Ma W’ahomegye Nkari Pɛ
1 Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛtɔ mmere bi a, yɛn nyinaa hia bere nsakrae. Ahomegye a ɛkari pɛ a yebenya no fata. Nanso, bere pii a yɛde gye yɛn ahome, gye yɛn ani, de ne afoforo nya fekubɔ no, remma obi ntumi nnya bere pii mma honhom fam nneɛma. Ɛsɛ sɛ yɛma ahomegye kari pɛ. (Mat. 5:3) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Ɛdenam afotu a ɛwɔ Efesofo 5:15-17 no a yebedi akyi so.
2 To Nneɛma Ano Hye: Paulo kyerɛwee sɛ Kristofo ‘nhwɛ wɔn adagyew so yiye,’ na ama wɔde wɔn bere adi dwuma nyansam. Sɛ yɛbɛtew ahomegye so ma ayɛ nea ɛfata a, ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ na yedi yɛn ho so. Eye sɛ yebesusuw ɔkwan a yɛde yɛn ahomegye bere di dwuma no ho anibere so. Ɛsɛ sɛ yɛde ahomegye bere yɛ nneɛma a mfaso wɔ so, na ɛnyɛ nea ɛbɛma yɛate nka sɛ yɛasɛe bere anaasɛ ɛbɛma yɛabrɛ. Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ dwumadi bi mu wie na yɛte nka sɛ yɛannya mfaso biara na yɛn ahonim bu yɛn fɔ a, eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ ɔkwan a yɛde yɛn bere di dwuma no mu.
3 Da Ntease Adi: Paulo de afotu mae sɛ ‘yɛnhwɛ yɛn adagyew so yiye’ na ama yɛatumi ayɛ asetram nneɛma a ɛho hia kɛse no, na yɛanyɛ nnipa a ‘wonni ntease.’ Ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so de wɔn adwene si anigyede nkutoo so bere nyinaa. Ɛwom sɛ ahomegye ma yenya nipaduam ahoɔden bi de, nanso ade a ɛma yenya honhom fam ahoɔden ne Onyankopɔn adeyɛ tumi no. (Yes. 40:29-31) Yenya ne honhom denam teokrase dwumadi ahorow—Bible sua, Kristofo nhyiam, ne asɛnka a yɛbɛkɔ—so, na ɛnyɛ anigyede.
4 Di Kan Di Nneɛma a Ɛho Hia Paa Ho Dwuma: Paulo kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wɔnyɛ nnipa a wohu ade a Yehowa pɛ yiye.’ Yesu kyerɛkyerɛe sɛ yɛmfa Onyankopɔn Ahenni nyɛ yɛn asetra mu ade titiriw. (Mat. 6:33) Ɛyɛ asɛnhia sɛ yebedi kan ayɛ nneɛma a ɛbɛma yɛatra ase sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Ɛno akyi no, yebetumi ama yɛn ahomegye bere ayɛ nea ɛkari pɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, ebenya yɛn so nkɛntɛnso pa, na yɛn ani agye kɛse.—Ɔsɛnk. 5:12.