Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 10/1 kr. 10-15
  • Onyankopɔn Asɛm Te Hɔ Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm Te Hɔ Daa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Wɔbɔɔ Mmɔden sɛ Wɔbɛka Ahyɛ
  • Asɛm no Ho Ban a Wɔbɔe Wɔ Ɔporɔw Ho
  • Asɛm no Du Wiase Nyinaa
  • Yehowa, Onyankopɔn a Ɔne Nnipa Kasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Bible No​—Adɛn Nti na Yɛwɔ Ahorow Pii Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nea Ɛyɛe a Bible Awɔ Hɔ Abesi Yɛn Bere Yi So
    Nyan!—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 10/1 kr. 10-15

Onyankopɔn Asɛm Te Hɔ Daa

“Yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.”—YESAIA 40:8.

1. (a) Dɛn na asɛm “yɛn Nyankopɔn asɛm” no kyerɛ wɔ ha? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde nnipa bɔhyɛ ahorow toto Onyankopɔn asɛm ho?

NNIPA taa de wɔn ho to mmarima ne mmea a wɔagye din bɔhyɛ ahorow so. Nanso ɛmfa ho sɛnea ebia nnipa a wɔpɛ sɛ wotu mpɔn wɔ wɔn asetra mu ani begye saa bɔhyɛ ahorow yi ho no, sɛ yɛde toto yɛn Nyankopɔn asɛm ho a, ɛte sɛ nhwiren a ɛretwam. (Dwom 146:3, 4) Bɛboro mfe 2,700 a atwam ni no, Yehowa Nyankopɔn de honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔhonam nyinaa yɛ wura, na ne papa nyinaa te sɛ wuram nhwiren. . . . Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.” (Yesaia 40:6, 8) Dɛn ne “asɛm” a ɛte hɔ daa no? Ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm a waka. Ɛnnɛ, yɛwɔ saa “asɛm” no a wɔakyerɛw no wɔ Bible mu.—1 Petro 1:24, 25.

2. Su ne nneyɛe bɛn mu na Yehowa maa n’asɛm a ɛfa tete Israel ne Yuda ho no nyaa ne mmamu?

2 Nnipa a wɔtraa ase tete Israel mmere so no huu nokwasɛm a ɛwɔ nea Yesaia kyerɛwee no mu. Yehowa nam n’adiyifo so ka siei sɛ, esiane nokware a wɔanni nti, na wobedi kan de Israel mmusuakuw du ahemman no akɔ nnommumfa mu, na akyiri yi mmusuakuw abien ahemman a wɔne Yuda no adi hɔ. (Yeremia 20:4; Amos 5:2, 27) Ɛwom sɛ wɔtaa Yehowa adiyifo kunkum wɔn, hyew nhoma mmobɔwee a na Onyankopɔn kɔkɔbɔ nsɛm wom, kɔsrɛɛ Misraim sɛ ɛmfa n’asraafo mmɛboa mfa nsiw ne mmamu kwan de, nanso Yehowa asɛm anyɛ ɔkwa. (Yeremia 36:1, 2, 21-24; 37:5-10; Luka 13:34) Bio nso, Onyankopɔn bɔhyɛ a na ɛne sɛ ɔbɛsan de Yudafo nkaefo a wɔasakra aba wɔn asase so no nyaa ne mmamu a ɛyɛ nwonwa.—Yesaia ti 35.

3. (a) Bɔhyɛ ahorow a Yesaia yɛɛ ho kyerɛwtohɔ bɛn na ɛho hia yɛn titiriw? (b) Dɛn nti na wugye di sɛ saa nneɛma yi nyinaa bɛbam ampa?

3 Yehowa nam Yesaia so nso hyɛɛ trenee nniso a ɛwɔ Mesia no nsam a ebedi adesamma so, agye wɔn afi bɔne ne owu mu, na adan asase paradise no ho nkɔm. (Yesaia 9:6, 7; 11:1-9; 25:6-8; 35:5-7; 65:17-25) So saa nneɛma yi nso bɛbam? Akyinnye biara nni ho! ‘Onyankopɔn rentumi nni atoro.’ Yɛn mfaso nti na ɔma wɔkyerɛw ne nkɔmhyɛ nsɛm no, na wahwɛ ama wɔakora so.—Tito 1:2; Romafo 15:4.

4. Ɛwom mpo sɛ wɔankora mfitiase Bible nsaano nkyerɛwee no so de, nanso ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn asɛm wɔ “nkwa”?

4 Yehowa ankora mfitiase nkyerɛwee a mmarima a ɔde wɔn dii dwuma tete mmere mu no kyerɛw saa nkɔmhyɛ no wom no so. Nanso ‘n’asɛm,’ n’atirimpɔw a wada no adi, no ayɛ asɛm a ɛwɔ nkwa. Saa atirimpɔw no kɔ n’anim tẽẽ, na sɛnea ɛte no, nsusuwii ne nkate a nnipa a ɛka wɔn asetra nya no da adi. (Hebrifo 4:12) Bio nso, abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ da no adi sɛ Onyankopɔn na wahwɛ akora Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no so akyerɛ ase.

Bere a Wɔbɔɔ Mmɔden sɛ Wɔbɛka Ahyɛ

5. (a) Mmɔden bɛn na Siria hene bi bɔe sɛ ɔbɛsɛe Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no? (b) Dɛn nti na odii nkogu?

5 Mpɛn pii na sodifo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nkyerɛwee a efi honhom mu no. Wɔ 168 A.Y.B. mu no, Siria Hene Antiochus Epiphanes (a wɔayɛ ne mfonini wɔ kratafã 10 no) sii afɔremuka bi maa Seu wɔ asɔrefie a wohyiraa so maa Yehowa no mu. Ɔhwehwɛɛ ‘Mmara nhoma’ no nso hyewee, na ɔkae sɛ wobekum obiara a wobehu sɛ ɔwɔ Kyerɛwnsɛm a ɛte saa no. Ɛmfa ho dodow biara a ɔhyewee wɔ Yerusalem ne Yudea no, wantumi anka Kyerɛwnsɛm no anhyɛ koraa. Saa bere no, na Yudafo no ahwete nsase pii so, na na hyiadan biara wɔ nhoma mmobɔwee.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 13:14, 15 ho.

6. (a) Mmɔden a emu yɛ den bɛn na wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe Kyerɛwnsɛm a na tete Kristofo de di dwuma no? (b) Dɛn na efi mu bae?

6 Saa ara na wɔ 303 Y.B. mu no, Roma Hempɔn Diocletian hyɛe sɛ wɔnsɛe mmeae a Kristofo hyiam na ‘wɔmfa ogya nhyew’ wɔn ‘Kyerɛwnsɛm’ no. Saa adesɛe no kɔɔ so mfe du bi. Ɛmfa ho sɛ na ɔtaa no mu yɛ den no, Diocletian antumi angu Kristosom, na saa ara na Onyankopɔn amma kwan amma ɔhempɔn no adwumayɛfo no ansɛe N’asɛm a efi honhom mu no nyinaa, wɔansɛe ɔfã biako mpo. Nanso asɔretiafo no nam sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ Onyankopɔn Asɛm no kyekyɛ ne emu asɛm a wɔka no ho so daa nea ɛwɔ wɔn komam adi. Wɔdaa wɔn ho adi sɛ nnipa a Satan afura wɔn ani na wɔreyɛ n’apɛde.—Yohane 8:44; 1 Yohane 3:10-12.

7. (a) Mmɔden bɛn na wɔbɔe sɛ wɔremma Bible mu nimdeɛ ntrɛw wɔ Europa atɔe fam? (b) Dɛn na wotumi yɛe wɔ Bible no asekyerɛ ne ne tintim mu?

7 Wɔnam akwan foforo nso so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Bible mu nimdeɛ a ɛbɛtrɛw no ahyɛ. Bere a na wɔmfa Latin kasa nni dwuma bio no, ɛnyɛ sodifo abosonsomfo, na mmom wɔn a wose wɔyɛ Kristofo—Pope Gregory VII (1073-85) ne Pope Innocent III (1198-1216)—na wɔsɔre tiaa Bible no a wɔbɛkyerɛ ase akɔ ɔmanfo kasa mu no denneennen. Wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wobeyi biribiara a etia asɔre no atumfoɔ afi hɔ no mu no, Roma Katolek Bagua a ɛwɔ Toulouse, France, no hyɛe wɔ 1229 mu sɛ obiara a ɔnyɛ ɔsɔfo no nni hokwan sɛ onya Bible a ɛwɔ ɔmanfo kasa mu. Wɔde Atirimɔden Asɛnni no dii dwuma denneennen de maa mmara no yɛɛ adwuma. Nanso, Atirimɔden Asɛnni no akyi mfe 400 no, na Onyankopɔn Asɛm ho adɔfo akyerɛ Bible mũ no nyinaa ase, na na wɔrekyekyɛ nea wɔatintim no wɔ kasa ahorow bɛyɛ 20 mu, a na wɔrebetintim bi wɔ kasa foforo mu, na wɔatintim n’afã atitiriw wɔ kasa foforo 16 mu.

8. Wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, na dɛn na ɛrekɔ so wɔ Bible no asekyerɛ ne ne kyekyɛ mu wɔ Russia?

8 Ɛnyɛ Roma Katolek Asɔre no nkutoo na ɛbɔɔ mmɔden sɛ ɛremma mpapahwekwa nsa nka Bible no bi. Wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase no, Pavsky, ɔkyerɛkyerɛfo bi a na ɔwɔ Ɔhotefo Petersburg Nyamekyerɛ Adesuabea no kyerɛɛ Mateo Asɛmpa no ase fi Hela mu kɔɔ Russia kasa mu. Wɔkyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nhoma afoforo ase nso kɔɔ Russia kasa mu, na Pavsky na ɔsaa mu. Wɔkyekyɛɛ eyi pii kosii sɛ wɔ 1826 mu no asɔre no piapiaa ɔhempɔn no ma ɔde Russia Bible Fekuw no hyɛɛ Russia Ortodɔks Asɔre no “Bagua Kronkron” no ase, na ɛkaa ne dwumadi hyɛe koraa saa bere no. Akyiri yi, Pavsky kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase fi Hebri mu kɔɔ Russia mu. Saa bere no ara na Makarios, Ortodɔks Asɔre no sɔfo bi nso kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase fi Hebri mu kɔɔ Russia mu. Wɔtwee wɔn baanu nyinaa aso wɔ wɔn dwumadi no ho, na wɔde wɔn nkyerɛase ahorow no guu baabi a asɔre no kora tete nneɛma. Ná asɔre no asi ne bo sɛ ɛbɛma Bible no aka Slavonic kasa a atwam a saa bere no na nkurɔfo nkenkan anaa wɔnte ase no mu. Bere a na wontumi nka mmɔden a na nkurɔfo bɔ sɛ wobenya Bible mu nimdeɛ nhyɛ bio nkutoo na ɛmaa “Bagua Kronkron” no yɛɛ n’ankasa nkyerɛase wɔ 1856 mu, na wodii akwankyerɛ a wɔhyehyɛɛ no yiye akyi hwɛ hui sɛ nsɛm a wɔde bedi dwuma no ne asɔre no adwene behyia. Enti, wɔ Onyankopɔn Asɛm kyekyɛ mu no, wɔmaa nsonsonoe bɛdaa sɛnea na nyamesom akannifo no te wɔ nnipa ani so ne honhom ko a na wokura no ntam, sɛnea wɔn nsɛm ne wɔn nneyɛe maa ɛdaa adi no.—2 Tesalonikafo 2:3, 4.

Asɛm no Ho Ban a Wɔbɔe Wɔ Ɔporɔw Ho

9. Ɔkwan bɛn so na Bible asekyerɛfo bi daa wɔn dɔ adi wɔ Onyankopɔn Asɛm ho?

9 Wɔn a wɔkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no ase na wɔhwɛɛ so kyerɛw foforo no bi ne mmarima a na wɔdɔ Onyankopɔn Asɛm ankasa, na wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛma obiara anya bi. Wokum William Tyndale sɛ mogya dansefo (wɔ 1536 mu) wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛma wɔanya Bible no bi wɔ Engiresi kasa mu no ho. Katolek Atirimɔden Asɛnni no de Francisco de Enzinas too afiase (wɔ 1544 akyi) esiane sɛ ɔkyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase tintimii wɔ Spania kasa mu nti. Robert Morrison de ne nkwa too asiane mu (fi 1807 kosi 1818 mu) kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ China kasa mu.

10. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ nsɛm asekyerɛfo bi wɔ hɔ a tumi bi na ɛkanyan wɔn, na ɛnyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn Asɛm?

10 Nanso, ɛtɔ mmere bi a, na nsusuwii bi a ɛnyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn Asɛm na ɛkanyan wɔn a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw foforo ne nsɛm asekyerɛfo no. Susuw nhwɛso ahorow anan ho hwɛ: (1) Samariafo nso sii asɔrefie wɔ Bepɔw Gerisim so de sii asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no ho akan. Nea ɛbɛyɛ na wɔafoa saayɛ so no, wɔyɛɛ nsakrae bi wɔ Samariafo Pentateuch no mu wɔ Exodus 20:17. Wɔde ahyɛde kaa ho, te sɛ nea ɛyɛ Mmara Nsɛm Du no fã, de sii ɔbo afɔremuka wɔ Bepɔw Gerisim so sɛ wɔbɛbɔ afɔre wɔ hɔ. (2) Onipa a odii kan kyerɛɛ Daniel nhoma no ase kɔɔ Hela Septuagint mu no yɛɛ ade traa so wɔ ne nkyerɛase no mu. Ɔde nsɛm bi a na osusuw sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ nea ɛwɔ Hebri nkyerɛwee no mu anaa ɛbɛma atu mpɔn kaa ho. Oyii nsɛm bi a na osusuw sɛ akenkanfo ani rennye ho fii mu. Bere a ɔkyerɛɛ nkɔmhyɛ a ɛfa bere a Mesia no bɛba ho, a ɛwɔ Daniel 9:24-27 ase no, odii atoro wɔ bere a wɔkaa ho asɛm no mu, na ɔde nsɛm bi kaa ho, sesaa bi, dannan bi, a ɛda adi sɛ na n’adwene ne sɛ ɔbɛma nkɔmhyɛ no afoa ako a na Maccabeefo redi no so. (3) Wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu, wɔ Latin kyerɛwtohɔ bi mu no, ɛda adi sɛ obi a ɔfoa Baasakoro Nkyerɛkyerɛ no so kɛse de nsɛm “baasa na edi adanse ɔsoro, Agya no, Asɛm no, ne honhom kronkron; na baasa yi yɛ biako” kaa ne nkyerɛase ho te sɛ nea eyi yɛ asɛm bi a oyi fii 1 Yohane 5:7. Akyiri yi, wɔde saa asɛm no kaa Latin Bible nkyerɛwee no ho. (4) Wɔ France no, Louis XIII (1610-43) hyɛe sɛ Jacques Corbin nkyerɛ Bible no ase nkɔ Franse kasa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma mmɔden a Protestanfo rebɔ ayɛ ɔkwa. Esiane saa botae no nti, Corbin yɛɛ kyerɛw nsɛm mu nsakrae bi, a nea ɛka ho ne adwene a ɔtwe sii “Mass afɔre kronkron” a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 13:2 no so no.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm traa hɔ ɛmfa ho sɛ nsɛm asekyerɛfo bi anni nokware no? (b) Tete nsaano nkyerɛwee dodow ahe na ɛwɔ hɔ a edi nea Bible no kae mfiase no ho adanse? (Hwɛ adaka no mu.)

11 Yehowa ansiw nsakrae a ɛte saa a wɔyɛe wɔ N’asɛm mu no ho kwan, na saa ara na ansesa n’atirimpɔw. Nkɛntɛnso bɛn na enyae? Adwenhorow a wɔtwe sii Bepɔw Gerisim so no amma Samariafo som no ammɛyɛ ahyehyɛde a Onyankopɔn nam so behyira adesamma. Mmom no, edii adanse sɛ, ɛmfa ho sɛ Samariafo som no kyerɛe sɛ egye Pentateuch no di no, wɔammu no sɛ nea wobetumi agyina so akyerɛkyerɛ nokware no. (Yohane 4:20-24) Nsɛm bi a wɔsesaa no wɔ Septuagint no mu no ansiw Mesia no kwan sɛ ɔbɛba ɛbere a wɔnam odiyifo Daniel so ka siei no mu. Bio nso, ɛmfa ho mpo sɛ na wɔde Septuagint no di dwuma wɔ afeha a edi kan no mu no, adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ na Yudafo no ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan Kyerɛwnsɛm no akyerɛ wɔn wɔ Hebri mu wɔ wɔn hyiadan ahorow no mu. Enti, “[na] ɔman no hwɛ kwan” bere a na nkɔmhyɛ no mmamu rebɛn no. (Luka 3:15) Ɛdefa nsakrae a wɔyɛe wɔ 1 Yohane 5:7 de foaa Baasakoro no so, ne nea wɔyɛe wɔ Asomafo no Nnwuma 13:2 de foaa Mass nkyerɛkyerɛ no so ho no, eyinom ansesa nokware no. Na bere bi akyi no, wɔpaa atosɛm ahorow no ho ntama koraa. Bible a ɛwɔ mfitiase kasa mu pii a ɛwɔ hɔ no ma wonya ɔkwan a wɔfa so hu sɛnea nkyerɛase bi di mũ.

12. (a) Nsakrae a anibere wom bɛn na Bible asekyerɛfo bi yɛe? (b) Eyi kɔɔ akyiri dɛn?

12 Mmɔden afoforo a wɔbɔe sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no boro nkyekyem kakraa bi pɛ a wɔsesaa no. Nea na ɛka eyinom ho ne ntua a wɔde baa nokware Nyankopɔn ankasa din so no. Nsakrae ko ne nsakrae dodow a wɔyɛe no dii adanse pefee sɛ tumi bi a ɛboro onipa anaa nnipa ahyehyɛde biara de so—yiw, tumi a efi Yehowa tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam hɔ—na ɛkanyan wɔn. Esiane sɛ nsɛm asekyerɛfo ne wɔn a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw foforo—ebinom de anigye, na afoforo de amemenemfe—gyaee wɔn ho mu maa saa nkɛntɛnso yi nti, wofii ase yii Onyankopɔn ankasa din, Yehowa, fii N’asɛm a efi honhom mu no mu wɔ mmeae mpempem pii a epuei no. Mfiase no, woyii Onyankopɔn din no fii nkyerɛase ahorow bi a wɔyɛ fii Hebri mu kɔɔ Hela, Latin, German, Engiresi, Italia, Dutch, ne afoforo mu no mu koraa anaasɛ wɔma ɛtraa mmeae kakraa bi pɛ. Woyi fii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nso.

13. Dɛn nti na mmɔden kɛse a wɔbɔe sɛ wɔbɛyɛ Bible no mu nsakrae no amma wɔanyi Onyankopɔn din amfi nnipa adwene mu?

13 Nanso, wɔampopa saa anuonyam din no amfi nnipa adwene mu. Wɔn a wɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Spania, Portuguese, German, Engiresi, Franse, ne kasa foforo pii mu no de nokwaredi maa Onyankopɔn din no ankasa traa hɔ. Ebeduu afeha a ɛto so 16 mu no, Onyankopɔn din no ankasa san fii ase puee Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hebri kasa mu no mu; eduu afeha a ɛto so 18 mu no, epuei wɔ German mu; eduu afeha a ɛto so 19 mu no, epuei wɔ Croatia ne Engiresi kasa mu. Ɛwom mpo sɛ nnipa bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde Onyankopɔn din behintaw de, nanso sɛ ‘Yehowa da’ no du a, ɛnde, sɛnea Onyankopɔn ka no, ‘aman nyinaa behu sɛ ɔne Yehowa.’ Saa Onyankopɔn atirimpɔw a wɔada no adi no renni huammɔ.—2 Petro 3:10; Hesekiel 38:23; Yesaia 11:9; 55:11.

Asɛm no Du Wiase Nyinaa

14. (a) Eduu afeha a ɛto so 20 mu no, na kasa ahorow ahe na wɔatintim Bible no wom wɔ Europa? (b) Eduu 1914 awiei no, na kasa ahorow ahe na Bible no wom wɔ Afrika?

14 Eduu afeha a ɛto so 20 mfiase no, na wɔretintim Bible no wɔ kasa horow 94 mu wɔ Europa. Ɛbɔɔ Bible asuafo a na wɔwɔ saa beae no kɔkɔ sɛ nsɛm a ɛbɛwosow wiase no bɛba bere a Amanaman Mmere no ba awiei wɔ 1914 mu no, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae! (Luka 21:24) Ansa na 1914 afe titiriw no reba awiei no, na wɔatintim Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa ahorow 157 mu wɔ Afrika, aka Engiresi, Franse, ne Portuguese kasa a na wɔde di dwuma kɛse no ho. Enti wɔtoo fapem maa Bible nokware nkyerɛkyerɛ a ɛma obi nya honhom fam ahofadi no a wɔde bɛkyerɛkyerɛ mmusua ne aman ahobrɛasefo pii a na wɔte hɔ no.

15. Bere a nna a edi akyiri no fii ase no, na ɔmamfo kasa ahe na Bible no wom wɔ Amerika?

15 Bere a wiase no hyɛn nna a edi akyiri a wɔkaa ho asɛm siei no mu no, na Bible no adu Amerika baabiara. Ná atubrafo a wofi Europa no de wɔn kasa ahorow a wɔka nyinaa mu de aba hɔ. Bible Asuafo, sɛnea na wonim Yehowa Adansefo saa bere no, yɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi ne baguam asɛnka, na wɔkyekyɛɛ Bible ho nhoma ahorow a wɔatintim no pii. Bio nso, na Bible fekuw ahorow no retintim Bible no dedaw wɔ kasa foforo 57 mu de adi nnipa a na wɔwɔ Atɔe Fam Nsase so no ahiade ahorow ho dwuma.

16, 17. (a) Bere a ɛbere dui sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ wiase nyinaa no, na Bible no atrɛw akodu he? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible no akyerɛ ampa sɛ ɛte hɔ daa, na ɛyɛ nhoma a ɛwɔ nkɛntɛnso ankasa?

16 Bere a ɛbere dui sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa ansa na ‘awiei no aba’ no, na Bible no nyɛ ade foforo wɔ Asia ne Pacific nsupɔw so. (Mateo 24:14) Ná wɔretintim no wɔ kasa atitiriw 232 a wɔka wɔ saa mmeae hɔ mu dedaw. Ná ebi yɛ Bible mũ no nyinaa; na pii yɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a wɔakyerɛ ase; ná afoforo yɛ Kyerɛw Kronkron no mu nhoma biako bi.

17 Ɛda adi pefee sɛ, wɔankora Bible no so sɛ biribi a wɔde kyerɛ wɔ tete nneɛma akorae kɛkɛ. Wɔ nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ nyinaa mu no, na ɛno ne nhoma a wɔakyerɛ ase akyekyɛ no kɛse sen biara. Esiane sɛ biribiara di adanse sɛ efi Nyankopɔn nti, na nea wɔakyerɛw wom no renya mmamu. Ná ne nkyerɛkyerɛ ne honhom a ɛtaa akyi no nso renya nkurɔfo asetra so tumi kɛse wɔ nsase pii so. (1 Petro 1:24, 25) Nanso na pii reba—pii pa.

So Wokae?

◻ Dɛn ne “yɛn Nyankopɔn asɛm” a ɛte hɔ daa no?

◻ Mmɔden bɛn na wɔabɔ sɛ wɔbɛka Bible no ahyɛ, na dɛn na afi mu aba?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔabɔ nokware a Bible no yɛ ho ban?

◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm a ɛfa n’atirimpɔw ho no ada adi sɛ ɛyɛ asɛm a ɛwɔ nkwa?

[Kratafa 12 adaka]

So Yenim Nea Bible Kae Mfiase no Ankasa?

Hebri nsaano nkyerɛwee bɛyɛ 6,000 na edi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho adanse. Wɔkyerɛw eyi mu kakraa ansa na Kristosom reba. Anyɛ yiye koraa no, Hebri Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee no mu 19 na wɔkyerɛwee ansa na wɔreyɛ afiri a wɔde tintim ade. Bio nso, nkyerɛase ahorow a wɔde kɔɔ kasa foforo 28 mu saa bere no ara no wɔ hɔ.

Ɛdefa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho no, Hela nsaano nkyerɛwee bɛyɛ 5,000 na wɔaboaboa ano. Wotintim eyi mu biako ansa na 125 Y.B. reba, enti na ɛyɛ bere a wɔkyerɛw mfitiase nkyerɛwee no akyi mfe kakraa bi pɛ. Na wosusuw sɛ wotintim asinasin bi akyɛ sen saa. Wɔ nhoma 27 a efi honhom mu no mu 22 mu no, emu 10 kosi 19 ho nsaano nkyerɛwee na ɛwɔ hɔ. Bible fã yi mu nhoma a ɛho nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ sua koraa no yɛ abiɛsa—ɛne Adiyisɛm. Wɔyɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm nsaano nkyerɛwee a ne nyinaa wɔ hɔ no mu biako wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu.

Tete nhoma foforo biara nni hɔ a tete kyerɛwtohɔ pii di ho adanse saa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena