Hesekiel
46 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Mfinimfini hɔ adiwo no ponkɛse a ani kyerɛ apuei no,+ wɔnto mu+ nnansia a wɔde yɛ adwuma no nyinaa,+ nanso sɛ edu Homeda anaa ɔsram foforo a, wommue. 2 Obirɛmpɔn no mfi abɔnten mfa ɔponkɛse no abrannaa kwan no so+ mmegyina apongua no ano. Asɔfo no mmɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma no, na ɔmmɔ ne mu ase wɔ ɔpon no ano na omfi adi. Nanso wɔrento ɔpon no mu kosi anwummere. 3 Sɛ edu Homeda ne ɔsram foforo+ a, ɔman no* nso mmɛbɔ wɔn mu ase Yehowa anim wɔ ɔpon no ano.
4 “‘Edu Homeda a, obirɛmpɔn no mfa adwennini nkumaa asia a dɛm nni wɔn ho ne odwennini a dɛm nni ne ho+ mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa. 5 Aduan afɔre nso, ɔmfa aduan efa* baako nka odwennini no ho; adwennini nkumaa no de, ɔmfa aduan a ne nsa bɛso so nka ho, na aduan efa biara nso, ɔmfa ngo hin* baako nka ho.+ 6 Ɔsram foforo du a, ɔmfa nantwinini kumaa, adwennini nkumaa asia, ne odwennini mmra; ɛsɛ sɛ wɔyɛ mmoa a dɛm biara nni wɔn ho.+ 7 Ɔmfa aduan efa baako nka nantwinini kumaa no ho na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre, na adwennini nkumaa no de, ɔmfa aduan a ne nsa bɛso so nka ho. Aduan efa baako biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.
8 “‘Sɛ obirɛmpɔn no reba mu a, ɔmfa ɔponkɛse no abrannaa so mmra, na sɛ ɔrefi adi nso a, ɔmfa hɔ ara nkɔ.+ 9 Na sɛ ɔman no reba Yehowa anim wɔ afahyɛ mmere no mu+ abɛsom a, nea ɔbɛfa atifi fam ponkɛse no mu+ aba no mfa anaafo fam ponkɛse no mu+ mfi adi; na nea ɔbɛfa anaafo fam pon no mu aba no mfa atifi fam pon no mu mfi adi. Obiara nnsan n’akyi nnkɔfa ɔpon a ɔfaa mu bae no mu mmfi adi; ɔmfa ɔpon a ɛda n’anim no mu nkɔ. 10 Obirɛmpɔn a ɔka wɔn ho no, sɛ wɔreba mu a, ɔne wɔn mmra, na sɛ wɔrefi adi a, ɔnka wɔn ho nkɔ. 11 Sɛ edu afahyɛ bere anaa nnapɔnna a, eyinom na wɔmfa mmɔ aduan afɔre: Ɔmfa aduan efa baako nka nantwinini kumaa no ho, na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho, na adwennini nkumaa no de, ɔmfa aduan a ne nsa bɛso so nka ho, na aduan efa biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.+
12 “‘Sɛ obirɛmpɔn no de ɔhyew afɔrebɔde+ anaa asomdwoe afɔrebɔde bɛbɔ ayamye afɔre ma Yehowa a, wommue ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei fam no mma no, na ɔmfa nea ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmra sɛnea ɔyɛ Homeda no.+ Na sɛ ofi adi a, wɔnto ɔpon no mu.+
13 “‘Fa odwennini kumaa a onni mmoroo afe a dɛm nni ne ho bra na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa da biara.+ Fa bra anɔpa biara. 14 Fa eyinom ka mmoa no ho na wɔmfa mmɔ aduan afɔre anɔpa biara: Aduan efa nkyem asia mu baako ne ngo hin nkyem abiɛsa mu baako a wɔde begugu esiam muhumuhu no so. Wɔde bɛbɔ aduan afɔre ama Yehowa bere nyinaa. Eyi yɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa. 15 Wɔmfa odwennini kumaa no ne aduan afɔrebɔde ne ngo no mmra anɔpa biara mmɛbɔ ɔhyew afɔre daa.’
16 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Sɛ obirɛmpɔn no de agyapade bi kyɛ ne mma no mu biara a, ɛbɛyɛ ne mma no agyapade. Ɛyɛ wɔn kyɛfa. 17 Na sɛ ɔde n’agyapade bi ma n’akoa a, ɛbɛyɛ ne de akosi Ahofadi Afe no,+ na ɛbɛsan abedi obirɛmpɔn no nsam. Ne mma nkutoo na sɛ n’agyapade kodi wɔn nsam a, ɛbɛyɛ wɔn de afebɔɔ. 18 Ɛnsɛ sɛ obirɛmpɔn no pam ɔmanfo no mu biara fi n’agyapade so na ɔfa yɛ ne de. N’ankasa agyapade na ɛsɛ sɛ ɔde ma ne mma. Ɛno remma me man nhwete mfi wɔn agyapade so.’”
19 Afei ɔde me faa ɔkwan+ a ɛda asɔfo no adidibea kronkron a ɛhwɛ atifi fam+ no ponkɛse no nkyɛn, na miduu hɔ no, mihuu beae bi wɔ akyi hɔ wɔ atɔe fam. 20 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔfo no bɛnoa afodi afɔrebɔde ne bɔne ho afɔrebɔde no, na ɛha ara na wɔbɛtõ aduan afɔrebɔde no,+ na wɔamfa biribiara ankɔ akyi hɔ adiwo hɔ amma ɔmanfo no anyɛ kronkron.”*+
21 Ɔde me fii adi baa akyi hɔ adiwo hɔ, na ɔde me baa adiwo no ntwea anan no so. Na mihuu adiwo a wɔagye ho wɔ ntwea no biara so. 22 Ná adiwo nketewa no wowɔ adiwo no ntwea anan no so; ne tenten yɛ basafa* 40 na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 30. Adiwo anan no nyinaa kɛse yɛ pɛ.* 23 Ná wɔato bamma wɔ adiwo anan no nyinaa mu ahyia, na wɔayeyɛ muka a wɔnoa so ade wɔ bamma no ase. 24 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔrefi no mu asomfo noa ɔman no afɔrebɔde.”+