Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 8/14 kr. 8-9
  • Nyɛ Abahyɛbɔne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyɛ Abahyɛbɔne
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ De Aboa?
    Nyan!—1981
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ?
    Nyan!—1984
  • Tete Wo Ba ma Onnya Onyamesompa Ahofama
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Boa Wo Ba Ma Ɔntie W’asɛm
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 8/14 kr. 8-9
Akwadaa no pɛ sɛ ɔfa toy no; ne papa se ɔnnyae

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Nyɛ Abahyɛbɔne

ƆHAW NO

Woka biribiara a, wo ba nte ase. Sɛ ɔrepɛ biribi na woamfa amma no a, na ɔrebɔ ne hwene su teɛteɛm. Ɛba saa na woanhwɛ yiye a, wobɛyɛ biribi a ɛmfata. Obesu ateɛteɛm saa; nea ɛbɛba ara ne sɛ wode nea ɔrehwehwɛ bɛma no. Ade a wode wo nan sii fam sɛ woremma no nyɛ no, afei deɛ wode ahometew apene so.

Wobɛtumi ama saa ahometesɛm no agyae. Nanso nea edi kan no, hwɛ nneɛma bi a ɛbɛma woatumi de nneɛma akame no.

NEA ƐSƐ SƐ WOHU

Wode biribi kame no a, ɛnkyerɛ atirimɔden. Awofo bi ne wo nyɛ adwene efisɛ wɔn adwene ne sɛ, ɔwofo deɛ, ɛsɛ sɛ wo ne wo ba susuw nneɛma ho kyerɛkyerɛ mu kyerɛ no, na wokorɔkorɔ no mpo. Wɔka sɛ, mfa biribiara nkame wo ba efisɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo ho ayɛ no ahi na ne bo afuw wo.

Ampa, sɛ wode biribi kame wo ba a, mfiase no, ɛbɛyɛ no yaw. Nanso ɛbɛkyerɛ no ade kɛse bi paa; ɛne sɛ wiase a yɛwɔ yi, ɛnyɛ nea yɛpɛ nyinaa na yenya. Sɛ woamfa wo nan ansi fam a, na worekyerɛ akwadaa no sɛ, sɛ ɔbɔ ne hwene su teɛteɛm a, ne nsa bɛka nea ɔrehwehwɛ biara. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ wo ba no afa wo so. Maame anaa papa a ontumi mfa ne nan nsi fam deɛ, wohwɛ a, obu bɛn na ne ba de bɛma no?

Wode biribi kame wo ba a, ɛbɛboa no daakye. Ɛma no hu sɛ, wiase a yɛwɔ yi, ɛnyɛ biribiara na yedi akyi. Akwadaa a onim saa no, sɛ onyin a, ɛremma sɛ obi bɛdaadaa no ama wanom nnubɔne anaa wabu brabɔne.

Bio nso, sɛ wode biribi kame wo ba a, ɛtete no ma ɔbɛyɛ panyin pa. Ɔbenfo David Walsh kyerɛw sɛ: “Nokware a ɛwom paa ne sɛ, yɛn [mpanyimfo] mpo, ɛnyɛ nea yɛpɛ nyinaa na yɛn nsa ka. Sɛ yɛkyerɛ yɛn mma sɛ biribiara a wɔrehwehwɛ no, wɔn nsa bɛka no seesei ara a, na yɛredi wɔn aborɔ.”a

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Kae nea enti a woreyɛ saa. Wopɛ sɛ wo ba tumi bɔ ne bra ma esi no yiye, na ɔte ase sɛ abrabɔ yɛ anigye ne awerɛhow. Enti sɛ woma ne nsa ka nea obisa biara a, ɛremmoa no. Bible ka sɛ, sɛ ‘wogyegye obi so fi ne mmofraase a, akyiri nna mu no ɔbɛyɛ bonniayɛfo.’ (Mmebusɛm 29:21) Enti sɛ wode biribi kame no a, ne nyinaa yɛ ntetee pa no bia. Sɛ wode biribi kame no a, ɔrenwu; mmom ɛbɛboa no daakye.​—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 19:18.

Ma onhu sɛ w’ani abere. Ɛnyɛ wo ba afɛ ne wo, enti sɛ wode biribi bɛkame no a, enhia sɛ wo ne no bɛkasakasa ho kosi sɛ ɔbɛpene so ansa na ayɛ adwuma. Nanso kae sɛ, sɛ mmofra renyin a, ehia sɛ ‘wɔtete wɔn adwene ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Hebrifo 5:14) Enti ɛnyɛ bɔne sɛ wo ne wo ba bɛdwene asɛm ho, nanso sɛ wo ba ketewa pɛ sɛ ɔyɛ biribi na woka sɛ dabi a, ɛho nhia sɛ wo ne no tena ho araa kyerɛ no nea enti a womma no kwan. Sɛ wo ne no kasakasa ho kyɛ saa a, ɔbɛfa no sɛ nea wokae no, woredi agorɔ.​—Bible nnyinasosɛm: Efesofo 6:1.

Fa wo nan si fam. Wo ba betumi de esu ne nteɛteɛm anaa kyɛwpa ahwɛ sɛ wobɛsesa w’adwene a. Sɛ ɔyɛ saa wɔ fie a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Nhoma bi ka sɛ, “Tew wo ho fi akwadaa no ho. Ka kyerɛ no sɛ, ‘wopɛ sɛ wosu a, nsu nkyerɛ me. Kɔ wo dan mu kosu. Wowie a, na woaba.’” (Loving Without Spoiling) Mfiase no, ɛbɛyɛ wo den, na ɛbɛyɛ den ama wo ba no nso. Nanso sɛ ohu sɛ wode wo nan asi fam a, ɔne wo ntwe bio.—Bible nnyinasosɛm: Yakobo 5:12.

“Mɛkyerɛ wo sɛ me na mewoo wo.” Dabi; mfa wo tumi nsisi no

Fa adwene to ho. “Mɛkyerɛ wo sɛ me na mewoo wo.” Dabi; mfa wo tumi nsisi no. Mmom “momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.” (Filipifo 4:5) Sɛ wo ba no ammɔ ne hwene ansu anteɛteɛm, na sɛ nea ɔrehwehwɛ no ntease wom a, wobɛtumi de ama no.​—Bible nnyinasosɛm: Kolosefo 3:21.

a Efi saa nhoma yi mu: No: Why Kids​—of All Ages—​Need to Hear It and Ways Parents Can Say It.

KYERƐW NSƐM ATITIRIW

  • “Anidaso wɔ hɔ yi, teɛ wo ba.”—Mmebusɛm 19:18.

  • “Mma, muntie mo awofo asɛm.”—Efesofo 6:1.

  • “Momma mo Yiw nyɛ Yiw, na mo Dabi nyɛ Dabi.”—Yakobo 5:12.

  • “Monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.”—Kolosefo 3:21.

WODE BIRIBI KAME WO BA A, MFASO WƆ SO

“Obiara pɛ sɛ ne ba ani gye. Edu baabi a, ɛsɛ sɛ yɛn mma bo fuw yɛn; ɛsɛ sɛ wɔn ani tan na wɔn nsa si fam. Amma saa a, na ɛkyerɛ sɛ awofo no anyɛ wɔn adwuma yiye. Sɛ woamfa wo nan ansi fam a, ɛbɛyɛ dɛn na wo mma ahu sɛ abasamtu ne huammɔdi wɔ wiase na sɛ ebi to wɔn a, wɔn ani antan? Sɛ woankyerɛ wɔn amma wɔanhu sɛ wiase a yɛwɔ yi, ɛnyɛ nea yɛpɛ nyinaa na yenya a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhu? Ɛyɛ w’asɛde sɛ wode biribi kame wo mma na ama wɔahu sɛnea yɛtena wiase.”—Ɔbenfo David Walsh.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena