Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 4 kr. 6-7
  • Ɔkwan a Wubetumi Afa So Asua Onyankopɔn Ho Ade

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan a Wubetumi Afa So Asua Onyankopɔn Ho Ade
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena Ne Nyankopɔn?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Dɛn na Yehowa Yɛ De Kyerɛ sɛ Ɔdɔ Yɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Krataa a Efi Onyankopɔn a Ɔwɔ Dɔ Hɔ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 4 kr. 6-7

ADESUA 4

Ɔkwan A Wubetumi Afa So Asua Onyankopɔn Ho ade

Wubetumi asua Yehowa ho ade denam Bible no a wobɛkenkan no so. Tete no, Onyankopɔn paw nnipa bi ma wɔkyerɛw ne nsusuwii too hɔ. Wɔfrɛ saa nkyerɛwee no sɛ Bible. Ɛnnɛ yɛnam Bible no a yɛkenkan no so sua Onyankopɔn ho ade. Esiane sɛ Yehowa asɛm na ɛwɔ Bible no mu nti, wɔsan frɛ no Onyankopɔn Asɛm. Yebetumi agye nea Bible no ka no adi efisɛ Yehowa renni atoro da. “Onyankopɔn ntumi nni atoro.” (Hebrifo 6:18) Nokware no wɔ Onyankopɔn Asɛm mu.—Yohane 17:17.

Abusua bi abom resua Bible

Bible yɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo sen biara no mu biako. Ɛte sɛ krataa a agya bi a ɔdɔ ne mma de kɔma wɔn. Ɛka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma asase adan ayɛ beae a ɛhɔ yɛ anigye sɛ wɔtra—paradise—ho asɛm. Ɛka nea wayɛ wɔ tete, nea ɔreyɛ mprempren, ne nea ɔbɛyɛ daakye ama ne mma anokwafo ho asɛm. Ɛboa yɛn nso ma yedi yɛn haw ahorow ho dwuma, na yenya anigye.—2 Timoteo 3:16, 17.

Yehowa Adansefo yɛ Onyankopɔn nnamfo; wɔbɛboa wo ma woate nea Bible kyerɛkyerɛ no ase. Ka kyerɛ wɔn kɛkɛ sɛ wopɛ sɛ wusua Bible no. Wonnye sika wɔ eyi ho. (Mateo 10:8) Afei nso, wubetumi akɔ Kristofo nhyiam horow. Wɔyɛ eyinom wɔ mmeae a wɔsom a wɔfrɛ hɔ Ahenni Asa no so. Sɛ wokɔ Kristofo nhyiam horow yi a, wubenya Onyankopɔn ho nimdeɛ ntɛmntɛm.

Wubetumi asua Onyankopɔn ho ade afi nneɛma a wayɛ mu. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Bere a Yehowa bɔɔ “ɔsoro” no, ɔyɛɛ owia. Afei, dɛn na ɛno ka fa Onyankopɔn ho kyerɛ yɛn? Ɛka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa wɔ tumi kɛse. Ɔno nkutoo na obetumi ayɛ biribi a ano yɛ den kɛse sɛ owia. Ɛka kyerɛ yɛn nso sɛ Yehowa yɛ onyansafo, efisɛ egye nyansa na watumi ayɛ owia a ɛma yɛn ɔhyew ne hann a ɛnsa da no.

Yehowa abɔde kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Susuw nnuaba ahorow a ɛwɔ asase so no nyinaa ho. Anka Yehowa betumi ayɛ aduaba baako pɛ ama yɛn—anaasɛ ɔrenyɛ bi koraa. Nanso, Yehowa maa yɛn nnuaba ahorow pii a ɛsono emu biara kɛse, ne trɛw, ne kɔla ne ne dɛ. Eyi kyerɛ sɛ Yehowa nyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ kɛkɛ, na mmom ɔyɛ ɔyamyefo kɛse na odwen yɛn ho nso.—Dwom 104:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena