Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 10/1 kr. 13-18
  • Ma Yehowa Daapem Abasa No Nwowaw Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Yehowa Daapem Abasa No Nwowaw Wo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Amanehunu Pii Wɔ hɔ Saa?
  • Ɔwowaw Yɛn wɔ Ɔyare Mu
  • Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔahaw
  • Yehowa Boa Yɛn ma Yegyina Awerɛhodi Ano
  • Mmoa wɔ Bere a Yɛadi Mfomso
  • Wɔagye Yɛn Afi Nneɛma a Ɛhyɛ Yɛn So No Mu
  • Yehowa Mmɔborohunu Gye Yɛn Fi Abasamtu Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Dan W’adesoa To Yehowa So Bere Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 10/1 kr. 13-18

Ma Yehowa Daapem Abasa No Nwowaw Wo

“Onyankopɔn a ɔte ase daa no ne wo trabea, na ase na daapem abasa no wɔ.”​—DEUTERONOMIUM 33:27, American Standard Version.

1, 2. Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo betumi anya ahotoso sɛ ɔbɛwowaw wɔn?

YEHOWA dwen ne nkurɔfo ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Israelfo ahohia nyinaa mu no, “ne ho hiaa no”! Ofi ɔdɔ ne ayamhyehye mu “momaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn.” (Yesaia 63:7-9) Enti sɛ yedi Onyankopɔn nokware a, yebetumi anya ahotoso sɛ ɔbɛwowaw yɛn.

2 Odiyifo Mose kae sɛ: “Tete Nyankopɔn no yɛ hintabea, na ase na abasa a ɛtra hɔ daa no wɔ.” (Deuteronomium 33:27, New World Translation,) Nkyerɛase foforo bi nso se: “Onyankopɔn a ɔte ase daa no ne wo trabea, na ase na daapem abasa no wɔ.” (American Standard Version) Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn abasa wowaw ne nkoa?

Dɛn Nti na Amanehunu Pii Wɔ hɔ Saa?

3. Bere bɛn na adesamma asoɔmmerɛfo benya ‘Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi’ koraa?

3 Yehowa a yɛsom no no remma yɛnkwati amanehunu a adesamma a wɔtɔ sin nyinaa hyia bi no. Onyankopɔn akoa Hiob kae sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Odwontofo no kaa “yɛn mfirihyia nna” ho asɛm sɛ: “Emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude.” (Dwom 90:10) Saa na asetra bɛyɛ akosi sɛ ‘abɔde no bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.’ (Romafo 8:19-22) Ɛno bɛba wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu. Ɛno na afei nnipa a wɔyɛ Ahenni no nkoa nam Yesu agyede afɔrebɔ no so benya ogye afi bɔne ne owu mu. Ebedu Mfirihyia Apem no awiei no, na Kristo ne ne mfɛfo ahemfo ne asɔfo no aboa adesamma mu asoɔmmerɛfo ma wɔadu pɛyɛ mu, na wɔbɛkyerɛw wɔn a wobedi Onyankopɔn nokware wɔ sɔhwɛ a etwa to a Satan ne n’adaemone de bɛba no mu no din afebɔɔ wɔ “nkwa nhoma” no mu. (Adiyisɛm 20:12-15) Afei wobenya Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi no mu anigye ankasa.

4. Sɛ́ anka yebenwiinwii wɔ yɛn asetra mu nsɛm tebea ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mmom?

4 Ansa na eyi bɛba no, momma yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so sen sɛ yebenwiinwii wɔ yɛn asetra mu nsɛm tebea ho. (1 Samuel 12:22; Yuda 16) Momma yɛmfa aseda mma nso sɛ yɛwɔ Ɔsɔfo Panyin, Yesu Kristo, a yɛnam no so betumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn “na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.” (Hebrifo 4:14-16) Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Adam da. Ɔbɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ wama no ɔyere bɔne, bere a ɔkae sɛ: “Ɔbea a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii.” (Genesis 3:12) Onyankopɔn de nneɛma pa ma na ɔmma yɛn ho nkyere yɛn. (Mateo 5:45; Yakobo 1:17) Mpɛn pii no, ɔhaw ahorow a yehyia no fi nyansa a yɛn ankasa nni anaa obi foforo mfomso. Ebetumi aba yɛn so nso efisɛ yɛyɛ abɔnefo na yɛte wiase a ɛwɔ Satan tumi ase mu. (Mmebusɛm 19:3; 1 Yohane 5:19) Nanso, Yehowa daapem abasa no wowaw ne nkoa anokwafo a wofi mpaebɔ mu de wɔn ho to no so na wɔde n’Asɛm mu afotu di dwuma wɔ wɔn ankasa asetra mu no bere nyinaa.​—Dwom 37:5; 119:105.

Ɔwowaw Yɛn wɔ Ɔyare Mu

5. Nkuranhyɛ bɛn na wɔn a wɔyare no betumi anya afi Dwom 41:1-3 mu?

5 Ɛtɔ mmere bi a ɔyare ma yɛn mu pii ho hia yɛn. Nanso, Dawid kae sɛ: “Nhyira ne nea odwen ɔbrɛfo ho, [Yehowa] begye no, da bɔne mu. [Yehowa] bɛhwɛ no so na wama no nkwa, na wɔahyira no asase so. Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa. [Yehowa] bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi no yiye.”​—Dwom 41:1-3.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn boaa Dawid bere a na ɔda ɔyarepa so no, na ɔkwan bɛn so na eyi betumi ahyɛ Yehowa nkoa nkuran nnɛ?

6 Obi a odwen afoforo ho boa wɔn a ahia wɔn. “Da bɔne” betumi ayɛ bere bɔne biara anaasɛ bere tenten mu ahokyere bi a ɛma obi gurow. Ɔde ne ho to Onyankopɔn so sɛ ɔnhwɛ no wɔ ɔyare mu, na afoforo ‘hyira no asase so’ denam sɛnea Yehowa ne no adi mmɔborɔhunu so no ho asɛm a wɔbɛka no so. Ebia Yehowa wowaw Dawid wɔ “ɔyarepa so,” wɔ ɔhaw bere a Dawid ba Absalom pɛe sɛ ogye Israel ahenni fa no mu.​—2 Samuel 15:1-6.

7 Esiane sɛ na Dawid adwen abrɛfo ho nti, ɔtee nka sɛ Onyankopɔn bɛwowaw no bere a na ontumi nyɛ hwee wɔ ɔyarepa so no. (Dwom 18:24-26) Ɛwom sɛ na ne yare no mu yɛ den de, nanso na ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn ‘bɛdan ma asi no yiye,’ a ɛnyɛ sɛ ɔnam anwonwa kwan so bɛma ne yare no agyae, na mmom denam awerɛkyekye nsɛm a ɔde bɛhyɛ no den so. Ɛbɛyɛ sɛ nea Yehowa resakra ne yarepa no ayɛ no nea ɛbɛma wɔate apɔw. Saara na sɛ yɛyare sɛ Onyankopɔn asomfo a, Yehowa daapem abasa no bɛwowaw yɛn.

Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔahaw

8. Ɔkwan bɛn so na Kristoni ɔyarefo bi akyerɛ sɛnea ɔde ne ho to Onyankopɔn so?

8 Ɔyare betumi ama adwenemhaw. Kristoni bi a ɔyare denneennen, a ɛtɔ mmere bi a onni ahoɔden a ɛdɔɔso a ɔde bɛkenkan ade mpo no se: “Eyi ma minya adwenemhaw nkate ahorow pii, mete nka sɛ me ho nni mfaso, na misu mpo.” Esiane sɛ onim sɛ Satan pɛ sɛ ɔnam abasamtu so bubu no nti, ɔreko atia no, a onim sɛ Yehowa mmoa nti, ɔrenni nkogu da. (Yakobo 4:7) Ɔbarima yi yɛ nkuranhyɛ ma afoforo a wonim sɛ ɔde ne ho ato Onyankopɔn so no. (Dwom 29:11) Sɛ ɔkɔda ayaresabea mpo a, ɔne ayarefo ne afoforo kasa wɔ telefon so de hyɛ wɔn den wɔ honhom fam. Ɔno ankasa nya denhyɛ fi Ahenni nnwom ne nsɛmma nhoma yi ne ne hokafo a ɛne Nyan! no mu nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so a ɔbɔ tie, ne ɔne mfɛfo Kristofo fekubɔ mu. Onua yi se: “Me ne Yehowa kasa wɔ mpaebɔ mu daa, na mesrɛ no sɛ ɔmma me ahoɔden, akwankyerɛ, awerɛkyekye, ne mmoa na matumi agyina.” Sɛ woyɛ Kristoni a wowɔ ɔyare bi a emu yɛ den a, fa wo ho to Yehowa so bere nyinaa, na ma ne daapem abasa no nwowaw wo.

9. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a, adwenemhaw tumi haw nnipa a wosuro Onyankopɔn?

9 Adwenemhaw yɛ ɔhaw a ɛwɔ hɔ fi tete. Bere a Hiob rehyia sɔhwɛ no, ɔkasae sɛ obi a ɔte nka sɛ Onyankopɔn agyaw no. (Hiob 29:2-5) Sɛnea na Yerusalem ne n’afasu asɛe no ho adwennwen maa Nehemia yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na pa a Petro paa Kristo no haw no araa ma osui pii. (Nehemia 2:1-8; Luka 22:62) Ehaw Epafrodito sɛ Kristofo a wɔwɔ Filipi no tee sɛ wayare. (Filipifo 2:25, 26) Kristofo binom a wɔwɔ Tesalonika nyaa adwenemhaw, efisɛ Paulo hyɛɛ anuanom a wɔwɔ hɔnom no nkuran sɛ “monka awerɛkyekyesɛm nkyerɛ akra a wɔahaw.” (1 Tesalonikafo 5:14, NW) Enti ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn boa ankorankoro a wɔte sɛɛ?

