Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 8/1 kr. 21-27
  • Wɔ Onipa Asoɔden Nyinaa Akyi No, Paradise Anidaso No Bɛba Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔ Onipa Asoɔden Nyinaa Akyi No, Paradise Anidaso No Bɛba Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnyɛ Anansesɛm Kyerɛwtohɔ
  • Atɛn a Wobuu Adam No Maa Wɔkamfoo Onyankopɔn Mmara Kɛse
  • Wɔpam no Fi Eden Turo no Mu
  • Yehowa Mfitiase Atirimpɔw Ntumi Nni Nkogu
  • Yebetumi Asua Biribi Afi Nnipa Baanu a Wodi Kan no Nkyɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ɛyɛ Ampa Sɛ Na Turo Bi Wɔ Hɔ a Wɔfrɛ No Eden?
    Eden Turo No—Ɛyɛ Anansesɛm Anaa Na Ɛwɔ Hɔ Ankasa?
  • Adɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Asɛm a Esii Wɔ Eden No, Ɛfa Wo Ho Sɛn?
    Eden Turo No—Ɛyɛ Anansesɛm Anaa Na Ɛwɔ Hɔ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 8/1 kr. 21-27

Wɔ Onipa Asoɔden Nyinaa Akyi No, Paradise Anidaso No Bɛba Mu

1. Bere a bere twaam no, wohuu ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no wɔ he, na wɔ tebea bɛn mu?

BERE atwam. Na ɛnyɛ nea ɔbea ne ɔbarima a wodi kan no nnim bio sɛ wɔda adagyaw. Wɔhyehyɛ mmoa nhoma ntade atenten. Na wɔwɔ Eden turo a edi mũ kwan no ano pɛɛ. Wɔn akyi kyerɛ turo no. Wɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ wɔn anim. Wohu asase a wɔnnɔw ɛ. Nokwarem mu no, Onyankopɔn nhyiraa so ɛ. Wotumi hu nsɔe ne nnɛnkyɛnse wɔ wɔn anim. So eyi nyɛ asase a wɔde ahyɛde maa wɔn sɛ wɔnhyɛ so no? Yiw, nanso afei na ɛnyɛ atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no ntrɛw Eden turo no mu mfa asase a wɔnyɛɛ no hwee no so nti na wɔwɔ hɔ.

2. Dɛn nti na ɔbarima ne ɔbea no ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan akɔ Paradise turo no mu?

2 Bere a wohu nneɛma a ɛne nea wonim bɔ abira no, dɛn nti na wɔnsan wɔn akyi nkɔ Paradise turo no mu? Ɛnyɛ den sɛ wode nyansahyɛ a ɛte sɛɛ bɛma, nanso hwɛ nea ɛwɔ wɔn akyi wɔ turo no kwan ano. Abɔde a wonhuu wɔn da, wɔ turo no mu mpo, kerubim, ne gyaframa afoa a n’ankasa twa ne ho bere nyinaa. Na ɔbarima ne ɔbea no rentumi ntwa eyinom ho nkɔ turo no mu a wɔrenwu!​—Genesis 3:24.

3. Na dɛn na asi a ama awarefo a wodi kan no tebea horow asakra kɛse saa?

3 Dɛn na asi? Ɛnyɛ ahintasɛm bi a asete yɛ den a ɛbɛhaw nyansahufo mfe mpempem pii. Wɔakyerɛkyerɛ mu tiaa. Na ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no hu anidaso ahorow a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn ahyɛde de sii wɔn anim da a wɔwaree no, nanso na gye sɛ wɔyɛ osetie ma wɔn soro Agya no wɔ asɛm ketewaa bi mu. Na wɔde aduan biako pɛ ho mmara bɛsɔ wɔn osetie a edi mũ no ahwɛ: Ɛnsɛ sɛ wodi “papa ne bɔne hu dua no.” (Genesis 2:16, 17) Sɛ wɔyɛ saa de bu Onyankopɔn ahyɛde so a, wobewu. Ɛno ne asɛm a Adam sɛ Onyankopɔn diyifo no ka kyerɛɛ ne yere, onipa a ɔyɛ akumaa no. Nanso nea ɛyɛ nwonwa no, saa na·chashʹ, saa ɔwɔ no, kae sɛ nea Onyankopɔn aka akyerɛ Adam wɔ Ne kɔkɔbɔ a etia “papa ne bɔne hu dua” a wɔabara a obedi no mu no nyɛ nokware. Ɔwɔ no daadaa ɔbea no ma ogye dii sɛ Onyankopɔn mmara a obebu so na wadi aduaba a wɔabara no bɛma wayɛ te sɛ Onyankopɔn na ama watwe ne ho afi Onyankopɔn ho wɔ hu a obehu nea ɛyɛ papa ne bɔne no mu.​—Genesis 3:1-5.

Ɛnyɛ Anansesɛm Kyerɛwtohɔ

4, 5. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ ɔbea a odi kan a Satan daadaa no ho kyerɛwtohɔ no nyɛ anansesɛm?

4 So ɛyɛ nwonwa? So egyigye te sɛ anansesɛm, ayɛsɛm a ennyina nokwasɛm so ma nnɛyi adwene a anyin rentumi nnye ntom? Dabi, ɛnte saa mma ɔkyerɛwfo bi a nnipa pii da so ara kenkan ne nhoma, ɔkyerɛwfo a wotumi de ho to no so, ɔsomafo a wɔhyɛɛ da paw no a na onim sɛ nea ɔkyerɛwee no teɛ no. Ɔsomafo Paulo yi kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔanyinyin a na wɔwɔ wiasefo kurow Korinto mu no sɛ: “Nanso misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.”​—2 Korintofo 11:3.

5 Ɛyɛ den sɛ Paulo betwe adwene asi anansesɛm, ayɛsɛm bi so na ɔde biribi a wɔde adwene bu ara kwa akyerɛ n’asɛm mu de akyerɛ saa Korintofo a na wonim Hela abosonsom mu anansesɛm yiye no. Bere a Paulo refa Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu a ɔkae sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn Asɛm” mu asɛm aka no, osii so dua sɛ ‘ɔwɔ no de n’anitew daadaa Hawa.’ (1 Tesalonikafo 2:13) Afei nso, bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Kristoni ɔhwɛfo a na wama n’adwuma sɛ ɔnkyerɛkyerɛ “nsɛm pa a eye” no, ɔkae sɛ: “Efisɛ wɔbɔɔ Adam kan, ansa na Hawa dii hɔ. Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbea no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara.”​—2 Timoteo 1:13; 1 Timoteo 2:13, 14.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Adam bɔne a ɔyɛ tiaa Onyankopɔn no nte sɛ ɔbea no de? (b) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ na ɛnyɛ nea ɔbea no reka atosɛm afa ɔwɔ no ho?

6 Daadaa a ɔwɔ no daadaa ɔbea no yɛ nokwasɛm te sɛ nea ade a efii asoɔden a ɔde dii aduaba a na wɔabara no mu bae no yɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm a anibere wom no, na ɛnyɛ anansesɛm. Enti bere a ɔyɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn akyi no, ɔdaadaa ne kunu ma ɔne no dii aduaba no, nanso ɛnyɛ sɛ wɔdaadaa ɔbarima no koraa nti na odii. (Genesis 3:6) Akontaa a wobu kyerɛɛ Onyankopɔn akyiri yi ho asɛm ka sɛ: “Na onipa no se: Ɔbea a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii. Na [Yehowa] Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛdɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbea no se: Ɔwɔ na ɔdaadaa me na midii.” (Genesis 3:12, 13) Na ɛnyɛ sɛ ɔbea no reka atosɛm bi afa saa na·chashʹ, saa ɔwɔ no ho na Yehowa Nyankopɔn ammu ne nkyerɛkyerɛmu no sɛ nnaadaasɛm, anansesɛm bi. Ɔne saa ɔwɔ no dii sɛ obi a ɔdaadaa ɔbea no ma ɔyɛɛ bɔne tiaa No, ne Nyankopɔn ne ne Bɔfo no. Na ɛbɛyɛ ade a ɛrenni Onyankopɔn ni sɛ ɔde anansesɛm mu ɔwɔ ara kwa bedi.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛwtohɔ no ka atɛn a Onyankopɔn buu ɔwɔ no ho asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔwɔ a ɔdaadaa ɔbea a odi kan no betumi adaadaa yɛn? (Fa asehɔ asɛm no mu asɛm ka ho.)

