3. Adɛn Nti Na Nnipa Pa Hu Amane?
Nea Enti a Asɛmmisa Yi Ho Hia
Sɛ yehu sɛ nnipa pa rehu amane a, ɛyɛ a ɛnsen yɛn tirim. Enti ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ nnipa pa nso tumi hu amane a, ɛnde na mfaso nni so sɛ obi bɛbɔ bra pa.
Susuw Wei Ho Hwɛ
Ebinom gye di sɛ, sɛ obi wu a, wɔsan wo no bio. Wɔka sɛ, obi a ɔbɔɔ bra pa ansa na ɔrewu no, sɛ wɔsan wo no ba a, nneɛma kɔ yiye ma no. Nanso sɛ obi ammɔ bra pa na wɔsan wo no ba a, ɛnde amanehunu nko ara. Wɔn a wɔwɔ saa gyidi no kyerɛ sɛ, sɛ obi yɛɛ nneɛma bɔne ansa na ɔrewu ama wɔasan awo no, na sɛ seesei ɔyɛ nipa pa mpo a, bɔne a na wayɛ no nti, obetumi ahu amane. Nanso, wo de hwɛ . . .
Sɛ onipa no ankasa mpo nkae sɛ waba wiase pɛn abɛyɛ bɔne a, ɛnde mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ obehu amane de atua saa bɔne no so ka?
Sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbra a yɛbɔe ansa na yɛrewu ama wɔasan awo yɛn na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛn asetena bɛyɛ a, ɛnde adɛn nti na yɛyere yɛn ho yɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛanya apɔwmuden na yɛhwɛ yɛn ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrempira?
SUA PII KA HO
Hwɛ video a wɔato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan? Ɛwɔ jw.org/tw.
Nea Bible Aka
Sɛ yehu amane a, ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn retwe yɛn aso.
Mmom nneɛma a ɛma yehu amane no, pii yɛ akwanhyia. Mpɛn pii no, ɛyɛ asɛm ne asɛm na ehyia.
“Ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu, na ɛnyɛ anyansafo na wonya aduan, na ɛnyɛ nhumufo na wonya ahonyade, na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom; efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.”—ƆSƐNKAFO 9:11.
Bɔne a ɛwɔ yɛn ho no ka ho bi na yehu amane.
Sɛ yɛka “bɔne” a, ɛkyerɛ sɛn? Sɛ obi yɛ biribi a enye a, nkurɔfo taa ka nea wayɛ no ho asɛm sɛ ɛyɛ “bɔne.” Bible de asɛmfua bɔne di dwuma wɔ ɔkwan foforo so nso. Bible kyerɛ sɛ bɔne yɛ biribi a nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa nya fii awo mu.
“Amumɔyɛ mu na wɔwoo me, na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.”—DWOM 51:5.
Bɔne adi nnipa awu paa.
Bɔne asɛe yɛne yɛn Bɔfo no ntam. Ɛno da nkyɛn a, bɔne nti, yentumi ne yɛn mfɛfo nnipa ntena yiye, na afei nso, ama yɛresɛe asase a yɛte so no mpo. Enti bɔne akɔfa amanehunu kɛse abrɛ ankorankoro ne nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa.
“Bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho.”—ROMAFO 7:21.
“Abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane.”—ROMAFO 8:22.