Benada, September 2
Honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mpo mu.—1 Kor. 2:10.
Sɛ wowɔ asafo a emufo dɔɔso mu, na woma wo nsa so na wɔntaa mfrɛ wo a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ pɛ wo baabi tena. Nanso nnyae sɛ wobɛbɔ mmɔden ama mmuae. Adesua biara a wobɛkɔ no, siesie mmuae dodow bi. Sɛ ɛba saa na adesua no ahyɛase no, wɔamfrɛ wo a, adesua no rekɔ so no, wubetumi asan anya hokwan a wode bɛma mmuae. Sɛ woresiesie wo ho ama Ɔwɛn-Aban Adesua no a, hwɛ sɛnea nkyekyɛm biara fa adesua no asɛmti no ho. Woyɛ saa a, bere a adesua no rekɔ so no, ɛnyɛ dɛn ara a wubenya biribi aka. Afei nso, nkyekyɛm ahorow a ɛka Bible nkyerɛkyerɛ a emu yɛ den ho asɛm no, wubetumi asiesie wo ho ama saa nkyekyɛm no, na sɛ edu hɔ a, woama mmuae. Adɛn ntia? Efisɛ edu saa ɔfã no a, ebia nnipa kakraa bi na ɛbɛma wɔn nsa so. Na sɛ moakɔ adesua dodow bi nanso wunnyaa kwan mmaa mmuae a, dɛn na wobɛyɛ? Ansa na adesua no befi ase no, kohu nea ɔhwɛ adesua no so no, na ka asɛmmisa a wopɛ sɛ woma ho mmuae no kyerɛ no. w23.04 21-22 ¶9-10
Wukuda, September 3
‘Yosef yɛɛ nea Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ no no, na ɔfaa ne yere kɔɔ fie.’—Mat. 1:24.
Ná Yosef ntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde Yehowa akwankyerɛ bɛyɛ adwuma, enti ɔbɛyɛɛ okunu pa. Anyɛ yiye koraa no, onyaa akwankyerɛ a ɛfa n’abusua ho mprɛnsa fii Onyankopɔn hɔ. Emu biara no, wantenatena ho koraa, bere mpo a na ehia sɛ ɔyɛ nsakrae akɛse no. (Mat. 1:20; 2:13-15, 19-21) Esiane sɛ Yosef tiee Onyankopɔn akwankyerɛ nti, otumi bɔɔ Maria ho ban, ɔboaa no, na ɔhwɛɛ no. Nea Yosef yɛe yi, wunhu sɛ na ɛbɛma Maria adɔ no na wabu no kɛse? Okununom, sɛ mohwehwɛ Bible mu afotu a ɛbɛboa mo ama moahwɛ mo abusua a, ɛkyerɛ sɛ moresuasua Yosef. Sɛ ehia sɛ moyɛ nsakrae mpo na mode saa afotu no ayɛ adwuma, na moyɛ a, ɛbɛma mo yerenom ahu sɛ modɔ wɔn, na ɛbɛma mo aware asɔ. Onuawa bi a ɔwɔ Vanuatu a waware bɛboro mfe 20 ka sɛ: “Sɛ me kunu hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ na ɔde yɛ adwuma a, ɛma minya obu kɛse ma no. Ɛma me koma tɔ me yam, na ɛmma m’adwene nhinhim wɔ ne gyinaesi ho.” w23.05 21 ¶5
Yawda, September 4
Ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ. Saa kwan no, wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron. —Yes. 35:8.
Yudafo a na wɔfi Babilon resan akɔ wɔn kurom no, na wɔbɛyɛ “ɔman kronkron” ama wɔn Nyankopɔn. (Deut. 7:6) Nanso na ɛno nkyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ wɔyɛ nsakrae biara na ama wɔasɔ Yehowa ani. Wɔwoo Yudafo dodow no ara wɔ Babilon, enti ɛda adi sɛ na Babilonfo adwene ne wɔn nneyɛe anya wɔn mu bebree so tumi. Bere a Amrado Nehemia hui sɛ mmofra a wɔawo wɔn wɔ Israel no ntumi nka Hebri kasa no, ne ho dwiriw no paa. (Deut. 6:6, 7; Neh. 13:23, 24) Hebri kasa ne kasa titiriw a wɔde kyerɛw Onyankopɔn Asɛm no. Enti, sɛ mmofra no nte saa kasa no a, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔasua sɛnea wɔbɛdɔ Yehowa na wɔasom no? (Esra 10:3, 44) Wei ma yehu sɛ, na ɛsɛ sɛ Yudafo no yɛ nsakrae akɛse paa. Nanso na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa nsakrae yi wɔ Israel, efisɛ nkakrankakra na wɔresan ama nokwaresom so bio wɔ hɔ.—Neh. 8:8, 9. w23.05 15 ¶6-7