Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 11/8 kr. 22-23
  • Bere a Wo ne W’adɔfo Nni Gyidi Biako

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wo ne W’adɔfo Nni Gyidi Biako
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusuabɔ Soronko Bi
  • Ntease Ho Hia
  • Wo Ne Wɔn Nni Nkitaho na Da Ɔdɔ Adi
  • Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nokware no, ‘Ɛmfa Asomdwoe Mma, na Mmom Nkrante’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn Ni
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Sɛ M’awofo Sɔre Tia Me A, Mɛyɛ Dɛn Asom Onyankopɔn?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 11/8 kr. 22-23

Bible no Adwene

Bere a Wo ne W’adɔfo Nni Gyidi Biako

AKONTAABU bi kyerɛ sɛ, ɔsom ahorow ne matew-me-ho akuw bɛboro 10,000 na ɛwɔ wiase. Wɔ ɔman bi mu no, mpanyimfo bɛyɛ ɔha biara mu 16 na wɔafi ɔsom biako mu akɔ ɔsom foforo mu pɛn. Ne saa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsom mu gyidi ho wontwiwontwi kɔ so wɔ abusuafo ne nnamfo ntam. Ɛtɔ mmere bi a, eyi ma ntawntawdi ba abusuabɔ mu. Enti asɛmmisa no sɔre sɛ, Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo ne wɔn abusuafo a wɔne wɔn nni gyidi biako no di nsɛm?

Abusuabɔ Soronko Bi

Sɛ nhwɛso no, susuw nea Bible no ka wɔ abusuabɔ soronko a ɛda awofo ne wɔn mma ntam ho no ho hwɛ. Wɔamfa anohyeto biara amma wɔ bere tenten a na ɛsɛ sɛ wɔde di ahyɛde a ɛwɔ Exodus 20:12 so, a ɛka sɛ “di w’agya ne wo na ni” no ho. Nokwasɛm ne sɛ, nkyerɛkyerɛmu a Yesu de mae wɔ saa ahyɛde yi ho a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 15:4-6 no da no adi sɛ na ɔreka nidi a mma a wɔanyinyin de bɛma wɔn awofo ho asɛm.

Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm bɔ kɔkɔ wɔ obi awofo a ɔnkyerɛ obu mma wɔn no ho. Mmebusɛm 23:22 de afotu ma sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wubu wo nã animtiaa esiane sɛ wabɔ aberewa nti.’ Mmebusɛm 19:26 bɔ kɔkɔ pefee sɛ “nea ɔbɔ n’agya atirimɔden na ɔpam ne nã no yɛ aniwu ne ahohora ba.”

Ɛda adi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu yɛn awofo so. Gye a yɛn awofo nnye yɛn som ntom no ntwa abusuabɔ a ɛda yɛne wɔn ntam no mu. Saa Bible nnyinasosɛm ahorow yi nso fa yɛn honam fam abusuafo ne obi aware mu ɔhokafo ntam abusuabɔ ho. Ɛda adi pefee wɔ abrabɔ fam ne Kyerɛwnsɛm no mu sɛ, ɛhwehwɛ sɛ Kristofo da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn abusuafo.

Ntease Ho Hia

Nokwarem no, Bible no bɔ kɔkɔ wɔ fekubɔne ho, na saa nhyɛso no betumi afi obi abusuafo a wɔbɛn no paa nkyɛn aba. (1 Korintofo 15:33) Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete no mu pii gyinaa nokware no akyi ɛmfa ho sɛ na wɔn awofo ne wɔn nyɛ adwene no. Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi te saa wɔ Kora mmabarima no fam. (Numeri 16:32, 33; 26:10, 11) Ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo gyae wɔn gyidi mu de sɔ afoforo, a wɔn abusuafo mpo ka ho, ani.—Asomafo no Nnwuma 5:29.

Wɔ tebea ahorow bi mu no, awofo anaa adɔfo foforo ko tia Kristoni bi gyidi denneennen. Ebinom mpo betumi abɛyɛ nokware Kristosom atamfo. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, Kristofo fa akwan ahorow a nyansa wom so bɔ wɔn honhom fam yiyedi ho ban. Yesu ka ma ɛfatae sɛ: “Onipa fifo bɛyɛ n’atamfo. Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔnsɛ me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔnsɛ me.”—Mateo 10:36, 37.

Nanso, mpɛn pii no, Kristofo ntaa nhyia ɔsɔretia a emu yɛ den mfi wɔn adɔfo hɔ. Wɔn abusuafo ne wɔn adwene nhyia wɔ Bible nkyerɛkyerɛ ho kɛkɛ. Kyerɛw Kronkron no hyɛɛ Kristo akyidifo nkuran sɛ wɔne wɔn a wonnye nni no nni wɔ “odwo” ne “obu kɛse” mu. (2 Timoteo 2:25; 1 Petro 3:15, NW) Bible no tu yɛn fo ma ɛfata sɛ: “Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa.” (2 Timoteo 2:24) Ɔsomafo Paulo nso tuu Kristofo fo sɛ “wonntwiri obi, wɔnnyɛ atutupɛfo, wonnwo bɛtɛɛ, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.”—Tito 3:2.

Wo Ne Wɔn Nni Nkitaho na Da Ɔdɔ Adi

Wɔhyɛ Kristofo nkuran wɔ 1 Petro 2:12 sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman [wɔn a wonnye nni] mu, na . . . wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.” Mpɛn pii no, yɛn adɔfo a wɔne yɛn nni gyidi biako no hu nsakrae a Bible no ama yɛayɛ wɔ yɛn asetram no. Kae sɛ, wɔn a na anka wɔyɛ anibiannaso anaa wɔsɔre tia Bible mu nokwasɛm mpo no mu pii asakra wɔn adwene. Wɔ ankorankoro binom fam no, ebetumi aba sɛ wɔde mfe pii hwɛɛ wɔn aware mu ɔhokafo anaa wɔn ba bi suban pa a ɔdaa no adi no yiye na ɛma wɔhwehwɛɛ nea enti a ɔda su a ɛte saa adi mu. Ɛnsɛ sɛ ɛba sɛ esiane Kristoni bi asaworam a ɔtoo n’adɔfo binom nti na amma wɔannye Bible mu nokwasɛm anni.

Nokwarem no, ɛsono obiara nsɛm tebea, na baabi a Kristofo Adansefo binom te ne faako a wɔn awofo te no ntam kwan ware. Ebia entumi nyɛ yiye sɛ wobɛkɔ akɔsra wɔn mpɛn pii sɛnea anka wopɛ. Nanso, nkrataa a yɛbɛkyerɛw wɔn, telefon so a yɛne wɔn bɛkasa, anaa akwan foforo so a yɛbɛfa ne wɔn adi nkitaho no bɛma yɛn adɔfo no ahu ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no. Nnipa pii a wɔnyɛ nokware Kristofo dɔ wɔn awofo ne wɔn abusuafo foforo, na mpɛn pii no wɔne wɔn di nkitaho ɛmfa ho sɛ ɛsono wɔn som no. So ɛnsɛ sɛ Kristofo Adansefo nso yɛ saa anaa?

[Mfonini wɔ kratafa 22]

W’adɔfo a wo ne wɔn bedi nkitaho no bɛma wɔahu sɛ wodɔ wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena