Memeneda, August 30
‘Awerɛkyekye a yenya fi Onyankopɔn hɔ no, momma yɛmfa nkyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu mu no werɛ.’—2 Kor. 1:4.
Yehowa nso kyekye wɔn a wɔwɔ ahohia mu werɛ ma wɔn ho dwo wɔn. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa ayamhyehye ne sɛnea ɔkyekye nkurɔfo werɛ no? Ɔkwan baako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, yebenya suban a ɛbɛma yɛanya ayamhyehye na yɛakyekye afoforo werɛ. Saa suban no bi ne nea ɛwɔ he? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adodɔ yɛn ho na ‘yɛakɔ so ara akyekye yɛn ho werɛ’ da biara da? (1 Tes. 4:18) Ehia sɛ yenya suban pa te sɛ tema, onuadɔ, ne ayamye. (Kol. 3:12; 1 Pet. 3:8) Yenya saa suban yi a, ɛbɛboa yɛn sɛn? Sɛ yenya ayamhyehye ne suban pa a ɛtete saa a, ebepusuw yɛn ma yɛakyekye wɔn a wɔrehu amane no werɛ. Sɛnea Yesu kae no, “nea ayɛ koma mã no na ano ka. Onipa pa yi adepa fi nneɛma pa a waboaboa ano mu ba.” (Mat. 12:34, 35) Yɛn nuanom Kristofo a wɔrehu amane no, sɛ yɛkyekye wɔn werɛ a, ɛyɛ ɔkwan titiriw baako a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. w23.11 10 ¶10-11
Kwasida, August 31
Wɔn a wɔyɛ mmadwemma de, wɔbɛte ase.—Dan. 12:10.
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte Bible nkɔmhyɛ ase a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa. Yɛnhwɛ mfatoho yi. Fa no sɛ worekɔ baabi a wunnim hɔ, nanso w’adamfo bi a onim hɔ paa ka wo ho. Baabi a mubedu biara onim hɔ, na ɔkwan biara nso, onim baabi a ekopue. Ɛrenyɛ wo dɛ sɛ w’adamfo no ne wo kɔe anaa? Yehowa te sɛ saa adamfo no; onim nea ɛrekɔ so wɔ wiase, na onim nea ɛda yɛn anim nso. Ɛno nti, sɛ yebetumi ate Bible nkɔmhyɛ ase a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hwehwɛ ne mmoa. (Dan. 2:28; 2 Pet. 1:19, 20) Ɔwofo pa biara pɛ sɛ daakye ne mma ani gye. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa nso te. (Yer. 29:11) Awofo de, wɔrentumi nkyerɛ nea ebesi daakye, nanso Yehowa de, obetumi akyerɛ nea ebesi daakye pɛpɛɛpɛ. Yehowa ma wɔde nkɔmhyɛ kaa Bible no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nsɛntitiriw bi a ebesisi daakye.—Yes. 46:10. w23.08 8 ¶3-4
Dwoda, September 1
Adekyee hann fi soro bepue yɛn so.—Luka 1:78.
Onyankopɔn ama Yesu tumi a ɔde beyi adasamma haw nyinaa afi hɔ. Ɔhaw a yɛn ankasa yɛrentumi nyi mfi hɔ no, Yesu nam anwanwade a ɔyɛe so kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi a ɔde beyi ne nyinaa afi hɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bɔne a yenya fii awo mu ne ɛso nsunsuanso a ɛne yare ne owu no, ɛno na ɛkɔfaa adasamma haw nyinaa bae. Nanso, Yesu wɔ tumi a ɔde betu ne nyinaa ase ama yɛn ho atɔ yɛn. (Mat. 9:1-6; Rom. 5:12, 18, 19) Anwanwade a ɔyɛe no ma ɛdaa adi sɛ obetumi ‘asa nyarewa ahorow nyinaa bi’ na wanyan awufo mpo. (Mat. 4:23; Yoh. 11:43, 44) Afei nso, ɔwɔ tumi a obetumi de adwudwo mframa gyampantrudu ano na wadi ahonhommɔne so. (Mar. 4:37-39; Luka 8:2) Tumi kɛse a ɛte saa a yɛahu sɛ Yehowa de ama ne Ba no, ɛma yenya akomatɔyam paa! Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, bɔhyɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni de nhyira bɛbrɛ yɛn daakye no bɛba mu. Anwanwade a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asaase so no, ɛma yehu nneɛma akɛseakɛse a ɔbɛyɛ esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene nti. w23.04 3 ¶5-7