Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ ne Ahonhommɔne Nkyerɛkyerɛ Apereperedi
“Ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho.”—1 TIMOTEO 4:1.
1. Akodi bɛn na Kristofo wom?
FA NO sɛ woatra beae bi a wɔredi ako wo nkwa nna nyinaa. Anka wobɛte nka dɛn bere a worekɔda na wote otuo nnyigyei, na wubenyan ate sɛ wɔretoto aprɛm? Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa te saa tebea yi mu wɔ wiase no afã horow bi. Nanso, honhom fam no, Kristofo nyinaa wɔ saa tebea yi mu. Wɔte ɔko kɛse bi a akɔ so bɛyɛ mfe 6,000 ni mu, na emu ayɛ den kɛse wɔ yɛn nna yi mu. Dɛn ne saa ɔko a akyɛre yiye no? Ɛyɛ nokware ne atoro, ɔsoro nkyerɛkyerɛ ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ apereperedi. Ɛnyɛ asɛm a wɔka gugu mu sɛ wɔbɛfrɛ ɔko yi—adesamma abakɔsɛm mu ntawntawdi a emu yɛ den na ɛyɛ hu sen biara—anyɛ yiye koraa no sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔfa biako yɛ ade a.
2. (a) Sɛnea Paulo kyerɛ no, afanu bɛn na ɛredi ako? (b) “Gyidi no” a Paulo kaa ho asɛm no kyerɛ dɛn?
2 Ɔsomafo Paulo bobɔɔ afanu a ɛredi ako yi din bere a ɔkyerɛw Timoteo no: “Honhom no ka fann sɛ akyiri nna bi mu ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho.” (1 Timoteo 4:1) Hyɛ no nsow sɛ ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ no benya nkɛntɛnso kɛse, titiriw wɔ “akyiri nna” mu. Sɛnea yehu fi Paulo nna no mu no, yɛte saa bere no mu. Hyɛ no nsow nso sɛ, nea ɛko tia ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ no ne “gyidi no.” Ɛha no, “gyidi no” gyina hɔ ma ɔsoro nkyerɛkyerɛ a egyina Onyankopɔn nsɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Bible mu no so. Gyidi a ɛte saa no gye nkwa. Ɛkyerɛkyerɛ Kristoni ma ɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛne nokware a ɛde kɔ daa nkwa mu.—Yohane 3:16; 6:40.
3. (a) Dɛn na ɛto wɔn a wɔtotɔ wɔ nokware ne atoro ntam akodi no mu no? (b) Hena na ɔhyɛ ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ no akyi?
3 Obiara a ɔwae fi gyidi no ho nnya daa nkwa. Wɔyɛ wɔn a wɔtotɔ wɔ akodi no mu. Hwɛ awerɛhosɛm a ɛyɛ sɛ obi bɛma ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ adaadaa no! (Mateo 24:24) Sɛ́ ankorankoro no, yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati wu a yebewu wɔ saa akodi yi mu? Denam pow a yɛbɛpow saa atoro nkyerɛkyerɛ a edi “ahonhommɔne panyin,” Satan Ɔbonsam atirimpɔw nkutoo ho dwuma koraa no so. (Mateo 12:24) Yenim yiye sɛ, Satan nkyerɛkyerɛ yɛ atoro, efisɛ ɔyɛ “atoro agya.” (Yohane 8:44) Susuw sɛnea odii atoro ahokokwaw so de daadaa yɛn awofo a wodi kan no ho hwɛ.
Ahonhommɔne Nkyerɛkyerɛ Da Adi
4, 5. Atoro bɛn na Satan di kyerɛɛ Hawa, na dɛn nti na na ɛyɛ asɛmmɔne?
4 Wɔakyerɛw nsɛm a esisii no wɔ Bible mu wɔ Genesis 3:1-5. Satan nam ɔwɔ so kɔɔ ɔbea Hawa nkyɛn kobisaa no sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Ɛte sɛ nea asɛm biara nni asemmisa no ho, nanso san susuw ho bio. ‘Ampa ara?’ Satan yɛɛ ne ho sɛnea asɛm no yɛ no nwonwa, ɛte sɛ nea ɔka sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn aka biribi a ɛte saa?’
5 Bere a Hawa nnim nea na Satan repɛ akyerɛ no, ɔkae sɛ saa na ɛte. Ná onim ɔsoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa asɛm yi ho sɛ ná Onyankopɔn aka akyerɛ Adam sɛ sɛ wodi papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no a, wobewu. (Genesis 2:16, 17) Ɛda adi sɛ n’ani gyee Satan asemmisa no ho, enti otiei, bere a ɔdaa asɛntitiriw a ɔde nam adi no: “Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛnyɛ owu na mubewu.” Atosɛm bɛn ara ni! Satan totoo Ɔbɔadeɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn no ano sɛ wadi atoro akyerɛ Ne mma a wɔyɛ nnipa no!—Dwom 31:5; 1 Yohane 4:16; Adiyisɛm 4:11.
6. Ɔkwan bɛn so na Satan twaa Yehowa papayɛ ne tumidi mpoa?
6 Nanso Satan amma anso hɔ ara. Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Sɛnea Satan kyerɛe no, Yehowa Nyankopɔn—a na wama yɛn awofo a wodi kan no nneɛma pa pii no—pɛe sɛ ɔde biribi a ɛyɛ anigye kame wɔn. Wampɛ sɛ wɔbɛyɛ sɛ anyame. Enti, Satan twaa Onyankopɔn papayɛ mpoa. Ɔhyɛɛ ahotɔ a obi bɛhwehwɛ ama ne ho ne Onyankopɔn mmara a wɔboapa pow ho nkuran nso denam ka a ɔkae sɛ, saa a wɔbɛyɛ no so bɛba wɔn mfaso no so. Nokwarem no, Satan kasa tiaa tumi a Onyankopɔn wɔ sɛ odi N’ankasa abɔde so, na ɔkyerɛe sɛ ɛnteɛ sɛ Onyankopɔn de anohyeto ahorow bɛma onipa wɔ nea ɔyɛ ho.
7. Bere bɛn na wofii ase tee ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho asɛm, na ɔkwan bɛn so na ɛte saa ara nnɛ?
7 Satan nsɛm a ɔkekae yi so na wɔnam fii ase de ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ too gua. Saa nkyerɛkyerɛ bɔne yi da so ara hyɛ nnyinasosɛm ahorow a ɛnteɛ a ɛte saa ara ho nkuran. Sɛnea ɔyɛe wɔ Eden turo mu ara pɛ no, Satan a ahonhom atuatewfo afoforo akɔka ne ho no da so ara twa teɛ a ɛteɛ sɛ Onyankopɔn de abrabɔ ho gyinapɛn ahorow sisi hɔ no ho mpoa. Ɔda so ara ne Yehowa tumidi di asi na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa nnipa ma wɔayɛ wɔn soro Agya no so asoɔden.—1 Yohane 3:8, 10.
8. Dɛn na Adam ne Hawa hweree wɔ Eden, na ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ ɔnokwafo?
8 Wɔ saa ntawntawdi a edi kan wɔ ɔsoro nkyerɛkyerɛ ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ntam akodi mu no, Adam ne Hawa sii gyinae a ɛnteɛ na wɔhweree wɔn daa nkwa ho anidaso. (Genesis 3:19) Bere kɔɔ so na wɔn nipadua yɛɛ mmerɛw no, wobehuu nea odii atoro ne nea ɔkaa nokware wɔ Eden hɔ. Nanso, mfehaha pii ansa na wɔrewuwu wɔ honam mu ankasa no, wɔbɛyɛɛ nnipa a wodii kan totɔe wɔ nokware ne atoro ntam akodi no mu, bere a wɔn Bɔfo, nkwa Fibea no, buu wɔn fɔ sɛ wɔmfata sɛ wɔtra nkwa mu bio no. Wowuwui wɔ honhom mu saa bere no.—Dwom 36:9; fa toto Efesofo 2:1 ho.
Ahonhommɔne Nkyerɛkyerɛ Nnɛ
9. Ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ no adi dwuma dɛn wɔ mfehaha no mu?
9 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔnam honhom so de ɔsomafo Yohane kɔɔ “Awurade da no” a efii ase 1914 no mu. (Adiyisɛm 1:10) Wɔtoo Satan ne n’adaemone fii soro baa asase so saa bere no—a ɛno yɛ nkogudi kɛse ma yɛn Bɔfo Kɛse no sɔretiafo no. Wɔankɔ so ante ne nne wɔ soro sɛ ɔretoto Yehowa asomfo ano wɔ hɔ bio. (Adiyisɛm 12:10) Nanso, nkɔso bɛn na ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ anya wɔ asase so fi Eden bere so? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so.” (Adiyisɛm 12:9) Satan atosɛm no anya wiase nyinaa so nkɛntɛnso! Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ Satan “wi yi ase sodifo”!—Yohane 12:31; 16:11.
10, 11. Akwan bɛn so na Satan ne n’adaemone no redi dwuma nnɛ?
10 So Satan gye toom sɛ wadi nkogu fi bere a wɔtoo no fii soro kyenee no? Dabida! Osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ so ne ɔsoro nkyerɛkyerɛ ne wɔn a wɔbata ho no adi asi. Satan atoa n’akodi no so fi bere a wɔtoo no fii soro kyenee no: “Ɔtweaseɛ no [Satan] bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.”—Adiyisɛm 12:17.
11 Nea ɛka Onyankopɔn asomfo a Satan ko tia wɔn ho ne sɛ, ɔde ne nnaadaasɛm abunkam wiase no so, a ɔrebɔ mmɔden sɛ obekura ne nkɛntɛnso a ɔwɔ wɔ nnipa so no mu. Wɔ Awurade da ho anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm no biako mu no, ɔsomafo Yohane huu mmoa abiɛsa bi a sɛnkyerɛnne kwan so wogyina hɔ ma Satan, n’amammui ahyehyɛde a ɛwɔ asase so, ne wiase tumidi a edi tumi wɔ yɛn bere yi so no. Mpɔtorɔ fi saa mmoa abiɛsa yi anom puei. Ná eyi yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? Yohane kyerɛw sɛ: “Wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnne, na wofi kɔ wiase nyinaa ahene nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:14) Ɛda adi pefee sɛ ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ redi dwuma yiye wɔ asase so. Satan ne n’adaemone da so ara reko tia ɔsoro nkyerɛkyerɛ, na wɔbɛkɔ so ayɛ saa akosi sɛ Yesu Kristo, Mesia Hene no, bɛhyɛ wɔn ma wɔagyae.—Adiyisɛm 20:2.
Ahonhommɔne Nkyerɛkyerɛ a Wobehu
12. (a) Dɛn nti na wobetumi ako atia ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ no? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan abɔ mmɔden sɛ obedi n’atirimpɔw ho dwuma wɔ Onyankopɔn asomfo ho?
12 So nnipa a wosuro Onyankopɔn betumi ako atia ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ? Nokwarem no yebetumi, esiane nneɛma abien bi nti. Nea edi kan ne sɛ, ɔsoro nkyerɛkyerɛ wɔ tumi kɛse; na nea ɛto so abien no, Yehowa apa Satan akwan nyinaa ho ntama sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ako atia. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, “yenim n’adwene.” (2 Korintofo 2:11) Yenim sɛ Satan de ɔtaa di dwuma sɛ ɔkwan biako a ɔnam so di n’atirimpɔw ho dwuma. (2 Timoteo 3:12) Nanso, nea ɛyɛ anifere kwan koraa no, ɔbɔ mmɔden sɛ obenya wɔn a wɔsom Onyankopɔn adwene ne wɔn koma so tumi. Ɔdaadaa Hawa, na ɔde akɔnnɔ bɔne hyɛɛ ne komam. Ɔde saa kwan yi ara di dwuma nnɛ. Paulo kyerɛw Korintofo no sɛ: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.” (2 Korintofo 11:3) Hwɛ sɛnea wasɛe adesamma nyinaa adwene.
13. Atosɛm bɛn na Satan akɔ so aka akyerɛ adesamma fi Eden?
13 Satan totoo Yehowa ano kyerɛɛ Hawa sɛ wadi atoro, na ɔkae sɛ sɛ nnipa yɛ wɔn Bɔfo no so asoɔden a wobetumi abɛyɛ sɛ anyame. Tebea bɔne a adesamma wom nnɛ no da no adi sɛ, Satan na odii atoro, na ɛnyɛ Yehowa. Nnipa a wɔte ase nnɛ nyɛ anyame! Nanso, Satan de atosɛm foforo kaa nea odii kan dii no ho. Ɔde adwene no bae sɛ nnipa kra nwu. Enti ɔbɔɔ mmɔden maa adesamma nyaa anidaso bi sɛ wobetumi ayeyɛ sɛ anyame wɔ ɔkwan foforo so. Afei, ɔnam saa atoro nkyerɛkyerɛ no so hyɛɛ hellgya, ahodwiragya, ahonhonsɛmdi, ne nananom a wɔawuwu som ho nkuran. Saa atosɛm yi akɔ so afa nnipa ɔpepehaha pii nnommum.—Deuteronomium 18:9-13.
14, 15. Dɛn ne nokwasɛm a ɛfa owu ne onipa daakye ho?
14 Ɛda adi pefee sɛ, nea Yehowa ka kyerɛɛ Adam no na na ɛyɛ nokware. Bere a Adam yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn no, owui. (Genesis 5:5) Bere a Adam ne n’asefo wuwui no, wɔbɛyɛɛ akra a wɔawuwu a wonnim biribiara na wontumi nyɛ hwee. (Genesis 2:7; Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4) Esiane sɛ nnipa nyaa bɔne fii Adam mu nti, akra nyinaa wuwu. (Romafo 5:12) Nanso, Yehowa hyɛɛ aseni bi a obesi Ɔbonsam nnwuma ano ho bɔ wɔ Eden. (Genesis 3:15) Yesu Kristo, Onyankopɔn ankasa Ba a ɔwoo no koro no ne saa Aseni no. Yesu wui a wanyɛ bɔne, na ne nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no bɛyɛɛ agyede a ɔde tɔɔ adesamma fii wɔn wu tebea mu. Wɔn a wɔyɛ osetie kyerɛ Yesu mu gyidi no wɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa a Adam yeraa no no.—Yohane 3:36; Romafo 6:23; 1 Timoteo 2:5, 6.
15 Ɛnyɛ adesamma anidaso ankasa ne adwenhunu a ɛne sɛ ɔkra kɔ so tra ase wɔ owu akyi no na mmom agyede no. Eyi yɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ. Ɛyɛ nokware. Ɛyɛ Yehowa dɔ ne ne nyansa a ɔda no adi a ɛyɛ nwonwa nso. (Yohane 3:16) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma sɛ yɛasua saa nokware yi na yɛade yɛn ho afi ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ a ɛfa saa nneɛma yi ho no ho!—Yohane 8:32.
16. Sɛ nnipa di wɔn ankasa nyansa akyi a, awiei koraa no dɛn na efi mu ba?
16 Satan nam n’atoro a odii wɔ Eden turom no so hyɛɛ Adam ne Hawa nkuran ma wɔhwɛɛ kwan sɛ wɔbɛde wɔn ho afi Onyankopɔn ase na wɔde wɔn ho ato wɔn ankasa nyansa so. Ɛnnɛ, yehu nea afi saa bɔne a wɔyɛe no mu aba a ɛne sikasɛm mu ahokyere, akodi, ne nsisi akɛse a ɛwɔ wiase no mu no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka sɛ: “Wi yi ase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim”! (1 Korintofo 3:19) Nanso, wɔ ɔkwan a nyansa nnim so no, nnipa pii pɛ sɛ wobehu amane mmom sen sɛ wobetie Yehowa nkyerɛkyerɛ. (Dwom 14:1-3; 107:17) Kristofo a wɔagye ɔsoro nkyerɛkyerɛ atom no kwati sɛ wɔbɛtɔ saa afiri no mu.
17. ‘Nneɛma a wodi mfomso frɛ no nimdeɛ’ bɛn na Satan ahyɛ ho nkuran, na asow aba bɛn?
17 Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; dan wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa no akyinnyesɛm no ho. Ɛno na ebinom yi kyerɛe teree gyidi no ho.” (1 Timoteo 6:20, 21) Saa “nimdeɛ” no nso gyina hɔ ma ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ. Wɔ Paulo nna no mu no, ɛkame ayɛ sɛ na ɛfa awaefo nkyerɛkyerɛ a na asafo no mufo binom rehyɛ ho nkuran no ho. (2 Timoteo 2:16-18) Akyiri yi, nneɛma te sɛ Nimdeɛ-Som ne Helafo nyansapɛ a wodii mfomso frɛɛ no nimdeɛ sɛee asafo no. Wɔ ɛnnɛ wiase yi mu no, gyidi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bi nni hɔ, Onyankopɔn a wɔrentumi nhu sɛ ɔwɔ hɔ anaa onni hɔ, adannandi nkyerɛkyerɛ ahorow ne Bible no a wɔkasa tia denneennen no yɛ nea wodi mfomso frɛ no nimdeɛ no ho nhwɛso bi, te sɛ adwenhorow a ennyina kyerɛw nsɛm no so a nnɛyi awaefo binom hyɛ ho nkuran no. Wohu aba horow a nea wose ɛyɛ nimdeɛ no asow no bi wɔ abrabɔ a ɛmfata, tumidi a pii mmu, amimdi, ne pɛsɛmenkominya a ɛhyɛ Satan nneɛma nhyehyɛe yi agyirae no mu.
Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ a Wɔbata Ho
18. Henanom na wɔhwehwɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ nnɛ?
18 Ɛwom sɛ efi Eden bere so reba no, Satan de ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ahyɛ asase yi mã de, nanso nnipa bi akɔ so ahwehwɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ akyi kwan bere nyinaa. Nnipa a wɔte saa no dodow adu ɔpepem pii nnɛ. Saa nnipa yi ne Kristofo nkaefo a wɔasra wɔn a wɔwɔ nokware anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ ne soro Ahenni no mu ne “nguan foforo” no mu nnipakuw kɛse a wɔredɔɔso a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya saa Ahenni no adi wɔ asase so no. (Mateo 25:34; Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:3, 9) Ɛnnɛ, wɔaka saafo yi abom wɔ ahyehyɛde biako mu wɔ wiase, na Yesaia nsɛm yi ka fa wɔn ho sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.”—Yesaia 54:13.
19. Dɛn na ɛka kyerɛ a Yehowa kyerɛkyerɛ obi no ho?
19 Kyerɛ a Yehowa kyerɛkyerɛ obi no kɔ akyiri sen nokware nimdeɛ a onya ara kwa—ɛwom sɛ eyi ho hia de. Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛtra ase, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde ɔsoro nkyerɛkyerɛ di dwuma wɔ yɛn asetra mu. Sɛ nhwɛso no, yɛko tia pɛsɛmenkominya, abrabɔ bɔne, ne ahofadi honhom a atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase no mu no. Yehu nea atirimɔden kwan a wɔfa so hwehwɛ wiase ahonyade no kowie pefee—owu mu. (Yakobo 5:1-3) Yɛn werɛ mfi ɔsoro nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ ɔsomafo Yohane nsɛm yi mu no da: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu.”—1 Yohane 2:15.
20, 21. (a) Dɛn na Satan de di dwuma wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ obefura nnipa ani no mu? (b) Nhyira bɛn na wɔn a wɔbata ɔsoro nkyerɛkyerɛ ho no benya?
20 Yehu nkɛntɛnso a ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ nya wɔ nkurɔfo so no wɔ Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu: “[Satan] afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.” (2 Korintofo 4:4) Satan bɛpɛ sɛ ofura nokware Kristofo ani saa kwan yi ara so. Wɔ Eden no, ɔnam ɔwɔ so daadaa Onyankopɔn asomfo no mu biako. Ɛnnɛ, ɔde sini ne television so dwumadi ahorow a basabasayɛ anaa abrabɔ bɔne wom di dwuma. Ɔde radio, nhoma ahorow, ne nnwom di dwuma ɔkwammɔne so. Akode a etumi di awu sen biara a ɔwɔ no mu biako ne fekubɔne. (Mmebusɛm 4:14; 28:7; 29:3) Hu sɛnea saa nneɛma no te ankasa yiye bere nyinaa—ɛyɛ ahonhommɔne mfiri ne wɔn nkyerɛkyerɛ.
21 Kae sɛ Satan nsɛm a ɔkae wɔ Eden no yɛɛ atoro; Yehowa nsɛm baam. Sɛnea na ɛte tete no, saa ara na ɛte nnɛ. Satan akɔ so ayɛ ɔtorofo bere nyinaa, na ɔsoro nkyerɛkyerɛ ayɛ nokware bere nyinaa. (Romafo 3:4) Sɛ yɛbata Onyankopɔn Asɛm ho a, yebedi nkonim wɔ nokware ne atoro ntam akodi yi mu bere nyinaa. (2 Korintofo 10:4, 5) Ɛnde, momma yɛmpow ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ nyinaa. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi agyina akosi bere a nokware ne atoro ntam akodi no betwam. Saa bere no ná nokware adi nkonim. Ná Satan nni hɔ bio, na ɔsoro nkyerɛkyerɛ nkutoo na wɔbɛte wɔ asase so.—Yesaia 11:9.
So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Bere bɛn na wodii kan tee ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ?
◻ Dɛn ne atosɛm ahorow a Satan ne n’adaemone ahyɛ ho nkuran no bi?
◻ Akwan bɛn so na Satan nam redi dwuma kɛse nnɛ?
◻ Dɛn na Satan de hyɛ ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho nkuran?
◻ Nhyira bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔbata ɔsoro nkyerɛkyerɛ ho?
[Kratafa 9 mfonini]
Wodii kan tee ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ wɔ Eden turo no mu
[Kratafa 10 mfonini]
Ɔsoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa agyede ne Ahenni no ho nkutoo ne Adesamma anidaso