Onyankopɔn Adwene Wɔ Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Mu A Yebekura
YƐN soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no bɔɔ yɛn awofo a wodi kan no de ɔbarima ne ɔbea nna akyɛde a ɛyɛ nwonwa no maa wɔn. Ɔde aware ne nkitahodi ahorow a ɛka ho no ho akɔnnɔ a emu yɛ den hyɛɛ wɔn mu sɛnea ɛbɛyɛ na adesamma abusua no mu akɔ so atrɛw. Nokwarem no, sɛ yesusuw saa nhyehyɛe yi ho ne anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ ɛbɛma nnipa ani agye no ho a, ɛka yɛn ma yɛde ayeyi ma yɛn Nyankopɔn Kɛse no sɛ osusuw anwonwa kwan a ɛte sɛɛ a yɛbɛfa so de nnipa ahyɛ asase so ma no ho.—Genesis 1:27, 28.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Satan Ɔbonsam tew atua tiaa Onyankopɔn no, ofii ase sɛ ɔbɛsɛe saa nhyehyɛe fɛfɛ a wɔnam so de adesamma abusua mu nyinaa bɛba no. Bere a ɔredi nnipa a afei wɔawo wɔn wɔ sintɔ mu no adwene ho dwuma no, otumi sɛee wɔn suban wɔ awode tumi a Onyankopɔn de ama wɔn a wɔde bedi dwuma pa no ho. Wɔkyerɛ sɛ ebedu Nsuyiri no so no na ‘onipa koma mu adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.’ (Genesis 6:5, 6; 8:21) Bere a adesamma abusua no dan kɔɔ abrabɔ bɔne so no, na abɔfo a wɔwɔ soro no rehwɛ.
Abɔfo a Wɔde Wɔn Ho Bɛhyɛɛ Mu
Onyankopɔn ammɔ abɔfo sɛ wobenya nna a wɔne nnipa bɛda ho akɔnnɔ. Nanso ɛda adi sɛ Satan tumi nyaa ebinom ma wosusuw nneɛma a ɛtete sɛɛ ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Enti wɔ abɔfo bi mu no, wonyaa ade a na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ nnipa nkutoo na ɛsɛ sɛ wonya mu kyɛfa ɔkwan pa so wɔ aware mu no ho akɔnnɔ. Saa “Onyankopɔn mma” a wɔyɛ abɔfo yi yɛɛ adebɔne, gyaw wɔn gyinabea wɔ ɔsoro baa asase so bɛwarewaree mmea. (Genesis 6:2) Akɔnnɔ bɔne a wɔanya na ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ ade a ɛte saa, ɛnyɛ akɔnnɔ a efi awosu mu a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn mu. Esiane sɛ na abɔfo betumi anya ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a ɛnyɛ ne kwan so de nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ nnipa nso betumi ayɛ saa ara. Bere a ɔrekyerɛw wɔ honhom akwankyerɛ ase no, osuani Yuda de abɔfo a wonyaa nnipa mmabea ho akɔnnɔ no totoo nnipa bi a wɔne wɔn wɔ bɔbeasu koro ho akɔnnɔ no ho. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Abɔfo a wɔankora wɔn mpanyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa trabere no, wɔde daa ahama akyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu, [saa ara na] Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam foforo akyi no, anya akatua, deda hɔ sɛ daa ogya ho sɛnnahɔ.”—Yuda 6, 7.
Nna Ho Nneyɛe a Ɛmfata—Tete Ne Nnɛ
Sɛ Bible asuafo no, yenim nea ɛbae wɔ tete Sodom—sɛnea kurow no mu mpanyin ne mmofra a akɔnnɔ abɔ wɔn dam hwehwɛe sɛ wɔne wɔn a wosusuwii sɛ wɔyɛ mmarima ara kwa a wɔabɛsoɛ Lot no da no. (Genesis 19:4-11) Saa asɛm yi sii wɔ Nsuyiri no akyi bɛyɛ mfe 450 pɛ. Wɔ saa tete nna no mu no ɛbɛyɛɛ ade a na wɔtaa yɛ sɛ nnipa ne mmoa bɛda. Enti, mfe 400 akyi, wɔ mmeae horow anan no, Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no kasa tiaa eyi, a na ɛsɛ sɛ wɔde owu asotwe ba wɔn a wɔyɛ saa no so. (Exodus 22:19; Leviticus 18:23; 20:15, 16; Deuteronomium 27:21) Bio nso, Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no kyerɛe sɛ ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima bɛda ɔbea nna no yɛ bɔne kɛse, a ɛsɛ sɛ wokum wɔn a wɔyɛ saa no.—Leviticus 18:22; 20:13.
Nanso, wɔ mfehaha a edi so no mu no, na aman a wɔatwa Israel ho ahyia no de wɔn ho hyɛ mmarima ne mmarima nna mu araa ma bere ne bere mu no Israelfo no nso yɛɛ bi. (1 Ahene 14:24; 15:12; 22:46) Da koro bi, Lewini bi kɔsoɛɛ Benyaminfo kurow Gibea mu, na mmarima a wɔwɔ kurow no mu no twaa fie no ho hyiae, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fi no fi adi bra ma yenhu no.” (Atemmufo 19:22) Ɛkame ayɛ sɛ Yehowa ma wɔtɔree Benyamin abusua no nyinaa ase esiane saa asɛm yi nti.
Ebia ebinom besusuw sɛ, ‘Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔtwe adwene kɔ Bible mu abakɔsɛm a ɛyɛ aniwu sɛɛ so.’ Efisɛ nnɛ yɛte wiase bi a ɔbrasɛe kɛse ahyɛ no ma mu, na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso wɔ asiane mu. Wode susuw baabi a mmarima a wɔne wɔn ho da no nneyɛe akodu ne nkɛntɛnso a ɛwɔ no ho:
“Mmarima a wɔwɔ [San Francisco] no ɔha biara mu bɛyɛ 30 yɛ wɔn a wɔne mmarima afoforo da,” ne nea Medical Tribune, September 23, 1981, ka.
“1980 mfe yi mu asɛm a emu yɛ den ne sɛnea mmarima a wɔne wɔn ho da no nneyɛe reka mmarima ne mmea nkitahodi—titiriw no nneɛma a ɛsom bo wɔ mmarima ne mmea asetra mu no. . . . Gye a wogye mmarima a wɔne mmarima da tom no kyerɛ sɛ yɛn mfitiase gyidi horow asakra,” saa na Maclean’s nsɛmma nhoma a epuei February 18, 1980 no bɔ amanneɛ.
Akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Sydney Sukuupɔn mu wɔ Australia no mu biako kae sɛ: “Agoromma ne akyerɛwfo pii a wɔyɛ mmarima a wɔne mmarima afoforo da no betumi asakra afoforo nneyɛe ne wɔn adwene.”
Ɛda adi pefee sɛ wɔresakra nkurɔfo adwene ma wɔagye mmarima a wɔne mmarima afoforo da no atom sɛ ɛnyɛ hwee, sɛ ɛteɛ mpo. Sɛnea The Toronto Star a ɛbae August 24, 1980 kyerɛ no: “Mmerante ne mmabaa a wɔwɔ United Church mu no . . .pene mmarima a wɔne mmarima foforo da a wɔbɛpaw wɔn sɛ asɔfo no so.” London Daily Mail a ɛbae June 5, 1980 no se: “Amanneɛbɔ foforo a wɔada no adi kamfo kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbarima nna siw obi kwan wɔ dibea a obekura wɔ Methodist Asɔre no mu no ho.” Na bere a ɔbea bi kyerɛwee sɛ ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ ne nena a wadi mfe 23 yɛ obi a ɔne mmarima afoforo da no, atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo bi maa mmuae sɛ: “Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛw Bible no. Sɛ́ mmarima ne mmarima da no yɛ adeyɛ a akyɛ te sɛ adesamma abusua no ara . . . Nea ɛsɛ sɛ woyɛ mprempren ne sɛ wubesua sɛ wubegye no atom sɛnea ɔte no ara. Ɔda so yɛ aberante pa.”
Nea Bible Ka Wɔ Ahohwibɔ Ho
Esiane wiase nnaadaasɛm a wɔka kyerɛ nti, aka ebinom a wɔwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu mpo ma wobu mmarima a wɔne wɔn ho da ne nneɛma a ɛtete saa sɛ ‘ɛnyɛ bɔne titiriw biara.’ Nanso, Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel ne sɛ ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo da ɔbea nna! Na wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, 1 Korintofo 6:9, 10 se: “Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman . . . awaresɛefo, ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” Na wɔ Bible koro yi ara mu no, Romafo 1:26, 27 se: “Wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so no; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn mfɛfo mmarima ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade.” Nkyekyem 32 kɔ so sɛ: “Owu na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi.”
Nea ɛyɛ nwonwa no, ebinom a wɔde wɔn ho ahyɛ ahohwibɔ mu, te sɛ mmoa a wɔne wɔn da mu no, nte nka sɛ nea wɔyɛ no yɛ bɔne ankasa. Nanso aboa a wɔne no da yɛ bɔne. Ɛyɛ nea wobetumi agyina so atu obi afi Kristofo asafo no mu. Saa nso na ebinom akyerɛ sɛ wonnim nea ɛyɛ homosexuality Enti dɛn ne homosexuality?
Dɛn Ne Homosexuality?
Nea ɛbɛboa ma woate eyi ase no, susuw sɛnea wɔkyerɛ ase wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow mu:
Webster’s Third New International Dictionary of the English Language: “Nneɛma a obi fi akɔnnɔ mu ne onipa foforo a ɔne no wɔ bɔbea koro yɛ.”
The American Heritage Dictionary: “Akɔnnɔ a obi nya ma afoforo a ɔne wɔn wɔ bɔbea koro. 2. Nna mu nneɛma a obi ne onipa foforo a ɔne no wɔ bɔbea koro yɛ.”
The Random House Dictionary of the English. Language: “Akɔnnɔ a obi nya ma onipa anaa nkurɔfo a ɔne wɔn wɔ bɔbea koro.”
Ɛyɛ anigye sɛ, sɛnea nsɛm asekyerɛ nhome horow no kyerɛkyerɛ mu no, nea ɛka homosexuality ho ne AKƆNNƆ a obi benya ama afoforo a ɔne wɔn wɔ bɔbea koro no. Nanso Bible no ma nsonoe da nea ɛyɛ bɔne a obi yɛ ne akɔnnɔ anaa su horow a ɛma obi yɛ bɔne ntam. Ebia akɔnnɔ horow yi bɛkɔ so atra hɔ, mmɔden a obi bɔ sɛ obeyi afi n’adwene ne ne nipadua mu no nyinaa akyi. Esiane wɔn kan asetra, ne ebia esiane nneɛma afoforo bi nti, ebia yebenya anuanom Kristofo a bere ne bere mu no wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne nnipa a wɔne wɔn kura bɔbea koro da. Nanso wɔko tiaa saa akɔnnɔ a ɛnyɛ ne kwan so de, a Satan de ba no—na wonnyaa mu. Enti wɔnyɛ wɔn a wɔne wɔn mfɛfo mmarima anaa mmea da. Wodi wɔn adwene so, efisɛ wonim sɛ akɔnnɔ bɔne a wɔma kwan ma enyin no bɛda ne ho adi ɔkwan biara so wɔ nneyɛe bɔne mu.—Yakobo 1:14, 15; Kolosefo 3:5-10.
Nea Onyankopɔn kasa tia wɔ Bible mu na wotumi gyina so tu obi ne ‘nneɛma a obi fi akɔnnɔ mu’ ne onipa foforo a ɔne no wɔ bɔbea koro ‘yɛ.’ Ɛho nhia sɛ eyi yɛ ne ho ankasa a ɔde bɛhyɛ ne ho ansa na ayɛ homosexuality. Adeyɛ biara a anyɛ yiye koraa no saa nnipa baanu yi mu biako barima ho asɛm ba mu, te sɛ ebia obi barima ano a wofew, di ho agoru anaasɛ wɔde twitwiw onipa foforo no, anaa biribi foforo biara a wɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ na ɔne onii a ɔne no wɔ bɔbea koro no anya anigye te sɛ ɔbarima ne ɔbea ɔma mu anigye no yɛ homosexuality. Na bere a nnipa pii susuw sɛ mmarima nkutoo na wɔne wɔn ho wɔn ho yɛ saa no, asɛm no fa mmea a wɔn nso wɔyɛ saa ho, ɛwom sɛ wɔtaa frɛ wɔn lesbians de.
Abrabɔ Bɔne a Yebekwati
Ɛho hia sɛ nnipa a ebia wɔwɔ afoforo a wɔne wɔn wɔ bɔbea koro ho akɔnnɔ no ko tia no denneennen. Bere koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na nnipa a wɔwɔ akɔnnɔ a ɛte saa no amma yɛne wɔn anyɛ nea ɛmfata. Ɛtɔ da bi a nneɛma a efi nneyɛe a ɛtete saa ase no ankasa nyɛ bɔne. Te sɛ obi akyi a wubetwitwiw anaasɛ w’akyi a obi foforo betwitwiw wɔ aguaree. Anaa ɛtɔ da bi a nnipa binom di aguma anaasɛ ayensin ma ɛkanyan wɔn akɔnnɔ. Ahwɛyiye ho hia. Efisɛ adeyɛ a ɛte saa betumi akowie, na mmere bi wɔ hɔ a, akowie, nneyɛe a ɛmfata mu, wɔ Kristofo mu mpo.
Dɛn nti na ebinom de wɔn ho hyɛ abrabɔ a ɛmfata mu—mmarima anaa mmea a wɔne wɔn ho wɔn ho da, obi a wapa ne ho a wowia wɔn ho hwɛ no, ne nea ɛtete saa? Wɔahu sɛ saafo yi adwene wɔ ɔbarima ne ɔbea nna so kɛse. Ɛtɔ da bi a na wɔyɛ wɔn a wɔpɛ nhoma a ɛka ahohwisɛm akenkan yiye. Na ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa taa yɛ nnipa a wɔpem aboasi anaasɛ woyi wɔn ho gu. Esiane sɛ saa asɛm a ɛfa obi ho a oyi gu taa sɔre wɔ abrabɔ a ɛmfata ho nsɛm mu nti, momma yensusuw saa adeyɛ yi ho wɔ Onyankopɔn asɛm mu. Dɛn na Bible ka wɔ aboasipem ho?
Nea Bible Ka Wɔ Aboasipem Ho
Ebinom aka sɛ Bible no ka boasipem anaa wɔn ho a woyi gu ho asɛm wɔ Genesis ti 38, ne sɛ wokum Onan esiane saa bɔne no nti. Nanso eyi nyɛ nokware. Bible no kyerɛ sɛ, sɛ Onan “kɔ ne nua yere no ho [a], ɔma egu fam sɛe.” (Genesis 38:9) Enti ɛda adi sɛ Onan twee ne ho fii Tamar ho maa ne ho nsu no guu fam mmom sen sɛ anka ɔde bɛma Tamar. Ɔyɛɛ eyi efisɛ na ɔmpɛ sɛ ɔwo mma ma ne nua a wawu no. Na ɛyɛ “okunu nua barima aware” ho asɛyɛde yi ho dwuma a wanni no nti na wokum Onan.
Wɔaka kyerɛw nsɛm afoforo abien a ɛwɔ Hebri Nkyerɛwee no mu ho asɛm wɔ nhoma horow a ɛka nea Bible ka wɔ obi ho a oyi gu ho no mu. Nea edi kan, a ɛyɛ Deuteronomium 23:10 ne 11 no, ka nea ɛbae bere a na Israelfo no wɔ nsra mu no ho asɛm. Sɛnea Today’s English Version no ka no, ese: “Sɛ ɔbarima bi ho ntew, esiane sɛ ɔsoo dae anadwo ma ne ho bae nti a, ɛsɛ sɛ ofi kɔ nsra no akyi na ɔtra hɔ. Ɛrekɔ anwummere no, ɛsɛ sɛ oguare na owia kɔtɔ a obetumi asan aba nsra no mu.” Nanso nea wɔka ho asɛm wɔ ha no nyɛ obi ho a ɔhyɛ da yi gu. Wɔkyerɛ obi ho a ɔhyɛ da yi gu no ase sɛ: “Obi akɔnnɔ a ɔhyɛ da kanyan ma mpɛn pii no ekowie ne ho a ɛba mu denam nneyɛe ahorow bi so.” (Webster’s New Collegiate Dictionary, 1981) Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ da bɔɔ mmarima wɔ ɔkwan bi so a, sɛ wɔne ɔbea anna a, bere ne bere mu no wɔn ho bɛba bere a wɔada. Eyi taa ba anadwo, wɔ adaeso mu.
Kyerɛwsɛm foforo a ɛka eyi ho asɛm ne Leviticus 15:16, 17, nea ese: “Sɛ ɔbarima bi ahobaa fi no mu a, ɔmfa nsu nguare ne honam nyinaa na ne ho ntew kosi anwummere. Na ntama biara anaa nhoma biara a ahobaa begu mu no, wɔmfa nsu nhoro, na ɛho ntew kosi anwummere.” Ɛda adi sɛ saa asɛm yi mfa obi ho a ɔhyɛ da yi gu ho. Ɛda adi sɛ ɛfa obi ho a ɛba wɔ adaeso mu a yɛadi kan aka ho asɛm no ho. Ɛwom sɛ Bible no ka sɛ obi ho a ɛba no ma ɔbɛyɛ nea ‘ne ho ntew’ de, nanso eyi nyɛ ne ho a ɛntew wɔ abrabɔ fam, na mmom ɔsom kwan so. Eyi da adi bere a yehu wɔ nkyekyem a edi so no mu sɛ wobuu Israelni barima ne ne yere a wɔne wɔn ho dae, adeyɛ a Onyankopɔn ankasa pene so, no sɛ wɔn ho ntew saa ara no.
Na so Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ka obi ho a oyi gu no ho asɛm bi? Dabi, ɛnka ho asɛm. Ɛnka obi ho a ɛba wɔ adaeso mu no mpo ho asɛm. Nanso so ɛno kyerɛ sɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mma akwankyerɛ biara wɔ adwene a ɛsɛ sɛ yenya wɔ obi ho a oyi gu no ho? Dabi, ɛnte saa. Susuw Kolosefo 3:5 ho, nea ɛkenkan sɛ: “Munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere.” Na 1 Tesalonikafo 4:4, 5 se: “Mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no.” Saa afotu yi fa Kristofo a wɔyɛ awarefo ne wɔn a wɔyɛ ahokwafo ho, nanso ahosodi ho hia kɛse mpo wɔ wɔn a wɔyɛ ahokwafo no fam esiane sɛ ɔbarima ne ɔbea nna so a wɔnam dwudwo akɔnnɔ ano no yɛ nea wɔde asi hɔ ama awarefo nkutoo nti.
So wutumi hu sɛ obi a ɔhyɛ da yi ne ho gu no bu ahyɛde a ese yenkum “akɔnnɔ nhyɛso” no so anaa? Ampa, Yehowa de ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ bɔɔ onipa, te sɛ nea ɔde aduan ne anonne ho akɔnnɔ bɔɔ no no. Enti Bible no nka sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a obi benya yɛ bɔne, sɛnea ɛnkasa ntia aduan ne anonne ho akɔnnɔ a ɛfata no. Nanso yenim sɛ wɔ yɛn tebea a ɛnyɛ pɛ yi mu no, akɔnnɔ horow no betumi ayɛ nea ahosodi nni mu. Onipa betumi de aduan anaa nsã ho akɔnnɔ ntraso adi dwuma ma wabɛyɛ potwaa anaasɛ ɔsabofo. Saa ara nso na nna ho asɛm betumi abɛyɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ obi asetra mu, na enti obetumi abenya ‘akɔnnɔ a anibere wom’ te sɛ amanaman mufo.
Onipa a oyi ne ho gu no resi ɔbarima ne ɔbea nna so dua a ɛmfata. Ɔma n’akɔnnɔ mu yɛ den na odi ho dwuma ɔkwan a ɛmfata so. Nanso ɛnyɛ mmarima nkutoo na wɔyɛ eyi; mmea a wɔyɛ saa nso adɔɔso. Onyankopɔn de ɔbarima ne ɔbea nna akyɛde no maa nnipa na wɔde adi dwuma wɔ aware nhyehyɛe no mu. Nanso ho a woyi gu no yɛ saa tumi yi a obi de di dwuma wɔ aware akyi de dwudwo n’akɔnnɔ ano. Ɛho hia sɛ onipa a ɔte saa no brɛ nna ho akɔnnɔ a ɔwɔ yi ase sɛnea ɛbɛyɛ na wasɔ Onyankopɔn ani. Ɛho hia sɛ onya ahosodi a ɛho hia na watumi abrɛ eyi ase wɔ n’asetra mu na wagyaw ne nipadua mu tumi horow no ma wɔadi nhyɛso horow biara ho dwuma wɔ ne kwan so.
Yesu kyerɛkyerɛ sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:28) Mpɛn pii no obi a oyi ne ho gu no wɔ adwene a ɛte saa, na ɔyɛ n’adwene te sɛ nea ɔne obi reda. Ɛda adi pefee sɛ obi a ɔte saa nyɛ nea ɔrebɔ ne bra ma ɛne Kristo nkyerɛkyerɛ ahyia. Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom a wɔredi wɔn akɔnnɔ ho dwuma titiriw denam aboasipem anaa wɔn ho a woyi gu so no bu ahyɛde a Onyankopɔn de ama se WONKUM wɔn akɔnnɔ no so.
Nanso ɔkwan bɛn na obi betumi afa so akum n’akɔnnɔ na watwe ne ho afi aboasipem ho? Ampa, nnipa a wɔayɛ saa bere tenten no, ne gyae betumi ayɛ asɛm a emu yɛ den. Nanso ɛnsɛ sɛ obi gyae ɛho mmɔdenbɔ. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, obetumi adi nkonim. Ɛsɛ sɛ odi kan nya adeyɛ no ho tan. (Dwom 97:10) Afei ɛho hia sɛ osi gyinae wɔ n’adwene ne ne koma mu sɛ obegyae ne ho a oyi gu no. Ɛsɛ sɛ ɔbɔ ho mpae daa; na afei ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔbɔ ho mpae no ho adwuma. Sɛnea ɛte no, ɔrentumi nhyɛ akɔnnɔ no mu gya denam nneɛma a ɛkanyan n’akɔnnɔ a ɔbɛkenkan anaasɛ ɔbɛhwɛ so. Saa nso na ɔrentumi mmɔ nneɛma a ɛma n’akɔnnɔ mu yɛ den ho nkɔmmɔ. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ teokrase dwumadi ahorow mu, nhyiam kɔ, adansedi kɔ, sankɔhwɛ yɛ, Bible adesua yɛ ne afoforo a ɔbɛboa wɔn honhom mu mu, na obenya ahoɔden a ɔde bedi n’akɔnnɔ so. Sɛ asɛm no da so wɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛhwehwɛ mmoa afi mpanyimfo a wɔwɔ n’asafo mu no bi nkyen. Ebia onuawa a ɔwɔ asɛm a emu yɛ den saa no bɛhwehwɛ mmoa afi onuawa bi a n’ani afi wɔ asafo no mu nkyɛn.
Akyinnye biara nni ho—mudi mu a yebekura ama Yehowa no gye ɔko a emu yɛ den. Nanso, ɛfata! Sɛ yɛko mprempren tia yɛn honam a ɛtɔ kɔ bɔne so no a, Yehowa bɛma yɛadi nkonim daa wɔ ne trenee nhyehyɛe foforo a efĩ nni mu no mu. Susuw ho hwɛ! Ɛno na yebehu Yehowa atirimpɔw a anuonyam wom no mmamu—asase a nnipa a wɔte Paradise ahyɛ so ma—a wɔn nyinaa baa nkwa mu denam ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ akyɛde a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn de bɔɔ yɛn no so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
Onyankopɔn Mmara baraa da a nnipa ne mmoa bɛda
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Dɛn nti na nnipa binom de wɔn ho hyɛ ahohwibɔ mu?
[Kratafa 25 adaka]
Mmarima Anaa Mmea A Wɔne Wɔn Ho Wɔn Ho Da—Sɛ Ɛyɛ Ne Kwan So?
Nnansa yi sini bi a wɔayɛ wɔ Amerika a wɔato din Making Love yɛ anifere kwan a wɔnam so pɛ sɛ wɔma nkurɔfo gye mmarima ne mmarima anaa mmea ne mmea nna tom sɛ ɛyɛ nea ɛfata no ho nhwɛso pa.
Mmarima a wɔne mmarima da a wɔwɔ sini no mu no betumi ayɛ wo duyɛfo, wo nuabarima anaa aberante a ɔwɔ ofie a edi mo de no so mu no,” saa na New York Sunday News Magazine mu sɛnkyerɛwfo bi ka. Eyi a ɛda adi sɛnea ɛfata no nyɛ nea ɛba mpofirim ara kwa. Sini no ho sɛnkyerɛwfo se: ‘Anidaso a mewɔ wɔ sini no ho ne sɛ ɛbɛsakra nkurɔfo adwene wɔ mmarima ne mmarima anaa mmea ne mmea nna ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ pɛ a ɔbarima pɛ mmarima no mma ɔnyɛ obi a ɔmfata.—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw ɔfã bi.
So sini no ‘sakra nkurɔfo adwene wɔ mmarima ne mmarima anaa mmea ne mmea nna ho’ anaa? Ɛte sɛ nea ɛyɛɛ saa wɔ sini no mufo biako, Kate Jackson, fam. Ɔka kyerɛɛ obi sɛ, ‘Mmarima a wɔwɔ sini no mu no kyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye, na ɛyɛ nwonwa. Bere a mihuu ne fã a edi kan no, na minim nea ɛreba, na mehwɛɛ afã horow abiɛsa. Ɛyɛɛ me nwonwa, na mihui sɛ mekae sɛ, oh, mete ase, na afei mekɔɔ ɔfa a edi hɔ no so, na hwɛ, migye tom.”
Sɛnea saa nnaadaa yi resakra “nkurɔfo adwene wɔ mmarima ne mmarima anaa mmea ne mmea nna ho” biara no, ɛda so ara yɛ abofono ma ɔdesani nipadua no Bɔfo sɛnea na ɛte fi mfiase no. Onyankopɔn Mmara hwehwɛe sɛ ‘wokum’ mmarima a ná wɔne mmarima da wɔ tete Israel. (Leviticus 20:13) Na Onyankopɔn mmara ma Kristofo da no adi sɛ n’adwene wɔ asɛm no ho nsakrae. Bible ka no pefee sɛ “mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da” ka wɔn a ‘wɔrennya Onyankopɔn ahenni’ no ho.—1 Korintofo 6:9, 10.