Odwumfo a Wɔabu Ani Agu Ne So Sen Biara Wɔ Yɛn Bere Yi Mu
“Abɔde yɛ Onyankopɔn Adwinni.”—Owura Thomas Browne, afeha a ɛto so 17 mu Oduruyɛfo.
LEONARDO DA VINCI, Rembrandt, van Gogh—eyi yɛ din ahorow a nnipa ɔpepem pii nim. Ɛwom sɛ ebia wunhuu mfonini a wɔyɛe no bi da de, nanso wunim sɛ saa mmarima yi yɛ mfoniniyɛfo a wɔagye din. Wɔn mfonini no ma wɔkae wɔn daa wɔ ɔkwan bi so.
Wɔyɛɛ ɔserew a ɛyɛ ahodwiriw, abɔde mu nneɛma a ɛyɛ fɛ, ɛkanyan nkate, na ɛda so ara nya wɔn a wɔhwɛ no adwene so tumi wɔ ntama so. Nea ɛmaa wɔn ani gyei no ma yɛn nso ani gye—ɛwom mpo sɛ ebia mfehaha pii na ɛda yɛne wɔn ntam de.
Ebia yɛnyɛ adwumfo anaa wɔn a wɔkyerɛ sɛnea adwinni bi som bo fa de, nanso yebetumi ahu adwinni bi fɛ a ɛyɛ. Te sɛ odwumfo a yɛn ani gye n’adwuma ho no, yɛn nso yetumi hu sɛnea ade bi yɛ fɛ. Ebia tumi a yɛde hu mfonini mu kɔla, sɛnea ɛte, ɔkwan a wɔafa so ayɛ no, ne ne hyerɛn no yɛ biribi a yebu no adewa, nanso ɛyɛ yɛn asetra fã. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nneɛma ne mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ siesie yɛn afie mu. Ɛwom sɛ ɛsono nea obiara pɛ de, nanso sɛnea yetumi hu ade bi fɛ no yɛ akyɛde a nnipa dodow no ara wɔ bi. Na ɛyɛ akyɛde bi a ebetumi atwe yɛn abɛn yɛn Bɔfo no yiye.
Akyɛde a Ɛma Yehu Ade Bi Fɛ
Sɛnea nnipa tumi hu ade bi fɛ no yɛ nneɛma pii a ɛma wɔyɛ soronko wɔ mmoa ho no mu biako. Nhoma Summa Artis—Historia General del Arte (Adwinni Ho Nsɛm a Ɛkɔ Akyiri—Adwinni Ho Abakɔsɛm) da no adi sɛ “wobetumi akyerɛ onipa ase sɛ aboa a otumi hu ade bi fɛ.” Esiane sɛ yɛyɛ soronko wɔ mmoa ho nti, yehu sɛnea abɔde te. Ɔkraman tumi hu sɛnea owia a ɛrekɔtɔ yɛ fɛ no?
Hena na ɔyɛɛ yɛn saa? Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no.” (Genesis 1:27) Ɛnyɛ sɛ na yɛn awofo a wodi kan no te sɛ Onyankopɔn. Mmom no, Onyankopɔn de su ahorow a ɔno ankasa wɔ no bɔɔ wɔn. Eyi mu biako ne sɛnea yetumi hu ade bi fɛ.
Ɛdenam ɔkwan bi a wontumi nte ase so no, onipa adwene no hu sɛ ade bi yɛ fɛ. Nea edi kan koraa no, yɛn nkate ahorow no de nsɛm a ɛfa nnyigyei, ehua, kɔla ahorow, ne sɛnea nneɛma bi a yɛn ani gye ho te ho ma amemene no. Nanso ade bi fɛ a ɛyɛ no boro nneɛma nketenkete pii a ɛka nea ɛrekɔ so kyerɛ yɛn kɛkɛ no. Yenhu dua, nhwiren, anaa anomaa wɔ ɔkwan koro a aboa bi fa so hu no so. Ɛwom sɛ ebia saa nneɛma yi mma yɛn mfaso pa bi ntɛm ara de, nanso ɛma yenya anigye wɔ ɔkwan bi so. Yɛn amemene no ma yetumi hu ne fɛ no.
Saa tumi yi ka yɛn nkate na ɛma yɛn asetra tu mpɔn. Mary, a ɔte Spain no kae November anwummere bi a okogyinaa ɔtare bi a atew ne ho ano hwɛɛ owia a ɛrekɔtɔ no wɔ mfe dodow bi a atwam mu no yiye. Ɔka sɛ: “Nnomaa bi a wɔfrɛ wɔn crane akuwakuw tutu baa baabi a migyina no, na wɔfrɛfrɛɛ wɔn ho wɔn ho. Nnomaa mpempem pii tu faa wim a ɛhɔ ayɛ kɔɔ no ma ɛyɛɛ te sɛ ananse ntontan. Ná kwan a wotu fi Russia ne Scandinavia afe biara no de wɔn aba Spain ahomegyebea yi. Ná nea mihui no yɛ fɛ araa ma misui.”
Dɛn Nti na Wɔmaa Yɛn Akyɛde a Ɛma Yehu Ade Bi Fɛ?
Wɔ nnipa pii fam no, sɛnea wotumi hu ade bi fɛ no da no adi pefee sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ ɔdɔ a ɔpɛ sɛ n’abɔde a wonim nyansa nya n’adwinni mu anigye wɔ hɔ. Hwɛ nyansa ne abotɔyam a ɛyɛ sɛ yɛbɛka sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ ɔdɔ na ɔmaa yɛn tumi a yɛde hu ade bi fɛ no. Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ “Onyankopɔn ne dɔ,” na ɔdɔ ho ade titiriw ne sɛ wɔne obi bɛkyɛ ade. (1 Yohane 4:8; Asomafo no Nnwuma 20:35) Yehowa ani agye sɛ ɔne yɛn bɛkyɛ n’adwinni ho nyansa. Sɛ wɔante nnwom bi a ɛyɛ dɛ yiye anaa wɔanhu mfonini bi a ɛyɛ fɛ a, yɛrenhu ne dɛ anaa ne fɛ. Wɔyɛ adwinni sɛ obiara nhwɛ bi nya mu anigye—sɛ ahwɛfo nni hɔ a, ɛyɛ nea mfaso biara nni so.
Yiw, atirimpɔw bi nti na Yehowa bɔɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ—sɛ́ wɔnhwɛ nya mu anigye. Nokwarem no, na yɛn awofo a wodi kan no fie yɛ paradise turo kɛse bi a wɔfrɛ no Eden —a ɛkyerɛ “Anigye.” Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn de nneɛma a wayɛ ahyɛ asase so ma nko, na mmom ɔde tumi a adesamma de behu na wɔakyerɛ ho anisɔ nso ama wɔn. Na nneɛma a ɛyɛ fɛ a yehu pii bɛn ara ni! Sɛnea Paul Davies kae no, “ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea na abɔde ‘rebɔ mmɔden titiriw’ bi ayɛ amansan a emu yɛ anigye na ɛsow aba.” Yehu sɛ amansan no mu yɛ anigye na ɛsow aba efisɛ Yehowa ‘abɔ mmɔden’ titiriw sɛ ɔde tumi a yɛde besua ho ade na yɛanya mu anigye bɛbɔ yɛn.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛnea wohu sɛ ade bi fɛ te—ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobesua no—abu so wɔ amammerɛ nyinaa mu, efi adwumfo a na wɔyɛ mmoa mfonini gu abodan so kosi nneɛma foforo ho adwumfo so. Mfe mpempem a atwam no, nnipa a na wɔte Spain kusuu fam no yɛɛ mmoa mfonini a anim da hɔ fann wɔ abodan a ɛwɔ Altamira, Cantabria, no mu. Bɛboro mfeha a atwam no, nneɛma foforo ho adwumfo fii wɔn mfoniniyɛbea na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobetwa nhwiren mu kɔla anaa sɛnea hann sakrasakra wɔ nsu ani no mfonini. Mmofra nkumaa mpo nim nneɛma a ɛyɛ fɛ yiye. Nokwarem no, sɛ wɔde mfoniniyɛ pɛnsere ne krataa ma wɔn a, wɔn mu dodow no ara ani begye ho sɛ wɔbɛyɛ biribiara a ɛba wɔn adwenem no.
Nnansa yi, mpanyimfo pii pɛ sɛ wotwa mfonini bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkae ade fɛfɛ bi a wohui a wɔn ani gyee ho no. Sɛ yenni afiri a wɔde twa mfonini mpo a, yɛn adwene betumi akaakae nneɛma fɛfɛ a ebia yɛahu mfe du du a atwam no. Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn ayɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani betumi agye yɛn asase fie yi a wasiesie so fɛfɛɛfɛ no ho. (Dwom 115:16) Nanso, ntease foforo wɔ hɔ a enti Onyankopɔn maa yɛn tumi a yɛde hu ade bi fɛ no.
‘Wohu Ne Su Pefee’
Anisɔ a yɛwɔ ma abɔde mu adwinnidi a yɛbɛma ayɛ kɛse no betumi aboa yɛn ma yɛahu yɛn Bɔfo a ne nsa ano adwuma atwa yɛn ho ahyia no. Bere bi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnhwɛ nhwiren a enyin wɔ Galilea no. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mise mo sɛ, Salomo anuonyam nyinaa mu po wankekã ne ho sɛ eyinom mu biako.” (Mateo 6:28, 29) Nhwiren a ɛho nhia no fɛ a ɛyɛ no betumi akae yɛn sɛ Onyankopɔn mmu n’ani ngu adesamma abusua no ahiade ahorow so.
Yesu kae nso sɛ wubetumi abu obi atɛn denam ‘n’aba’ anaa ne nnwuma so. (Mateo 7:16-20) Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn nsa ano nnwuma no bɛma yɛahu ne nipasu. Dɛn ne ‘ne su horow a yebetumi ahu fi wiase bɔ so reba no’ mu bi?—Romafo 1:20.
Odwontofo no kae sɛ: “[Yehowa], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa.” (Dwom 104:24) Yebetumi ahu Onyankopɔn nyansa mpo wɔ kɔla ahorow a ɔde “yɛɛ” asase so afifide ne mmoa no mu. Fabris ne Germani da no adi wɔ wɔn nhoma Colore, Disegno ed estetica nell’arte grafica (Kɔla—Mfoniniyɛ mu Adwinni ne Nneɛma a Ɛyɛ Fɛ) mu sɛ: “Kɔla ma mfonini yɛ adwene ne aniwa fɛ yiye.” Kɔla ahorow a edi nsɛ ne nea enni nsɛ a ɛyɛ aniwa fɛ na ɛkanyan adwene no wɔ baabiara. Nanso ebia nea ɛkanyan adwene sen biara ne kɔla a ɛte sɛ nyankontɔn de no—kɔla a ɛhyerɛn sɛ nyankontɔn—mfonini a wofi nyansam ayɛ a ɛyɛ fɛ ho adanse.
Nyankontɔn mu kɔla ahorow no da adi wɔ hummingbird ho titiriw.a Dɛn na ɛma wɔn ntakra hyerɛn saa? Wɔn ntakra a ɛyɛ soronko no ma owia hann a ɛtɔ so no yɛ te sɛ nyankontɔn kɔla—te sɛ ahwehwɛ a owia atɔ so. Edin horow te sɛ bogyanambo, hoabo, ne ahabammonobo a wɔtaa de frɛ hummingbirds no di adanse ma ɛfata sɛ kɔkɔɔ, bruu, ne ahabammono a ɛwɔ nnomaa a wɔte sɛ abohene yi ho no hyerɛn. Sara Godwin bisae wɔ ne nhoma Hummingbirds mu sɛ “abɔde a wɔn ho yɛ fɛ yi ahoɔfɛ no atirimpɔw ne dɛn?” Obuae sɛ: “Sɛnea nyansahu ahwehwɛ mu akodu no kyerɛ sɛ enni atirimpɔw biara wɔ asase so sen sɛ ɛbɛyɛ nea ɔhwɛ no fɛ.” Nokwarem no, onipa a odi adwinni biara nni hɔ a wayɛ kɔla a ɛte saa pɛn!
Yebetumi ahu Onyankopɔn tumi wɔ aworo a ano yɛ den, po asorɔkye a ebu fa so, ɛpo nsu a eyiri na ɛtwe, anaa kwae mu nnua atenten a mframa a ano yɛ den ma ehinhim no mu. Saa adwinni a tumi wom yi betumi anya obi so tumi te sɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Bere bi, afifide ne mmoa ho nimdefo a ofi Amerika, John Muir, kaa sɛnea ahum ma Douglas nnua akuw bi a ɛwɔ Sierra Nevada wɔ California no yɛ ho asɛm sɛ:
“Ɛwom sɛ, wɔde toto nnua foforo ho a, ennyinii koraa de, nanso na ne tenten bɛyɛ anammɔn 100, na na ne nkonmu mmerɛmmerɛw no redi ahim nea ɛyɛ den. . . . Mmaa nketewa a ɛwɔ ne nkonmu no hinhim yɛɛ dede, ekuntun maa ne ho so kyinkyim ne ho na ɛdannan wɔ ɔkwan a wontumi nka ho asɛm so.” Sɛnea odwontofo no kyerɛwee mfe mpempem pii a atwam no, ‘ahum yi Yehowa ayɛ’—ɛde ne tumi a ɛyɛ nwonwa no ho nhwɛso ma yɛn.—Dwom 148:7, 8.
Japanfo fi bere tenten de anomaa ayɛ ɔdɔ ho sɛnkyerɛnne. Ɛyɛ Japanfo anomaa fɛfɛ bi a wɔfrɛ no crane, na wɔn nantew a edi aware anim mu asaw a wɔto wɔn bo ase saw no yɛ fɛ te sɛ ballet asaw. Wobu nnomaa a wɔsaw yi araa ma wɔfrɛ wɔn wɔ Japan sɛ “abɔde nkaedum titiriw.” Esiane sɛ crane abien nantew bom wɔn nkwa nna nyinaa na wodi bɛyɛ mfe 50 anaa nea ɛboro saa nti, Japanfo bu wɔn sɛ wɔyɛ aware mu nokwaredi ho nhwɛso.
Onyankopɔn dɔ nso ɛ? Nea ɛyɛ anigye no, Bible no de ahobammɔ a efi ɔdɔ mu a Yehowa de ma n’asomfo anokwafo no toto anomaa baatan a ɔde ne ntaban kata ne mma so de bɔ wɔn ho ban wɔ wim tebea ho no ho. Deuteronomium 32:11 ka ɔkɔre a ‘ɔhwanyan ne buw na otu bɔ ne mma so mfamfia no, ɔtrɛw ne ntaban mu faa no, na ɔsoaa no ne ntakra so’ ho asɛm. Ɔkɔre baatan yɛ saa nneɛma yi de hyɛ ne mma no nkuran sɛ womfi wɔn buw mu ntu. Ɛwom sɛ ɛntaa nsi de, nanso yɛwɔ amannneɛbɔ bi sɛ akɔre boa wɔn mma denam si a wɔde wɔn si wɔn ntaban so no so.—Dwom 17:8.
Bere a yɛhwɛ abɔde a atwa yɛn ho ahyia no yiye no, yehu sɛ nnyinasosɛm ahorow bi redi dwuma a ɛno nso da Onyankopɔn nipasu afã ahorow bi adi.
Nneɛma a Egu Ahorow Ma Asetra Yɛ Anigye
Nneɛma a egu ahorow yɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma ho biribi a wohu no ntɛm. Afifide, nnomaa, mmoa, ne mmoawa nketenkete a wogu ahorow no yɛ nwonwa. Nnua a egu ahorow bɛyɛ 300 ne mmoawa nketenkete 41,000 na wɔwɔ kwae a ne kɛse bɛyɛ hekta abien ne fã pɛ a osu tɔ na owia bɔ kɛse wom mu; afofantɔ a wogu ahorow 1,500 betumi atra beae a ne kɛse yɛ kilomita abiɛsa; na amanku a wogu ahorow 150 betumi atra dua biako so! Na sɛnea wɔrennya nnipa baanu a wɔsɛ pɛpɛɛpɛ no, saa ara na yebetumi aka wɔ odum nnua ne asebɔ ho. Sɛnea biribi te ankasa a wɔbɛyɛ no saa ara, a nnipa a wɔyɛ adwumfo kyerɛ obu wɔ ho no, yɛ abɔde ho ade titiriw.
Nokwarem no, abɔde mu adwinni ho nneɛma no kakraa bi pɛ na yɛabobɔ din. Sɛ yɛhwɛ no yiye a, yebetumi ahu Onyankopɔn nipasu ho afã foforo pii. Nanso, sɛ yɛbɛyɛ saa a, ehia sɛ yɛde adwinni ho nyansa a Onyankopɔn de ama yɛn no di dwuma. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asua sɛnea yɛbɛkyerɛ adwinni a Odwumfo a ɔsen biara no adi ho anisɔ yiye?
[Ase hɔ nsɛm]
a Afofantɔ pii te sɛ morphos a wɔn ho yɛ bruu a ɛhyerɛn a wɔwɔ Amerika baabi a osu tɔ na owia bɔ kɛse no wɔ kɔla a ɛte sɛ nyankontɔn wɔ wɔn ntaban mu.
[Kratafa 7 adaka]
Ehia sɛ Yehu Oniiko a Ɔde Yɛn Guu Ha
Bere bi, Bible nkyerɛasefo Ronald Knox ne nyansahufo John Scott Haldane bɔɔ nyamekyerɛ ho nkɔmmɔ. Haldane bisae sɛ: “Wɔ amansan a okyinsoromma ɔpepem pii wom yi mu no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ nkwa ba emu biako pɛ so?”
Knox buae sɛ: “Owura, sɛ Scotland Yard Polisifo hu funu wɔ adaka a esi wo dan mu mu a, wobɛka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Nnaka ɔpepem pii na ɛwɔ wiase—nokwarem no, ɛsɛ sɛ funu da biako mu?’ Migye di sɛ wɔbɛkɔ so ahwehwɛ sɛ wobehu oniiko a ɔde too mu.”—The Little, Brown Book of Anecdotes.
Bere a yɛahu nea yɛhwehwɛ awie no, ntease foforo bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yehu nea ɔde yɛn guu ha—sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de nidi a ɛfata bɛma No. Dɛn na odwumfo a onim adwinnidi bɛyɛ n’ade bere a ɔkasatiafo bi a ɔyɛ ahantan ka ne mfonini ho asɛm sɛ ɛte sɛ mfonini tantan bi a ɛwɔ mfoniniyɛbea no? Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no, ɛrenyɛ animtiaabu kɛse mma amansan Bɔfo no sɛ yɛbɛka n’adwinni ho asɛm sɛ biribi a ɛbae ara kwa?
[Asɛm Fibea]
ROE/Anglo-Australian Observatory na wɔmaa yɛn ho kwan, David Malin na otwaa mfonini no
[Kratafa 8 mfonini ahorow]
“Cranes” a wɔatu nam
Abodan mu mfonini wɔ Altamira, Spain
[Kratafa 9 mfonini ahorow]
“Dolphin,” “hummingbirds,” ne nsu aworo nyinaa da Odwumfo Kɛse no nipasu afã horow adi
[Nsɛm Fibea]
Godo-Foto
G. C. Kelley, Tucson, AZ
Godo-Foto