Ninkunu a Wɔtwe ma Yehowa Nokware Som
“[Yehowa] a ne din ne oninkufo no yɛ Onyankopɔn ninkufo.”—EXODUS 34:14.
1. Dɛn ne Onyankopɔn su titiriw, na ɛfa ne ninkuntwe ho wɔ ɔkwan bɛn so?
YEHOWA ka n’ankasa ho asɛm sɛ “Onyankopɔn ninkufo.” Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ ɔka saa, efisɛ asɛmfua “ninkuntwe” no tumi kyerɛ biribi a ɛnteɛ. Nokwarem no, Onyankopɔn su titiriw ne ɔdɔ. (1 Yohane 4:8) Ɛnde, ɛbɛyɛ sɛ adesamma yiyedi nti na ɔtwe ninkunu biara. Nokwarem no, yebehu sɛ Onyankopɔn ninkuntwe ho hia na asomdwoe ne biakoyɛ atra amansan no mu.
2. Wotumi kyerɛ Hebri asɛmfua ma “ninkuntwe” no ase wɔ akwan bɛn so?
2 Hebri nsɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “ninkuntwe” no pue bɛboro mpɛn 80 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔde eyi mu bɛyɛ fã ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm. G. H. Livingston kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wɔde ka Onyankopɔn ho asɛm a, ninkuntwe ho adwene no nkyerɛ nkate bi a ɛmfata, na mmom esi ɔsom a ɛsɛ sɛ wɔde ma Yehowa nkutoo so dua.” (The Pentateuch in Its Cultural Environment) Enti, ɛtɔ mmere bi a New World Translation no kyerɛ Hebri edin asɛm no ase sɛ “si a wosi ahofama a edi mũ so dua.” (Hesekiel 5:13) Nkyerɛase foforo a ɛfata ne “nnamyɛ” anaa “mmɔdenbɔ.”—Dwom 79:5, NW; Yesaia 9:7.
3. Akwan bɛn so na ɛtɔ mmere bi a, ninkuntwe tumi di atirimpɔw pa bi ho dwuma?
3 Wɔde nea ɛma onipa tumi twe ninkunu bɔɔ no, nanso bɔne a adesamma de wɔn ho kɔhyɛɛ mu no ama ninkuntwe abɛyɛ ade a ɛmfata. Nanso, nnipa ninkuntwe betumi adi atirimpɔw pa bi ho dwuma. Ebetumi ama obi abɔ ne dɔfo ho ban wɔ nkɛntɛnso bɔne ho. Bio nso, nnipa betumi atwe ninkunu ama Yehowa ne ne som wɔ ɔkwan a ɛfata so. (1 Ahene 19:10) Nea ɛbɛyɛ na ada saa ninkunu a wɔtwe ma Yehowa no ho ntease a ɛfata adi no, wobetumi akyerɛ Hebri din asɛm no ase sɛ “pene a wɔmpene akane [a wɔne no] si so.”—2 Ahene 10:16.
Sika Nantwi Ba No
4. Ninkuntwe a ɛteɛ ho ahyɛde bɛn na ɛdaa adi titiriw wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no mu?
4 Ninkuntwe a ɛteɛ ho nhwɛso biako ne asɛm a esii bere a Israelfo no nsa kaa Mmara no wɔ Bepɔw Sinai so akyi no. Na wɔabɔ wɔn kɔkɔ mpɛn pii sɛ wɔnnsom anyame a nnipa ayɛ. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me, Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a ɔhwehwɛ ahofama a edi mu [anaa, “Onyankopɔn ninkufo (ɔyɛ nnam); Onyankopɔn a ɔmpene so sɛ wɔne no besi akane”].” (Exodus 20:5, NW, ase hɔ asɛm; fa toto Exodus 20:22, 23; 22:20; 23:13, 24, 32, 33 ho.) Yehowa ne Israelfo no yɛɛ apam, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ obehyira wɔn de wɔn akɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Exodus 23:22, 31) Na ɔman no kae sɛ: “Nea [Yehowa] aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yebetie.”—Exodus 24:7.
5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Israelfo no yɛɛ bɔne a anibere wom bere a na wɔabɔ nsra wɔ Bepɔw Sinai so no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne n’asomfo anokwafo daa ninkuntwe a ɛteɛ adi wɔ Sinai?
5 Nanso ankyɛ na Israelfo no yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn. Na wɔda so ara abɔ nsra wɔ Bepɔw Sinai ase. Na Mose akodi nna pii wɔ bepɔw no so, regye akwankyerɛ foforo afi Onyankopɔn hɔ, na ɔman no hyɛɛ Mose nuabarima Aaron sɛ ɔnyɛ onyame mma wɔn. Aaron tiee wɔn na ɔde sika kɔkɔɔ a ɔman no de mae no yɛɛ sika nantwi ba. Wɔkyerɛe sɛ ohoni yi gyina hɔ ma Yehowa. (Dwom 106:20) Ade kyee no wɔbobɔɔ afɔre na wɔkɔɔ so “kotow no.” Afei “wogyee wɔn ani.”—Exodus 32:1, 4, 6, 8, 17-19, NW.
6 Mose sian fii bepɔw no so bere a na Israelfo no regye wɔn ani no. Bere a ohuu animguasede a na wɔreyɛ no, ɔteɛɛm sɛ: “Nea ɔwɔ [Yehowa] afã mmra me nkyɛn.” (Exodus 32:25, 26) Lewi mma boaboaa wɔn ho ano baa Mose nkyɛn na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn nkrante nkunkum abosonsomfo a wɔde wɔn ho hyɛɛ anigyede a ɛmfata no mu no. Lewifo no reda ninkunu a wɔtwe ma Onyankopɔn nokware som adi no, wokunkum wɔn nuanom bɛyɛ 3,000 a wɔyɛɛ bɔne no. Yehowa de ɔhaw baa wɔn a wɔanwuwu no so de hyɛɛ nea wɔyɛe no mu den. (Exodus 32:28, 35) Afei Onyankopɔn tĩĩ ahyɛde no mu sɛ: “Nsɔre onyame foforo bi, efisɛ [Yehowa] a ne din ne oninkufo no yɛ Onyankopɔn ninkufo.”—Exodus 34:14.
Baal-Peor
7, 8. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Israelfo pii de wɔn ho kɔhyɛɛ Baal-Peor abosonsom mu kɛse? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔhaw a efi Yehowa hɔ no to twae?
7 Mfe aduanan akyi, bere a na Israel man rebɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Moabfo ne Midianfo mmea a wɔn ho yɛ fɛ daadaa Israelfo pii sɛ wɔmmra mma wɔnyɛ wɔn hɔho. Ɛsɛ sɛ anka mmarima yi pow fekubɔ a emu yɛ den a wɔne atoro anyame asomfo benya no. (Exodus 34:12, 15) Nanso, wotuu mmirika te sɛ ‘anantwi a wɔrekokum wɔn,’ ne mmea no bɔɔ aguaman ne wɔn kotow Baal-Peor.—Mmebusem 7:21, 22; Numeri 25:1-3.
8 Yehowa maa ɔhaw bi bekunkum wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ nna ho som a ɛyɛ aniwu yi mu no. Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo a na wɔn ho nni asɛm no nso sɛ wonkunkum wɔn nuanom a wɔyɛɛ bɔne no. Israel bapɔmma bi a wɔfrɛ no Simri nam animtiaabu kɛse so de Midian hene babea bi baa ne ntamadan mu sɛ ɔne no rebɛda. Bere a ɔsɔfo Pinehas a osuro Onyankopɔn huu eyi no, okum nnipa baanu a wobuu ɔbra bɔne no. Afei ɔhaw no to twae, na Onyankopɔn kae sɛ: “Pinehas . . . adan m’abufuw afi Israelfo so; ɔdaa ninkuntwe mu abufuw koro no ara a ɛkaa me no adi wɔ wɔn mu, ma enti mantɔre Israelfo no ase wɔ me ninkuntwe mu.” (Numeri 25:11, The New English Bible) Ɛwom sɛ wogyee ɔman no fii ɔsɛe mu de, nanso anyɛ yiye koraa no Israelfo 23,000 wuwui. (1 Korintofo 10:8) Wɔhweree wɔn anidaso a wofi bere tenten kyerɛɛ ho anigye a ɛne sɛ wɔbɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no.
Asuade a Ɛyɛ Kɔkɔbɔ
9. Esiane sɛ Israelfo ne Yudafo antwe ninkunu amma Yehowa nokware som nti, dɛn na ɛbaa wɔn so?
9 Awerɛhosɛm ne sɛ ankyɛ na Israelfo no werɛ fii asuade ahorow yi. Wɔantwe ninkunu amma Yehowa nokware som. “Wɔde wɔn ahoni ma [Onyankopɔn twee] ninkunu.” (Dwom 78:58) Esiane eyi nti, Yehowa maa kwan ma Asiriafo faa Israel mmusuakuw du no kɔɔ nnommumfa mu wɔ 740 A.Y.B. mu. Yuda mmusuakuw abien ahemman no nso nyaa asotwe a ɛte saa bere a wɔsɛee wɔn ahenkurow Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Wokunkum wɔn mu pii na wɔde wɔn a wofii mu kae no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Hwɛ nhwɛso a ɛyɛ kɔkɔbɔ ma Kristofo nyinaa nnɛ!—1 Korintofo 10:6, 11.
10. Dɛn na ɛbɛba abosonsomfo a wonnu wɔn ho no so?
10 Asase so nnipa mu nkyem abiɛsa mu biako—nnipa bɛyɛ ɔpepem 1,900—ka seesei sɛ wɔyɛ Kristofo. (1994 Britannica Book of the Year) Eyinom mu dodow no ara yɛ asɔre ahorow a ɛde ahoni ne mmeamudua di dwuma wɔ wɔn som mu no mufo. Yehowa amma n’ankasa nkurɔfo a wɔnam wɔn abosonsom so ma ɔtwee ninkunu no amfa wɔn ho anni. Saa ara nso na ɔremma wɔn a wose wɔyɛ Kristofo a wɔnam honam fam nneɛma so som no mfa wɔn ho nni. Yesu Kristo kae sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Afei nso, Bible bɔ Kristofo kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ abosonsom ho. (1 Yohane 5:21) Abosonsomfo a wɔnsakra wɔn adwene ka wɔn a wɔrennya Onyankopɔn Ahenni no ho.—Galatifo 5:20, 21.
11. Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi asom ɔbosom bere a ɔnkotow ohoni, na dɛn na ɛbɛboa obi ma wakwati saa abosonsom no? (Efesofo 5:5)
11 Ɛwom sɛ nokware Kristoni renkotow ohoni bi da de, nanso ɛsɛ sɛ ɔkwati biribiara a Onyankopɔn bu no sɛ ɛyɛ abosonsom, ɛho ntew, na ɛyɛ bɔne no. Sɛ nhwɛso no, Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom. Eyinom na ɛde Onyankopɔn abufuw ba.” (Kolosefo 3:5, 6) Nsɛm yi so a obi di hwehwɛ sɛ ɔpow abrabɔ bɔne. Eyi hwehwɛ sɛ ɔkwati anigyede a wɔde kanyan nna ho akɔnnɔ bɔne. Sɛ anka nokware Kristofo bedwudwo saa akɔnnɔ no ano no, wɔtwe ninkunu ma Onyankopɔn nokware som.
Ninkunu Pa Ho Nhwɛso Horow a Wɔyɛɛ Akyiri Yi
12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso titiriw wɔ ninkunu a wɔtwe ma Onyankopɔn nokware som no mu?
12 Onipa a ɔtwee ninkunu maa Onyankopɔn nokware som ho nhwɛso a ɛsen biara ne Yesu Kristo. Wɔ ne som adwuma no afe a edi kan mu no, ohui sɛ aguadifo adifudepɛfo redi gua wɔ asɔrefi no adiwo hɔ. Ebia na Yudafo a wɔaba hɔ no hia sikasesafo ma wɔasesa wɔn amannɔne sika ama wɔn nea wogye wɔ asɔrefi hɔ. Na ɛho hia nso sɛ wɔtɔ mmoa ne nnomaa sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɔ afɔre ahorow a na Onyankopɔn Mmara hwehwɛ no. Na ɛsɛ sɛ anka wɔyɛ saa adwuma no wɔ asɔrefi no adiwo no akyi. Nea ɛsɛee asɛm no koraa no, na ɛda adi sɛ aguadifo no repɛ nneɛma a na wɔn nuanom hia wɔ ɔsom mu no ho mfaso a ɛmfata denam aboɔden a na wogye wɔn no so. Esiane sɛ na Onyankopɔn nokware som ho ninkunu amene Yesu nti, ɔde mpire pam nguan ne anantwi no fii adi. Afei nso ɔdan sikasesafo no apon butuw kae sɛ: “Monnyɛ m’agya fi aguadi fi!” (Yohane 2:14-16) Enti Yesu maa nsɛm a ɛwɔ Dwom 69:9 nyaa mmamu: “Wo fi ho mmɔdenbɔ [anaa, “ninkunu,” Byington] amene me.”
13 Mfe abiɛsa akyi no, Yesu san hui sɛ aguadifo adifudepɛfo redi gua wɔ Yehowa asɔrefi hɔ. So ɔbɛtew ho mprenu? Saa bere no na ninkunu a na ɔtwe ma Onyankopɔn nokware som no mu yɛ den te sɛ bere a ofii ne som adwuma no ase ara pɛ. Ɔpam adetɔnfo ne adetɔfo no nyinaa fii hɔ. Na ɔde ne nneyɛe no ho ntease a emu yɛ den mpo mae sɛ: “Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.” (Marko 11:17) Onyankopɔn ninkuntwe a wɔkɔ so da no adi ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni!
14. Ɛsɛ sɛ ninkunu a Yesu twe maa nokware som no ka yɛn dɛn?
14 Awurade Yesu Kristo a mprempren wɔahyɛ no anuonyam no nipasu nsakrae. (Hebrifo 13:8) Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, ɔtwe ninkunu ma n’Agya nokware som te sɛ nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no. Yebetumi ahu eyi wɔ Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo ason a wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm nhoma mu no mu. Eyinom renya ne mmamu kɛse nnɛ, wɔ “Awurade da” no mu. (Adiyisɛm 1:10; 2:1–3:22) Wɔ anisoadehu mu no, ɔsomafo Yohane huu Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no sɛ ɔwɔ ‘aniwa a ɛte sɛ gyaframa.’ (Adiyisɛm 1:14) Eyi kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a Kristo nhu bere a ɔhwehwɛ asafo ahorow no mu de hwɛ hu sɛ wɔkɔ so ma wɔn ho tew na wɔfata ma Yehowa som no. Ɛho hia sɛ nnɛyi Kristofo ma Yesu kɔkɔbɔ a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom awuranom baanu—Onyankopɔn ne ahode—no tra wɔn adwenem. (Mateo 6:24) Yesu ka kyerɛɛ Laodikea asafo no mufo honam fam ade dodowpɛfo no sɛ: “Sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew anaa nwini nti, merebɛfe wo mafi m’anom. . . . Bɔ mmɔden na sakra w’adwene.” (Adiyisɛm 3:14-19) Ɛsɛ sɛ asafo no mu mpanyimfo a wɔapaw wɔn no de ɔkasa ne nhwɛso boa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔkwati honam fam ade dodowpɛ ho afiri no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bɔ nguankuw no ho ban nso wɔ wiase a nna agye wɔn adwene yi mu abrabɔ a aporɔw no ho. Bio nso, ɛmpare Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wɔbɛma Isebel nkɛntɛnso ho kwan wɔ asafo no mu.—Hebrifo 12:14, 15; Adiyisɛm 2:20.
15. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo suasuaa Yesu wɔ ninkunu a ɔtwe maa Yehowa som no mu?
15 Ná ɔsomafo Paulo yɛ obi a osuasua Kristo. Nea ɛbɛyɛ na wabɔ wɔn a wɔabɔ wɔn asu foforo sɛ Kristofo ho ban wɔ honhom mu nkɛntɛnso bɔne ho no, ɔkae sɛ: “Ninkunu a metwe mo ho no, metwe no Onyankopɔn ninkunu.” (2 Korintofo 11:2) Ansa na Paulo reka eyi no, na ninkunu a ɔtwe wɔ nokware som ho no ama wahyɛ asafo koro yi ara sɛ wontu aguaman bi a onnu ne ho a ɔde ne nkɛntɛnso bɔne regu ho fĩ no. Akwankyerɛ a efi honhom mu a ɔde maa saa bere no aboa nnɛ mpanyimfo no bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yehowa Adansefo asafo bɛboro 75,500 ho atew no.—1 Korintofo 5:1, 9-13.
Onyankopɔn Nkurɔfo Nya Ne Ninkunu So Mfaso
16, 17. (a) Bere a Onyankopɔn twee tete Yudafo aso no, su bɛn na amanaman no daa no adi? (b) Wɔ Yuda mfe 70 nnommumfa no akyi no, ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ninkunu a ɔtwe maa Yerusalem no adi?
16 Bere a Onyankopɔn maa kwan ma wɔfaa Yudafo no nnommum kɔɔ Babilon de twee wɔn aso no, wodii wɔn ho fɛw. (Dwom 137:3) Ninkuntwe a egyina ɔtan so nti, Edomfo boaa Babilonfo no mpo ma wɔde amanehunu baa Onyankopɔn nkurɔfo so, na Yehowa huu eyi. (Hesekiel 35:11; 36:15) Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no sakraa wɔn adwene wɔ nnommumfa mu, na Yehowa san de wɔn baa wɔn asase so wɔ mfe 70 akyi.
17 Mfiase no, na Yudafo no wɔ tebea a emu yɛ den mu. Na Yerusalem ne n’asɔrefi no asɛe pasaa. Nanso aman a na atwa wɔn ho ahyia no sɔre tiaa mmɔden biara a wɔbɔe sɛ wɔbɛsan asi asɔrefi no. (Esra 4:4, 23, 24) Yehowa tee nka dɛn wɔ eyi ho? Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa] se ni: Ninkunu kɛse na matwe Yerusalem ne Sion ho, na abohuru kɛse na me bo huru hyɛ amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, efisɛ me de, me bo hurui kakraa bi, na wɔn de, wɔboae ma ɛdan bɔne. Enti sɛ [Yehowa] se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo [Yehowa] asɛm ni.” (Sakaria 1:14-16) Sɛnea ne bɔhyɛ kyerɛe no, wɔsan sii asɔrefi no kyekyee Yerusalem kurow no.
18. Dɛn na ɛtoo nokware Kristofo wɔ wiase ko a edi kan no mu?
18 Nokware Kristofo asafo no nyaa osuahu a ɛte saa ara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Wɔ wiase ko a edi kan no mu no, esiane sɛ Yehowa nkurɔfo antwe wɔn ho koraa amfi saa wiase akodi no ho nti, ɔde nteɛso maa wɔn. (Yohane 17:16) Onyankopɔn maa amammui atumfoɔ no kwan ma wɔhyɛɛ wɔn so, na Kristoman asɔfo dii amanehunu yi ho ahurusi. Nokwarem no, asɔfo no dii anim ma amammuifo baraa Bible Asuafo no, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, adwuma no.—Adiyisɛm 11:7, 10.
19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa atwe ninkunu ama ne som fi 1919?
19 Nanso, Yehowa twee ninkunu maa ne som na ɔmaa ne nkurɔfo a wonuu wɔn ho no san nyaa n’anim dom bio wɔ afe 1919 a na edi ɔko no akyi no mu. (Adiyisɛm 11:11, 12) Eyi nti, Yehowa ayeyifo a na wɔn dodow nnu 4,000 wɔ 1918 mu no abedu bɛyɛ ɔpepem 5 nnɛ. (Yesaia 60:22) Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛda ninkunu a ɔtwe ma ne nokware som no adi wɔ anwonwakwan akɛse so.
Nneɛma a Onyankopɔn Ninkuntwe Bɛma Wayɛ Daakye
20. Dɛn na ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔtwe ninkunu ma nokware som?
20 Mfehaha pii ni no, Kristoman asɔre ahorow no afa ɔkwan a Yudafo awaefo a wɔmaa Yehowa twee ninkunu faa so no so. (Hesekiel 8:3, 17, 18) Ɛrenkyɛ Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ biribi denam nsusuwii a ɛbɛma Amanaman Nkabom no mufo ayɛ biribi a emu yɛ den a ɔde bɛhyɛ wɔn koma mu no so. Eyi bɛka amammui atumfoɔ yi ma wɔasɛe Kristoman ne atoro som a aka no pasaa. (Adiyisɛm 17:16, 17) Nokware asomfo benya wɔn ti adidi mu wɔ saa ɔsoro atemmu a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mu. Wobegye asɛm a edi so a ɔsoro abɔde ka no so: “Haleluia! . . . [Efisɛ] obuu aguaman kɛse [atoro som] a ɔde n’aguamammɔ [n’atoro nkyerɛkyerɛ ne boa a ɔboaa amammui a aporɔw] asɛe asase no atɛn, na odii ne nkoa mogya ho were wɔ ne nsam.”—Adiyisɛm 19:1, 2.
21. (a) Dɛn na Satan ne ne nhyehyɛe bɛyɛ bere a wɔasɛe atoro som awie no? (b) Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ wɔ ho?
21 Dɛn na ebesi bere a wɔasɛe wiase atoro som ahemman no awie no? Satan bɛkanyan amammui atumfoɔ no ma wɔatow ahyɛ Yehowa nkurɔfo so wɔ wiase nyinaa. Dɛn na nokware Nyankopɔn no bɛyɛ wɔ mmɔden a Satan bɔ sɛ obegu nokware som wɔ asase so yi ho? Hesekiel 38:19-23 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Me ninkuntwe mu, m’anibere gya no mu, [me Yehowa mɛkasa]. . . . Na mede owuyare ne mogya ne [Satan] bedi, na mɛtɔ osu a ehwie na ɛsram so ne amparuwbo, ogya ne sufre agu ɔno ne n’asafotow ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so. Na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahu sɛ mene [Yehowa].”—Hwɛ Sefania 1:18; 3:8 nso.
22. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛtwe ninkunu ma Yehowa nokware som?
22 Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ amansan Hene no fi ninkuntwe mu hwɛ ne nokware asomfo so! Esiane sɛ yɛn ani sɔ Yehowa Nyankopɔn dom a ɛnsɛ yɛn no yiye nti, momma yɛntwe ninkunu mma ne nokware som. Ɛmmra sɛ yɛde nnamyɛ bɛkɔ so aka asɛmpa no na yɛde ahotoso atwɛn da kɛse a Yehowa bɛma wɔahu ne din kɛse no na watew ho no.—Mateo 24:14.
Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Yedwennwen Ho
◻ Dɛn na ninkunu a wɔbɛtwe ama Yehowa no kyerɛ?
◻ Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso a tete Israelfo yɛe no mu?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati kanyan a yɛbɛkanyan Yehowa ma watwe ninkunu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne Kristo atwe ninkunu ama nokware som?
[Kratafa 12 adaka]
Ɔdɔ Nyɛ Ahoɔyaw
AFEHA a ɛto so 19 no mu Bible nimdefo Albert Barnes kyerɛw faa ahoɔyaw ho sɛ: “Ɛyɛ atirimɔdensɛm a wɔtaa di sen biara no biako, na ɛkyerɛ faako a onipa bra asɛe akodu no pefee.” Ɔsan kae sɛ: “Nea obetumi ahu faako a akodi ne akameakamedi ne wiase nhyehyɛe nyinaa fi—faako a wɔn a wose wɔyɛ Kristofo mpo nhyehyɛe ne atirimpɔw nyinaa a ɛma wɔn nyamesom sɛe kɛse na wonya wiase adwene fi ankasa—no ho bedwiriw no sɛ obehu sɛ ahoɔyaw titiriw na ɛde ba. Ɛyɛ yɛn yaw sɛ afoforo di yiye sen yɛn; yɛpɛ sɛ nea afoforo wɔ bɛyɛ yɛn de, ɛwom sɛ yenni hokwan sɛ ebedi yɛn nsam de; na eyi ma yɛfa akwammɔne so na ama ɛho anigye a wɔwɔ no so atew, anaa yɛama abedi yɛn nsam, anaasɛ yɛakyerɛ sɛ wonni nneɛma pii sɛnea wɔtaa susuw sɛ wɔwɔ no. . . . efisɛ saayɛ so na yɛnam bedwudwo ahoɔyaw honhom a ɛhyɛ yɛn bo no ano.”—Romafo 1:29; Yakobo 4:5.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, Barnes kaa anigyesɛm bi faa ɔdɔ, a ‘ɛnyɛ ahoɔyaw’ no ho. (1 Korintofo 13:4) Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔdɔ ani mmere anigye a afoforo wɔ; enya wɔn yiyedi ho anigye; na bere a wɔn anigye yɛ kɛse no . . . , wɔn a ɔdɔ kanyan wɔn no . . . remma ɛso ntew; wɔrenhyɛ wɔn aniwu wɔ wɔn ahode ho; wɔremma saa anigye no so ntew; wɔrenwiinwii anaa wɔrenni yaw sɛ wɔn ankasa nni yiye kɛse saa. . . . Sɛ yɛdɔ afoforo a—sɛ yɛne wɔn ani gye a, yɛn ani remmere wɔn.”
[Kratafa 10 mfonini]
Pinehas twee ninkunu maa Yehowa nokware som