-
Woma W’abam Bu Ntɛm?Nyan!—2015 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO
Woma W’abam Bu Ntɛm?
BERE a woyɛ aberante anaa ababaa no, dɛn na na ɛsi w’ani so? Ebia na wopɛ sɛ woware anaa woyɛ adwuma bi anaa wosua biribi. Nanso ɛnyɛ nea onipa pɛ na ɔnya. Biribi bɛtumi asi ma tebea no asesa koraa. Wei na ɛtoo Anja, Delina, ne Gregory.
Anja wɔ Germany na bere a ɔdii mfe 21 no, dɔkotafo kaa sɛ wanya kokoram anaa cancer. Seesei yareɛ no aka no ahyɛ fie.
Delina nso wɔ United States, na wanya wedeɛ mu yareɛ bi a wɔfrɛ no dystonia. Ne nuanom mmiɛnsa nso yɛ ayarefo, na ɔno koro yi ara na ɔhwɛ wɔn.
Gregory wɔ Canada, na wanya adwenemyare bi a ɛmma ne ho ntɔ no koraa.
Nea Anja, Delina, ne Gregory refam nyinaa akyi no, wɔmpaa aba; wɔatumi agyina mu. Dɛn na aboa wɔn?
Bible ka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛte.” (Mmebusɛm 24:10) Asɛm yi mu da hɔ pefee: Sɛ asɛm bi si a, nea wobɛyɛ wɔ ho na ɛbɛkyerɛ sɛ wobɛtumi afam anaa worentumi. Sɛ woma w’abam bu ntɛm a, tebea no bɛbunkam wo so. Nanso sɛ wotumi hyɛ wo ho so a, ɛbɛma woasi gyinae pa na wo koma atɔ wo yam.
Wei ne biribi a Anja, Delina, ne Gregory yɛe. Momma yɛnhwɛ sɛnea aboa wɔn.
-
-
Nea Woyɛ Ho Hwee a Ɛnyɛ Yie:Nyan!—2015 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?
Ɔhaw No: Nea Woyɛ Ho Hwee a Ɛnyɛ Yie
YAREƐ koankorɔ bi abɛsoɛ wo so? Ɛyɛ awaregyae? Anaa wo dɔfo bi awu? Asɛm a ɛte saa to wo a, ɛbɛyɛ wo sɛ wo wiase nyinaa aba awiei, nanso ɛnkyerɛ sɛ woafa tebea no saa ara; wonyae a anka nneɛma asesa. Ɛnneɛ, wobɛyɛ dɛn na woatumi agyina mu?
NHWƐSO A ƐWƆ BIBLE MU: PAULO
Ɔsomafo Paulo tutuu akwan kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma, nanso ɛduu baabi no na ɔntumi ntutu akwan bio. Adɛn ntia? Wɔtwaa asɛm too ne so, na wei nti wɔkaa no hyɛɛ fie mfe mmienu maa asogyafo hwɛɛ ne so. Nanso Paulo amma wei ammu n’abam, na mmom ɔhwɛɛ nea ɔbɛtumi ayɛ. Ɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔbɛsraa no nyinaa na ɔkyekyee wɔn werɛ. Ɔde hokwan no mpo kyerɛw nwoma pii, na ɛnnɛ ɛka Bible no ho.—Asomafoɔ Nnwuma 28:30, 31.
NEA ANJA YƐE
Sɛnea yɛdii kan kae no, seesei yareɛ aka Anja ahyɛ fie. Ɔkaa sɛ: “Cancer dɛɛfoɔ yi ama megye me ho baabiara a ɛnnye. Sɛ manhwɛ me ho yie na yareɛ foforo bi san bɛbɔ mu a, m’awiei ara ne no. Enti memmpue mpo na makɔ adwuma anaa makɔsrasra me nnamfo.” Ɛnneɛ Anja agyae ma tebea no abunkam ne so anaa? Wo deɛ, tie n’anom asɛm: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma bi mu, na wei aboa me paa. Mehwɛɛ sɛ ahoɔden kakra a mewɔ no mede bɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa wɔ m’asetena mu. Wei ma mehu sɛ nneɛma mmu mfaa me so saa.”
“Masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛpene deɛ mewɔ so.”—Paulo asɛm a ɛwɔ Filipifoɔ 4:11
NEA WOBƐTUMI AYƐ
Sɛ woakɔ tebea bi mu na nneɛma reyɛ abunkam afa wo so a, sɔ wei hwɛ:
Hwɛ nea wobɛtumi ayɛ. Ɛtɔ da a, yareɛ no ankasa deɛ worentumi nyɛ ho hwee, nanso ebia wobɛtumi atenetene w’apɔw mu adi aduanpa na woahome sɛnea ɛsɛ.
Hwɛ nea wopɛ sɛ woyɛ na fa ho adwene. Kae sɛ ‘akokɔ de nkakrankakra na ɛnom nsuo,’ enti da biara da yɛ nea wobɛtumi kɔsi sɛ wobɛduru nea wode asi w’ani so no ho.
Kae sɛ adwuma ketewa biara nsua, enti nea wobɛyɛ a w’ani bɛgye no yɛ. Sɛ wobɛtumi ahohoro nkyɛnsee mu anaa wobɛtumi apopa pon so a, adɛn na wonyɛ? Afei hwɛ siesie wo ho kama. Wosɔre anɔpa a, yɛ nneɛma a ɛho hia no kan.
Hwɛ su anaa nimdeɛ bi a wo tebea no ama woanya. Nea worefa mu no abue w’adwenem? Anaa ama woahu sɛnea yɛgyina yaw ano? Ɛnneɛ, adɛn na womfa hokwan no mmoa wɔn a wɔakɔ tebea a ɛte saa mu?
Nea Ɛhia sɛ Wohyɛ no Nsow: Ebia worentumi nyɛ wo tebea no ho hwee, nanso hwɛ na ammunkam amfa wo so.
-
-
Ɔhaw No: Bere a W’adesoa Kyere Wo SoNyan!—2015 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?
Ɔhaw No: Bere a W’adesoa Kyere Wo So
WO MMA hia wo seesei ara. W’adwumawura nso retwe wo. Wo hokafo nso refrɛfrɛ wo. Yɛreka yi wo maame ne wo papa yare a ɛsɛ sɛ wohwɛ wɔn. Nokwasɛm ni, asetena retwe wo mu. Woanna anso dae da sɛ nneɛma bɛwie wo sei. Wode ahometeɛ bisa sɛ: “Dɛn koraa na menyɛ? Obiara rehwɛ m’anim!” Kae sɛ ‘dua koro gye mframa a ɛbu.’ Sɛ wose wobɛyɛ nea obiara bɛka a, wobɛdi wo ho awu, na ɛremmoa obiara. Ɛnneɛ, dɛn na wobɛyɛ na nneɛma ammunkam wo so?
NHWƐSO A ƐWƆ BIBLE MU: MOSE
Mose bere so no, ɔno nkutoo na na ɔbu Israelfo bebrebe no nyinaa atɛn. Ɛbɛyɛ sɛ na Mose susu sɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara na ɔreyɛ no. Nanso n’ase ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnyɛ papa sɛ wobɛyɛ saa. Woyɛ saa a, wobɛbrɛ.’ Ɔtuu Mose fo sɛ ɔmpɛ mmarima a wɔfata na wɔmmoa no asɛnni mu; gye nea ɛkyere wɔn so na wɔde bɛba ɔno Mose anim. Sɛ ɔyɛ saa a, dɛn na ɛbɛfi mu aba? N’ase ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛtumi “agyina ano na ɔman yi nyinaa de asomdwoeɛ akɔ wɔn tenabea.”—Exodus 18:17-23.
NEA DELINA YƐE
Sɛnea yɛadi kan aka no, Delina anya wedeɛ mu yareɛ bi a wɔfrɛ no dystonia. Ɔno koro yi ara na ɔhwɛ ne nuanom mmiɛnsa a wɔyare. Ɔkaa sɛ: “Mempɛ sɛ me ho kyerɛ me pii, enti memma nneɛma mmobɔ me so na menyɛ mmɔtohɔ. Yɛse ‘wotɔn wo yareɛ a na wonya ano aduro.’ Enti mehia mmoa a, meka kyerɛ me kunu ne afoforo. Maduadua nhwiren wɔ fie na anɔpa biara megye bere kakra de seesei mu. Wei ma m’ani gye paa.”
“Biribiara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ ato hɔ.”—Ɔsɛnkafoɔ 3:1
NEA WOBƐTUMI AYƐ
Sɛ w’adesoa dɔɔso a, wobɛtumi asɔ wei ahwɛ:
Pɛ obi ma ɔmmoa wo. Sɛ wo ne wo mma na ɛte fie a, dɛn na wɔbɛtumi ayɛ de aboa? Na abusuafo ne nnamfo nso ɛ, ebi te bɛn wo a wɔbɛtumi aboa?
Wohia mmoa bi a, mfa nsie; ma wɔnhu. Sɛ w’adwumawura na ɔde adwuma repuapua wo a, wo ne no nka. Wei nkyerɛ sɛ kɔhunahuna no. Ma no nhu wo haw; ebia ɔbɛyɛ ho biribi ama wo kɔn mu ahare wo.
Hu adwuma a woyɛ no nnawɔtwe biara, na hwɛ nea wobɛtumi de ahyɛ afoforo nsa.
Amanfoɔ reyɛ biribi na wɔto nsa frɛ wo a, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛsɛ sɛ wodi akyiri. Sɛ wonni bere anaa apɔmuden a, da wɔn ase na ma wɔnhu sɛ worentumi mma.
Nea Ɛhia sɛ Wohyɛ no Nsow: Sɛ woka sɛ wobɛgye biribiara abɔ so a, ɛbɛwie aseɛ no na wonyɛɛ hwee.
-
-
Ɔhaw No: AdwennweneNyan!—2015 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?
Ɔhaw No: Adwennwene
WO HAW ne sɛn? Awerɛhoɔ na ahyɛ wo so? Obi na ahyɛ wo abufuo? Anaa woanya obi ho menasepɔ? Sɛ woma nneɛma saa hyɛ wo so a, ɛbɛgye w’adwene ne w’ahoɔden nyinaa na worenya bere mfa nyɛ nneɛma a ɛho hia mpo. Ɛnneɛ, dɛn na wobɛtumi ayɛ wɔ ho?a
NHWƐSO A ƐWƆ BIBLE MU: DAWID
Ɔhene Dawid faa ɔhaw pii mu na wei maa ɔteetee na ɔdii yaw. Nanso wamma n’abam ammu. Dɛn na ɛboaa no? Dawid de n’asɛm nyinaa maa Onyankopɔn. (1 Samuel 24:12, 15) Afei nso, nea ɔfaa mu nyinaa ɔkyerɛw too hɔ. Ná Dawid gyidi mu yɛ den, enti na ɔmfa mpaebɔ nni agorɔ.b
NEA GREGORY YƐE
Sɛnea yɛadi kan aka no, Gregory anya adwenemyare bi a ɛreteetee no. Ɔka sɛ: “Na mema nneɛma hyɛ me so dodo, enti daa na mahaw.” Dɛn na aboa no? Tie n’anom asɛm: “Memaa me yere ne me nnamfo boaa me. Afei mekɔhuu dɔkota na mesuaa me yareɛ no ho adeɛ pii. Mehuu sɛ ɛhia sɛ mehwɛ me ho so yie. Meyɛɛ saa no, me ho baee me na yareɛ no anhunahuna me bio. Ɛwom ara a na ayi ne ti kakra. Nanso seesei menim nea ɛkɔtwetwe yareɛ no ba ne nea mɛyɛ de asɔ ano.”
“Anigyeɛ akoma sa yareɛ.”—Mmebusɛm 17:22
NEA WOBƐTUMI AYƐ
Sɛ adwennwene reteetee wo a, sɔ wei hwɛ:
Kyerɛw nea ɛreyɛ wo no ho asɛm to hɔ.
Ka ho asɛm kyerɛ wo busuani anaa w’adamfo paa.
Sɛ nneɛma pɛ sɛ ɛhyɛ wo so a, nnyegye so. Sɛ ɛyɛ wo sɛ wotɔ sin wɔ biribi mu a, bisa wo ho sɛ, ‘Saa na ɛte ankasa anaa me na mebu me ho saa?’
Mma adwennwene, abufuo, anaa obi ho menasepɔ nhyɛ wo so. Nnwennwene nneɛma ho nha wo ho. Fa saa bere no yɛ biribi papa.c
Nea Ɛhia sɛ Wohyɛ no Nsow: Mpɛn pii no, ɛnyɛ nneɛma a yɛrefa mu na ɛde adwennwene ba, na mmom sɛnea yɛhu no.
a Yareɛ bɛtumi de adwennwene abɛsoa wo so. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wopɛ ano aduro. Nyan! nyɛ nwoma a yɛde bɔ aduro anaa ayaresa pɔtee bi ho dawuru. Sɛ wopɛ ayaresa bi a, ɛsɛ sɛ wo ara wohwehwɛ mu si ho gyinae.
b Nnwom nwoma no mu nsɛm pii yɛ Dawid mpaebɔ.
c Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Sɛnea Wobɛdi Dadwene So” wɔ July 1, 2015 Ɔwɛn-Aban mu.
-
-
Wobɛtumi Adi Wo Haw So?Nyan!—2015 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO | WOMA W’ABAM BU NTƐM?
Wobɛtumi Adi Wo Haw So?
YƐTAA bu bɛ bi sɛ, “Dua kɔntɔnkye na ɛma yɛhu odwumfoɔ.” Nnɛ, baabiara nnwoe. Sɛ wokɔ tebea bi mu a, nea wobɛyɛ wɔ ho na ɛbɛkyerɛ sɛ wobɛtumi agyina ano anaa ɛbɛbunkam afa wo so. Sɛ nneɛma nkɔ yie na wobɔ mmɔden gyina mu a, ɛyɛ paa. Sɛ akyiri yi nneɛma yɛ yie a, ɛyɛ asɛmpa. Nanso kae sɛ asetena papa paa deɛ, afei na ɛreba.
Bible ahyɛ bɔ sɛ ɛbere bi bɛba a ateetee bɛfi nnipa so na abasamtu ayera koraa. Yareɛ oo, adwennwene oo, anaa ɔhaw foforo biara oo, ne nyinaa bɛfi hɔ ma yɛn ho atɔ yɛn. (Yesaia 65:21, 22) Wei na Bible frɛ no asetena pa anaa “nkwa paa no.”—1 Timoteo 6:19.
“Wɔbɛsisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.”—Yesaia 65:21, 22.
-