Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 9/8 kr. 14-15
  • Yafunu A Wotu Gu—Ne “Nkwa Fibea”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yafunu A Wotu Gu—Ne “Nkwa Fibea”
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abofra a Ɔrenyin wɔ Yafunu Mu​—Ɔsom Bo Dɛn?
  • Tete Kristofo Adwene
  • Barnaba Nhoma, ti 19:5 (bɛyɛ 100-132 Y.B.)
  • Tertullian: Kyɛwpa, ti 9:8 (bɛyɛ 197 Y.B.)
  • Basil: Krataa a Wɔde Kɔmaa Amfilokio (bɛyɛ 197 Y.B.)
  • Kristofo Adwene
  • Sɛ Obi Yi Nyinsɛn Gu a, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nyinsɛn A Woyi Gu: Nea Wɔn A Wowɔ Ho Nimdeɛ Ka
    Nyan!—1981
  • So Wobɛpɛ Sɛ Wuyi Nyinsɛn Gu?
    Nyan!—1982
  • Nyinsɛn A Wotu Gu Ho Asɛnnennen No​—So Ɔpepem 60 A Wokum Wɔn No Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 9/8 kr. 14-15

Yafunu A Wotu Gu​—Ne “Nkwa Fibea”

ƐNNƐ, esiane nnɛyi mfiridwuma nti, ɛyɛ mmerɛw sɛ nnuruyɛfo betumi akyerɛ sɛ mogya tɔw a ɛrenyin bi bɛyɛ ɔbea anaa ɔbarima. Nanso hena na obetumi akyerɛ ne su ankasa? Hena na obetumi akyerɛ nea obetumi ayɛ sɛ ɔdesani kra a ɔte ase? (Genesis 2:7) Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi, efisɛ ɔno na ɔyɛ “nkwa fibea.” (Dwom 36:9) Susuw Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a edidi so yi ho.

Ná tete agyanom adedi mmara no kyerɛ sɛ abakan na ɛsɛ sɛ odi ade. Nanso, bere a Rebeka a na ɔyɛ Isak yere no yem ntaa no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Na ɔpanyin no asom akumaa no.” Mmarimaa baanu no, Yakob ne Esau, asetra kwan ahorow no dii sɛnea na Yehowa te wɔn nipasu ase no ho adanse bere tenten ansa na wɔrewo wɔn.​—Genesis 25:22, 23.

Mfehaha bi akyi no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Sakaria sɛ ne yere Elisabet bɛwo ɔbabarima a wɔbɛfrɛ no Yohane. Ná saa ɔbabarima a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Yohane Osuboni no benya hokwan de asiesie ɔkwan mu ama Yesu, Mesia no. Sɛnea na Onyankopɔn nim no yiye no, na adwene mu ahobrɛase yɛ ahwehwɛde a ɛho hia wɔ dwumadi yi ho.​—Luka 1:8-17.

Abofra a Ɔrenyin wɔ Yafunu Mu​—Ɔsom Bo Dɛn?

Ɔhene Dawid gye toom sɛ: [Yehowa] na wonwenee me, me nã yam. . . Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa.” Na ɛno yɛ nokware wɔ yɛn mu biara ho.​—Dwom 139:13-16.

Ɔdesani nyinsɛn biara som bo ma “nkwa fibea,” Yehowa Nyankopɔn. Ɛdefa sɛnea ɛsom bo ho no, Mose Mmara no ma emu da hɔ wɔ Exodus 21:22, 23 sɛ: “Na sɛ mmarima baanu reko na wɔkɔpem onyinsɛnfo . . . na sɛ bɔne ba akyiri a, ɛnde ɔkra nsi ɔkra ananmu.”

Bible nkyerɛase binom ma ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔ saa mmara yi mu no, na adebɔne no ne nea ɛto ɛna no, na ɛnyɛ abofra a ɔwɔ yafunu mu no. Nanso Hebri asɛm ankasa no fa adebɔne a ɛbɛto ɛna no anaasɛ abofra no ho.

Tete Kristofo Adwene

Yesu Kristo asuafo no wu wɔ afeha a edi kan no mu akyi no, mmarima pii kyerɛkyerɛɛ nea wɔkyerɛkyerɛɛ no mu. Wɔamfa honhom anka saa akyerɛwfo yi sɛnea na ɛte wɔ Bible akyerɛwfo no fam no, nanso yɛn ani betumi agye nkyerɛkyerɛmu a wɔde mae no ho, efisɛ wɔda nyamesom mu nsusuwii a na ɛwɔ wɔn bere so a ɛfa ɔsɛmpɔw a emu yɛ den yi ho adi. Emu binom ni.

Barnaba Nhoma, ti 19:5 (bɛyɛ 100-132 Y.B.)

“Ntu yafunu ngu mfa nkum abofra; na sɛ wɔwo no wie a nsɛe no.”

Didache, anaa Asomafo Dummien no Nkyerɛkyerɛɛ (bɛyɛ 150 Y.B.)

“Eyi ne Nkwa Kwan: . . . Nkum abofra a ɔwɔ awotwaa mu anaa akokoaa a wɔawo no foforo.”

Tertullian: Kyɛwpa, ti 9:8 (bɛyɛ 197 Y.B.)

“Nanso wɔ yɛn fam de wɔabara awudi koraa. Wɔmma yɛn kwan sɛ yɛnsɛe abofra a ɔwɔ awotwaa mu mpo, bere tenten ara a ɛda so ara twe mogya na ama wabɛyɛ onipa no. Sɛ wosiw abofra awo kwan no yɛ awudi. Ɛmfa ho sɛ obi sɛe obi a wɔawo no dedaw no nkwa anaasɛ obesiw n’awo ho kwan. Obi a ɔbɛyɛ onipa no yɛ onipa dedaw.”

Basil: Krataa a Wɔde Kɔmaa Amfilokio (bɛyɛ 197 Y.B.)

“Ɛsɛ sɛ ɔbea biara a ɔboapa sɛe abofra bi a ɔrenyin wɔ yafunu mu no nya awudi ho asotwe. Na yɛrennye nkyerɛkyerɛmu biara a ɛmma wonhu anibere a ɛwom sɛ ebia yafunu no atɔ ba anaa dabi no ntom.”

Kristofo Adwene

Esiane ɔdesani sintɔ no ne asiane bi nti, ɔpɔn betumi aba bere biara mu. Nanso, yafunu a wɔhyɛ da tu gu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenwo abofra a wɔmpɛ no no yɛ asɛm foforo. Sɛnea yɛahu no, kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɛyɛ awu a wɔboapa di.

Hena ne “Nea ɔyerɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so” no? Ɛnyɛ onipa na mmom ɛyɛ nkwa nyinaa Fibea, Yehowa Nyankopɔn. (Yesaia 42:5) Tumi a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmma yɛn asefo nkwa no yɛ hokwan a ɛsom bo kɛse a, sɛnea ɛte wɔ nneɛma nyinaa mu no, “yɛn nyinaa bebubu akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn” wɔ ho.​—Romafo 14:12.

[Kratafa 14 adaka]

Nyinsɛn a Ɛmaa Anigye

Wɔ 1973 mu no, Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ nsɛmma nhoma a ɛka Nyan! ho no kaa asɛntiaa bi a ɛda Bible no adwene wɔ yafunu a wotu gu ho no adi. Sukuufo mmofra baanu bi kenkanee. Ná abeawa no yem, na na ɔne abofra no agya apene so sɛ wobeyi agu. Nanso asɛm no ma wofii ase dwenee. Nea efii mu bae ne sɛ wosii gyinae sɛ wɔbɛwo wɔn ba no.

Yehowa Adansefo kɔɔ ɔbarima no nkyɛn nnansa yi, na ɔkae sɛ: “Mewɔ obu kɛse ma mo Bible nhoma ahorow no. Ɛyɛ saa asɛm a ɛwosow yɛn no nti na ɛnnɛ me ne me yere yɛ ɔbabea a yɛn ani gye no ho na yɛdɔ no awofo no!”

Akyinnye biara nni ho sɛ wonyaa akatua sɛ wodii Kyerɛwsɛm no akyi.

[Kratafa 15 mfoni fibea]

H. Armstrong Roberts

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena