Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 10/8 kr. 7-9
  • Dɛn Ne Owu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Owu?
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɔkra Yɛ
  • Nea Enti a Adesamma Yɛ Soronko
  • Nea Enti a Onipa Wu
  • Sɛnea Onipa Wu
  • Ahonhom a Wɔda Wɔn Ho Adi
  • Dɛn Na Ɛba Ɔkra No So Wɔ Owu Akyi?
    Nyan!—1987
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Bible No Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Dɛn na Ɛba Ɔkra So Wɔ Owu Mu?
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 10/8 kr. 7-9

Dɛn Ne Owu?

“NA NNIPA mma hyɛbea ne mmoa hyɛbea sɛ, na hyɛbea koro da hɔ ma wɔn: sɛ oyi wu te no, sɛ oyi wu te ne no.”​—Ɔsɛnk. 3:19.

Nanso, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛpene nea ɛba mmoa so wɔ owu mu no so kyɛn onipa de no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ nnipa pii gye di sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu, na eyi nti ɔkorɔn kyɛn mmoa.

Nea Ɔkra Yɛ

Nanso, Bible no mfa nsonsonoe mma onipa ne aboa ntam wɔ “ɔkra” a wɔn mu biara yɛ no ho. Hebri ne Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔkra” wɔ Bible ahorow pii mu, anaa “abɔde” wɔ afoforo mu no, yɛ nea wɔde ka onipa ne aboa ho asɛm. Yɛsrɛ wo sɛ kenkan nea wɔaka wɔ Numeri 31:28; Genesis 1:20-24 ne Adiyisɛm 16:3, faako a wɔde saa mfitiasesɛm no ankasa di dwuma no hwɛ.

Enti, sɛ anka ɛbɛyɛ honhom a ɛwɔ abɔde, ɔdesani anaasɛ aboa, mu no, “ɔkra” kyerɛ abɔde mũ no nyinaa. Ɛyɛ nipadua ne nkwa honhom no nyinaa.​—Ɔsɛnk. 3:21; 12:7.

Eyi da adi wɔ nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma wɔ sɛnea wɔbɔɔ onipa ho no mu. “Na Awurade Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” (Gen. 2:7) Enti, wɔamfa “ɔkra” anhyɛ onipa nipadua mu. Onipa no bɛyɛɛ “ɔkra” bere a wɔde nkwa home kanyan ne nipadua no. Dabi, onipa nni ɔkra. Ɔyɛ ɔkra. Mmoa nso yɛ akra.

Sɛnea mmoa te no, nkwammoaa ɔpepepem pii wɔ ɔdesani nipadua mu. “Nkwa honhom” no na ɛkã wɔn nyinaa ma wodi akɔneaba. Saa “ahonhom” anaasɛ “nkwa tumi” yi ho na Bible ka sɛ nnipa ne mmoa nyinaa wɔ “honhom biako.” (Ɔsɛk. 3:19-21) Saa nkwa honhom yi tra nipadua no mu denam ɔhome so, na ahome yi kanyan nipadua no mu akwaa horow no nyinaa.

Sɛ wogyae ahome, anaasɛ wotwa nneɛma horow a ɛkanyan wɔn ma wɔtra nkwa mu no fi nipadua no mu nkwammoaa no mu a, saa nkwammoaa yi wuwu. Wotumi hu eyi wɔ ɔketerɛ dua ho, anaasɛ nnipa nsa ho, bere a wɔatwa afi nipadua no ho.

Enti, adesamma akra ne mmoa akra wɔ nkwa tumi biako a efi Onyankopɔn hɔ. Nanso saa nkwa tumi yi nni nipasu na entumi nkɔ so ntra ase wɔ owu akyi.

Nea Enti a Adesamma Yɛ Soronko

So eyi kyerɛ sɛ, wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no, nsonsonoe biara nni onipa ne aboa mu anaa? Dabida, efisɛ nsonsonoe ahorow a ɛho hia wɔ hɔ.

Ade biako ne sɛ onipa wɔ amemene a etumi susuw ade ho wɔ ɔkwan a ɛkorɔn koraa kyɛn mmoa de so, a ɛma adesamma tumi susuw ade ho yiye na wosusuw bere ho. Ɛnyɛ nkate na edi onipa so sɛnea ɛte wɔ mmoa fam no, na mmom ɔwɔ ade a wɔpaw ne gyinaesi mu ahofadi. Afei nso wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so, na enti ɔwɔ Onyankopɔn su horow a ɛyɛ nyansa, atɛntrenee, ɔdɔ ne tumi a mmoa nni bi no bi.

Nsonsonoe kɛse bi nso wɔ hɔ: Wɔammɔ onipa sɛ onwu! Na mmom, Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ obetumi atra ase daa! Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis ti abien a edi kan no mu kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ pɛ. Ná wɔbɛwo mma nso a wɔyɛ pɛ. Ná wɔbɛtrɛw wɔn Eden paradise no mu de akosi asase ano, na wɔatra so daapem.​—Gen. 2:8-25.

Nanso wɔammɔ mmoa no sɛ wɔntra ase daa. Ná wɔte ase na wowu ansa na wɔrebɔ onipa; na saa ara na wɔkɔ so yɛ. Ansa na Noa nsuyiri no reba no na wokum wɔn de wɔn ho nhoma yɛ ntama ma nnipa, na wɔde wɔn bɔ afɔre horow. (Gen. 3:21; 4:4) Nsuyiri no akyi no Onyankopɔn maa onipa kwan sɛ onkum wɔn mfa nyɛ aduan. (Gen. 9:3) Enti wɔn nkwa nna ayɛ tiaa bere nyinaa, na ɛdan dɛn ara a owu ba wɔn so.​—2 Pet. 2:12.

Ampa, Onyankopɔn de fam dɔte na ɛbɔɔ onipa sɛnea ɔyɛɛ mmoa no. Nanso ɔbɔɔ onipa wɔ ɔkwan a ɛbɛma wakyɛ​—atra ase akosi daa​—wɔ tebea ahorow a eye ase so.

Nea Enti a Onipa Wu

Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde dɛn nti na onipa wu? Efisɛ daa nkwa gyina osetie a wɔyɛ ma ɔbɔadeɛ no mmara horow so. Sɛ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, yɛɛ saa mmara horow no ho osetie a anka wɔbɛkɔ so atra ase daa. Asoɔden de owu bae. Nea Onyankopɔn kae ne sɛ: “Owu na wubewu.” (Gen. 2:17) Asoɔden twaa nkwa hama a ɛda wɔne Nkwa-Mafo no ntam no mu, efisɛ Onyankopɔn ne “nkwa nsuti.” (Dw. 36:9) Sɛ Adam ne Hawa anyɛ Onyankopɔn mmara so asoɔden a, anka wɔrenwu.

Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, yɛn awofo a wodi kan no amfa wɔn ahofadi no anni dwuma pa, wɔpawee sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ankasa pɛ, a wɔansusuw Nyankopɔn ho. Eyi de onipa adwene ne n’asetra sii ɔkwan a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia so. Afei de ná onipa nyɛ pɛ bio, esiane sɛ atuatew mma onnu pɛyɛ ho nti. Bere a ɔde ahoɔden kɛse a Onyankopɔn de maa no no mu nea ɛdɔɔso dii dwuma no, onyinii na akyiri no owui, na ‘ɔsan kɔɔ ne dɔte mu.’ (Gen. 3:1, 19) Esiane sɛ afei de na ɔno ankasa abɛyɛ obi a ɔnyɛ pɛ nti, ɔde pɛ a ɔnyɛ ne owu baa n’asefo nyinaa so.​—Rom. 5:12.

Sɛnea Onipa Wu

Nea ɛbae bere a wɔbɔɔ onipa no san akyi wɔ owu mu. Ahome gyae. Honhom anaa nkwa tumi a ɛwɔ nkwammoaa no nyinaa mu no sã. Adwene no gyae adwuma yɛ na nsusuwii nyinaa yera. “Ne honhom fi kɔ, na ɔsan kɔ ne dɔte mu; da no ara no tirim a ɔbobɔe yera.”​—Dw. 146:4; Hes. 18:4.

Eyi ne nea wonim wɔ abɔde ho nyansahu mu a ɛfa sɛnea owu ba ho no hyia. Sɛ koma no gyae bɔ a, mogya no nso gyae nnuan pa ne mframa pa (a efi ahome mu ba) a ɛde ma nkwammoaa ahorow a ɛwɔ nipadua no mu no. Nanso nkwammoaa no nwu amonom hɔ ara. Ɛno nti na wotumi nyan nnipa a wɔagyae ahome na wɔn koma agyae bɔ no binom ma wɔsan ba nkwa mu no. Obi wu koraa bere a nkwa tumi anaasɛ nkwa honhom no afi nipadua mu nkwammoaa ahorow no mu no.​—Dw. 104:29.

Owu kyerɛ tebea a sɛ obi ba mu a, ontumi nyɛ biribiara bio. Na awufo de “wonnim biribiara na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [ɔdamoa] a worekɔ hɔ no.” Eyi kyerɛ sɛ wontumi mfa nyamesom anaa honhom mu nneyɛe horow bi so anaa abɔde ho nyansahu so mmoa awufo.​—Ɔsɛnk. 9:5, 6, 10.

Ahonhom a Wɔda Wɔn Ho Adi

Na awufo ahonhom a wɔkyerɛ sɛ wohu no nso ɛ? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔbɔɔ ahonhom abɔde ansa na wɔreyɛ amansan a yehu yi. Saa abɔfo yi mu binom, a ɔbonsam ka ho, tew atua tiaa Onyankopɔn. Wɔn na wɔda wɔn ho adi te sɛ awufo no, na wɔyɛ eyi de gyina Satan atoro a edi kan sɛ, sɛ onipa tew atua tia Onyankopɔn a ɛnyɛ owu na obewu no akyi.​—Gen. 3:4; Yoh. 8:44; Yuda 6.

Enti, awufo a wobisa wɔn hɔ ade, ayi ase amanne horow a wɔyɛ de pata awufo anaasɛ wɔde sɔ wɔn ani, mpae a wɔbɔ ma wɔn ne ahonhomsɛm nyinaa gyina nnaadaa so, ɛyɛ atoro. Sika a wotua wɔ eyi nyinaa ho no mfa Onyankopɔn anim dom mma, na ɛnka awufo no ɔkwan biara so. Mmom no, ɛma obi de ne ho hyɛ adaemone no nsam. Ɛno nti na Onyankopɔn bara adeyɛ a ɛte saa no.​—Deut. 18:10-12; Yes. 8:19.

Ntease ne ade a wɔbɛyɛ ma ɛne nokware a ɛfa owu ho ahyia no ma obi de ne ho fi osuro ne nneyɛe horow a mfaso nni so ho. Ɛma obi nso tumi nya yɛn Bɔfo no atirimpɔw sɛ ɔde nea wɔde bedi owu so nkonim ankasa bɛma no ho anisɔ, na ɛma otumi nya ɛho mfaso nso.

[Kratafa 8 mfoni]

Wo Kra Ne Wo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena