Hesekiel
41 Afei ɔde me baa kronkronbea* hɔ, na osusuw ɛho adum no. Ná ɔfã baako tɛtrɛtɛ yɛ basafa* asia, na ɔfã baako nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia. 2 Ná ɔkwan a ɛda ano no tɛtrɛtɛ yɛ basafa du, na adum a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no yɛ basafa anum wɔ ɔfã ha, ɛnna basafa anum nso wɔ ɔfã ha. Osusuw ɔdan no tenten, na na ɛyɛ basafa 40, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 20.
3 Afei ɔkɔɔ mu* kosusuw ɔkwan no ano adum no; ná ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa abien; ɔkwan no nso, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia, na ɔkwan no ano adum no tɛtrɛtɛ yɛ basafa ason. 4 Afei osusuw ɔdan a ne kwan hwɛ kronkronbea no; ná ne tenten yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne Kronkron Mu Kronkronbea no.”+
5 Ɛnna osusuw asɔredan no fasu, na na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa asia. Nkyɛnmu mpia no, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anan.+ 6 Ná nkyɛnmu mpia no yɛ abansoro a ɛtoa so abiɛsa; ɔfã biara, mpia 30 na ɛwɔ hɔ. Ná wɔayeyɛ biribi ahyehyɛ ɔdan no mu a ekurakura mpia no, nanso na empue.+ 7 Akwan* abien na wɔfa so foro kɔ mpia no mu; baako wɔ asɔredan no fã ha na baako nso wɔ ɔfã noho. Akwan no nwonwan;+ ase hɔ mpia no mu na efi kɔfa mfinimfini de no mu kɔ soro, na ɛrekɔ soro nyinaa na emu retrɛw.
8 Mihui sɛ bamma bi atwa asɔredan no ho nyinaa ahyia. Nkyɛnmu mpia no fapem, efi fam kosi ne ntwea so yɛ demmire baako, kyerɛ sɛ, basafa asia. 9 Ɔfasu a ɛwɔ nkyɛnmu mpia no akyi tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, na na ɔkwan* da asɔredan no nkyɛnmu mpia ho a ɛka dan no ho.
10 Ɔkwan a ɛdeda asɔredan no ne adidibea no ntam no+ yɛ basafa 20 wɔ ɔfã biara. 11 Efi nkyɛnmu mpia no so besi baabi a wɔagyaw ato hɔ no, apon ano kwan da hɔ; baako hwɛ atifi fam na baako hwɛ anaafo fam. Baabi a wɔagyaw ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, na etwa ɔdan no ho hyia.
12 Ɔdan a ɛwɔ atɔe fam a ɛhwɛ baabi a wɔagyaw ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 70, na ne tenten yɛ basafa 90. Ɔdan no fasu pipiripi yɛ basafa anum wɔ baabiara.
13 Osusuw asɔredan no; ná ne tenten yɛ basafa 100. Baabi a wɔagyaw ato hɔ no ne ɔdan no* ne n’afasu no nso tenten yɛ basafa 100. 14 Asɔredan no anim a ɛhwɛ apuei fam ne baabi a wɔagyaw ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 100.
15 Osusuw ɔdan no akyi, nea ɛhwɛ baabi a wɔagyaw ato hɔ no ne n’abrannaa a ɛwɔ ɔfã ha ne ɔfã ha no; ná ne tenten yɛ basafa 100.
Afei osusuw Kronkronbea no, Kronkron Mu Kronkronbea no,+ ne adiwo hɔ abrannaa no nyinaa, 16 ɛne apon no ano kwan, mfɛnsere a aka apua,+ ne abrannaa a ɛwowɔ mmeae abiɛsa no nyinaa. Ná wɔde nnua asɛm ɔpon no ano nyinaa ahyia,+ efi fam kɔpem mfɛnsere no ano, na na wɔde ade agye mfɛnsere no ho. 17 Osusuw ɔpon no atifi, asɔredan no mu ne akyi, ne ɔdan no ho nyinaa hyiae. 18 Ná wɔayeyɛ kerubim+ ne mmedua agu dan no ho nyinaa,+ na abedua baako wɔ kerubim abien biara ntam; kerubim no biara wɔ anim abien. 19 Ná anim a ɛyɛ onipa anim no kyerɛ abedua no fã ha, ɛnna anim a ɛyɛ gyata* anim no kyerɛ abedua no fã ha;+ wɔayeyɛ wɔ asɔredan no mu nyinaa. 20 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmedua wɔ asɔredan no ho, efi fam kɔpem ɔpon no atifi.
21 Asɔredan no apongua* no afã anan nyinaa yɛ pɛ.+ Ná biribi wɔ kronkronbea* no anim te sɛ 22 afɔremuka a wɔde dua ayɛ,+ na efi soro besi fam yɛ basafa abiɛsa, na ne tenten yɛ basafa abien. Ɛwɔ adum wɔ ne ntwea so, na wɔde dua ayeyɛ ase* ne ne nkyɛnmu nyinaa. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne ɔpon a esi Yehowa anim no.”+
23 Asɔredan no Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no, apon abien na na ɛda ebiara ano.+ 24 Apon a ɛda ano no mu biara bɔ ho abien, na etumi bue kɔ anim ne akyi. 25 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmedua agu asɔredan no apon ho, te sɛ nea wɔayɛ wɔ ɔdan no ho no.+ Afei nso, na wɔabobɔ nnua* akata abrannaa a ɛwɔ akyi hɔ no atifi. 26 Ná mfɛnsere a aka apua+ nso wowɔ abrannaa no ho, na na wɔayeyɛ mmedua agu abrannaa no ho wɔ ɔfã ha ne ɔfã ha. Ná wɔayeyɛ bi nso agu asɔredan no nkyɛnmu mpia ne abrannaa no akyi nkataso no ho.