Bible No Adwene
Yafunu a Wotu Gu—So Ɛyɛ Nnipa Dodow Mmoroso ho Mmuae?
SƐ́ ƐYƐ ɔman nhyehyɛe anaasɛ nea ankorankoro paw no, yafunu a wotu gu abɛyɛ ɔkwan a wɔfa so siw nnipa dodow mmoroso ano wɔ mmere a atwam ne nnɛ nyinaa mu a abu so.
Canada atesɛm krataa bi mu asɛm a wɔtoo din “China yaw a ɛredi fa yafunu ɔpepem 53 a wotu gu ho” no fa China Ɔmanfo Akwahosan Asoɛe no nsɛm ka sɛ ɛbɔɔ saa dodow a ɛyɛ hu no ho amanneɛ wɔ 1979 kosi 1984 bere no mu. Saa mfe anum mu yafunu a wotu gui dodow no boro Canada nnipa dodow so mmɔho!
Japan bu akontaa sɛ wotu saa ɔman no mu nyinsɛn ɔpepem 2.1 no mu ɔha biara 30 gu. Wɔde abo nketewaa, rɔba anaa nea ɛte saa a wɔde ayɛ ahoni a wɔde sisi Buddafo asɔredan ahorow mu wɔ ɔman no mu nyinaa na ɛkae mmofra a wɔanwo wɔn yi.
Wɔ wiase fã foforo no mu hɔ, wɔ Sweden no, wɔama yafunu a wotu gu a wobisa ho kwan no ho kwan fi 1946 esiane “nnuruyɛ, asetra, ahummɔborɔ ne mmofra akwahosan mu ntease anaasɛ bere a abofra a ɔwɔ awotwaa mu no apira no nti.” Mprempren, te sɛ wɔ aman afoforo mu no, Swedenfo mmea pii fa yafunu a wotu gu sɛ ɛyɛ ade a wɔpene so wɔ asetra mu ne ɔkwan a obiara nim a wɔfa so tew wɔn mmusua so.
Tete Adeyɛ a na Abu So
Wɔ tete Atene no, wɔde yafunu a wotu gu dii dwuma de sɔw nnipa dodow nkɔanim ano. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛ wɔ nhoma The Story of Civilization mu no: “Na wɔn pɛ mu a wofi tew mmusua so ne nea ɛrekɔ so, sɛ ɛyɛ nea ɛdenam nyinsɛn anosiw, yafunu a wotu gu anaasɛ mmofra a wokum wɔn so no.”
Ná yafunu a wotu abu so wɔ Roma ahemman no mu nso. Dɛn ntia? Durant toa so sɛ: “Mmea pɛe sɛ wɔn ho bɛyɛ fɛ wɔ nna kwan so mmom sen ɛna a wɔbɛyɛ fam; wɔ ne nyinaa mu no na ɛte sɛ nea ɔpɛ a ankorankoro wɔ sɛ wobenya ahofadi no ne abusuakuw no ahiade bɔ abira. . . . Wɔ wɔn a wɔwaree no fam no, na ɛte sɛ nea dodow no ara tew wɔn mmusua so denam yafunu a wotu gu, mmofra a wokum wɔn, coitus interruptus (ɔbarima ne ɔbea nna a wonnwie) , ne nyinsɛn anosiw so.” So ɛnyɛ nneɛma a ɛtete saa ara nti na yafunu a wotu gu akɔ soro wɔ yɛn bere yi so no?
Tete Kristofo no Adwene
Nea ɛne no bɔ abira koraa no, tete Kristofo no paw gyinabea a na emu yɛ den tiaa yafunu a wotu gu. Durant de ka ho sɛ: “Wɔbaraa yafunu a wotu gu ne mmofra a wokunkum wɔn a na ɛretew abosonsomfo so no wɔ Kristofo mu sɛ nea ɛne awudi yɛ adekoro.” Enti bere a na mmusua a wɔtew so yɛ asetra mu ade titiriw wɔ Helafo ne Romafo nyinaa mmere so no, Kristofo no gyinaa pintinn wɔ abrabɔ mmara bi a emu yɛ den a ɛma wonyaa obu maa kronn a nkwa yɛ no. Sɛnea na ɛte wɔ tete Israel no, na mma yɛ Ɔbɔadeɛ no nhyira agyiraehyɛde. Odwontofo no ka sɛ: “Hwɛ, [Yehowa] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua.”—Dwom 127:3.
