Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/1 kr. 29
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/1 kr. 29

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛnea atesɛm amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, sɛ wɔwo abofra a, ayaresabea ahorow bi de awo akyi ade ne funuma hama no sie twe nneɛma fi mogya a ɛwom no mu. So ɛsɛ sɛ eyi haw Kristoni?

Biribi a ɛte saa nsi wɔ mmeae pii, enti ɛnsɛ sɛ ɛhaw Kristofo. Sɛ ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ obi gye di sɛ adeyɛ a ɛte saa kɔ so wɔ ayaresabea a Kristoni bi rekɔwo hɔ no a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔbɛka akyerɛ oduruyɛfo no kɛkɛ sɛ ɔntow awo akyi ade no ne funuma hama no nkyene, na ɔmmfa nnyɛ biribiara.

Wonya nnuru pii fi abɔde a wɔwɔ nkwa mu, sɛ́ ɛyɛ mmoa anaa nnipa. Sɛ nhwɛso no, woyi nkwammoaa mu aduru bi fi apɔnkɔ a wɔyem dwensɔ mu. Ná wonya asensen aduru a wɔde bɔ paane fi pɔnkɔ mogya mu, na wofi bere tenten anya aduru bi a wɔfrɛ no gamma globulin a wɔde ko tia yare afi mogya a ɛwɔ nnipa awo akyi ade mu no mu. Ayaresabea ahorow bi kora awo akyi ade no so, wɔma ɛkyen na aduru nhwehwɛmubea bi abegye akɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ mogya a nnuru a ɛko tia ɔyare mmoawa wom ho adwuma de ayi gamma globulin afi mu.

Nnansa yi ara, nhwehwɛmufo akyerɛ sɛ wɔatumi de mogya a efi awo akyi ade mu asa leukemia soronko bi, na wɔkyerɛ sɛ wobetumi de mogya a ɛte saa no adi dwuma wɔ nkwaadɔm a ɛko tia yare mu haw ho anaasɛ wɔde adi dwuma te sɛ nea anka wɔde dompe mu hon foforo bɛma obi no. Enti, wɔka nsɛm pii fa awofo a wɔma wɔtwe mogya fi wɔn awo akyi ade mu, ma ɛkyen, na wɔkora so sɛ ebia na wɔde asa wɔn ba yare daakye no ho.

Saa mogya a efi awo akyi ade mu a wɔtɔn no yɛ nea nokware Kristofo a wɔma Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ no kyerɛ wɔn nsusuwii kwan no ani nnye ho. Yɛn Bɔfo no bu mogya sɛ ɛyɛ kronkron na egyina hɔ ma nkwa a Onyankopɔn de ama. Ɔkwan koro pɛ a ɔmaa kwan ma wɔde mogya dii dwuma ne afɔre ahorow a na wɔde bɔ wɔ afɔremuka so no. (Leviticus 17:10-12; fa toto Romafo 3:25; 5:8; Efesofo 1:7 ho.) Sɛ ɛnte saa a, na ɛsɛ sɛ wohwie mogya a efi abɔde bi mu no gu fam, wɔtow gu.—Leviticus 17:13; Deuteronomium 12:15, 16.

Sɛ Kristofo kum wuram aboa bi anaa afieboa bi te sɛ akokɔ anaa prako a, wohwie mogya no gu. Ɛho nhia sɛ wohwie gu fam ankasa, efisɛ asɛntitiriw a ɛwom ne sɛ wobehwie mogya no agu sen sɛ wɔde bɛyɛ biribi foforo biara.

Kristofo a wogye wɔn to ayaresabea no te ase sɛ wɔtow nneɛma a woyi fi wɔn mu no gu, sɛ́ ɛyɛ efĩ a ɛwɔ wɔn nipadua mu akwaa bi a yare wom mu, anaa mogya no. Nokwarem no, oduruyɛfo bi bɛpɛ sɛ odi kan yɛ nhwehwɛmu bi, te sɛ dwensɔ, ade a ɛhon obi, anaa mogya a wɔhwehwɛ mu. Nanso ɛno akyi no, wɔtow nneɛma no gu sɛnea ɛhɔnom mmara te. Ɛntaa mma sɛ ɔyarefo a ɔda ayaresabea no bɛhyɛ da asrɛ sɛ wɔnyɛ no saa, efisɛ ntease wom na nyansa nso wom wɔ aduruyɛ mu sɛ wɔbɛtow nipadua mu nneɛma a ɛtete saa no agu. Sɛ ɔyarefo bi wɔ nnyinaso titiriw bi a ɛbɛma n’adwenem ayɛ no nãã sɛ wɔrenyɛ ade pa a ɛte saa a, obetumi aka ho asɛm akyerɛ oduruyɛfo a ɔrehwɛ no no, na waka sɛ esiane ɔsom ho nsɛm nti, ɔpɛ sɛ wɔtow nneɛma a ɛte saa nyinaa gu.

Nanso, sɛnea yedii kan kae no, eyi ntaa nhaw ayarefo dodow no ara efisɛ wɔ mmeae pii no, wonsusuw ho mpo sɛ wɔbɛtwe nneɛma afi awo akyi ade ne nipadua mu nneɛma foforo mu, na kampɛsɛ wɔde adi dwuma bere nyinaa.

Ɛte sɛ nea na asɛm “Momma Yenkyi Bɔne,” a ɛbaa January 1, 1997 “Ɔwɛn-Aban” no mu no retwe adwene asi mmofra mmonnaato so. Wɔkyerɛ saa adeyɛ yi ase dɛn?

Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary no kyerɛ “mmofra mmonnaato” ase sɛ “nna ho akɔnnɔ bɔne a mmofra na wonya ɔpɛ sɛ wɔde bɛfa wɔn.” Wɔkasa tia saa adeyɛ yi afã horow wɔ Deuteronomium 23:​17, 18. Ɛhɔ no, Onyankopɔn kasa tiaa aguaman a obi bɛyɛ (“anaa, abarimaa a wɔde no si hɔ ma nna ho akɔnnɔ bɔne,” NW, ase hɔ asɛm). Saa nkyekyem ahorow yi nso bara “ɔkraman” apaade a wɔde ba ‘Yehowa fie’ (“a ebia ɔyɛ ɔbarima a ɔne ɔbarima da, titiriw abarimaa,” NW, ase hɔ asɛm). Saa nsɛm a egyina Kyerɛwnsɛm so ne nea wiase nhoma aka no si so dua sɛ nea na Ɔwɛn-Aban no reka ho asɛm no yɛ abofra a ɔpanyin to no mmonnaa, a nea ɛka ho ne sɛ obegoru ne bɔbeasu ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena