Hesekiel
42 Afei ɔde me fii adi kɔɔ adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no.+ Na ɔde me baa adidibea a ɛbɛn baabi a wɔagyaw ato hɔ no,+ ɔdan a ɛbɔ ho no atifi fam.+ 2 Ne kwan a ɛda atifi fam no tenten yɛ basafa* 100, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 50. 3 Adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no yɛ basafa 20,+ na ɛno ne akyi hɔ adiwo no fã a wɔahyehyɛ abo wɔ fam no ntam na na adidibea no wɔ. Ɛhɔ abrannaa no toa so abiɛsa, na edi nhwɛanim. 4 Ná ɔkwan bi da adidibea no anim+ wɔ mfinimfini hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10, na ne tenten yɛ basafa 100,* na na ano kwan hwɛ atifi fam. 5 Adidibea a ɛwɔ soro no mu susua sen ase ne mfinimfini de no, efisɛ abrannaa a ɛda ɔdan no anim no gyee kwan a ɛwɔ hɔ no fã kɛse no ara. 6 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na adan no toa so abiɛsa, nanso na enni adum a egyina so te sɛ adiwo hɔ de no. Ne saa nti, wɔamma ɔsoro hɔ antrɛw te sɛ ase hɔ ne mfinimfini hɔ.
7 Ɛrekɔ adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no, na wɔde abo ato ɔfasu wɔ adidibea a ɛsesa so no nkyɛn, na na ɛne adidibea a ɛsesa so wɔ noho no di nhwɛanim. Ne tenten yɛ basafa 50. 8 Adidibea a ɛbɛn akyi hɔ adiwo no tenten yɛ basafa 50, na nea ɛbɛn kronkronbea no yɛ basafa 100. 9 Sɛ obi fi akyi hɔ adiwo hɔ reba adidibea hɔ a, ɔbɛfa ɔkwan bi a ɛwɔ apuei fam so aforo aba hɔ.
10 Adiwo no fasu a ɛkyerɛ apuei fam no, sɛ wuwura mu a, na adidibea wowɔ mu. Ná ɛbɛn baabi a wɔagyaw ato hɔ no ne ɔdan no.+ 11 Ná ɔkwan da anim te sɛ adidibea a ɛwɔ atifi fam no.+ Ná ne nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ yɛ pɛ, baabi a wɔfa pue ne ne yɛbea nyinaa yɛ pɛ. Ná akwan a 12 ɛdeda ano no te sɛ adidibea a ɛwɔ anaafo fam no. Ɔfasu a ɛbɛn hɔ wɔ apuei fam no, na ɔkwan da ano a wɔfa mu besi kwan no so.+
13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a ɛwɔ atifi ne adidibea a ɛwɔ anaafo a ɛbɛn baabi a wɔagyaw ato hɔ+ no yɛ adidibea kronkron. Ɛhɔ na asɔfo a wɔba Yehowa anim no di ade kronkron paa no.+ Ɛhɔ nso na wɔde nneɛma kronkron paa no, nneɛma a wɔde bɔ aduan afɔre, bɔne ho afɔre, ne afodi afɔre no gu, efisɛ ɛhɔ yɛ kronkron.+ 14 Sɛ asɔfo no ba mu a, ɛnsɛ sɛ wofi Kronkronbea hɔ kɔ akyi hɔ adiwo hɔ, gye sɛ wɔayi wɔn ntaade a wɔde som no agu hɔ,+ efisɛ ɛyɛ kronkron. Sɛ wɔrekɔ baabi a ɔmanfo nyinaa tumi ba no a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntaade foforo ansa na wɔakɔ hɔ.”
15 Bere a osusuw asɔredan no mfinimfini* wiei no, ɔde me faa ɔpon a ɛhwɛ apuei fam no mu fii adi,+ na osusuw hɔ nyinaa.
16 Ɔde demmire* susuw ɔfã a ɛwɔ apuei fam no. Bere a osusuwii no, na efi ti kosi ti yɛ demmire 500.
17 Ɔde demmire susuw atifi fam, na onyaa 500.
18 Osusuw anaafo fam, na onyaa 500.
19 Afei ɔkɔɔ atɔe fam de demmire kosusuwii, na onyaa 500.
20 Osusuw afã anan no nyinaa, na na ɔfasu atwa ho nyinaa ahyia;+ ne tenten yɛ demmire 500, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ demmire 500.+ Ná ɔfasu no akyɛ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron ne baabi a obiara tumi kɔ no mu.+