Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr20 July kr. 1-5
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • JULY 6-12
  • JULY 13-19
  • JULY 20-26
  • JULY 27–AUGUST 2
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2020
mwbr20 July kr. 1-5

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

JULY 6-12

BIBLE MU AKORADE | EXODUS 6-7

it-2 436 ¶3

Mose

Israelfo mmarima no nso sesae. Bere a Yehowa somaa Mose baa wɔn nkyɛn no, na wɔtaa n’akyi. Nanso bere a Farao miaa adwuma a na Israelfo no yɛ mu no, wonwiinwii tiaa Mose. Wei maa Mose abam bui ma osu guu Yehowa so. (Ex 4:29-31; 5:19-23) Ɔsorosoroni no hyɛɛ Mose den. Ɔmaa ohui sɛ obegye Israel man no ayɛ wɔn ɔman kɛse de wɔn akɔ Bɔhyɛ asase no so, na ama bɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob no abam. Sɛ Onyankopɔn yɛ saa a, na ɛbɛma Mose ahu nea edin Yehowa no kyerɛ ankasa. (Ex 6:1-8) Bere a Mose kɔkaa nea Yehowa aka no ho asɛm kyerɛɛ wɔn mpo no, wɔantie no. Nanso ɔhaw a ɛto so nkron no akyi no, wɔbɛtaa Mose akyi bio. Nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔhaw a ɛto so du no akyi no, na Mose bɛhyehyɛ wɔn sɛ “asafodɔm” de wɔn afi Egypt.—Ex 13:18.

it-2 436 ¶1-2

Mose

Wɔkɔɔ Farao anim wɔ Egypt. ‘Ɔko a ɛkɔɔ so wɔ anyame ntam’ no, Mose ne Aaron dii mu akoten paa. Saa ɔko no mu no, Farao boaboaa akɔmfo ne asumanfo a wɔwɔ Egypt nyinaa ano sɛ wɔne Yehowa de rebesi ani. Akɔmfo no mu atitiriw no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔfrɛ wɔn Yane ne Yambre (2Ti 3:8). Anwonwade a edi kan a Mose maa Aaron akwankyerɛ ma ɔyɛe no ma ɛdaa adi sɛ Yehowa wɔ tumi koraa sen Egypt anyame no. Nanso wei nyinaa akyi no, Farao kɔɔ so ara pirim ne koma. (Ex 7:8-13) Ɔhaw a ɛto so mmiɛnsa no bae no, na akɔmfo no yɛ ho hwee a, ɛnyɛ yiye. Asɛm a wɔkae ara ne sɛ, wei de, “ɛyɛ Onyankopɔn nsateaa!” Saa mpɔmpɔ no kaa akɔmfo no guu dan mu, enti bere a Mose ne Aaron san kɔɔ Farao anim no, wɔantumi amma hɔ bi.—Ex 8:16-19; 9:10-12.

Ɔhaw no maa ebinom brɛɛ wɔn ho ase, na ɛmaa ebinom pirim wɔn koma. Ɔhaw du a ɛbaa Egyptfo so no, Mose ne Aaron kaa emu biara ho asɛm ansa na ɛreba. Ɔhaw no nyinaa baa mu sɛnea Mose kae no, na wei maa obiara hui sɛ Mose yɛ Yehowa nanmusifo. Ɔhaw du no maa Yehowa din no hyetaa Egypt nyinaa, na na obiara ka edin no ho asɛm. Ná wei bɛma ebinom abrɛ wɔn ho ase, nanso na afoforo bepirim wɔn koma. Israelfo ne Egyptfo no bi brɛɛ wɔn ho ase, nanso Farao ne n’akyitaafo no de, wopirim wɔn koma. (Ex 9:16; 11:10; 12:29-39) Egyptfo no annya adwene sɛ wɔn anyame na na wɔretwe wɔn aso, mmom na wonim paa sɛ Yehowa na ɔrebu wɔn anyame no atɛn. Ɔhaw a ɛto so nkron no akyi no, Mose nso “bɛyɛɛ onipa kɛse wɔ Egypt asase so, Farao nkoa anim ne ɔman no anim.”—Ex 11:3.

Tweetwee Bible Mu

it-1 78 ¶3-4

Ade Nyinaa So Tumfoɔ

Bere a Yehowa rehyɛ Abraham bɔ sɛ ɔbɛwo Isak no, ɔde n’abodin “Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn” (ʼEl Shad·daiʹ) dii dwuma. Ná ɛsɛ sɛ Abraham nya gyidi kɛse sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛma saa bɔhyɛ no abam. Ɛno akyi no, bere a Bible reka onii a obehyira Isak ne Yakob a wɔyɛ Abraham asefo no, ɔde saa abodin no dii dwuma.—Ge 17:1; 28:3; 35:11; 48:3.

Wei nti, Yehowa tumi ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn [beʼElʹ Shad·daiʹ], nanso me din Yehowa no de, mamma wɔamfa anhu me.” (Ex 6:3) Wei nkyerɛ sɛ na tete agyanom yi nnim edin Yehowa no, efisɛ wɔn ankasa de yɛɛ adwuma, na wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔreba no nso de yɛɛ adwuma. (Ge 4:1, 26; 14:22; 27:27; 28:16) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wohwɛ tete Hebri nkyerɛwee no mu a, wubehu sɛ asɛmfua “ade nyinaa so Tumfoɔ” no pue wɔ Genesis nhoma no mu mpɛn nsia pɛ, na Onyankopɔn din Yehowa no pue wom mpɛn 172. Ɛwom, nneɛma a esisii wɔ tete agyanom yi asetena mu ma wobegye toom sɛ abodin “ade nyinaa so Tumfoɔ” no fata Onyankopɔn, nanso na wonnya mmehuu nea na Onyankopɔn din Yehowa no kyerɛ. The Illustrated Bible Dictionary (Vol. 1, p. 572) nhoma no ka wei ho asɛm sɛ: “Oyikyerɛ ahorow a tete agyanom yi nyae no, na ɛfa bɔhyɛ ahorow a ebesisi daakye ho. Ná saa oyikyerɛ ahorow yi bɛma tete agyanom yi anya awerɛhyem sɛ Yahweh yɛ Onyankopɔn (ʼel) a otumi (nea Hebri asɛmfua sadday betumi akyerɛ no mu bi) ma ne bɔhyɛ ahorow bam. Nkyɛkyerɛ a na ɛredɛw nanso ɛnhyew a Mose hui no de, na ɛsen nea na tete agyanom no ahu nyinaa; Mose huu n’ani so ade. Weinom nyinaa da kyɛn a, sɛnea Onyankopɔn daa ne tumi adi ne bere tenten a ɔne Mose kasae wɔ nkyɛkyerɛ no ho no maa Mose huu sɛ edin Yahweh no mu yɛ duru.”—Edited by J. D. Douglas, 1980.

it-2 435 ¶5

Mose

Onyankopɔn anka sɛ Mose mfata esiane sɛ ɔfɛre ade nti. Mose kaa sɛ ɔfɛre ade na onnim kasa. Ɛha no na wutumi hu sɛ Mose asesa, efisɛ na ɛnyɛ saa na na ɔte. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, mfe 40 a atwam no, Mose ankasa yɛɛ sɛ obegye Israelfo no afi Egyptfo no nsam. Bere a Yehowa de adwuma no hyɛɛ ne nsa no, Mose de nsɛm yiyii ne ho ano sɛ ɔmfata. Akyiri yi, Mose ankasa kaa sɛ ɔrentumi nyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no. Ɛwom Yehowa bo fuwii, nanso wanyi Mose ansi nkyɛn anka sɛ ɔrentumi nyɛ. Nea Yehowa yɛe ne sɛ, ɔde Mose nua Aaron maa no sɛ ne kasamafo. Esiane sɛ na Aaron yɛ Mose kasamafo, na Mose nso gyina Onyankopɔn ananmu nti, Mose bɛyɛɛ “Onyankopɔn” maa Aaron. Afei nso, nhyiam a Mose ne Israel mpanyimfo yɛe, ne kɔ a okogyinaa Farao anim no ma yehu sɛ, Onyankopɔn na ɔde akwankyerɛ ne ahyɛde ahorow maa Mose. Saa akwankyerɛ yi ara na Mose de maa Aaron. Enti sɛ wɔkɔ Farao anim a, na Aaron aka atemmusɛm ne ahyɛde no akyerɛ Farao. (Farao yi nyɛ nea Mose guan fii n’anim mfe 40 a atwam no; wei na obedii saa Farao no ade.) (Ex 2:23; 4:10-17) Akyiri yi, Yehowa kaa Aaron ho asɛm sɛ wabɛyɛ “odiyifo” ama Mose. Nea na wei kyerɛ ara ne sɛ, sɛnea Yehowa kyerɛɛ ne diyifo Mose kwan no, saa ara nso na Mose nso kyerɛɛ Aaron kwan. Bio nso, na Onyankopɔn aka akyerɛ Mose sɛ ɔbɛyɛ te sɛ “Onyankopɔn ama Farao.” Nea na wei nso kyerɛ ne sɛ, na Onyankopɔn bɛma Mose tumi wɔ Farao so, enti na ɛho nhia sɛ Mose suro saa Egypt hene no.—Ex 7:1, 2.

JULY 13-19

BIBLE MU AKORADE | EXODUS 8-9

it-2 1040-1041

Asoɔden

Sɛ Yehowa Nyankopɔn ne aman anaa nnipa bi redi a, ɛtɔ da a, otumi hu sɛ wɔfata owu, nanso ɛyɛ a, onkum wɔn ansa, mmom onya wɔn ho abotare. (Ge 15:16; 2Pe 3:9) Ɛtɔ da a, ebinom sakra sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ, (Yos 2:8-14; 6:22, 23; 9:3-15) nanso ebinom de, wotumi sen wɔn kɔn kɔ so yɛ asoɔden no ara de tia Yehowa ne ne nkurɔfo. (De 2:30-33; Yos 11:19, 20) Ɛtɔ da a, Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ ‘ɔma obi pirim ne koma’ anaa ‘ɔma obi koma yɛ den.’ Nea wei kyerɛ ne sɛ, sɛ obi reyɛ asoɔden a, Yehowa nsiw no kwan. Nanso akyiri yi, sɛ Onyankopɔn sɛe asoɔdenfo a wɔasen wɔn kɔn yi a, ɛma afoforo hu sɛ ɔwɔ tumi kɛse na ɛma ne din no hyeta baabiara.—Fa toto Ex 4:21; Yoh 12:40; Ro 9:14-18 ho.

it-2 1181 ¶3-5

Abɔnefosɛm

Sɛ tebea bi si a, Yehowa Nyankopɔn tumi fa tebea no so ma abɔnefo yɛ biribi sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw bɛbam. Abɔnefo no tumi yɛ saa bere a wɔn ani nna wɔn ho so. Ɛwom, wɔsɔre tia Onyankopɔn de, nanso sɛ ohu sɛ ehia a, otumi siw wɔn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a n’asomfo bedi nokware ama no. Afei nso, Onyankopɔn betumi afa nneɛma a abɔnefo yi yɛ so ama obiara ahu sɛ ɔyɛ ɔtreneeni. (Ro 3:3-5, 23-26; 8:35-39; Dw 76:10) Wɔaka wei ho asɛm wɔ Mmebusɛm 16:4. Ɛhɔ ka sɛ: “Biribi nti na Yehowa ayɛ ade nyinaa; ɔbɔnefo mpo, ɔwɔ hɔ ma da bɔne.”

Wei ho nhwɛso ne Farao a Yehowa somaa Mose ne Aaron sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no na onnyaa Israelfo no. Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔmaa Egypt hene no sen ne kɔn. Yehowa maa ɔtenaa nkwa mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu sɛ Farao yɛ ɔbɔnefo a ɔfata owu. Enti Onyankopɔn maa nneɛma bi sisii, na sɛnea Farao yɛɛ n’ade no maa obiara hui sɛ ampa ɔyɛ ɔbɔnefo, na ɔfata owu. Exodus 9:16 ma yehu nea enti a Yehowa yɛɛ saa. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea enti a makora wo so ne sɛ mepɛ sɛ wuhu me tumi na nnipa abɔ me din asase nyinaa so.”

Ɔhaw Du a wɔde baa Egyptfo so no da nkyɛn a, Yehowa san kaa Farao ne n’asraafodɔm guu Po Kɔkɔɔ no mu. Yehowa faa wei so maa obiara huu sɛ ɔwɔ tumi kɛse. (Ex 7:14–12:30; Dw 78:43-51; 136:15) Bere a Yehowa yɛɛ wei akyi no, mfe pii twaam, nanso na aman pii da so ara ka ho asɛm. Wei nti Onyankopɔn din hyetaa wɔ asase so nyinaa. (Yos 2:10, 11; 1Sa 4:8) Sɛnea Onyankopɔn daa ne tumi adi de hyɛɛ ne ho anuonyam na ogyee ne nkurɔfo no, sɛ okum Farao ntɛm a, anka amma saa.

Tweetwee Bible Mu

it-1 878

Ahurii

Ɔhaw a ɛto so nnan a Yehowa de baa Egyptfo so a Israelfo nyaa wɔn ti didii mu wɔ Gosen asase so no, na ɛyɛ ntummoa bi. Nanso Hebri asɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma no, nnipa pii adwene nhyia wɔ ho; wonhu aboa ko. (Ex 8:21, 22, 24, 29, 31; Dw 78:45; 105:31) Hebri asɛmfua ʽa·rovʹ a wɔde yɛɛ adwuma no, Bible nkyerɛase bi kyerɛ ase ahurii (JB, NW, Ro), amankuo (Yg), nwansena (AS, KJ, RS), ntummoa (AT), ne nkraman ho nwansena (LXX).

Borɔfo kasa a wɔkyerɛɛ ase “ahurii” no, ebetumi akyerɛ mmoa pii te sɛ nkontia anaa nnodowa anaa ntummoa bi a ɛte sɛ toonoo anaa wowa. Sɛ nkontia anaa nnodowa yi bi besi onipa anaa aboa bi ho a, ɔnom ne mogya. Mmoa a yɛreka wɔn ho asɛm yi, ebi wɔ hɔ a, sɛ obesi onipa anaa aboa ho a, ɔto nkosua gu nipadua no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebenyin. Afei kosua no nom aboa anaa onipa no mogya de nyin. Mmoa a wɔnom mogya yi, wɔtaa wɔ mmeae a nsu tɔ na owia taa bɔ. Sɛ mmoa yi bi na Yehowa de baa Egyptfo so a, ɛnde wɔne wɔn mmoa brɛe paa, na ebia wɔn mu bi mpo wuwui.

JULY 20-26

BIBLE MU AKORADE | EXODUS 10-11

it-2 436 ¶4

Mose

Ná wohia gyidi ne akokoduru na wɔatumi akɔ Farao anim. Sɛ na Mose ne Aaron betumi ayɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ wɔn nsa no a, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn de ne honhom boa wɔn. Mose ne Aaron bere so no, na Farao ne obi a ɔwɔ tumi paa wɔ asase so. Enti na yɛreka tumi ne anuonyam de a, na obiara nni hɔ a obetumi de ne ho atoto Farao ho. Enti wo de hwɛ sɛ Farao agyegye ada mu wɔ n’akongua mu, na n’ahantan abɛtɛ, efisɛ ɔte nka sɛ ɔyɛ onyame. Afei hwɛ sɛ n’afotufo, n’asraafo mpanyimfo, n’abrafo ne ne nkoa atwa ne ho ahyia. Afei nso na nyamesom akannifo ne akɔmfo a wɔne Mose ani nhyia no nso wɔ hɔ bi. Ná saa akɔmfo yi wɔ tumi; sɛ yɛbɛka a, Farao akyi no, wɔn na na wɔwɔ tumi paa. Ná wɔahyehyɛ saa nkurɔfo yi nyinaa wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ Farao kyidɔm na wɔako ama Egypt anyame. Mose ne Aaron ankɔ Farao anim pɛnkoro pɛ, wɔkɔɔ hɔ mpɛn pii. Nanso ɛmfa ho sɛ wɔkɔɔ Farao anim mpɛn pii no, Farao kaa no denneennen sɛ onnyaa ne nkoa Israelfo no nnɛ, nnyaa wɔn ɔkyena. Bere mpo a Mose ne Aaron kɔkaa ɔhaw a ɛto so nwɔtwe no ho asɛm kyerɛɛ Farao no, ɔpam wɔn fii n’anim. Afei ɔhaw a ɛto so nkron no akyi no, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, sɛ wosi n’anim bio a, obekum wɔn.—Ex 10:11, 28.

Tweetwee Bible Mu

it-1 783 ¶5

Bere a Israelfo No Refi Egypt Akɔ Bɔhyɛ Asase No So

Ɔkwan a Yehowa faa so gyee Israelfo de hyɛɛ ne ho anuonyam no, na ɛyɛ fɛ kɛkɛ. Bere a Israelfo no beduu Po Kɔkɔɔ no agya asomdwoe mu no, Mose dii ɔman no anim ma wɔtoo dwom. Afei ne nuabea Miriam a ɔyɛ odiyifobea no faa mpintin kurae, na mmea no nyinaa de mpintin ne asa dii n’akyi, na wogyee nnwom a na mmarima no reto no so. (Ex 15:1, 20, 21) Ná Israelfo no ade wɔn ho koraa, efisɛ na Yehowa agye wɔn afi wɔn atamfo nsam. Bere a wofii Egypt no, Yehowa amma onipa anaa aboa biara anhaw wɔn. Ɔkraman mpo antwe ne tɛkrɛma ankyerɛ Israelfo no na kampɛsɛ wapɔw wɔn. (Ex 11:7) Bere a Exodus nhoma no reka Farao asraafo a wotii Israelfo na wowuwui wɔ Po Kɔkɔɔ no ho asɛm no, kyerɛwtohɔ no anka sɛ Farao nso wuu wɔ Po Kɔkɔɔ no mu bi. Nanso Dwom 136:15 ka sɛ, Yehowa “kaa Farao ne n’asraafodɔm guu Po Kɔkɔɔ no mu.”

JULY 27–AUGUST 2

BIBLE MU AKORADE | EXODUS 12

it-2 583 ¶6

Twam

Twam a Israelfo no dii no, nneɛma bi wom a na ɛfa Yesu ho. Emu baako ne sɛ, mogya a wɔde srasraa wɔn pon no ano nti, ɔbɔfo a na ɔrekunkum mmakan no gyee wɔn. Paul kaa sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ mmakan wɔ asafo no mu (Heb 12:23), na Kristo na ɔde ne mogya gyee wɔn. (1Te 1:10; Efe 1:7) Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wobu Twam guan no dompe mu. Bible ka too hɔ sɛ, wɔremmu Yesu dompe biara mu. Bere a Yesu wui no, saa nkɔmhyɛ no baa mu. (Dw 34:20; Yoh 19:36) Mmara no mu nsɛm a egyina hɔ ma nnepa a ɛbɛba daakye a ɛbaa mu wɔ Yesu Kristo a ɔyɛ “Onyankopɔn Guammaa” so no, Twam a Israelfo dii no ka ho bi.—Heb 10:1; Yoh 1:29.

Tweetwee Bible Mu

it-2 582 ¶2

Twam

Ɔhaw Du a Onyankopɔn de baa Egyptfo so no, ɔde buu Egyptfo anyame no atɛn, titiriw nea ɛto so du a okunkum mmakan no. (Ex 12:12) Ná oguan yɛ kronkron ma Egypt nyame Ra. Enti odwennini mogya a wɔde yeyɛɛ wɔn pon ano no, na ɛyɛ Egyptfo tan, na na ɛyɛ abusude ma wɔn. Afei nso, na wobu nantwi sɛ ɛyɛ kronkron. Enti bere a Onyankopɔn kum anantwi mmakan no, eguu Egypt nyame Osiris anim ase. Ná Farao de hoahoa ne ho sɛ ɔyɛ Egypt nyame Ra ba. Enti Farao abakan a owui no ma ɛdaa adi sɛ na Farao ne Ra nni tumi biara.

it-1 504 ¶1

Nhyiam

“Nhyiam kronkron” a na Israelfo yɛ nyinaa mu no, na ade baako a ɛwɔ ho ne sɛ, edu saa bere no a, na ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwumaden. Sɛ yɛhwɛ Paanoo a Mmɔkaw Nnim No Afahyɛ sei a, da a edi kan ne da a ɛto so nson no, na ɛyɛ “nhyiam kronkron.” Saa da a edi kan ne da a ɛto so nson no, Yehowa kaa ho asɛm sɛ: “Monnyɛ adwuma saa bere no; aduan a ɔkra biara bedi nkutoo na mubetumi ayɛ.” (Ex 12:15, 16) Nanso sɛ “nhyiam kronkron” no rekɔ so a, ɛyɛ a na asɔfo no bɔ afɔre ma Yehowa. (Le 23:37, 38) Ná wei yɛ adwuma, nanso na entia mmara a ɛse mma wɔnnyɛ adwumaden no. Afei nso, mmara a Yehowa de ama wɔn sɛ mma wɔnnyɛ adwuma biara no nkyerɛ sɛ, edu saa nhyiam kronkron no so a, nkurɔfo no bɛkɔ akɔtenatena hɔ a wɔnyɛ hwee, efisɛ saa bere no, na obiara benya kwan de ahyɛ ɔne Yehowa adamfofa no mu den. Homeda a na wodi no nnawɔtwe nnawɔtwe no sei, na ɔman no hyiam som san gye akwankyerɛ. Sɛ wohyiam saa a, na wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛ mu ma obiara te ase, sɛnea akyiri yi na wɔyɛ wɔ hyiadan mu no. (Aso 15:21) Ɛwom, sɛ edu Homeda anaa “nhyiam kronkron” biara so a, na ɛnsɛ sɛ ɔman no yɛ adwumaden, nanso na ɛsɛ sɛ wotu wɔn ho si hɔ bɔ mpae na wodwinnwen Ɔbɔadeɛ no ne ne nnwuma ho.—Hwɛ NHYIAM.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena