ADESUA 25
Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
Bible ka sɛ nnipa nkwa ‘nna yɛ tiaa na ɔhaw ahyɛ mu ma.’ (Hiob 14:1) Nanso wohwɛ a, Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yemmedi nna kakraa bi wɔ asaase yi so na yenhu amane anaa? Sɛ ɛnyɛ n’adwene ne no a, ɛnde dɛn nti paa na ɔbɔɔ yɛn? Wohwɛ a, nea enti paa a Onyankopɔn bɔɔ yɛn no bɛba mu anaa? Wuhu nea Bible aka afa saa asɛm yi ho a, ɛbɛkyekye wo werɛ paa. Ma yɛnhwɛ.
1. Asetena bɛn na Yehowa pɛ sɛ yenya?
Yehowa pɛ sɛ yenya asetena papa paa. Nnipa mmienu a Yehowa dii kan bɔɔ wɔn ne Adam ne Hawa. Bere a ɔbɔɔ wɔn wiei no, ɔde wɔn kɔtenaa paradise fɛfɛɛfɛ bi mu. Ɛno na wɔfrɛ no Eden turo no. Afei “Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi.’” (Genesis 1:28) Ná Yehowa pɛ sɛ wɔwo, wɔhwɛ ma asaase so baabiara dan paradise, na wɔhwɛ mmoa no so. Nea na Yehowa pɛ ara ne sɛ nnipa nyinaa benya apɔwmuden, na wɔatena ase daa.
Ɛwom, nneɛma ankɔ sɛnea Onyankopɔn pɛ,a nanso nea enti a ɔbɔɔ yɛn no nsesae. (Yesaia 46:10, 11) Ɔda so ara pɛ sɛ nnipa a wɔn aso yɛ mmerɛw tena asaase so daa a owu, yare, anaa biribi foforo biara nteetee wɔn.—Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.
2. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn bra ama asi yɛn yiye nnɛ?
Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yehia ‘n’akwankyerɛ.’ Ɛno nti, ɛyɛ a yɛn ani gye ho sɛ yebehu no yiye na yɛasom no. (Kenkan Mateo 5:3-6.) Ɔpɛ sɛ yɛbɛn no na yɛne no fa adamfo, ‘yɛnantew n’akwan so, na yɛdɔ no.’ Afei nso, ɔpɛ sɛ yefi ‘yɛn koma nyinaa mu’ som no. (Deuteronomium 10:12; Dwom 25:14) Sɛ yetumi yɛ saa a, ɛmfa ho sɛ yɛwɔ ɔhaw ahorow mpo no, yɛn ani begye paa. Sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma yehu nea enti a yɛbaa wiase, na ɛma yɛbɔ bra yiye.
SUA PII KA HO
Ɔfã yi bɛboa wo ama woahu sɛ, sɛnea Yehowa siesiee asaase no maa yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa. Afei nso, nea enti a yɛbaa wiase no, wubehu nea Bible ka fa ho.
3. Yehowa pɛ sɛ nnipa nya asetena papa paa
Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.
Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ yɛn asaase fɛfɛɛfɛ yi?
Monkenkan Ɔsɛnkafo 3:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Dɛn na kyerɛwsɛm yi ma wuhu fa Yehowa ho?
4. Nea enti a Yehowa bɔɔ nnipa no nsesae
Monkenkan Dwom 37:11, 29 ne Yesaia 55:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Yehowa bɔɔ yɛn no nsesae?
Sɛ ɔdan bi asɛe mpo a, yebetumi asiesie ama ayɛ yiye. Asaase yi nso, nnipa asɛe nneɛma pii wɔ so, nanso ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma asan asi ne dedaw mu, na ɔde ama wɔn a wɔdɔ no
5. Sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma yehu nea enti paa a yɛwɔ wiase
Sɛ yehu nea enti a yɛbaa wiase a, ɛma yɛn ani gye. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.
Bere a Terumi huu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɛboaa no sɛn?
Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:13. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Yehowa ayɛ bi ama yɛn paa. Wohwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no?
OBI BETUMI ABISA SƐ: “Yɛbaa wiase koraa bɛyɛɛ dɛn?”
Obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?
NEA YƐASUA
Yehowa pɛ sɛ yɛtena ase daa wɔ asaase so a yare, owu, anaa biribi foforo biara nteetee yɛn. Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som Yehowa a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, efisɛ yenim sɛ yɛde yɛn abrabɔ reyɛ nea ɛfata.
Ntimu
Dɛn nti paa na Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa?
Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no nsesae?
Dɛn na woyɛ a ɛbɛma asi wo yiye wɔ abrabɔ mu?
YƐ NHWEHWƐMU
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu adanse a ɛkyerɛ sɛ na Eden turo no wɔ hɔ ankasa.
“Eden Turo No—Ɛyɛ Anansesɛm Anaa Na Ɛwɔ Hɔ Ankasa?” (Ɔwɛn-Aban)
Kenkan asɛm yi, na wubehu nea enti a yebetumi aka sɛ asaase no rensɛe da; ɛbɛwɔ hɔ daa.
Dɛn nti na yɛwɔ wiase? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu mmuae a Bible no de ma.
Ná papa bi adwene yɛ no sɛ odi yiye na onhia hwee. Nanso sɛɛ na biribi ayera wɔ n’asetena mu. Hwɛ video yi, na wubehu sɛ akyiri yi obehuu nea na ayera wɔ n’asetena mu no.
a Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea enti a nneɛma ankɔ sɛnea Yehowa pɛ.