Ɛda adi wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu sɛ Yehowa a ɔyɛ “nkwa nsuti” no gye kronn a abofra a wɔnwoo no nkwa yɛ no tom. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, Bible no kyerɛ sɛ obu abofra a wɔnwoo no no sɛ ɔsen nkwammoawa a wɔabɔ tɔw ketewaa bi kɛkɛ. Odwontofo no kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn ani gye n’adebɔ mu nhyehyɛe ho no mu wɔ saa kwan yi so: “[Yehowa] wonwenee me, me nã yam. . . . Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa.”—Dwom 36:9; 139:13-16.
Bio, Onyankopɔn ma obi a wɔ asiane mu no otwitware awosu mu ade a ɛfa abofra a wɔnwoo no ho ananmu no bu ho akontaa. Hyɛ no nsow sɛ Mose mmara no de asɛyɛde a emu yɛ duru too wɔn a wɔte saa no so, na ɛkyerɛe sɛ: “Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfo, na ɔba no fi, na bɔne bi amma akyiri a, ogye na wonnye no nea ɔbea no kunu de bɛto no so no, na ɔmma sɛnea ɔsɛntwamfo no bɛkyerɛ. Na sɛ bɔne bi ba akyiri a, ɛnde ma ɔkra nsi ɔkra ananmu.”—Exodus 21:22, 23.
Afei sɛ Yehowa bu asiane kwan so a wɔnam twitware abofra a wɔnwoo no ananmu no aniberesɛm kɛse saa a, ɛnde akontaabu kɛse bɛn ara na ɛbɛba nea wɔboapa twitware ananmu, te sɛ yafunu a wotu gu no so sɛɛ yi! Afei nso, esiane sɛ Onyankopɔn ammfa abofra a wɔnwoo no mfe anohyeto biara ansi hɔ wɔ ne mmara a wɔada no adi wɔ Exodus ti 21 no mu no nti, mfe ho akyinnyegye yɛ nea enni mũ.
Nnipa Dodow Mmoroso ho Mmuae
Nanso, ebia ebinom besusuw sɛ esiane sɛ ɔkɔm aba kɛse, wonnya adan pii, na nsu pa so atew nti, yafunu a woyiyim tu gu sɛ ɔkwan a wɔnam so sɔw nnipa dodow nkɔso ano no begow nhyɛso mu ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no. Nanso, so eyi ne ɔkwan biako pɛ a ɛsɛ sɛ wɔfa so de ma wiase nnipa dodow ne asase so nneɛma kari pɛ?
Bɛyɛ mfe 6,000 ni no, Yehowa Nyankopɔn daa n’atirimpɔw a ɛfa Asase okyinsoromma no so nnipa dodow ho adi. Yehowa paem ka kyerɛɛ adesamma baanu a wodi kan no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:28) Hyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn atirimpɔw a wada no adi ne sɛ wɔbɛhyɛ asase no so ma, ɛnyɛ sɛ wɔbɛboro so. Ɔbɔadeɛ no bɛma wɔanya wiase nnipa dodow a ɛfata pɛ—wobekura nnipa dodow a ɛfata, asase so nneɛma a ɛkari pɛ, ne aduan a ɛdɔɔso a wobenya mu.—Yesaia 65:17-25.
Ntease wom sɛ wɔbɛka sɛ adesamma awo tumi no Bɔfo no ankasa bɛkyerɛ ne dwumadi kwan pɛpɛɛpɛ na ama wɔanya saa kari a ɛbɛkari pɛ no. Ɛho renhia sɛ wotu yafunu gu de tew nnipa dodow nkɔso so. Yehowa nam ne Ba Yesu Kristo so bɛhwɛ ahu sɛ adesamma a wɔyɛ osetie ahyɛ asase no so wɔ ahotɔ mu wɔ wiase nyinaa paradise mu.—Yesaia 55:8-11; Adiyisɛm 21:1-5.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
“Wɔbaraa yafunu a wotu gu ne mmofra a wokunkum wɔn . . . wɔ Kristofo mu sɛ nea ɛne awudi yɛ adekoro.”—Will Durant, abakɔsɛm kyerɛwfo
[Kratafa 24 mfoni]
“Abotafowa a ɔhyɛ awotwaa mu no bedi asram asia no na etumi hu ade, te asɛm, te ade nka, ka ade hwɛ na esua ade mpo.”—Ɔbenfo T. Verny a ɔkyerɛw nhoma “The Secret of the Unborn” no