Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Yɛma Wo Akwaaba!
Wɛbsaet wei, yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ Yehowa Adansefo nhoma a wɔatintim no kasa pii mu no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, yɛsrɛ wo, kɔ jw.org.
  • Ɛnnɛ

Fida, August 29

Mama wɔahu wo din.—Yoh. 17:26.

Yesu anka ankyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn din de Yehowa kɛkɛ. Yudafo a na Yesu kyerɛkyerɛ wɔn no, na wɔnim Onyankopɔn din dedaw. Nanso Yesu paa na ‘ɔkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn te.’ (Yoh. 1:​17, 18) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Hebri Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye. (Ex. 34:​5-7) Yesu maa mfatoho bi a ɛfa ɔba desɛefo bi ne ne papa ho, na ɔde kyerɛkyerɛɛ saa nokwasɛm no mu pefee. Bere a papa no huu ne ba a wanu ne ho no sɛ “ɔda so ara wɔ akyirikyiri no,” otuu mmirika kohyiaa no, ɔbam no, na ofi ne koma nyinaa mu de ne bɔne kyɛɛ no. Wei ma yehu paa sɛ Yehowa mmɔborɔhunu ne n’ayamhyehye de, adutwam. (Luka 15:​11-32) Yesu maa nkurɔfo huu sɛnea n’Agya te ankasa. w24.02 10 ¶8-9

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025

Memeneda, August 30

‘Awerɛkyekye a yenya fi Onyankopɔn hɔ no, momma yɛmfa nkyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu mu no werɛ.’—2 Kor. 1:4.

Yehowa nso kyekye wɔn a wɔwɔ ahohia mu werɛ ma wɔn ho dwo wɔn. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa ayamhyehye ne sɛnea ɔkyekye nkurɔfo werɛ no? Ɔkwan baako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, yebenya suban a ɛbɛma yɛanya ayamhyehye na yɛakyekye afoforo werɛ. Saa suban no bi ne nea ɛwɔ he? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adodɔ yɛn ho na ‘yɛakɔ so ara akyekye yɛn ho werɛ’ da biara da? (1 Tes. 4:18) Ehia sɛ yenya suban pa te sɛ tema, onuadɔ, ne ayamye. (Kol. 3:12; 1 Pet. 3:8) Yenya saa suban yi a, ɛbɛboa yɛn sɛn? Sɛ yenya ayamhyehye ne suban pa a ɛtete saa a, ebepusuw yɛn ma yɛakyekye wɔn a wɔrehu amane no werɛ. Sɛnea Yesu kae no, “nea ayɛ koma mã no na ano ka. Onipa pa yi adepa fi nneɛma pa a waboaboa ano mu ba.” (Mat. 12:​34, 35) Yɛn nuanom Kristofo a wɔrehu amane no, sɛ yɛkyekye wɔn werɛ a, ɛyɛ ɔkwan titiriw baako a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. w23.11 10 ¶10-11

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025

Kwasida, August 31

Wɔn a wɔyɛ mmadwemma de, wɔbɛte ase.—Dan. 12:10.

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte Bible nkɔmhyɛ ase a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa. Yɛnhwɛ mfatoho yi. Fa no sɛ worekɔ baabi a wunnim hɔ, nanso w’adamfo bi a onim hɔ paa ka wo ho. Baabi a mubedu biara onim hɔ, na ɔkwan biara nso, onim baabi a ekopue. Ɛrenyɛ wo dɛ sɛ w’adamfo no ne wo kɔe anaa? Yehowa te sɛ saa adamfo no; onim nea ɛrekɔ so wɔ wiase, na onim nea ɛda yɛn anim nso. Ɛno nti, sɛ yebetumi ate Bible nkɔmhyɛ ase a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hwehwɛ ne mmoa. (Dan. 2:28; 2 Pet. 1:​19, 20) Ɔwofo pa biara pɛ sɛ daakye ne mma ani gye. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa nso te. (Yer. 29:11) Awofo de, wɔrentumi nkyerɛ nea ebesi daakye, nanso Yehowa de, obetumi akyerɛ nea ebesi daakye pɛpɛɛpɛ. Yehowa ma wɔde nkɔmhyɛ kaa Bible no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nsɛntitiriw bi a ebesisi daakye.—Yes. 46:10. w23.08 8 ¶3-4

Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
Yɛma Wo Akwaaba!
Wɛbsaet wei, yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ Yehowa Adansefo nhoma a wɔatintim no kasa pii mu no mu.
Sɛ wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, yɛsrɛ wo, kɔ jw.org.
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena