Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/1 kr. 8-13
  • Mmara a Ɛbae Ansa na Kristo Reba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmara a Ɛbae Ansa na Kristo Reba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mose Mmara No—N’atirimpɔw
  • Mmara a Ɛdaa Mmɔborohunu ne Tema Adi
  • Mmara no a Wɔde Dii Dwuma Ɔkwammɔne So
  • Farisifo Som a Eguu Nkurɔfo Ho Fĩ
  • Farisifo no Mfomso a Yebesua Biribi Afi Mu
  • “Yehowa Mmara Di Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Kristo Mmara No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nea Mose Mmara no Kyerɛ ma Wo
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • So Yɛwɔ Mmara Nsɛm Du No Ase?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/1 kr. 8-13

Mmara a Ɛbae Ansa na Kristo Reba

“Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae”—DWOM 119:97.

1. Dɛn na ɛkyerɛ ɔsoro abɔde no kwan ma ekyinkyin?

ƐBƐYƐ sɛ na Hiob fi ne mmofraase de ahodwiriw ahwɛ nsoromma wɔ wim. Ebia na n’awofo akyerɛ no nsoromma akuw akɛse no din ne nea na wonim wɔ mmara ahorow a ɛkyerɛɛ nsoromma no kwan ma ekyinkyinii wim ho no. Anyɛ hwee koraa no, tetefo de sɛnea nsoromma akɛse pii yi kyinkyin a ɛnsakra no huu afe no mu bere nsakrae. Nanso bere tenten a Hiob de ahodwiriw hwɛe no nyinaa akyi no, na onnim tumi akɛse a ekura saa nsoromma a wɔahyehyɛ yi mu. Enti, bere a Yehowa Nyankopɔn bisaa no sɛ: “Woate wim mmara ase?” no, ɛyɛɛ den maa no sɛ obetumi abua. (Hiob 38:31-33, The New Jerusalem Bible) Yiw, mmara na ɛkyerɛ nsoromma ahorow no kwan—mmara a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na emu dɔ araa ma nnɛyi nyansahufo ntumi nte ase nwie.

2. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ mmara na ɛkyerɛ abɔde nyinaa kwan?

2 Yehowa ne amansan yi mu Mmarahyɛfo Pumpuni no. Mmara na ɛkyerɛ ne nnwuma nyinaa kwan. Ná ne Dɔba no, “abɔde nyinaa abakan” no, de nokwaredi redi n’Agya mmara so ansa na amansan a yehu yi reba! (Kolosefo 1:15) Mmara na ɛkyerɛ abɔfo nso kwan. (Dwom 103:20) Mmara kyerɛ mmoa mpo kwan bere a wofi nkate mu di ahyɛde ahorow a wɔn Bɔfo no de adua wɔn mu no so no.—Mmebusɛm 30:24-28; Yeremia 8:7.

3. (a) Dɛn nti na adesamma hia mmara horow? (b) Ɔkwan bɛn na Yehowa nam so dii Israel man so?

3 Na adesamma nso ɛ? Ɛwom sɛ wɔde akyɛde te sɛ nyansa, abrabɔ ho nnyinasosɛm, ne honhom fam nneɛma ho anigye adom yɛn de, nanso yɛda so ara hia ɔsoro mmara bi na akyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so de saa nneɛma yi adi dwuma. Ná yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, yɛ pɛ enti mmara kakraa bi na na wohia na akyerɛ wɔn kwan. Ɛsɛ sɛ anka wɔn soro Agya no ho dɔ ma wonya nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ wɔde anigye tie no. Nanso wɔyɛɛ asoɔden. (Genesis 1:26-28; 2:15-17; 3:6-19) Ne saa nti, na wɔn mma yɛ abɔde a bɔne wɔ wɔn ho a wohia mmara pii a ɛbɛkyerɛ wɔn kwan. Bere kɔɔ so no, Yehowa fi ɔdɔ mu dii saa ahiade yi ho dwuma. Ɔmaa Noa mmara pɔtee bi a na ɛsɛ sɛ ɔde ma n’abusua. (Genesis 9:1-7) Mfehaha bi akyi no, Onyankopɔn nam Mose so maa Israel man foforo no Mmara apam bi a wɔakyerɛw a ɛkɔ akyiri. Eyi ne bere a edi kan a Yehowa nam ɔsoro mmara so dii ɔman mũ bi so. Saa Mmara no mu a yɛbɛhwehwɛ no bɛboa yɛn ma yɛate dwuma titiriw a ɔsoro mmara di wɔ Kristofo asetram nnɛ no ase.

Mose Mmara No—N’atirimpɔw

4. Dɛn nti na na ɛbɛyɛ den sɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no betumi afi Abraham asefo a wɔapaw wɔn no mu aba?

4 Ɔsomafo Paulo a osuaa Mmara no kɔɔ akyiri no bisae sɛ: “Ɛnde dɛn nti na na Mmara no wɔ hɔ?” (Galatifo 3:19, NW) Nea ɛbɛyɛ na yɛabua no, ehia sɛ yɛkae sɛ Yehowa hyɛɛ n’adamfo Abraham bɔ sɛ n’abusua mu na Aseni bi a ɔde nhyira pii bɛbrɛ aman nyinaa befi aba. (Genesis 22:18) Nanso ɛha yi na na asɛnnennen bi wɔ: Ná ɛnyɛ Abraham asefo a wɔapaw wɔn, Israelfo no, nyinaa na wɔyɛ ankorankoro a wɔdɔ Yehowa. Bere rekɔ so no, wɔn mu dodow no ara daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn, atuatewfo—na ɛkame ayɛ sɛ wɔn mu bi wɔ hɔ a na wodi wɔn so a ɛnyɛ yiye! (Exodus 32:9; Deuteronomium 9:7) Wɔ saafo no fam no, wɔwoo wɔn too Onyankopɔn nkurɔfo mu kɛkɛ, na ɛnyɛ sɛ pɛ na na wɔpɛ no saa.

5. (a) Dɛn na Yehowa nam Mose Mmara no so kyerɛɛ Israelfo no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ Mmara no sɛ ennya wɔn a wodi akyi no abrabɔ so tumi?

5 Ná ɛbɛyɛ dɛn na Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no atumi afi nkurɔfo a wɔte saa mu aba na wɔanya ne so mfaso? Sɛ́ anka Yehowa bɛkyerɛ wɔn kwan te sɛ mfiri no, ɔnam mmara so kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Dwom 119:33-35; Yesaia 48:17) Nokwarem no, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “mmara,” toh·rahʹ, no kyerɛ “ɔkyerɛkyerɛ.” Dɛn na ɛkyerɛkyerɛe? Ne titiriw no, ɛkyerɛkyerɛɛ Israelfo no sɛnea na wohia Mesia a obegye wɔn afi wɔn bɔne mu no. (Galatifo 3:24) Mmara no kyerɛɛ Onyankopɔn suro ne osetie nso. Nea ɛne bɔ a wɔhyɛɛ Abraham no hyia no, na Israelfo no bedi Yehowa ho adanse akyerɛ aman a aka nyinaa. Enti na Mmara no bɛkyerɛ wɔn abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn na ɛho wɔ nyam a ɛbɛfata Yehowa; ná ɛbɛboa Israelfo ma wɔatwe wɔn ho afi aman a na atwa wɔn ho ahyia no nneyɛe a aporɔw no ho.—Leviticus 18:24, 25; Yesaia 43:10-12.

6. (a) Ahyɛde bɛyɛ ahe na ɛwɔ Mose Mmara no mu, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wobu no sɛ ɛdɔɔso dodo? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (b) Nhumu bɛn na yɛnam Mose Mmara no sua so betumi anya?

6 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na ahyɛde pii wɔ Mose Mmara no mu—bɛboro 600.a Ná saa mmara a wɔakyerɛ yi yɛ adwuma wɔ ɔsom, nniso, abrabɔ, atemmu, aduan mpo ne ahotew mu. Nanso ɛno kyerɛ sɛ na Mmara no yɛ ahwehwɛde ahorow a ahummɔbɔ nnim ne ahyɛde nketenkete ara kwa anaa? Dabida! Saa Mmara apam yi a wosua no ma wonya Yehowa nipasu a ɔdɔ wom no mu nhumu pii. Susuw nhwɛso ahorow bi ho.

Mmara a Ɛdaa Mmɔborohunu ne Tema Adi

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Mmara no sii mmɔborohunu ne tema so dua? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de Mmara no yɛɛ adwuma mmɔborohunu so wɔ Dawid fam?

7 Mmara no sii mmɔborohunu ne tema a wobeyi adi akyerɛ abrɛfo anaa wɔn a wonni kamafo titiriw, no so dua. Eyii akunafo ne nyisaa sii nkyɛn sɛ wɔmma wɔn ahobammɔ. (Exodus 22:22-24) Ɛbɔɔ mmoa a wɔde wɔn yɛ adwuma ho ban wɔ atirimɔdenne ho. Ɛkyerɛɛ obu maa ankorankoro agyapade. (Deuteronomium 24:10; 25:4) Bere a Mmara no kae sɛ wommua obi a odi awu kumfɔ no, ɛma wɔkyerɛɛ mmɔborohunu maa obi a ɔmmoapa na okum obi. (Numeri 35:11) Ɛda adi sɛ na Israel atemmufo wɔ hokwan sɛ wosi gyinae wɔ afobu a na wɔde ma nkurɔfo wɔ bɔne ahorow bi ho no mu, a egyina su a ɔbɔnefo no da no adi so.—Fa toto Exodus 22:7 ne Leviticus 6:1-7 ho.

8 Yehowa yɛɛ nhwɛso maa atemmufo denam Mmara no a ɔde yɛɛ adwuma pintinn bere a ɛho hia, ne mmɔborohunu a ɔdaa no adi bere a ɛbɛyɛ yiye no so. Woyii mmɔborohunu adi kyerɛɛ Ɔhene Dawid a na wasɛe aware adi awu no. Wannya ne ho tɔtorɔtɔɔ, efisɛ Yehowa ammɔ ne ho ban amfi ɔhaw a efii ne bɔne mu bae no ho. Nanso, esiane Ahenni apam no ne mmɔborohunu a na Dawid fi awosu mu wɔ, na onuu ne ho kɛse wɔ komam nti, wɔankum no.—1 Samuel 24:4-7; 2 Samuel 7:16; Dwom 51:1-4; Yakobo 2:13.

9. Dwuma bɛn na ɔdɔ dii wɔ Mose Mmara no mu?

9 Nea ɛka ho no, Mose Mmara no sii ɔdɔ so dua. Fa w’adwene bu sɛ ɛnnɛ aman no bi wɔ mmara nhyehyɛe a ɛhwehwɛ ankasa sɛ wɔda ɔdɔ adi! Enti, ɛnyɛ awudi nko na Mose Mmara no barae; ɛhyɛe sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18) Ɛnyɛ bara nko na ɛbarae sɛ wonni ahɔho a wɔabɛtra wɔn mu no amim; ɛhyɛe sɛ: “Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho.” (Leviticus 19:34) Ɛnyɛ sɛ ɛbaraa awaresɛe nko; ɛhyɛɛ okunu sɛ ɔmma n’ankasa ne yere ani nnye! (Deuteronomium 24:5) Wɔ Deuteronomium nhoma no nkutoo mu no, wɔde Hebri nsɛmfua a egyina hɔ ma ɔdɔ su no di dwuma bɛyɛ mpɛn 20. Yehowa maa Israelfo no awerɛhyem wɔ n’ankasa ne dɔ ho—nea wayi no adi ma atwam, nea ɔda so yi no adi, ne nea obeyi no adi daakye. (Deuteronomium 4:37; 7:12-14) Nokwarem no, na Mose Mmara no mu ahyɛde a ɛsen biara ne sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 6:5) Yesu kae sɛ Mmara no nyinaa sɛn saa ahyɛde yi ne ahyɛde a ese wɔnnɔ wɔn yɔnko no so. (Leviticus 19:18; Mateo 22:37-40) Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.”—Dwom 119:97.

Mmara no a Wɔde Dii Dwuma Ɔkwammɔne So

10. Ɔkwan bɛn so na Yudafo fã kɛse no ara buu Mose Mmara no?

10 Enti hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ Israelfo mu fã kɛse no ara ani ansɔ Mose Mmara no! Nkurɔfo no anni Mmara no so, wobuu wɔn ani guu so, anaa wɔn werɛ fii. Wɔde aman foforo nyamesom nneyɛe a ɛyɛ abofono no guu ɔsom kronn ho fĩ. (2 Ahene 17:16, 17; Dwom 106:13, 35-38) Na wotwaa Mmara no ho nkontompo wɔ akwan foforo nso so.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo akuw sɛee nneɛma wɔ Esra nna no akyi? (Hwɛ adaka no.) (b) Dɛn nti na tete rabifo no tee nka sɛ ɛho hia sɛ ‘wogye Mmara no ho ban’?

11 Nnipa a wɔkyerɛe sɛ wɔrekyerɛkyerɛ Mmara no na wɔama atra hɔ no ara na wɔsɛee no koraa. Eyi sii wɔ ɔkyerɛwfo nokwafo Esra a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no nna no akyi. Esra ko tiaa aman foforo nkɛntɛnso a ɛde ɔporɔw ba no denneennen, na osii Mmara no a wɔbɛkenkan akyerɛkyerɛ mu no so dua. (Esra 7:10; Nehemia 8:5-8) Mmara no akyerɛkyerɛfo bi kyerɛe sɛ wodi Esra anammɔn akyi, na wɔhyehyɛɛ nea wɔbɛfrɛɛ no “Hyiadan Kɛse” no. Wɔn nsɛm a na wɔkeka no bi ne ahyɛde a ɛne sɛ: “Gye Mmara no ho ban.” Saa akyerɛkyerɛfo yi nyaa adwene no sɛ na Mmara no te sɛ turo a ɛsom bo. Sɛnea ɛbɛyɛ a obiara nkɔyɛ mmaratode wɔ turo yi mu denam ne mmara ahorow a obebu so so no, wɔyeyɛɛ mmara foforo, “Mmara a Wɔde Ano Ka Kyerɛ” no, na asiw nkurɔfo kwan ma wɔammɛn bɔne a ɛte saa ho.

12 Ebia ebinom begye kyim aka sɛ na ɛfata sɛ Yudafo akannifo no tee nka saa. Wɔ Esra nna no akyi no, ananafo atumfoɔ, titiriw Helafo, dii Yudafo so. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi Helafo nyansapɛ ne amammerɛ ho nkɛntɛnso so no, wobenyaa nyamesom akannifo akuw wɔ Yudafo no mu. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 10 no.) Bere kɔɔ so no, akuw yi binom bɛbɔɔ so, na wɔbɛsen Lewi asɔfokuw no mpo sɛ Mmara no ho akyerɛkyerɛfo. (Fa toto Malaki 2:7 ho.) Ebeduu afe 200 A.Y.B. mu no, na mmara a wɔde ano ka kyerɛ no afi ase renya Yudafo asetra so tumi. Mfiase no, wɔankyerɛw saa mmara ahorow yi sɛnea ɛbɛyɛ a wommu no sɛ ɛne Mmara a wɔakyerɛw no yɛ pɛ. Nanso nkakrankakra no, wɔde nnipa nsusuwii dii Onyankopɔn de anim, enti awiei koraa no, saa “ban” yi sɛee “turo” koro no ara a ɛsɛ sɛ ɛbɔ ho ban mmom no.

Farisifo Som a Eguu Nkurɔfo Ho Fĩ

13. Ɔkwan bɛn so na Yudafo nyamesom akannifo bi yii wɔn ho ano wɔ ahyɛde pii a wɔyeyɛe no ho?

13 Rabifo no nyaa adwene no sɛ esiane sɛ Torah, anaa Mose Mmara no yɛ pɛ nti, ɛsɛ sɛ etumi nya asɛmmisa biara a ɛbɛsɔre ho mmuae. Ɛnyɛ ɔsom ankasa nti na wonyaa saa adwene yi. Nokwarem no, ɛmaa rabifo no nyaa kwan de nnipa anifere nsusuwii dii dwuma, na ɛyɛɛ te sɛ nea Onyankopɔn Asɛm so na wogyina yeyɛɛ mmara wɔ nsɛm nyinaa ho no—a ebi fa ankorankoro ho, na afoforo nso yɛ nsɛm nketenkete kɛkɛ.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yudafo nyamesom akannifo no trɛw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ese wɔntew wɔn ho mfi amanaman no ho no mu kɔɔ akyiri sen Kyerɛwnsɛm no? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ rabifo ahyɛde ahorow no antumi ammɔ Yudafo no ho ban wɔ abosonsom nkɛntɛnso ho?

14 Mpɛn pii no, nyamesom akannifo no faa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow trɛw mu kɔɔ akyiri dodo. Sɛ́ nhwɛso no, Mose Mmara no kamfo kyerɛe sɛ wɔntwe wɔn ho mfi amanaman no ho, nanso rabifo no kyerɛkyerɛe wɔ ɔkwan a ntease nnim so sɛ ɛsɛ sɛ wokyi biribiara a ɛnyɛ Yudafo de. Wɔkyerɛkyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ Yudani gyaw ne nantwi wɔ Amanaman muni ahɔhodan mu, efisɛ “wosusuwii sɛ” Amanaman mufo “ne mmoa da.” Ná wɔmma kwan mma Yudani bea mmoa Amanaman muni bea a awo aka no, efisɛ na ɔnam saayɛ so “bɛboa ma wɔawo abofra a ɔrebɛsom bosom.” Esiane sɛ na rabifo no tirim nteɛ wɔn wɔ Helafo agumadibea ahorow ho, a na ɛyɛ nea ntease wom no nti, wɔbaraa apɔw-mu-teɛteɛ nyinaa. Abakɔsɛm da no adi sɛ eyi nyinaa antumi ammɔ Yudafo no ho ban amfi Amanaman mufo gyidi ahorow ho. Nokwarem no, Farisifo no ankasa fii ase kyerɛkyerɛɛ Helafo abosonsom nkyerɛkyerɛ a ɛne ɔkra a enwu da no!—Hesekiel 18:4.

15. Ɔkwan bɛn so na Yudafo nyamesom akannifo no kyinkyim ahotew ne obi busuani a ɔne no bɛda ho mmara no?

15 Farisifo no kyinkyim ahotew ho mmara no nso. Wɔkyerɛe sɛ Farisifo no nyaa hokwan a, anka wɔbɛtew owia mpo ho. Wɔn mmara kyerɛe sɛ obi twentwɛn ne nan asa sɛ “obegyaw n’anan” a, ebetumi agu ne ho fĩ! Nsa ho hohoro bɛyɛɛ amanne hwanyann, a na mmara wɔ nsa a ɛsɛ sɛ wodi kan hohoro ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ no ho. Wobuu mmea titiriw sɛ wɔn ho ntew. Rabifo no gyinaa Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde a ese obi “nnkɔ” ne mogya biara a ɔyɛ ne busuani “ho” (a nokwarem no ɛyɛ mmara a etia obi busuani a ɔne no bɛda) no so de ahyɛde mae sɛ ɛnsɛ sɛ okunu nantew di ne yere akyi; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔne no di nkɔmmɔ wɔ gua so.—Leviticus 18:6.

16, 17. Ɔkwan bɛn so na mmara a wɔde ano ka kyerɛ no trɛw ahyɛde a ese wonni dapɛn dapɛn Homeda no mu, na dɛn na efi mu bae?

16 Nea enye koraa ne honhom fam fɛw a mmara a wɔde ano ka kyerɛ no dii wɔ Homeda ho mmara no ho. Onyankopɔn maa Israel ahyɛde tiawa sɛ: Nnyɛ adwuma biara dapɛn no da a ɛto so ason no. (Exodus 20:8-11) Nanso mmara a wɔde ano ka kyerɛ no trɛw mu bobɔɔ nnwuma ahorow 39 a mmara mma ho kwan, a ebi ne hama pɔw a wɔbɛbɔ anaa wɔbɛsan, mpamee abien a wɔbɛyɛ, Hebri nkyerɛwde abien a wɔbɛkyerɛw, ne nea ɛkeka ho. Afei eyinom mu biara hwehwɛɛ ahyɛde foforo a enni ano. Pɔw bɛn na na wonni hokwan sɛ wɔbɔ, na nea ɛwɔ he na na wɔwɔ hokwan sɛ wɔbɔ? Mmara a wɔde ano ka kyerɛ no de ahyɛde ahorow a ntease nnim na eyii ano. Wobebuu ayaresa sɛ adwuma a mmara mma ho kwan. Sɛ́ nhwɛso no, na mmara mma kwan sɛ wɔbɛka nnompe a emu abu asi anim Homeda. Ná obi a kaka ayɛ no betumi de nsã nyinyanyinya afra n’aduan mu, nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom nsa nyinyanyinya no ma ebi fa ne se ase. Ɛno betumi ama ne se no adwo no!

17 Esiane sɛ wɔde nnipa mmara ɔhaha pii yɛɛ Homeda mmara no hwanyann saa nti, ne honhom fam ntease yeraa Yudafo dodow no ara. Bere a Yesu Kristo, “home da wura” no, yɛɛ anwonwade soronko a ɛka koma wɔ Homeda no, anka akyerɛwfo ne Farisifo no koma. Nea na ɛhaw wɔn ara ne sɛ ɛyɛɛ te sɛ nea na wabu n’ani agu wɔn ahyɛde ahorow so.—Mateo 12:8, 10-14.

Farisifo no Mfomso a Yebesua Biribi Afi Mu

18. Dɛn na mmara a wɔde ano ka kyerɛ ne atetesɛm a wɔde kekaa Mose Mmara no ho no de bae? Ma mfatoho.

18 Ne tiatwa mu no, yebetumi aka sɛ mmara ne atetesɛm a wɔde kekaa ho yi bɛfomfam Mose Mmara no ho te sɛ nea nworaba fomfam po so hyɛn ho no. Po so hyɛn wura no yɛ nea obetumi biara de wɛrewɛre saa abɔde a wɔn ho yɛ ahoguan yi fi ne hyɛn no ho efisɛ wɔmma hyɛn nkɔ ntɛm na ɛsɛe aduru a wɔde aka ho a ɛmma ɛnwe nkannare no. Saa ara na mmara ne atetesɛm a wɔde ano ka kyerɛ no maa Mmara no bɛyɛɛ adesoa, na esiane sɛ wɔde dii dwuma wɔ ɔkwammɔne so nti, ɛwee nkannare. Nanso, sɛ́ anka rabifo no bɛwɛrewɛre saa mmara a mfomso wom no afi hɔ no, wɔkɔɔ so de bi kaa ho. Ebeduu bere a Mesia no ba bɛhyɛɛ Mmara no ma no, na “nworaba” afomfam “hyɛn” no ho araa ma ɛreyɛ amem! (Fa toto Mmebusɛm 16:25 ho.) Sɛ́ anka nyamesom akannifo yi bɛbɔ Mmara apam no ho ban no, wodii mfomso sɛee no, Ɛnde dɛn nti na wɔn ahyɛde ahorow a wɔde gyee “ban” no antumi ammoa?

19. (a) Dɛn nti na “Mmara no ho ban” no ammoa? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yudafo nyamesom akannifo no nni nokware gyidi?

19 Yudasom mu akannifo no ante ase sɛ ɛyɛ komam na ɛsɛ sɛ wɔko tia ɔporɔw, na ɛnyɛ mmara nhoma mu. (Yeremia 4:14) Nea ɛma wodi nkonim ne ɔdɔ—ɔdɔ ma Yehowa, ne mmara, ne ne trenee nnyinasosɛm ahorow. Ɔdɔ a ɛte saa no ma wokyi nea Yehowa kyi nso. (Dwom 97:10; 119:104) Wɔn a ɔdɔ ahyɛ wɔn koma ma saa no kɔ so di Yehowa mmara ahorow so wɔ ɔporɔw wiase yi mu. Yudafo nyamesom akannifo no nyaa hokwan kɛse a anka wobetumi de akyerɛkyerɛ nkurɔfo na ahyɛ ɔdɔ a ɛte saa ho nkuran ma anya nkɔso. Dɛn nti na wɔanyɛ saa? Ɛda adi sɛ na wonni gyidi. (Mateo 23:23) Sɛ wonyaa gyidi sɛ Yehowa honhom no wɔ tumi a ebetumi ayɛ adwuma wɔ nnipa a wɔwɔ gyidi komam a, anka wɔrente nka sɛ ɛho hia sɛ wodi afoforo asetra so katee. (Yesaia 59:1; Hesekiel 34:4) Esiane sɛ na wonni gyidi nti, wɔamma afoforo annya gyidi; wɔmaa ahyɛde a nnipa ayeyɛ bɛyɛɛ adesoa maa nkurɔfo no.—Mateo 15:3, 9; 23:4.

20, 21. (a) Nkɛntɛnso bɛn na adwene bi a egyina atetesɛm so nyae wɔ Yudasom so? (b) Asuade bɛn na yenya fi nea ɛbaa Yudasom so no mu?

20 Saa Yudafo akannifo no anhyɛ ɔdɔ ho nkuran. Wɔn atetesɛm no de ɔsom a ɛde adwene nyinaa si nea ani hu so, a wɔyɛɛ osetie a atenka biara nnim sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa behu wɔn—ade a ɛde nyaatwomyɛ kɛse ba—na ɛbae. (Mateo 23:25-28) Wɔn ahyɛde ahorow no ma wonyaa nsɛm a enni ano gyinaa so buu afoforo ntɛn. Enti Farisifo nhyɛsofo a wɔhwehwɛɛ afoforo ho mfomso no tee nka sɛ ɛfata sɛ wɔkasa tia Yesu Kristo ankasa. Wɔn ani paa Mmara no atirimpɔw titiriw so, na wɔpow nokware Mesia koro pɛ no. Ne saa nti, ɔka kyerɛɛ Yuda man no sɛ: “Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.”—Mateo 23:38; Galatifo 3:23, 24.

21 Asuade bɛn na yenya fi mu? Ɛda adi pefee sɛ adwene katee a egyina atetesɛm so mma Yehowa som a ɛho tew nkɔ so! Nanso eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Yehowa asomfo nya ahyɛde biara nnɛ ka nea wɔakyerɛw no pefee wɔ Kyerɛw Kronkron mu no ho anaa? Dabi. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya ho mmuae a edi mu no, momma yensusuw sɛnea Yesu Kristo de mmara foforo a ɛkyɛn so besii Mose Mmara no ananmu ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Nokwarem no, sɛ yɛde toto nnɛyi aman mmara ahorow ho a, na ɛyɛ kakraa bi koraa. Sɛ́ nhwɛso no, ebeduu 1990 mfe no mfiase no, na United States ɔman mmara no yɛ nkratafa bɛboro 125,000, a wɔde mmara foforo mpempem pii ka ho afe biara.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔsoro mmara kyerɛ abɔde nyinaa kwan?

◻ Ná Mose Mmara no atirimpɔw titiriw ne dɛn?

◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Mose Mmara no sii mmɔborohunu ne tema so dua?

◻ Dɛn nti na Yudafo nyamesom akannifo no de ahyɛde a enni ano kaa Mose Mmara no ho, na dɛn na efi mu bae?

[Kratafa 10 adaka]

Yudafo Nyamesom Akannifo

Akyerɛwfo: Wobuu wɔn ho sɛ wɔn na wobedii Esra ade, na wɔne Mmara no asekyerɛfo. Sɛnea A History of the Jews nhoma no kyerɛ no, “na akyerɛwfo no nyinaa nyɛ nnipa atitiriw, na mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔde mmara no mu nkyerɛkyerɛmu a ahintaw bɛma no kowiee ahyɛde horow a ntease nnim ne mmara a nyansa nnim mu mpɛn pii. Eyinom bɛdanee amammerɛ a ankyɛ ɛbɛyɛɛ nhyɛsode a wɔangow mu da.”

Hasidimfo: Edin no kyerɛ “akronkronfo” anaa “ahotefo.” Sɛ́ nkurɔfo a wodii kan kaa wɔn ho asɛm sɛ fekuw wɔ bɛyɛ afe 200 A.Y.B. mu no, na wɔyɛ nkurɔfo a wɔwɔ tumi wɔ amammuisɛm mu, akoperefo katee a wɔbɔɔ Mmara no kurenyennyɛ ho ban wɔ Helafo atirimɔden nkɛntɛnso ho. Hasidimfo no mu tetew bɛyɛɛ akuw abiɛsa: Farisifo, Sadukifo, ne Essenfo.

Farisifo: Nhomanimfo binom gye di sɛ wonyaa din no fii nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “Wɔn a Wɔatwe Wɔn Ho,” anaasɛ “Ahotwefo,” mu. Nokwarem no, na wɔyɛ katee wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi Amanaman mufo ho no mu, nanso wobuu wɔn kuw no nso sɛ ɛda nsow—na ɛkorɔn—wɔ Yudafo mpapahwekwa a na wonnim mmara a wɔde ano ka kyerɛ a ɛyɛ hwanyann no ho. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kaa Farisifo no ho asɛm sɛ: “Sɛ́ kuw no, wobuu nnipa sɛ mmofra, na wɔyeyɛɛ amanne nketenkete ho nhyehyɛe kyenkyerenn yeyɛɛ ho mmara.” Nhomanimfo foforo kae sɛ: “Farisisom de mmara mu ahyɛde pii a ɛfa tebea biara ho bae, a nea efi mu bae a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye ne sɛ wɔmaa nsɛm nketenkete bɛdanee nsɛnkɛse, na wɔnam saayɛ so de nsɛm a emu yɛ duru dii agoru (Mat. 23:23).”

Sadukifo: Kuw a na wɔbata atumfoɔ no ne asɔfokuw no ho denneenen. Wɔko tiaa akyerɛwfo ne Farisifo no denneennen, na wɔkae sɛ mmara a wɔde ano ka kyerɛ no nni mũ te sɛ Mmara a wɔakyerɛw no. Mishnah no ankasa da sɛnea wodii nkogu wɔ apereperedi no mu adi sɛ: “Wobu Akyerɛwfo no nsɛm [sodi] aniberesɛm sen Mmara [a wɔakyerɛw] no [sodi].” Akyiri yi, Talmud no a na mmara a wɔde ano ka kyerɛ no ho nkyerɛkyerɛmu pii wom no kaa asɛm kɔɔ akyiri sɛ: “Akyerɛwfo no nsɛm . . . som bo sen Torah no mu nsɛm.”

Essenfo: Nkokorafo kuw bi a wɔtwee wɔn ho kɔtraa mmeae a atew ne ho. Sɛnea The Interpreter’s Dictionary of the Bible kyerɛ no, na Essenfo no da nsow mpo sen Farisifo no, na “ɛtɔ mmere bi a, na wotumi yɛ wɔn ade sɛ Farisifo ma ɛkyɛn Farisifo no ankasa.”

[Kratafa 8 mfonini]

Ebia Hiob awofo kyerɛɛ no mmara a ɛkyerɛɛ nsoromma akuw no kwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena