Bible Ko Tiaa Nyarewa Ansa Na Nyansahu Yɛ Saa
Bere biara a wɔbɛbɔ Bible no din nnɛ no, nnipa pii a wonnim ho hwee pow sɛ ɛmfata sɛ wosusuw ho. Wɔpow sɛ wobebue wɔn adwenem na wɔahu sɛ aka nsɛm a nnansa yi ara na nnɛyi nnipa ahu anaa afei na wobehu no ato hɔ mfe mpempem a atwam ni. Eyi yɛ nokware wɔ wiase nsɛm a esisi, nniso, nsoromma mu adesua, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, abɔde mu abakɔsɛm, abɔde a nkwa wom dwumadi ho adesua, ne adwene ne nneyɛe ho adesua ho. Ɛyɛ nokware wɔ nyarewa nso ho.
BIBLE no yɛ nkwa nhoma. Nkyerɛwee anaa nhoma dodow biara nni hɔ a ɛka asetram nneɛma pii ho asɛm kɔ akyiri saa. Akwahosan pa ne nkwa wɔ abusuabɔ, enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Bible no wɔ nnyinasosɛm pii a ɛfa akwahosan ho tee. Bible ka nyarewa pii ho asɛm, te sɛ kwata, kooko, pɔmpɔ, ne yafunyare.—Deuteronomium 24:8; 28:27; Luka 14:2; 1 Timoteo 5:23.
Ɛnyɛ honam fam yare ho ahyɛde a wɔde bɛma yɛn titiriw nti na wɔkyerɛw Bible no. Nanso ɛho asɛm biara a ɛka no teɛ wɔ nyansahu mu na emu nhwehwɛmu ho wɔ mfaso. Ɔdesani nipadua no yɛɛ odwontofo a ɔtraa ase tete no nwonwa, na ɔkyerɛw ho asɛm sɛ: “Na wo [Yehowa] na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me na yam. Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa, na me kra nim saa yiye. Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu na wɔnwenee me, asase mu tɔnn no. Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no.”—Dwom 139:13-16.
Ɛwom sɛ wonhu mogya tɔw no wɔ awotwaa a emu wɔ sum no mu de, nanso Yehowa hu bere a ɛreyɛ onipa na ne nnompe renyin no. Yehowa fam no, ‘esum ne hann yɛ pɛ.’ (Dw 139 nkyekyem 12) Biribiara ntumi nhintaw Yehowa. Sɛ yɛbɛka no aduruyɛ kwan so a, ade a wɔfrɛ no placenta (tam) no twa ɛna no ne mogya tɔw no ntam ma enti ɛna no honam mpow mogya tɔw no. Nanso, nokwasɛm a dwom yi ka ho asɛm no nyɛ aduruyɛ mu de na mmom honhom fam ade, kyerɛ sɛ, Yehowa hu ne nyinaa, wɔ awotwaa a emu yɛ sum no mpo mu.
Nyinsɛn fi ase pɛ na ‘wɔakyerɛw yɛn nipadua akwaa horow no nyinaa’ wɔ awosu mmara a ɛwɔ kesua a ɛrenyin wɔ ɛna no awotwaa mu no mu. Afei, ɛdefa ‘bere a wɔahyɛ asie sɛ ɛsɛ sɛ ɛba,’ emu biara wɔ bere a ɛfata mu no, gyina nipadua mu dɔn ahorow pii a ɛwɔ awosu ho nhyehyɛe mu no so.
Na odwontofo Dawid nnim nyansahu mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri yi, nanso na Yehowa a ɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛw dwom no nim, efisɛ nea edi kan koraa no, Ɔno na ɔbɔɔ onipa. Wɔn a wosua Bible mu abakɔsɛm gye akyinnye sɛ ɛnyɛ Dawid na ɔkyerɛwee, nanso wogye tom sɛ wɔkyerɛw dwom no mfehaha pii ansa na Kristo reba.
Bible No Twe Adwene Si Yare Anosiw So
Onyankopɔn mmara a ɔnam Mose so de maa Israel mfeha 15 ansa na Kristo reba no mu nhwehwɛmu ma yehu sɛ ade titiriw a Mmara no si so dua wɔ akwahosan ho no ne sɛ wobesiw ɔyare ano. Sɛ nhwɛso no, ɛka wɔ Deuteronomium 23:13 sɛ: “Na nya ɔsosɔw wɔ w’ade mu, na sɛ wokɔkotow nsra no akyi hɔ a, wode afunu akotow so, na woakata nea afi wo mu no so.” Na tiafi a ɛsɛ sɛ wɔkata so ho mmara yi yɛ ahobammɔ kwan pa a wɔde bɔ wɔn ho ban fi ayamkaw, ayamtu, ne yafunyare afoforo a nwansena de ba a ɛda so ara kunkum nnipa mpempem pii nnɛ wɔ mmeae a wonni nnyinasosɛm yi akyi no ho.
Leviticus ti 11 mu nnyinasosɛm kyerɛ sɛ yare betumi aterɛw denam nkoekoemmoa, mmoa te sɛ nkura ne ne titiriw no, nsubɔne so. Akyiri yi de yi di adanse sɛ mmoawa nketenkete a aniwa nhu wɔn na ɛde yare ba, na ɛkyerɛ sɛ Bible no dii kan huu eyi mfe mpempem pii ansa na Leeuwenhoek (1683) anaa Pasteur (afeha a ɛto so 19) rehu. Wobetumi aka saa ara wɔ ayarefo a woyi wɔn fi nnipa afoforo mu a wɔhyɛɛ ho mmara wɔ Leviticus ti 13 sɛ wɔnyɛ bere a obi yare kwata no ho.
Na nea ɛka aduan a na wɔatua ne di a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Leviticus 11:13-20 ho ne mmoa a wɔkyere mmoa afoforo te sɛ akɔre, akoroma ahorow ne apɛtu, ne nnomaa a wodi namfunu te sɛ kwaakwaadabi ne opete. Esiane sɛ wɔn na wodi kan wɔ mmoa a wodi mmoa afoforo nam mu no nti, ɔyare mmoawa pii wɔ wɔn mu. Mmoa a wonni mmoa afoforo nam pii no nnya ɔyare mmoawa no pii bere a wɔn a wodi pii no nya nea ɛdɔɔso. Na Mose Mmara no ma kwan sɛ wonni mmoa a wɔwe nhaban a wonni nnuan a ɛbɛma wɔanya ɔyare mmoawa pii no. Na mmoawa a wɔma atiridii ne pɔmpɔ wɔ nam a na wɔabara ne di no binom mu.
Ɛreda adi sɛ bara a Bible no bara mogya a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, a ɛwɔ Mose Mmara no mu mmeae pii no, yɛ ade a nyansa wom wɔ aduruyɛ mu mprempren wɔ mfe 3,500 akyi. (Genesis 9:4; Leviticus 3:17; 7:26; 17:10-16; 19:26; Deuteronomium 12:16; 15:23) Woti anohyeto no mu wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu wɔ Asomafo no Nnwuma 15:20, 29 ne 21:25. Nnuruyɛfo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew mogya a wɔde di dwuma wɔ asaabo ho oprehyɛn, koma ho oprehyɛn, ne oprehyɛn biara yɛ mu no so anaasɛ wɔmfa nni dwuma koraa. Mmerɛbo yare ahorow, AIDS, mogya mu nyarewa ahorow pii no yɛ nkaebɔ a ɛyɛ hu ma wɔn a ɛyɛ wɔn sɛ wonim nyansa pii a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn mmara ahorow so no.
Apɔw mu teɛteɛ ho hia ma akwahosan pa, na Bible no gye tom sɛ ɛso wɔ mfaso horow. Apɔw mu teɛteɛ a wɔyɛ mprɛnsa dapɛn biara bɛyɛ simma 20 wɔ ebiara mu no betumi abrɛ koma yare a obi benya ho asiane no ase. Ɛma srade bi a wɔfrɛ no HDL a ɛma ahobammɔ no yɛ pii, ɛma wo ahoɔden, na ɛma wo ho yɛ fakaa na wote apɔwmuden nka. Ɛwom sɛ Bible no gye apɔw mu teɛteɛ mu mfaso no tom de, nanso ɛde honhom mu nkɔso a obi benya a ɛho hia no di ɛno kan: “Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”—1 Timoteo 4:8.
Bible mu abrabɔ ho mmara ahorow no yɛ ahobammɔ a ɛsen biara wɔ nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu a akyinnye biara nni ho sɛ na ɛwɔ hɔ nanso nhomanimfo anhu anaasɛ wɔansusuw sɛ ɛwɔ hɔ mfehaha pii no.—Exodus 20:14; Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 6:9, 18; Galatifo 5:19.
“Nyansahu Ho Nhoma a Ɛka Nokware”
Na Hippocrates yɛ mfeha a ɛto so anum ne anan A.Y.B mu Helani oduruyɛfo bi a wagye din sɛ “aduruyɛ agya,” nanso Mose na ɔkyerɛw nea Bible no ka fa nyarewa ho no mu pii, bɛyɛ mfe apem ansa na saa bere no reba. Nanso, ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ The AMA News tintim krataa bi a efi oduruyɛfo bi hɔ a ese: “Mprempren nnuruyɛ mu nhwehwɛmufo a wonim de a wɔbɔ mmɔden pii no rehu sɛ Bible no yɛ nyansahu nhoma a ɛka nokware. . . . Asetram nokwasɛm ahorow, sɛnea wotumi hu ɔyare a abɔ obi, ne sa, ne aduru a ɛma ahobammɔ a wɔde ama wɔ Bible mu no yɛ nea ɛkɔ akyiri yiye na wotumi de ho to so koraa sen Hippocrates nkyerɛkyerɛ, a emu pii yɛ nea wonsii so dua sɛ ɛyɛ nokware na wɔahu sɛ ɛmfata koraa no.”
Bere a oduruyɛfo A. Rendle Short aka wɔ ne nhoma The Bible and Modern Medicine no mu sɛ na aman a wɔatwa Israel ho ahyia no ahotew ho mmara tɔ sin na ebi mpo a na wonni bi koraa akyi no, ɔkae sɛ: “Enti ɛyɛ nwonwa pii sɛ wɔ nhoma te sɛ Bible no, a wɔka sɛ ɛnyɛ nyansahu nhoma mu no, wohu ahotew ho mmara wom koraa, na ɛyɛ nwonwa nso sɛ ɔman a na wofii nkoasom mu nkyɛe, na atamfo taa di wɔn so de wɔn kɔ nnommumfa mu bere ne bere mu no, betumi anya akwahosan ho mmara ahorow a nyansa ne ntease wom wɔ wɔn mmara nhoma mu.”
Adwenemhaw Ahorow
Ada adi sɛ Bible no wɔ aduruyɛ mu nkɔanim wɔ sɛnea ehui sɛ ɔyare ahorow tumi de adwenemhaw ba bere tenten ansa na wɔregye biribi a ɛte saa atom wɔ aduruyɛ mu no mu. Afei nso, nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma wɔ afã a adwene no wɔ wɔ sɛnea ɔyare da adi ho no yɛ ntease a emu da hɔ ho nhwɛso. Mmebusɛm 17:22 se: “Anigye koma ma ahoɔden, na honhom a abotow yow nnompe mu.” Hyɛ no nsow sɛ, wommu asɛm no ho atɛn biara wɔ ha, nokwasɛm bi ho asɛm ara na wɔka. Wɔmfa afotu biara mma sɛ wɔnka nkyerɛ nea nsɛm aden ne so no sɛ onyi mfi n’adwenem, te sɛ nea ne yɛ nyɛ den koraa.
Adwempa tumi boa; adwennwene nnye na ɛsɛe ade. “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” (Mmebusɛm 12:25) Ɛfata sɛ yedwen Mmebusɛm ti 18 nkyekyem 14 ho: “Onipa honhom tumi soa ne yare, na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa?” Kyerɛwsɛm yi de nyansahyɛ ma sɛ sɛnea obi tumi gyina honam fam ɔyare bi ano no betumi ayɛ kɛse denam ne honhom fam ahoɔden a ɔde bedi dwuma no so.
Adwenemyare ho oduruyɛfo James T. Fisher kaa nea edi hɔ yi faa adwene ne nneyɛe mu mfaso horow a ɛwɔ Yesu Bepow so Asɛnka no mu no ho: “Sɛ woka nsɛm a tumi wom a adwene ne nneyɛe ho adenimfo ne adwenemyare ho aduruyɛfo a wɔaben yiye akyerɛw afa adwenemtew ho no nyinaa bom a—sɛ wode fra na wosɔn so na woyiyi kasa a enhia no fi mu a—sɛ wofa aba a ɛwom no na ɛnyɛ kasa dɛdɛɛdɛ no a, na sɛ woma anwensɛm akyerɛwfo a wɔaben sen biara a wɔte ase no de nsɛm kakraa bi ka nyansahu mu nimdeɛ kurunnyenn yi ho asɛm a, nea wubenya no bɛyɛ sɛ Bepɔw so asɛnka no a wɔanka no yiye na emu nsɛm no nyinaa nnim. Na sɛ wɔde toto ho a, ennu ho hwee.”—A Few Buttons Missing, kratafa 273.
Adwenem nkate ahorow betumi anya yɛn honam mu tebea so nkɛntɛnso, nanso eyi nkutoo nkyerɛ sɛ yenni ɔhonam mu ɔyare ankasa biara. Enti nea ehia sɛ wodi kan yɛ ne sɛ wobedi honam mu de no ho dwuma na anyɛ yiye koraa no wɔahu ɔyare no, na bere koro no ara mu no, wɔahyɛ adwene a ɛteɛ a ɛbɛboa onipa no ma wagyina ano no ho nkuran. Eyi ho hia titiriw wɔ bere a ebia wɔrenya ayaresa ankasa bi wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no.
Adam bɔne no akyi no, owu bɛyɛɛ awosu mu ade maa adesamma nyinaa. (Romafo 5:12) Enti, mpɛn pii no, ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛka sɛ obi yare pɔtee bi no fi ne honhom mu gyinabea. Ɛho hia sɛ eyi tra yɛn adwenem titiriw bere a yedi wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ nkate mu nsɛnnennen ho dwuma no.
Oduruyɛfo Afã
Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo bu aduruyɛfo ne nnɛyi aduruyɛ? Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yenhu Kyerɛwsɛm mu nnyinaso biara a enti ɛsɛ sɛ yɛhoahoa aduruyɛfo anaasɛ yebu aduruyɛ sɛ akwahosan pa ho anidaso biako pɛ. Mmom no, nea ɛne eyi bɔ abira ho adanse wɔ hɔ. Marko ka “ɔbea bi a mogya atu no” mfe pii “na wahu amane pii ayaresafo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, na anyɛ no yiye biara, na mmom ɛkɔɔ so” ho asɛm kyerɛ yɛn. (Marko 5:25-29) Ɛwom sɛ wotumi sa ɔyare a abu so yi nnɛ mpɛn pii de, nanso nyarewa bebree da so yɛ nea wontumi nsa, na wɔkɔ so hu nyarewa a wontumi nsa afoforo pii.
Nanso, Bible no ne wɔn a wobu aduruyɛ sɛ ɛso mfaso sua anaasɛ ɛso nni mfaso koraa no nyɛ adwene. Ebinom yi wɔn ani fi oduruyɛfo no so na wɔde wɔn ho to wɔn ankasa anaa ayaresa kwan bia aba so foforo a ɛmfa aduruyɛ ho hwee no so. Wɔ Kolosefo 4:14 no, akyinnye biara nni no sɛ Luka ho asɛm a wɔka sɛ yɛn “dɔfo” oduruyɛfo no fa ne honhom mu su ahorow no ho, na ɛnyɛ nea na otumi yɛ wɔ aduruyɛ mu no ho. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ anka wɔremfa hokwan a onya de kyerɛw Kyerɛwnsɛm Kronkron a efi honhom mu no bi no mma obi a na n’aduruyɛ nnye anaasɛ ɛne kyerɛwsɛm nhyia.
Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Luka kwan a ɔfa so yɛ aduru no yɛ nea aba so wɔ ne bere so, na ɔde nsɛmfua ne aduruyɛ ho nsɛm bi a ɛda Hippocrates nkɛntɛnso adi no dii dwuma. Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Hippocrates nsɛm yɛ nokware de, nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ntease aba aduruyɛ mu na ɔkasa tiaa aduruyɛ mu gyidi hunu ne atoro som nkyerɛkyerɛ ahorow no. Afei, sɛ na wɔn a wɔwɔ aduruyɛ mu osuahu no so nni mfaso wɔ ayaresa mu a, anka Yesu bɛ tiawa a ɛwɔ Luka 5:31, sɛ “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyarehwɛfo, na wɔn a wɔyare,” no renyɛ nea ntease wom.
Kyerɛwsɛn mu nnyinasosɛm biara nni hɔ a wɔde begyina adwene a ɛkɔ akyiri a ɛne nnuru a ekum ɔyare mmoawa, anaasɛ nea ɛmma wɔnte yaw a wɔkasa tia no akyi. Yeremia 46:11 ne 51:8 ka Gilead aduru bi a na ebia ɛmma wɔnte yaw na ekum mmoawa no ho asɛm. Kyerɛwsɛm anaa ɔkyerɛkyerɛ biara nni hɔ a etia adurunom.
Nanso, nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa pii no ntumi nsiw nsanyare a nwansena, ntontom ne nwaw de ba no ano—nea ekunkum nnipa pii sen biara wɔ wiase no. Ɛho abehia sɛ aduruyɛfo san de Bible mu mfitiase nnyinasosɛm a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkata tiafi so, wɔbɔ nsu ho ban, wokum nkoekoemmoa a wɔde nyarewa ba, ne nnipa a wɔde wɔn ho twitwiw wɔn ne nsa a wɔde kɔ wɔn ano ho ahwɛyiye ahorow no di dwuma. Nnansa yi ara bɛyɛ 1970 mfe no mu no, na wɔde nsɛnkyerɛnne a ɛfomfam ayaresabea nsa hohoro ade ne mpa ho a ɛkenkan sɛ: “Hohoro Wo Nsa” no—kae ayarehwɛfo ne aduruyɛfo ɔkwan titiriw a wɔfa so kwati trɛw a yare trɛw no bere nyinaa.
Ahwɛyiye Asɛm Bi
Wɔn a wɔde akwahosan ho afotu ma—sɛ ɔyɛ oduruyɛfo, obi a ɔsrasra nkurɔfo nnuru, obi a ɔde aduru a wɔnom ma, anaasɛ obi a okura adwempa nanso ebia ɔyɛ adamfo a onnim aduruyɛ ho hwee no—de asodi kɛse to wɔn ho so bere a wɔde afotu rema obi a ɔyare no. Eyi te saa titiriw sɛ afotu a wɔde ma no pira anaasɛ epia nea etumi boa ɔyarefo no to nkyɛn, ɛma onya ho adwemmɔne, anaasɛ ɛma ɛka akyi a. Bible de kɔkɔbɔ pii ma aduruyɛfo ne ayarefo sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ nnaadaa ne ahonhonsɛmdi a ebia sɛnea obi hia mmoa ntɛm no bɛma wahyia no ho. Kae Mmebusɛm 14:15: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”
So Kyerɛw Kronkron no mu nnyinasosɛm no yɛ nea wobetumi de adi dwuma de akura akwahosan pa mu nnɛ? Sɛnea na Mose Mmara no twe adwene si ɔyare ano a wosiw titiriw so no, saa ara na nnɛ ɔkwan a wɔfa so di akwahosan ho dwuma denam nyarewa anosiw so no ayɛ nea ɛsom bo koraa sen nea egyina ayaresa so titiriw no. Nnɛyi asuade a World Health Organization no anya wɔ mmɔden a ɛbɔ sɛ ɛde nnɛyi aduruyɛ bedi dwuma wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔanim mu no ne sɛ: “Siw a wosiw ɔyare ano no ye sen sɛ wɔbɛsa.”
Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ Kristoni nya akwahosan ho adwene a ɛkɔ akyiri a obu wom a ne botae ne sɛ ɔde akwahosan pa bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ Ahenni adwuma a ɛyɛ anigye a ɔbɛma anya nkɔso no mu. Na wɔ saa Ahenni no nniso ase no, bɔhyɛ no ne sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow.”—Yesaia 33:24.
[Kratafa 26 mfonini]
“Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu”