Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/15 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsuyiri Kɛse No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wɔkoraa Ɔne “Nnipa Baason So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/15 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Noa somaa kwaakwaadabi ne afei aborɔnoma fii adaka no mu?

Bible no mfa nkyerɛkyerɛmu fefeefe mma. Nanso, ɛte sɛ nea ntease wɔ nea Noa yɛe no mu.

Osu tɔɔ kɛse wɔ asase so nnafua 40 awia ne anadwo, na ɛmaa nsuyiri a ɛkataa mmepɔw mpo atifi asram anum bae. Afei “adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so.” (Genesis 7:6-8:4) Asram bi akyi, bere a “mmepɔw atifi dedaa adi no,” Noa ‘somaa kwaakwaadabi; na ofii adi, na odii akɔneaba.’​—Genesis 8:5, 7.

Dɛn nti na ɔsomaa kwaakwaadabi? Anomaa yi wɔ ahoɔden a ɔde tu, na obetumi adi nnuan ahorow pii, a afunu ka ho. Ebia Noa somaa kwaakwaadabi no na ama wahu sɛ ebia ɔbɛsan aba anaasɛ ɔrensan mma adaka no mu, na ebia obedi nam funu a nsu a atwetwe ne asase a ayi ne ho adi no ma ohu no. Nanso, kwaakwaadabi no san bae. Bible no se ɔsan bae, nanso anka sɛ ɔsan baa Noa nkyɛn. Ebia ɔsan besii adaka no so, bere a otu di akɔneaba sɛ obenya aduan a ɛtentɛn nsu a ɛntwetwee no ani no.

Akyiri yi, Noa paw sɛ ɔbɛsoma aborɔnoma. Yɛkenkan sɛ: “Nanso aborɔnoma no annya ne nan sibew, na ɔsan baa ne nkyɛn adaka no mu.” (Genesis 8:9) Eyi kyerɛ sɛ na aborɔnoma no nam n’ankasa kwan so betumi ahu sɛ ebia nsuyiri no atwetwe anaa. Mmorɔnoma wɔ nnipa mu ahotoso kɛse. Na Noa betumi ahwɛ kwan sɛ aborɔnoma no bɛsan aba, ɛnyɛ sɛ ɔbɛba abesi adaka no so kɛkɛ, na mmom ɔbɛsan aba Noa ankasa nkyɛn.

Wɔaka sɛ mmorɔnoma home wɔ asase kesee nkutoo so, na wonim wɔn sɛ wotu fa fam wɔ abon mu, na wodi afifide. (Hesekiel 7:16) Grzimek’s Animal Life Encyclopedia se: “Sɛnea ɛte wɔ mmuruburu ne mmorɔnoma a wodi nnua aba nyinaa fam no, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobedidi bere a sukyerɛma [anaa nsu] tra asase ani bɛboro da koro no, aduan a wobetumi adi no pii wɔ asase no ani.” Enti na aborɔnoma no betumi de adanse bi a ɛkyerɛ sɛ wahu asase kesee bi anaa afifide a ɛrefifi abrɛ Noa. Bere a edi kan a Noa somaa aborɔnoma no, ɔsan baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu. Ne mprenu so no, aborɔnoma no san bae a okura ngodua ahaban. Ne mprensa so no, wannsan amma, na ɛde adanse mae sɛ Noa betumi afi adaka no mu dwoodwoo.​—Genesis 8:8-12.

Bere a ebinom betumi asusuw sɛ eyinom yɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛnkɔ akyiri no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ kyerɛwtohɔ no ka biribi pɔtee, na ɛmmɔ mmɔden sɛ ɛde nkyerɛkyerɛmu a edi mu bɛma no da nokware a Bible no yɛ no adi. Ɛde nnyinasode foforo a ɛma wogye tom sɛ kyerɛwtohɔ no yɛ nokware ankasa, na ɛnyɛ sɛ wɔbɔɔ wɔn tirim na wɔkae no ma. Nkyerɛkyerɛmu fefeefe a wɔamfa amma no nso kyerɛ nneɛma a ɛyɛ anigye a ebia Kristofo bɛhwɛ kwan sɛ wobebisa Noa, bere a wɔanyan no afi owu mu na n’ankasa betumi akyerɛkyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa no mu no.​—Hebrifo 11:7, 39.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena