Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 6/1 kr. 3
  • So Nea Asɛmfua “Kristoni” Kyerɛ no Reyera?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nea Asɛmfua “Kristoni” Kyerɛ no Reyera?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribiara a Wɔma Ho Kwan
  • Ntotoho a Ehia Paa sɛ Woyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Enti “Kristofo” Nyinaa Yɛ Kristofo Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Daakye Hokwan Ahorow A Ɛwɔ Hɔ Ma Protestantsɛm​—Ne Wo!
    Nyan!—1988
  • So Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ Kristofo Nhyiam?
    Nyan!—2001
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 6/1 kr. 3

So Nea Asɛmfua “Kristoni” Kyerɛ no Reyera?

DƐN na Kristoni a obi yɛ no kyerɛ? Wubebua dɛn? Wobisaa nkurɔfo a wɔwɔ aman horow so asɛm koro yi ara a wɔanni kan ammɔ wɔn nkae, na mmuae a wɔde mae no bi na edidi so yi:

“Sɛ wubedi Yesu akyi na woasua no.”

“Sɛ wobɛyɛ nnipa pa na wo ne afoforo atumi abɔ.”

“Sɛ wubegye Kristo atom sɛ wo Wura ne W’agyenkwa.”

“Sɛ wobɛkɔ Mass, ase Roso, na woakɔ Adidi.”

“Mennye nni sɛ ɛsɛ sɛ obi kɔ asɔre ansa na wayɛ Kristoni.”

Nsɛm asekyerɛ nhoma mpo de nkyerɛase a egu ahorow ma. Nokwarem no, nhoma biako de nkyerɛase du na ɛhyɛ asɛmfua “Kristoni” ase, fi “Yesu Kristo som mu gyidi a obi benya anaasɛ ɔbɛyɛ emuni” so kosi “nnipa a odi ne ho ni anaa ɔwɔ anuonyam so.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nea Kristoni a obi bɛyɛ no kyerɛ mu.

Biribiara a Wɔma Ho Kwan

Ɛnnɛ, wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo—wɔn a wɔte agua biako mpo so wɔ asɔredan mu no—mu no wubetumi ahu adwene horow a wokura wɔ nsɛm te sɛ honhom mu a Bible no fi, adannandi nkyerɛkyerɛ, asɔre no ho a ɔde hyehyɛ amammuisɛm mu, ne obi gyidi ho asɛm a ɔbɛka akyerɛ afoforo ho. Mpɛn pii na wogye abrabɔ ho nsɛm te sɛ nyinsɛn a wɔsɛe no, mmarima a wɔne mmarima da, ne ɔbarima ne ɔbea a wɔbom tra a wɔnwaree ho akyinnye. Ɛda adi sɛ wɔma biribiara ho kwan.

Sɛ nhwɛso no, Christian Century nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ, Protestant asɔre bi asɛnnibea ketewa biako too aba nnansa yi de gyee hokwan a asɔre bi wɔ sɛ “ɔpaw obi a wonim no yiye sɛ ɔde ne ho hyɛ mmarima ne mmarima nna mu sɛ wɔn sodikuw mu panyin no.” Nyamekyerɛfo binom mpo agye atom sɛ Yesu mu gyidi a obi benya no ho nhia mma nkwagye. The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, wogye di sɛ “Yudafo, Nkramofo, ne afoforo betumi akɔ soro [te sɛ Kristofo ara pɛ].”

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a susuw ho hwɛ, Marxistni a ɔrehyɛ nniso a ɛma obiara buebue n’adwuma ho nkuran anaa obi a ogye dodow amammu tom a ɔrehyɛ katabaako nniso ho nkuran, anaa obi a ɔbɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban a ɔboa ma wobu kwae gu. Sɛ woka sɛ “saa nipa no nyɛ Marxistni anaa nea ɔpɛ dodow amammu anaa nea ɔbɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban ankasa a,”—wudi bem. Nanso sɛ wususuw adwene horow a wɔn a wɔfrɛ wɔn ho sɛ Kristofo nnɛ no kura no ho a, wuhu sɛ nea wogye di ne nea Yesu Kristo a Ɔde Kristosom bae kyerɛkyerɛe no bɔ abira koraa. Dɛn na ɛno ka fa wɔn Kristosom ho?—1 Korintofo 1:10.

Ɔpɛ a nkurɔfo wɔ sɛ wɔbɛsesa Kristofo nkyerɛkyerɛ ma ɛne wɔn nneyɛe ahyia no fi bere tenten, sɛnea yebehu no. Onyankopɔn ne Yesu Kristo te nka dɛn wɔ nsakrae horow yi ho? So asɔre horow a wogyina nkyerɛkyerɛ a emfi Kristo akyi no betumi afrɛ wɔn ho Kristofo ma afata? Wobebua saa nsɛmmisa yi wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena