Yawda, September 4
Ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ. Saa kwan no, wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron. —Yes. 35:8.
Yudafo a na wɔfi Babilon resan akɔ wɔn kurom no, na wɔbɛyɛ “ɔman kronkron” ama wɔn Nyankopɔn. (Deut. 7:6) Nanso na ɛno nkyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ wɔyɛ nsakrae biara na ama wɔasɔ Yehowa ani. Wɔwoo Yudafo dodow no ara wɔ Babilon, enti ɛda adi sɛ na Babilonfo adwene ne wɔn nneyɛe anya wɔn mu bebree so tumi. Bere a Amrado Nehemia hui sɛ mmofra a wɔawo wɔn wɔ Israel no ntumi nka Hebri kasa no, ne ho dwiriw no paa. (Deut. 6:6, 7; Neh. 13:23, 24) Hebri kasa ne kasa titiriw a wɔde kyerɛw Onyankopɔn Asɛm no. Enti, sɛ mmofra no nte saa kasa no a, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔasua sɛnea wɔbɛdɔ Yehowa na wɔasom no? (Esra 10:3, 44) Wei ma yehu sɛ, na ɛsɛ sɛ Yudafo no yɛ nsakrae akɛse paa. Nanso na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa nsakrae yi wɔ Israel, efisɛ nkakrankakra na wɔresan ama nokwaresom so bio wɔ hɔ.—Neh. 8:8, 9. w23.05 15 ¶6-7
Fida, September 5
Wɔn a wɔrehwe ase nyinaa Yehowa so wɔn mu, na ɔma wɔn a wɔahodwow nyinaa so gyina hɔ.—Dw. 145:14.
Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den anaa yemia yɛn ani sɛ dɛn mpo a, nneɛma bi betumi ayɛ osiakwan. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ‘biribi a yɛnhwɛ kwan’ betumi asi ama ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho. (Ɔsɛnk. 9:11) Yebetumi ahyia ɔhaw bi ama yɛn abam abu. (Mmeb. 24:10) Yɛn sintɔ nso betumi ama yɛayɛ biribi a ɛbɛma ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho. (Rom. 7:23) Anaa ebia yɛbɛte nka sɛ yɛabrɛ. (Mat. 26:43) Sɛ biribi ama ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho a, dɛn na ebetumi aboa yɛn? Kae sɛ, sɛ biribi nti woantumi annu wo botae ho a, ɛno nkyerɛ sɛ woadi nkogu. Bible ka sɛ, yebetumi ahyia ɔhaw mpɛn pii. Nanso ɛsan ka no pefee sɛ, yebetumi asan agyina yɛn nan so. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedu wo botae ho na woampa abaw a, ɛma Yehowa hu sɛ wopɛ sɛ wosɔ n’ani. Sɛ Yehowa hu sɛ woreyere wo ho adu wo botae ho a, n’ani gye paa! w23.05 30 ¶14-15
Memeneda, September 6
Monyɛ nhwɛso mma nguankuw no nsuasua.—1 Pet. 5:3.
Akwampae adwuma boa aberantewaa ma ohu sɛnea ɔne nnipa ahorow ahorow bɛbom ayɛ adwuma yiye. Afei nso, ɛboa no ma ohu sɛnea ɔbɛtoto ne sikasɛm yiye. (Filip. 4:11-13) Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo na ɔde akwampae boafo adwuma no fi ase a, ɛbɛboa no ama watumi de akwampae adwuma no atoa so. Sɛ obi yɛ ɔkwampaefo a, ebetumi abue hokwan afoforo ama no. Ebi ne sɛ obetumi akɔboa ma wɔasisi asafo adan anaa wakɔsom wɔ Betel. Ɛsɛ sɛ mmarima a ɛwɔ asafo no mu nyinaa de si wɔn ani so sɛ wɔbɛyere wɔn ho abɛyɛ asafo mu mpanyimfo. Wei bɛma wɔatumi asom wɔn nuanom. Bible ka sɛ mmarima a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden abɛyɛ mpanyimfo no, ‘wɔrepɛ adwuma pa.’ (1 Tim. 3:1) Ansa na obi betumi abɛyɛ ɔpanyin no, gye sɛ ɔbɛyɛ asafo mu somfo ansa. Asafo mu asomfo boa mpanyimfo no wɔ akwan pii so. Asafo mu mpanyimfo ne asomfo nyinaa brɛ wɔn ho ase som wɔn nuanom, na wɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. w23.12 28 ¶14-16