7 Bere a kyerɛwtohɔ no reka sɛnea Onyankopɔn buu saa ɔwɔ no atɛn wɔ Eden turo no mu ho asɛm no, ɛka sɛ: “Na [Yehowa] Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ nso sɛ: Sɛ woayɛ eyi nti, wɔadome wo ntɔteboa ne wuram mmoadoma nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛnantew, na woadi dɔte wo nkwa nna nyinaa. Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:14, 15) Asennibea a edi nsɛm ɔkwampa so no di nokwasɛm ahorow ho dwuma, ɛhwehwɛ adanse ankasa mu, na ɛnyɛ anansesɛm. Na Yehowa Nyankopɔn renyɛ ne ho sɛ onnim nyansa, sɛ atetekwa bi, denam anansesɛm mu ɔwɔ a obebu no atɛn so, na mmom na ɔrebu abɔde ankasa a ɔte ase atɛn. Ɛbɛyɛ awerɛhosɛm na ɛnyɛ aseresɛm, sɛ saa ɔwɔ koro no ara daadaa yɛn ma yesusuw sɛ ɔntraa ase pɛn da, ne sɛ ɔyɛ anansesɛm mu aboa, na wɔrentumi mfa bɔne bi a wɔayɛ wɔ asase so ho asodi nto no so.a

8. Atɛn bɛn na Onyankopɔn buu ɔbea no, na dɛn na ebefi mu aba ama ne mmabea ne ne nananom mmea?

8 Ɛrekyerɛ sɛ asɛm a ɔbea no ka faa ɔwɔ no ho no yɛ nokware no, kyerɛwtohɔ a ɛfa ɔbarima no yere no ho ka sɛ: “Ɔbea no de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” (Genesis 3:16) Wɔanka biribi a ɛte sɛ eyi anka hyira a Onyankopɔn hyiraa ɔne Adam aware no so no ho bere a Ɔkaa eyi kyerɛɛ wɔn no: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Genesis 1:28) Saa ahyɛde a nhyira wom a wɔde maa nnipa baanu a wɔyɛ pɛ no kyerɛe sɛ ɔbea no benyinsɛn mpɛn pii na mmom ɛnyɛ sɛ ɔbɛbrɛ na wate awo mu yaw kɛse a ɛmfata na ne kunu ahyɛ no so. Atɛn a wobuu ɔbea mmaratofo no bɛka ne mmabea ne nananom mmea awo ntoatoaso pii.

Atɛn a Wobuu Adam No Maa Wɔkamfoo Onyankopɔn Mmara Kɛse

9, 10. (a) Na kɔkɔbɔ bɛn na Onyankopɔn de ama Adam tee, na na dɛn na ebefi mu aba sɛ Onyankopɔn de asotwe a ɛte saa ma a? (b) Atɛn bɛn na Onyankopɔn buu tiaa Adam?

9 Nanso, tebea a asakra bɛn na na ɔbea no ne ɔbarima a wadaadaa no ma wabɛka ne ho wɔ mmarato mu no bɛkɔ mu? Na Onyankopɔn aka akyerɛ ɔbarima yi tee sɛ: “Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:17) So na Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufo no bebu Adam atɛn a ɛte saa wɔ aduaba sin bi ara kwa a odii no ho? Susuw nea asotwe a ɛte saa no bɛkyerɛ no ho! Ɛbɛsɛe saa anidaso a ɛkanyan nnipa a na Adam ne Hawa wɔ, da a wɔwaree no, anidaso a ɛne sɛ wɔde wɔn mma, adesamma abusua a wɔyɛ pɛ a wɔte paradise asase so daa wɔ asomdwoe mu na wɔyɛ mmerante ne mmabaa daa a wɔne wɔn Nyankopɔn ne wɔn soro Agya no abusuabɔ a asomdwoe wom bɛhyɛ asase so nyinaa ma no! Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn remma n’ankasa atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa ma adesamma ne onipa asase so fie no nni nkogu denam owu asotwe a ɔde bɛba adesamma nyinaa awofo a wodi kan no so katee! Nanso tie ɔsoro mmara no, sɛnea wɔakyerɛw pefee wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu no:

10 “Na Adam de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nni no bi nti, wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa, na nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ebefifi ama wo, na woadi afuw so ahaban. W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”​—Genesis 3:17-19.

11. Osetie ho nokwasɛm bɛn na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea atɛn a Onyankopɔn buu Adam no fata no mu?

11 Saa atemmu no kyerɛe sɛ wɔde owu asotwe no bɛma ɔbarima no a sɛnea ɛbɛka Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ obenya asase so paradise a wɔde mmarima ne mmea a wɔyɛ pɛ a wofi ɔdɔ ne asomdwoe mu tra ase bom na wɔdɔw na wɔhwɛ asase nyinaa so Paradise turo no so daa ahye so ma no mfa ho. Na ɔbarima no atie ne yere nne na ɛnyɛ Onyankopɔn nne a ɛka kyerɛɛ no sɛ onnni “papa ne bɔne hu dua” a wɔabara no. Na sɛ n’ankasa antie ne Nyankopɔn ne ne Bɔfo nne a, so ɔbɛkɔ so akyerɛkyerɛ ne mma ma wɔayɛ saa? So n’ankasa nhwɛso bɛyɛ ade a ɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wontie Yehowa Nyankopɔn?​—Fa toto 1 Samuel 15:22 ho.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Adam bɔne no bɛka ne mma? (b) Dɛn nti na na ɛmfata sɛ Adam tra ase daa wɔ Paradise anaasɛ wɔ asase so mpo?

12 So Adam mma betumi adi Onyankopɔn mmara so pɛpɛɛpɛ, te sɛ nea n’ankasa tumi yɛe bere a na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ wɔ bere bi mu no? Ɛdenam su a wonya fi awo mu ho mmara dwumadi so no, so ɔremfa ne mmerɛwyɛ ne su a ɔwɔ sɛ ɔrentie Onyankopɔn nne na obetie nne foforo bi no mma wɔn? Abakɔsɛm a ɛka nokwasɛm de nsemmisa yi ho mmuae ma.​—Romafo 5:12.

13 So ɔbarima a ɔte saa, a esiane abɔde a ɔyɛ onipa nti, wankɔ so amfa osetie a edi mũ a ɛsɛ sɛ ɔde ma Onyankopɔn de da ɔdɔ a edi mũ a ɔwɔ ma No no amma no, fata sɛ ɔtra ase daa wɔ Paradise anaa asase so mpo koraa anaa? So ɛbɛyɛ nea asiane nnim sɛ wɔbɛma watra asase so daa? So kwan a wɔbɛma no ma watra ase daa wɔ asase so wɔ ne mmarato mu no bɛma wakyerɛ obu kɛse ama Onyankopɔn mmara na ada N’atɛntrenee adi, anaasɛ ɛbɛkyerɛ animtiaabu ama Onyankopɔn mmara na akyerɛ sɛ wontumi mfa ho nto Onyankopɔn asɛm so?

Wɔpam no Fi Eden Turo no Mu

14. Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛwtohɔ no ka nea Onyankopɔn de yɛɛ Adam ne ne yere no ho asɛm?

14 Bible kyerɛwtohɔ no ka ɔkwan a Onyankopɔn faa so sii nsɛm yi ho gyinae kyerɛ yɛn: “Na [Yehowa] Nyankopɔn yɛɛ nhoma ntade maa onipa ne ne yere de hyɛɛ wɔn. Na [Yehowa] Nyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu biako hu papa ne bɔne. Na afei, nea ɛbɛyɛ na wanteɛ ne nsa antew nkwa dua no nso bi anni antra ase daa nti, [Yehowa] Nyankopɔn tuu no fii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔw asase a wɔfaa no fii mu no. Na ɔpam onipa no, na ɔde Kerubim ne gyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn nkwa dua no ho kwan.”​—Genesis 3:21-24.

15. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn susuw aniwu a Adam ne ne yere tee nka wɔ adagyaw a na wɔda no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔpam nnipa baanu a wodi kan no fii Eden Turo no mu? (d) Tebea a na asakra bɛn na Adam ne ne yere hyiae wɔ Eden turo no akyi?

15 Ɔsoro Ɔtemmufo no susuw aniwu a na afei abɔnefo Adam ne ne yere te nka wɔ da a wɔda adagyaw no ho no ho. Wɔ ɔkwan bi a wɔanka ho asɛm so no, ɔmaa wɔn mmoa nhoma ntade atenten de sii borɔdoma nhaban nkataanim a wɔapompam a wɔn ankasa yɛ fae no ananmu. (Genesis 3:7) Na mmoa nhoma ntade no bɛkyɛ na ɛbɛbɔ wɔn ho ban kɛse wɔ nsɔe ne nnɛnkyɛnse ne nneɛma afoforo a epira a ɛwɔ Eden turo no akyi no ho no. Esiane ahonim bɔne a wonyae bere a wɔyɛɛ bɔne no akyi nti no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobehintaw afi Onyankopɔn anim wɔ Eden turo no mu nnua no mu. (Genesis 3:8) Afei, bere a wɔabu wɔn atɛn akyi no, wɔtee ɔsoro nhyɛso bi nka wɔ turo a Onyankopɔn pam wɔn fii mu no mu. Wɔpam wɔn kɔɔ apuei fam na bere tiaa bi akyi no, wohui sɛ wɔwɔ turo no akyi a na wɔabara wɔn sɛ wɔnnkɔ mu koraa bio da. Na wɔrennyɛ adwuma mmfa nntrɛw saa turo no ne ne Paradise tebea horow no mu nkosi asase ano bio. Efi saa bere no, wobedi aduan a wɔde afuw so afifide ayɛ, nanso ɛrenwowaw wɔn mma wɔnntra ase daa. Wɔpam wɔn fii “nkwa dua” no ho. Bere bi akyi no​—bere tenten bɛn?​—wobewu!

Yehowa Mfitiase Atirimpɔw Ntumi Nni Nkogu

16. Dɛn na Onyankopɔn ammɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, na dɛn ntia?

16 So afei Onyankopɔn sii gyinae sɛ ɔbɛsɛe asase, ne ɔsram ne owia ne nsoromma wɔ ɔsɛe a ɛbɛba amansan no so no mu, esiane sɛ saa abɔde abien a wɔde dɔte yɛɛ wɔn yi ayɛ bɔne atia no nti? Sɛ ɔyɛ ade a ɛte saa a, so ɛrenkyerɛ sɛ wadi nkogu wɔ n’anuonyam atirimpɔw no mu, esiane nea na·chashʹ bi afi ase nti? So na ɔwɔ bi betumi asɛe Onyankopɔn atirimpɔw nyinaa? Na wada n’atirimpɔw adi akyerɛ Adam ne Hawa, da a wɔwaree no, bere a ohyiraa wɔn na ɔkaa n’apɛde ma wɔn kyerɛɛ wɔn no: adesamma abusua a wɔyɛ pɛ a wɔde wɔn bɛhyɛ asase so nyinaa ma Eden turo a edi mũ no atrɛw afa asase nyinaa so na adesamma nyinaa te hɔ asomdwoe mu a wodi abɔde a wɔba fam a wɔwɔ asase so ne nsu mu no so. Onyankopɔn atirimpɔw a aba mu ho anisoadehu a ɛyɛ fɛ, a ɔnam adebɔ nna nnwuma a ɔyɛe bɛboro mfe apem so siesiei bɛn ara ni! So afei atirimpɔw a ɛfata nkamfo yi rennya mmamu esiane ɔwɔ bi ne nnipa baanu a wodi kan bɔne ara kwa nti? Dabida!​—Fa toto Yesaia 46:9-11 ho.

17. Na dɛn na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ da a ɛto so ason no ho, na enti saa da yi bɛba awiei dɛn?

17 Na ɛda so ara yɛ Yehowa Nyankopɔn homeda, da a ɛto so ason. Na wabɔ ne tirim sɛ obehyira saa da no na wayɛ no kronkron. Na ɔremma biribiara nyɛ no nnome da, na ɔbɛko atia nnome biara a obi bɛyɛ nhyehyɛe ma aba saa homeda no so na wadan no nhyira na wama da no aba awiei wɔ nhyira kwan so. Ɛbɛma asase no nyinaa ayɛ beae kronkron a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ ha wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ soro na adesamma abusua a wɔyɛ pɛ na wɔbɛyɛ eyi.​—Fa toto Mateo 6:10 ho.

18, 19. (a) Dɛn nti na nnipa baanu a wodi kan no asefo a wɔrehu amane no betumi anya awerɛkyekye? (b) Dɛn na Ɔwɛn-Aban afoforo bɛka ho asɛm?

18 Onyankopɔn aba mu ammu. Wannyaw n’atirimpɔw no anto hɔ. Ɔbɔɔ ne tirim sɛ obebu ne ho bem, sɛ Nea wotumi de ho to no so koraa, a ɔbɔ ne tirim na odi nea ɔbɔ ne tirim wɔ ho no ho dwuma wie a onya anuonyam a ɛfata. (Yesaia 45:18) Nnipa abɔnefo baanu a wodi kan no asefo a wɔnyɛ pɛ a wɔrehu amane no, betumi anya anigye na wɔahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de nokwaredi bɛma ne mfitiase atirimpɔw no ayɛ hɔ na ɛde daa mfaso abrɛ wɔn. Ne homeda no mu mfe mpempem pii atwam dedaw, na da no fã a etwa to a ebenya ne nhyira titiriw no abɛn. Ne homeda no ‘adesae’ retwam na sɛnea na ɛte wɔ adebɔ nna asia a edi kan no fam no, ɛsɛ sɛ ‘ade kye.’ Sɛ ‘ade kye’ wie na wɔn a wɔhwɛ nyinaa hu Onyankopɔn atirimpɔw a ɛnsakra no anuonyam mmamu no a, wobetumi akyerɛw ato hɔ sɛ: ‘Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so ason nen.’ Anidaso a ɛyɛ nwonwa ampa!

19 Sɛ wususuw eyi nyinaa ho a, ɛkanyan nkate! Wɔbɛka Paradise anidaso a ɛyɛ anigye a ɛda adesamma asoɔmmerɛwfo a wɔdɔ Onyankopɔn mmara no anim no ho nsɛm pii wɔ Ɔwɛn-Aban mu nsɛm afoforo mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔda Satan Ɔbonsam adi wɔ Adiyisɛm 12:9 sɛ “ɔwɔ dedaw no,” na Yesu ka ne ho asɛm wɔ Yohane 8:44 sɛ “atoro agya.”

Wobɛka Dɛn?

◻ Dɛn nti na nnipa baanu a wodi kan no hweree wɔn Paradise fie no?

◻ Dɛn nti na yenim sɛ daadaa a ɔwɔ daadaa Hawa no nyɛ anansesɛm?

◻ Asotwe bɛn na Onyankopɔn de maa ɔbea no?

◻ Asotwe bɛn na Onyankopɔn de maa Adam, na dɛn nti na eyi ma wɔkamfoo Onyankopɔn mmara kɛse?

◻ Dɛn nti na Onyankopɔn aba mu ammu wɔ n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma wɔde nnipa a wɔyɛ pɛ ahyɛ asase so wɔ Paradise no ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena