‘Obi Fifo a Ɔbɛhwɛ Wɔn’—Sɛnea Wobedi Ɔhaw no Ho Dwuma wɔ Aman a Ennyaa Nkɔso Pii Mu
“NA SƐ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” Saa na ɔsomafo Paulo kae. (1 Timoteo 5:8) Bere a abusua a wɔhwɛ wɔn ayɛ den kɛse wɔ aman a wodi yiye mu no, saa a wɔbɛyɛ wɔ aman a ennyaa nkɔso mu no taa de nsɛnnennen a ɛyɛ kɛse sen saa mpo ba.
Wɔ Afrika sɛ nhwɛso no, sikasɛm mu nsɛnnennen nyɛ ade foforo. Nnwuma ho yɛ den, na sɛ ebi wɔ hɔ mpo a, ebia ebehia sɛ okunu ne ɔyere nyinaa yɛ adwuma na wɔatumi anya wɔn ano aduan kɛkɛ. Ebia ɛho behia sɛ mmusua ti tu kwan tenten kɔpɛ adwuma na wogya wɔn ahokafo ne wɔn mma nkutoo asram pii—anaa mfe bi. Ɛyɛ den nso sɛ wobenya atrae pa. Afrikafo mmusua pii yɛ akɛse; enti atrae ahorow no taa kyere so, na wonnya ahiade atitiriw. Mpɛn pii no, tebea a enye ma akwahosan no na ɛwɔ hɔ.
Bio nso, ebia ɔman mu amammerɛ, amanne a akyɛ, ne adwene a nkurɔfo pii kura no ne adwene a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu renhyia. Susuw aware ne mmofra ho nneyɛe bi a ɛrekɔ so ho. Mmusua ti bi gye di sɛ ɔdan ho ka ne sukuu ho ka a wontumi nkwati no nkutoo na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wotua. Wogyaw adwuma a ɛne nneɛma atitiriw bi te sɛ aduan ne ntade totɔ no ma wɔn yerenom—ne ɛtɔ mmere bi a, mma a wɔanyinyin.
Afei nso, okununom binom kura adwene a ɛne sɛ “me sika yɛ me de, nanso wo sika yɛ me nso me de.” Eyi taa ma ɔyerenom a wɔde sika ba no bo fuw. Tanzaniani bea bi nwiinwii sɛ: “Ɔde sika no nom nsã, ɔmfa nhwɛ yɛn anaa mmofra no. Yɛn nyinaa kyɛ adwuma no, anaa yɛyɛ pii mpo, nanso ɔfa sika no nyinaa na waka akyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ ne de—ɔno ara na ɔpɛe.”
Nanso, Kristofo de Onyankopɔn Asɛm di ɔman amammerɛ anaa adwene a nnipa pii kura anim. Bible no de obi abusua a ɔbɛhwɛ wɔn ho akwankyerɛ a mfaso wɔ so ma. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ “ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade ma mma.” (2 Korintofo 12:14) Enti, mmarima a wosuro Onyankopɔn a wotumi yɛ adwuma no mfi anihaw mu nyaw mma wɔn yerenom anaa wɔn mma a wɔanyinyin sɛ wɔmma abusua no aduan ne ntade; saa asɛyɛde no da abusua ti no ankasa so.—1 Korintofo 11:3.
Ɛyɛ nokware sɛ, ebia na sika a okunu bi nya no sua sɛ ɔde bedi n’abusua ahiade nyinaa ho dwuma. Nanso sɛ ne yere yɛ adwuma foforo nya sika a, Kristoni barima rennya ne ho menasepɔw. Mmom no, ɔbɛyɛ no sɛ “yere” a obu no. (Malaki 2:14) Enti, ɔremfi atirimmɔden mu mfa ɔbea no sika a wabrɛ anya no nsɛe no a onsusuw ne nkate ho. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔne ne yere ‘betu agyina’ ahwehwɛ ɔkwampa a wɔbɛfa so de wɔn sika aboa abusua mũ no nyinaa. (Mmebusɛm 13:10) Baabi a ɛbɛyɛ yiye no, okunu ma ɔyere no kwan mpo ma odi sikasɛm bi ho dwuma, sɛnea “ɔyepa” no yɛe wɔ Bible mmere mu no. (Mmebusɛm 31:10, 11, 16) Bible afotu a wɔ nsɛm a ɛtete saa ho a wobedi akyi no de anigye ne abotɔyam ba abusua no mu.
Adwuma a Wonnya Nyɛ Ho Nsɛnnennen Ano a Wogyina
Susuw adwuma a wonnya nyɛ ho haw no ho. Baabi a nnwuma nnɔɔso na akatua sua no, Afrika mmusua ti pii afi fie akɔhwehwɛ adwuma wɔ akyirikyiri—wɔ nkurontubea, wɔ nnwinnan, wɔ ayɛmmea ne mfuw mu. Sɛ Kristoni barima bi ba saa tebea yi mu a, ɛda adi sɛ ebetumi atwe no afi mfɛfo asomfo ho, na wakɔtɔ fekubɔne paa mu. (Mmebusɛm 18:1; 1 Korintofo 15:33) Ɛmfa ho sɛ ebia n’abusua bɛbɔ mmɔden ayɛ tebea no ho biribiara a wobetumi no, akyinnye biara nni ho sɛ wobehu amane esiane sɛ wonni agya wɔ fie hɔ a obedi anim wɔ honhom fam anaa ɔde nkate fam mmoa bɛma nti. Nea ɛyɛ serew ne sɛ, bere tenteenten a ofi fie no nso betumi akowie ade koro no ara a na ɔde resiw ano no mu—sika fam ahokyere.
Ɛnã bi ka sɛ: “Me kunu kotuu sika. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan aba ɔsram biako akyi anaa wakyɛ koraa no, asram abien akyi. Ɛbae sɛ odii afe! Ogyaw me mmofra baasia sɛ menhwɛ wɔn. Afei na ɛsɛ sɛ mitua ɔdan ka. Esiane sɛ na mente apɔw nti, na ɛsɛ sɛ mitua ayaresa ho ka nso. Ná yehia ntade, na na ɛsɛ sɛ yedidi da biara. Ná menyɛ adwuma biara. Ná ɛyɛ den. Nea na ɛyɛ den sen biara ne mmofra no a na mɛhwɛ wɔn honhom fam—abusua adesua, nhyiamkɔ, ne asɛnka adwuma no. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yedii nkonim ɔkwan bi so.”
Ɛnanom bi mpo ate nka sɛ ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn mmusua hɔ asram pii kɔyɛ adwuma. Nea ebinom yɛ de hwɛ wɔn ho ne sɛ wɔyɛ aguadifo a wotu akwan, na ɛyɛ den sɛ wobehu wɔn wɔ fie. Enti ɛde awofo asɛyɛde bɛto wɔn mma a wɔn ani afi kakra no so ma wɔyɛ aduan, ofie nnwuma, na wɔteɛ wɔn nuanom nkumaa mpo so. Ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ honhom fam dwumadi ahorow mu. Yiw, ɔhaw a ɛba abusua no so no tumi yɛ kɛse!
Nokwarem no, sɛ sikasɛm tebea mu yɛ den a, ebia ɔwofo rennya ɔkwan foforo biara a ɔbɛfa so ahwɛ n’abusua sɛ ɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ akyirikyiri. Wɔ Bible mmere mu no, ɛda adi sɛ na ɛsɛ sɛ Yakob mmabarima no gyaw wɔn mmusua kɔhwehwɛ nnuan wɔ Misraim. (Genesis 42:1-5) Enti sɛ tebea a ɛte saa sɔre nnɛ a, ɛsɛ sɛ mmusua ti no susuw honam fam mfaso biara a akyirikyiri adwumayɛ ma wonya ne honhom ne nkate fam haw a bere tenten ntetewmu betumi de aba no ho. Mmusua pii pɛ sɛ wogyina sikasɛm mu ahokyere ano mmom sen sɛ wɔn mu bɛtetew bere tenten. Wɔkae Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 6:8 no: “Sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—Fa toto Mmebusɛm 15:17 ho.
Mpɛn pii no, nneɛma bi wɔ hɔ a wobetumi ayɛ de asi akwantu ananmu. Ɛdenam wɔn tirim a wɔbɔ yɛ nneɛma ne nhumu a ebinom da no adi so no, wɔatumi afa ɔsom a mfaso wɔ so a wɔde ma so anya adwuma.a (Fa toto Mmebusɛm 31:24 ho.) Anaasɛ ebia na ɛho behia sɛ wɔyɛ nnwuma a ɛba fam a afoforo mmu. (Efesofo 4:28) Ɔsomafo Paulo ankasa ‘yɛɛ adwuma anadwo ne awia’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnyɛ adesoa mma afoforo. (2 Tesalonikafo 3:8) Kristofo mmarima betumi adi saa nhwɛso no akyi nnɛ.
Nhomasua Ho Haw Ahorow
Ɔhaw foforo nso ne nhomasua. Wɔ akyirikyiri mmeae bi no, ɛnyɛ na sɛ awofo de wɔn mma bɛkɔ akɔma wɔn abusuafo ma wɔne wɔn atra bere tenten sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra no benya nhomasua a ɛfata. Mpɛn pii no, ɛyɛ den ma mmofra a wɔte saa sɛ wɔbɛkɔ nhyiam ahorow anaa wɔde wɔn ho bɛhyɛ asɛnka adwuma no mu bere a wɔatew wɔn ho afi wɔn awofo ho no. Esiane sɛ wonnya nteɛso a ehia nti, ɛnyɛ den sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ fekubɔne mu. Nea afi mu aba ne sɛ, wɔn mu dodow bi aman afi Kristofo asetra kwan no so.
Akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ wiase nhomasua so. Nanso Bible twe adwene si honhom fam nhomasua so kɛse, na Onyankopɔn de asɛyɛde no ama awofo sɛ wɔmfa nkyerɛkyerɛ a ɛte saa mma. (Deuteronomium 11:18, 19; Mmebusɛm 3:13, 14) Nanso, ebia abofra a wɔde no kɔtra baabi bere tenten no bɛbrɛ mmɔden a ɔwofo bi bɔ sɛ ɔbɛyɛn no ‘Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no ase.—Efesofo 6:4.b
Sɛ ɛte sɛ nea hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ ma nhomasua wɔ kurow bi mu mfata a, ebetumi aba sɛ biribiara nni hɔ a awofo betumi ayɛ sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ankasa betumi biara de adwinni nketenkete akyerɛkyerɛ wɔn mma. Yehowa, yɛn “Kyerɛkyerɛfo Kunini,” no nso boa. (Yesaia 30:20, NW) Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ mmeae bi no de nhomasua ho nsiesiei bi ma. Asafo ahorow pii yɛ nhyehyɛe ma akenkan ne akyerɛw. Saa ara na Teokrase Ɔsom Sukuu no nso yɛ nsiesiei a mfaso wɔ so a ebetumi ama abofra bi akenkan atu mpɔn na ne kasa mu ada hɔ.
Abawo Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
Sɛ obi wɔ mma pii a, ɛyɛ den titiriw sɛ ɔbɛhwɛ wɔn. Mpɛn pii no, Afrika awofo bɛka sɛ wɔdɔ mmofra; enti wɔwo dodow biara a wobetumi! Ɛwom sɛ wobetumi abu mmofra sɛ wɔn ho wɔ mfaso wɔ sika fam de, nanso sɛ wɔdɔɔso a, awofo pii ntumi nhwɛ wɔn yiye.
Nokwarem no, Bible ka sɛ “Awurade agyapade ne mmabanin.” (Dwom 127:3) Nanso, hyɛ no nsow sɛ, wɔkyerɛw saa asɛm no bere a na tebea no ye wɔ Israel. Akyiri yi, ɔkɔm a ano yɛ den ne ɔko maa abawo yɛɛ ɔhaw. (Kwadwom 2:11, 20; 4:10) Esiane tebea a emu yɛ den a ɛkɔ so wɔ aman pii a ennyaa nkɔso papa mu nti, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ asɛyɛde no susuw mmofra dodow a wobetumi ama wɔn aduan, ntade, ɔdan, ne ntetee ankasa ho anibere so. Bere a awarefo pii asusuw ɔhaw ho awie no, wosi gyinae sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wonni atetesɛm akyi, na wɔnwo mma pii.c—Fa toto Luka 14:28 ho.
Ɛda adi pefee sɛ, eyi ne “mmere a emu yɛ den.” (2 Timoteo 3:1-5) Bere a nneɛma nhyehyɛe bɔne yi rekɔ n’awiei ntɛmntɛm a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no, akyinnye biara nni ho sɛ nhyɛso a ɛwɔ mmusua a wɔwɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu so no bɛyɛ kɛse. Nanso, sɛ mmusua ti de Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma pɛpɛɛpɛ a, wobetumi adi wɔn mmusua honam ne honhom fam ahiade nyinaa ho dwuma akosi ase, efisɛ Yehowa hyɛ wɔn a wɔsom no nokwaredi mu nyinaa bɔ sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Yiw, wɔ nsase a ohia wɔ so mpo mu no, Kristofo betumi agyina ɔhaw a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn fifo no ano nkonimdi mu!
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm “Nnwuma a Wɔhyehyɛ wɔ Aman a Ennyaa Nkɔso Pii Mu” a ɛwɔ November 8, 1994, Nyan! nsɛmma nhoma a ɛka eyi ho no.
b Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ February 1, 1983 Ɔwɛn-Aban no mu.
c Wɔde nsɛm a ebetumi aboa mae wɔ nsɛm a ɛtoatoa so “Awo ho Nhyehyɛe Abɛyɛ Amansan Nyinaa Asɛm,” a epuee May 8, 1993 Nyan! mu no mu.