dɛ paa sɛ wamma ne mmerɛwyɛ no ammu n’abam amma saa nhyira yi nyinaa ammɔ no! w23.09 21 ¶4-5
Memeneda, June 14
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom enkosi mpɛn 77.”—Mat. 18:22.
Ɔsomafo Petro krataa a edi kan no mu no, ɔkaa sɛ, ‘yɛnnodɔ yɛn ho denneennen.’ Ɔdɔ a ɛte saa no, ɛnyɛ bɔne kakraa bi so na ɛkata, na mmom ‘ɛkata bɔne pii so.’ (1 Pet. 4:8) Bɔnefakyɛ ho asuade a Yesu kyerɛɛ Petro mfe pii a na atwam no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na ɛwɔ Petro tirim. Saa bere no, Petro kaa sɛ, sɛ ne nua yɛ no bɔne a, ɔde bɛkyɛ no ‘akosi mpɛn ason’; ɛbɛyɛ sɛ Petro adwene yɛɛ no sɛ ɔyɛ saa a, wayɛ ade ara ma. Nanso Yesu kyerɛɛ Petro ne yɛn nyinaa sɛ, sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ no ‘kosi mpɛn 77,’ kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yebu ho akontaa mpo. (Mat. 18:21) Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wode saa afotu yi bɛyɛ adwuma a, mma w’abam mmmu. Yehowa asomfo nyinaa tɔ sin, na ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ. Ade a ɛho hia sɛ woyɛ ne sɛ, wobɛyɛ nea wubetumi biara de wo nua no bɔne akyɛ no, na wo ne no asiesie mo ntam. w23.09 29 ¶12
Kwasida, June 15
Misu frɛɛ Yehowa, na ogyee me so.—Yona 2:2.
Yona hyɛ apataa no yam no, esiane sɛ na wabrɛ ne ho ase na wanu ne ho nti, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa betie ne mpaebɔ na waboa no. Akyiri yi, Yehowa maa apataa no kɔfee Yona too asaase kesee so. Afei de, na wayɛ krado sɛ dwumadi foforo a Yehowa de bɛhyɛ ne nsa no, ɔbɛyɛ. (Yona 2:10–3:4) Sɛ worehyia sɔhwɛ a, ɛyɛ a wote nka sɛ dadwen ahyɛ wo so ara ma wunhu asɛm pɔtee a wonka nkyerɛ Yehowa anaa? Anaa wote nka sɛ woayɛ hahaaha ma wuntumi nsua ade? Kae sɛ Yehowa te wo ase paa. Enti sɛ wobɔ mpae tiawa mpo a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ade pɔtee a wuhia no, ɔbɛma wo nsa aka. (Efe. 3:20) Sɛ yare anaa ɔhaw bi a worefa mu retwe wo mu nsu ma ɛno nti wuntumi nkenkan anaa wunsua ade a, wubetumi atie Bible a wɔayɛ no ɔdio anaa asafo nhoma a wɔakyere agu afiri so no bi. Afei nso, sɛ wutie yɛn nnwom a ɛwɔ jw.org anaa wohwɛ video a ɛwɔ hɔ no bi a, ebetumi aboa wo. Sɛ wobɔ mpae na wohwehwɛ wo mpaebɔ no ho mmuae fi Bible ne nneɛma afoforo a Yehowa de ama yɛn no mu a, ɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ Yehowa hyɛ wo den. w23.10 13 ¶6; 14 ¶9
Dwoda, June 16
Honhom kronkron ma emu da hɔ pefee sɛ, bere a na ntamadan a edi kan no wɔ hɔ no, na wonnya nyii ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea no adi.—Heb. 9:8.
Ntamadan no ne asɔrefie a akyiri yi wɔsii wɔ Yerusalem no, sɛnea na emu te no, ɛkame ayɛ sɛ na ɛyɛ ade koro. Ná wɔakyɛ mu mmienu; “Kronkronbea” no ne “Kronkron Mu Kronkronbea” no. Ntama na na wɔde atwa ntam. (Heb. 9:2-5; Ex. 26:31-33) Kronkronbea hɔ no, nneɛma a na ɛwɔ hɔ ne sika kaneadua, afɔremuka a na wɔhyew aduhuam wɔ so, ne ɔpon a paanoo a wɔde kyerɛ no si so. ‘Wɔn a na wɔasra wɔn ahyɛ wɔn asɔfo no,’ wɔn nko ara na na wɔtumi kɔ Kronkronbea hɔ kɔyɛ wɔn asɔfodwuma. (Num. 3:3, 7, 10) Kronkron Mu Kronkronbea hɔ no, apam adaka a na ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ Israelfo mu no, ɛhɔ na na esi. (Ex. 25:21, 22) Edu Mpata Da no a, ɔsɔfo panyin no nko ara na na otumi tra ntwamutam no wura Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. (Lev. 16:2, 17) Ná ɔde mmoa mogya kɔ hɔ kɔpata ma ɔno ara ne bɔne ne ɔman no nyinaa de. Akyiri yi, nneɛma a na ɛwɔ ntamadan no mu no, Yehowa maa nea ɛkyerɛ no daa adi pefee.—Heb. 9:6, 7. w23.10 27 ¶12
Benada, June 17
‘Monnodɔ mo ho.’—Yoh. 15:17.
Yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu a, yehu sɛ ɛka no mpɛn pii sɛ ‘yɛnnodɔ yɛn ho.’ (Yoh. 15:12; Rom. 13:8; 1 Tes. 4:9; 1 Pet. 1:22; 1 Yoh. 4:11) Nanso ɔdɔ wɔ koma mu, na onipa biara rentumi nhu nea ɛwɔ yɛn koma mu. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ama afoforo ahu sɛ yɛdɔ wɔn? Yɛn kasa ne yɛn nneyɛe na ɛbɛkyerɛ. Nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ ama yɛn nuanom ahu sɛ yɛdɔ wɔn. Ebi na edidi so yi: “Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.” (Sak. 8:16) “Mo ne mo ho ntena asomdwoe mu.” (Mar. 9:50) “Obiara nni kan mfa nidi mma ne yɔnko.” (Rom. 12:10) “Obiara nnye ne yɔnko ntom.” (Rom. 15:7) “Obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no.” (Kol. 3:13) “Monkɔ so mmoa mo nuanom na mo ne wɔn nsoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru no.” (Gal. 6:2) ‘Monkɔ so ara nkyekye mo ho werɛ.’ (1 Tes. 4:18) “Monkɔ so . . . nhyehyɛ mo ho den.” (1 Tes. 5:11) “Mommɔ mpae mma mo ho.”—Yak. 5:16. w23.11 9 ¶7-8
Wukuda, June 18
Munni ahurusi wɔ anidaso no mu.—Rom. 12:12.
Da biara, yesisi gyinae a ehia sɛ yenya gyidi a emu yɛ den. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, gyinae a yesisi no, ebi fa nnamfo a yɛbɛfa, nneɛma a yɛde begye yɛn ani, sukuu a yɛbɛkɔ, aware, abawo, ne adwuma a yɛbɛyɛ ho. Ɛho hia paa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Gyinae a misisi no kyerɛ sɛ migye di paa sɛ, saa wiase yi regye nna awu, na ɛrenkyɛ Onyankopɔn wiase foforo no bɛba abesi saa wiase yi ananmu anaa? Anaa gyinae a nnipa a wɔgye di sɛ yewu a na asa sisi no, ɛno ara bi na misisi?’ (Mat. 6:19, 20; Luka 12:16-21) Sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den, na yehu sɛ wiase foforo no abɛn pɛɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa. Bio nso, yebetumi ahyia sɔhwɛ a ebehia sɛ yenya gyidi a emu yɛ den. Ebia yebehyia ɔsɔretia, yare koankɔ bi betumi abɛtena yɛn so, anaa yebetumi ahyia ɔhaw afoforo a ebetumi ama yɛn abam abu. Ahyɛase no de, ebia yebemia yɛn ani agyina mu. Nanso sɔhwɛ a ɛtete saa mfi yɛn so prɛko pɛ, enti sɛ ɛrekyɛ a, ebehia gyidi a emu yɛ den na yɛatumi akɔ so de anigye asom Yehowa.—1 Pet. 1:6, 7. w23.04 27 ¶4-5
Yawda, June 19
Munnnyae mpaebɔ da.—1 Tes. 5:17.
Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ yɛn mpaebɔ ho adwuma. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia onua bi bɛbɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no na n’adwumawura mma no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ ɔmantam nhyiam. Ɔkwan bɛn na ebia Yehowa bɛfa so abua saa mpae no? Ebia ɔbɛma onua no akokoduru ma watumi akɔ n’adwumawura no anim. Nanso ebehia sɛ onua no ankasa tutu ne nan kɔ n’adwumawura no hɔ de n’adesrɛ no kɔto n’anim. Ebi mpo a ebehia sɛ ɔkɔ n’anim mpɛn pii. Anaasɛ ebia ɔbɛma wɔn a ɔne wɔn yɛ adwuma no bi ayɛ n’adwuma no ama no, na ɔno nso akɔyɛ onii no de ama no da foforo. Anaa ebia obetumi mpo aka sɛ nna a ɔrenyɛ adwuma no, wɔntew mfi n’akatua mu. Nea ɛhaw yɛn no, Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ so bɔ ho mpae. Asɛm bi a Yesu kae ma yehu sɛ, yɛn abisade no bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ amonom hɔ ara na Yehowa bɛyɛ ama yɛn. (Luka 11:9) Enti mpa abaw! Kɔ so bɔ mpae denneennen. (Luka 18:1-7) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa ahu sɛ yɛn abisade no ho hia yɛn paa. Afei nso, sɛ yɛyɛ saa a, yɛma Yehowa hu sɛ yegye di paa sɛ ɔbɛboa yɛn. w23.11 22 ¶10-11
Fida, June 20
Anidaso no nni huammɔ.—Rom. 5:5.
Yehowa hyɛɛ n’adamfo Abraham bɔ sɛ, ɛnam n’aseni so na asaase so aman nyinaa benya nhyira. (Gen. 15:5; 22:18) Ná Abraham wɔ ahotoso sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam, efisɛ na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi kɛse. Ɛno mpo no, Abraham dii mfe 100 na ne yere nso dii mfe 90 no, na saa awarefo anokwafo yi ntumi nwoe. (Gen. 21:1-7) Nanso, Bible ka sɛ: “[Abraham nyaa] anidaso gye dii sɛ ɔbɛyɛ aman bebree agya, sɛnea na wɔaka ato hɔ” no. (Rom. 4:18) Na sɛnea wunim no, Abraham anidaso no baa mu. Ɔwoo ɔba a na wahwɛ no kwan akyɛ no, na ɔtoo no din Isak. Dɛn na ɛmaa Abraham nyaa gyidi a ɛte saa? Esiane sɛ na Abraham yɛ Yehowa adamfo nti, na ‘ogye di paa sɛ nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no’ bɛbam. (Rom. 4:21) Yehowa gyee Abraham toom na obuu no ɔtreneeni esiane ne gyidi nti.—Yak. 2:23. w23.12 8 ¶1-2
Memeneda, June 21
Onipa a odi ade ketewaa mu nokware no, odi pii mu nokware nso, na onipa a ɔnteɛ wɔ ade ketewaa mu no, ɔnteɛ wɔ pii mu nso.—Luka 16:10.
Aberante a afoforo betumi de wɔn ho ato no so no, asɛde a ɛhyehyɛ ne nsa nyinaa, ɔyere ne ho yɛ no yiye. Momma yɛnhwɛ Yesu. Nnwuma a Yehowa de hyehyɛɛ ne nsa nyinaa, wantoto no ase da anaa wanyɛ no biarabiara. Mmom, sɛ ɛyɛ den mpo a, na ɔyere ne ho yɛ. Ná ɔdɔ nnipa, ɛnkanka n’asuafo no, na ofii ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa wɔn. (Yoh. 13:1) Enti suasua Yesu; dwumadi biara a wɔde bɛma wo no, yere wo ho yɛ. Sɛ wunhu adwuma no ani so a, brɛ wo ho ase, na bisa anuanom a wɔn ho akokwaw na wɔmmoa wo. Nyɛ anihaw adwuma. (Rom. 12:11) Mmom, yɛ adwuma no sɛnea woreyɛ “ama Yehowa na ɛnyɛ nnipa.” (Kol. 3:23) Nanso kae sɛ woyɛ nipa, enti hu nea wubetumi ayɛ, na sɛ wudi mfomso nso a, gye tom.—Mmeb. 11:2. w23.12 26 ¶8
Kwasida, June 22
Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so.—Yer. 17:7.
Sɛ yɛbɔ asu bɛka Yehowa abusua no ho a, ɛma yɛn ani gye sɛ. Ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yɛne Yehowa benya ayɔnkofa a ɛte saa. Yɛne odwontofo Dawid a ɔkaa asɛm a edi so yi yɛ adwene: “Anigye ne onipa a [wo Yehowa] wopaw no na woma ɔba wo nkyɛn bɛtena wo fi adiwo.” (Dw. 65:4) Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Yehowa de no ba ne fie adiwo. Wɔn a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbɛn no no, wɔn na ɔno nso bɛn wɔn. (Yak. 4:8) Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa na wobɔ asu a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ w’asubɔ akyi no, ‘obehwie nhyira agu wo so ma abu wo so.’ (Mal. 3:10; Yer. 17:8) Wobɔ asu a, afei ara na na woafi ase resom Yehowa. Ɛsɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara di ɛbɔ a woahyɛ no so; sɛ wuhyia sɔhwɛ mpo a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden di Yehowa nokware. (Ɔsɛnk. 5:4, 5) Esiane sɛ woyɛ Yesu suani nti, ɛsɛ sɛ wudi ne nhwɛso akyi pɛɛ, na wudi ne mmara so.—Mat. 28:19, 20; 1 Pet. 2:21. w24.03 8 ¶1-3
Dwoda, June 23
Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho.—Gen. 2:24.
Na sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere ani nnye ho sɛ mobɛbom ayɛ nneɛma nso ɛ? Sɛ saa a, dɛn na mubetumi ayɛ? Momma yɛnhwɛ anyina a yɛde asɔ gya. Ɛnyɛ sɛ wosɔɔ gya no ara a na afi ase redɛw brambrambram. Ehia sɛ wode anyina no bi hyehyɛ mu nkakrankakra. Mo nso, saa ara na da biara mubetumi apɛ bere kakra de ayɛ nneɛma bi abom. Monhwɛ sɛ mobɛyɛ biribi a mo mmienu nyinaa ani gye ho. (Yak. 3:18) Mufi ase nkakrankakra a, ebetumi ama moasan ahyɛ mo dɔ no mu gya. Obu ho hia paa wɔ aware mu. Ɛte sɛ mframa a ɛma ogya dɛw. Sɛ ogya annya mframa a, ɛnkyɛ koraa na adum. Aware nso, sɛ obu nni mu a, ɛnkyɛ na ɔdɔ no ano adwo. Nanso sɛ awarefo no mu biara bɔ mmɔden da obu adi kyerɛ ne yɔnko a, na wɔrehyɛ wɔn dɔ no mu gya. Kae sɛ, ɛnyɛ wo na wobɛkyerɛ sɛ wubu wo kunu anaa wo yere, na mmom ɔno na ɔbɛkyerɛ sɛ wubu no anaa wummu no. w23.05 22 ¶9; 24 ¶14-15
Benada, June 24
Bere a dadwen hyɛɛ me so no, wokyekyee me werɛ na wokaa me koma too me yam.—Dw. 94:19.
Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo bi kaa sɛ, atamfo ahunahuna ne nhyɛso afoforo nti, na wɔteetee. (Dw. 18:4; 55:1, 5) Yɛn nso, yɛn mfɛfo sukuufo anaa akyerɛkyerɛfo, yɛn adwumamfo, yɛn abusuafo anaa aban no betumi asɔre atia yɛn. Yare bi a abɛtena yɛn so nti, ebia dɔkta bɛka akyerɛ yɛn sɛ yebetumi awu. Mmere a ɛtete saa mu no, yɛn asɛm betumi ayɛ mmɔbɔ te sɛ abofra. Dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn wɔ mmere a ɛtete saa mu? Ɔkyekye yɛn werɛ, na ɔka yɛn koma to yɛn yam. Enti nya bere ma Yehowa; bɔ no mpae daa na kenkan n’Asɛm no. (Dw. 77:1, 12-14) Sɛ wotaa yɛ saa na wuhyia ɔhaw bi a, ɛda adi sɛ ade a edi kan a wobɛyɛ ne sɛ, wobɛhwehwɛ mmoa afi wo soro Agya no hɔ. Nea ɛrehunahuna wo anaa ɛreteetee wo biara, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa. Ma ɔmfa Bible no so ne wo nkasa na ɔnkyekye wo werɛ.—Dw. 119:28. w24.01 24-25 ¶14-16
Wukuda, June 25
‘Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkanyan mo, na ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛde.’—Filip. 2:13.
Sɛ wubetumi adu wo botae ho wɔ Yehowa som mu a, ehia paa sɛ wunya ɔpɛ a emu yɛ den. Obi wɔ ɔpɛ a emu yɛ den a, ɔyere ne ho yɛ nea ɛbɛma wadu ne botae ho. Ɔpɛ a yɛwɔ no, sɛ emu reyɛ den a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedu yɛn botae ho. Enti dɛn na wubetumi ayɛ na woanya ɔpɛ a emu yɛ den? Bɔ Yehowa mpae na ɔmma ɔpɛ a wowɔ no mu nyɛ den. Yehowa betumi afa ne honhom no so akanyan wo ma woadu wo botae ho. Ɛtɔ da a yɛde botae bi si yɛn ani so, efisɛ yenim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ɛyɛ ne kwan so. Nanso ebia yɛreka yi, na ɔpɛ a yɛde bɛyɛ no nni hɔ. Dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wo no ho. (Dw. 143:5) Adom a Yehowa de dom ɔsomafo Paul no, odwinnwen ho, na ɛkanyan no ma ɔyeree ne ho yɛɛ Yehowa adwuma. (1 Kor. 15:9, 10; 1 Tim. 1:12-14) Saa ara nso na sɛ wokɔ so dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wo no ho a, ɛbɛma woanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wubedu wo botae ho.—Dw. 116:12. w23.05 27 ¶3-5
Yawda, June 26
Munyi Yehowa din ayɛ.—Dw. 113:1.
Sɛ yeyi yɛn soro Agya no din ayɛ a, ɛma n’ani gye. (Dw. 119:108) Sɛnea ɛyɛ a nnipa pɛ sɛ nkurɔfo yi wɔn ayɛ ma wɔte nka sɛ wɔn nso hyɛ hɔ no, wohwɛ a saa ara na ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no nso te anaa? Daabi. Sɛ yeyi yɛn soro Agya no ayɛ a, atosɛm bi a Satan aka afa yɛn ho no, ɛma yetumi bɔ gu. Satan kyerɛ sɛ, onipa biara nni hɔ a obetumi asom Onyankopɔn afebɔɔ. Ɔkyerɛ sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ a, yebegyae Onyankopɔn som. Ɔka sɛ, sɛ ɛnyɛ nneɛma pa a yenya fi Onyankopɔn hɔ nti a, anka yɛagyae Yehowa som. (Hiob 1:9-11; 2:4) Nanso ɔnokwafo Hiob ma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Wo nso ɛ, wubesuasua Hiob anaa? Yɛn mu biara wɔ hokwan sɛ ɔkɔ so de nokwaredi som Yehowa ma Yehowa ani gye. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛretew ne din no ho. (Mmeb. 27:11) Wei yɛ akwannya kɛse paa. w24.02 8-9 ¶3-5
Fida, June 27
Munnya n’adiyifo mu gyidi na asi mo yiye.—2 Be. 20:20.
Mose ne Yosua akyi no, Yehowa paw atemmufo ma wɔkyerɛɛ ne nkurɔfo kwan. Afei, ahemfo no bere so no, Yehowa paw adiyifo ma wɔkyerɛɛ ne nkurɔfo kwan. Ahemfo a na wɔdi nokware no tiee adiyifo no afotu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nteɛso a odiyifo Natan de maa Ɔhene Dawid no, ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom. (2 Sam. 12:7, 13; 1 Be. 17:3, 4) Ɔhene Yehosafat tiee akwankyerɛ a Yahasiel de maa no no, na ɔhyɛɛ Yudafo no nkuran sɛ ‘wonnya Onyankopɔn adiyifo mu gyidi.’ (2 Be. 20:14, 15) Ɔhene Hesekia kɔɔ ahohia mu no, okogyee akwankyerɛ fii odiyifo Yesaia hɔ. (Yes. 37:1-6) Bere biara a ahemfo no betie Yehowa akwankyerɛ no, na ohyira wɔn, na na ɔbɔ ɔman no ho ban. (2 Be. 20:29, 30; 32:22) Ná obiara ahu sɛ Yehowa nam n’adiyifo no so rekyerɛ ne nkurɔfo kwan. w24.02 21 ¶8
Memeneda, June 28
Monhwɛ na moankodi wɔn akyi. —Efe. 5:7.
Nnipa a yɛne wɔn bɔ a ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebetie Yehowa no, wɔn na Satan pɛ sɛ yɛne wɔn bɔ. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ anim ne anim no nko ara na wɔbetumi abɛyɛ yɛn nnamfo. Wɔn a yɛne wɔn di nkitaho wɔ sohyia midia so no, wɔn nso betumi abɛyɛ yɛn nnamfo. Wiase no wɔ adwene bi sɛ, sɛ obi bu brabɔne a ɛnyɛ hwee. Nanso yɛn de, yenim sɛ ɛyɛ bɔne, enti ɛsɛ sɛ yɛkwati. (Efe. 4:19, 20) Ne nyinaa mu no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘M’adwumamfo, me mfɛfo sukuufo, anaa obiara a onni Yehowa mmara so no, mehwɛ yiye sɛ me ne no remmɔ anaa? Sɛ mede akokoduru di Yehowa mmara so, na sɛ ɛno nti nkurɔfo ka sɛ m’asɛm yɛ den mpo a, dɛn na mɛyɛ?’ Sɛnea 2 Timoteo 2:20-22 kyerɛ no, sɛ yɛrefa nnamfo wɔ asafo no mu nso a, ebia ebehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, wɔn mu bi wɔ hɔ a, ebia wɔrentumi mmoa yɛn mma yɛnkɔ so nsom Yehowa. w24.03 22-23 ¶11-12
Kwasida, June 29
Yehowa wɔ ayamhyehye.—Yak. 5:11.
Woabɔ mmɔden sɛ wode w’adwene bebu sɛnea Yehowa te pɛn? Ɛwom sɛ yenhu Yehowa, nanso Bible ka ne ho asɛm wɔ akwan pii so. Ɛka sɛ Yehowa “yɛ owia ne ɔkyɛm” ne “ogya a ɛhyew ade.” (Dw. 84:11; Heb. 12:29) Hesekiel kaa Yehowa ho asɛm wɔ anisoadehu mu sɛ ɔte sɛ hoabo, ɔte sɛ sika ne dwetɛ a adi afra, na ɔte sɛ nyankontɔn a ɛhyerɛn paa. (Hes. 1:26-28) Esiane sɛ yenhu Yehowa nti, ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebegye adi sɛ ɔdɔ yɛn. Nea ebinom afa mu nti, wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Yehowa rentumi nnɔ wɔn da. Ne nyinaa mu no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa te yɛn ase, na onim sɛ ɛno nti ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛbɛn no. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn no no, ɔnam n’Asɛm no so ma yehu ne suban a ɛyɛ fɛ no. Sɛ yɛka Yehowa ho asɛm a, asɛmfua baako a yebetumi de abɔ ne nyinaa mua ne ɔdɔ. (1 Yoh. 4:8) Ɔdɔ di akoten wɔ biribiara a ɔyɛ mu. Onyankopɔn dɔ no sõ ara ma wɔn a ɛnnɔ no mpo, ebi so wɔn so.—Mat. 5:44, 45. w24.01 26 ¶1-3
Dwoda, June 30
Ɔne wɔn kasae wɔ omununkum dum mu.—Dw. 99:7.
Yehowa paw Mose sɛ onkogye Israelfo no mfi Egypt, na ɔnam omununkum dum so kyerɛɛ wɔn kwan awia, na ɔnam ogya dum so maa wɔn hann anadwo. (Ex. 13:21) Mose dii adum no akyi, na ɛde wɔn kopuee Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. Bere a ɛyɛɛ Israelfo no sɛ wɔaka Ɛpo Kɔkɔɔ no ne Egypt asraafo a na wɔtaa wɔn no ntam no, ehu kaa wɔn. Nanso na ɛnyɛ mfomso. Yehowa hyɛɛ da na ɔmaa Mose de Israelfo no kɔɔ hɔ. (Ex. 14:2) Afei Onyankopɔn gyee wɔn anwanwakwan so maa wɔn ho dwiriw wɔn. (Ex. 14:26-28) Mfe 40 a edi hɔ no, Mose kɔɔ so dii omununkum dum no akyi de kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo kwan wɔ sare no so. (Ex. 33:7, 9, 10) Sɛ Yehowa ne Mose kasa wɔ omununkum dum no mu a, na ɔno nso akɔka akyerɛ Israelfo no. Israelfo no tumi hui pefee sɛ na Yehowa nam Mose so rekyerɛ wɔn kwan. w24.02 21 ¶4-5