10. Dɛn na ebetumi aboa obi ma wagyina adwenemhaw ano?

10 Ɛsɛ sɛ obi ankasa si sɛnea ɔpɛ sɛ wɔsa n’adwenemhaw a emu yɛ den no ho gyinae.a (Galatifo 6:5) Ebia ahomegye a ɛdɔɔso ne dwumadi ahorow a ɛkari pɛ bɛboa. Sɛ anka obi a wanya adwenemhaw bebu ɔhaw ahorow a ɛba bere koro mu no sɛ ɔhaw kɛse biako no, ebia obehu sɛ ɛbɛboa mmom sɛ obedi ho dwuma mmiako mmiako. Asafo mu mpanyimfo mmoa a ɛma awerɛkyekye ho betumi aba mfaso, ne titiriw sɛ nkate mu asɛnnennen yi de honhom fam ɔhaw ba a. (Yakobo 5:13-15) Nea ɛsen biara no, ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so, ‘de yɛn dadwen ne haw nyinaa to no so, efisɛ odwen yɛn ho.’ Mpae a obi fi komam kɔ so bɔ bere nyinaa no betumi ama wanya ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛbɛhwɛ koma ne adwene no so Kristo Yesu mu no.’​—1 Petro 5:6-11; Filipifo 4:6, 7.

Yehowa Boa Yɛn ma Yegyina Awerɛhodi Ano

11-13. Dɛn na ebetumi ama ɔdɔfo bi wu ho awerɛhodi ano abrɛ ase?

11 Ade foforo a ɛhaw adwene ne ɔdɔfo bi wu. Abraham suu ne yere Sara bere a ɔhweree no no. (Genesis 23:2) Bere a Dawid ba Absalom wui no, odii awerɛhow pii. (2 Samuel 18:33) Yesu a na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ no mpo “sui” bere a n’adamfo Lasaro wui no! (Yohane 11:35) Enti sɛ yɛn dɔfo bi wu a, yedi awerɛhow. Nanso dɛn na ɛbɛboa ma awerɛhodi a ɛte sɛɛ so atew?

12 Onyankopɔn boa ne nkurɔfo ma wotumi gyina awerɛhodi yayaw a owu de ba no ano. N’Asɛm no kyerɛ sɛ owusɔre bi bɛba. Enti ‘yenni awerɛhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.’ (1 Tesalonikafo 4:13; Asomafo no Nnwuma 24:15) Yehowa honhom boa yɛn ma yenya asomdwoe ne gyidi na yesusuw daakye a ɛyɛ anigye ho bɔhyɛ a ɛwɔ n’Asɛm mu no ho, ma enti yɛmma yɛn dɔfo bi a wawu ho adwennwen a ɛyɛ awerɛhow mmu yɛn abam. Yetumi nya awerɛkyekye fi Kyerɛwnsɛm no akenkan ne “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” a yɛbɔ no mpae no nso mu.​—2 Korintofo 1:3, 4; Dwom 68:4-6.

13 Yebetumi anya awerɛkyekye afi owusɔre anidaso no mu te sɛ Hiob a na osuro Onyankopɔn a ɔteɛɛm sɛ: “Oo, sɛ wo [Yehowa] de me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ! Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? Anka m’akõdi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba. Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.” (Hiob 14:13-15) Sɛ yɛn adamfo bi a yɛdɔ no tu kwan a, yɛntaa nni awerɛhow kɛse, efisɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu no bio. Sɛ yebu Kristoni nokwafo bi wu saara a, ebia ɛbɛtew awerɛhodi kɛse a ɔdɔfo bi wu de ba no so kakraa. Sɛ na ɔwɔ asase so asetra ho anidaso a, wobenyan no afi owu a ɛte sɛ nna no mu aba asase so ha wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu. (Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:11-13) Na sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtra asase so daa a, ɛnde ebia yɛbɛtra ha ama yɛn dɔfo a wɔanyan no no akwaaba.

14. Ɔkwan bɛn so na Kristofo akunafo baanu bi gyinaa wɔn kununom wu ano?

14 Bere a onuawa bi kunu wui akyi no, na onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ so yɛ ne nnwuma ahorow wɔ Onyankopɔn som mu. ‘Pii a ɔyɛe wɔ Awurade adwuma mu’ akyi no, ɔde ntamatam asinasin 800 nwenee mpasotam nso. (1 Korintofo 15:58) Ose: “Na eyi yɛ adwuma pa, efisɛ bere a na mereyɛ adwuma no, na mitumi tie Ahenni nnwom ne Bible nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so, na amma m’adwenem anna hɔ kwa.” Ɔde anigye kae ɔpanyin bi a ne ho akokwaw ne ne yere nsrahwɛ bi. Ɔpanyin no fi Bible no mu daa no adi sɛ Onyankopɔn dwen akunafo ho ampa. (Yakobo 1:27) Kristoni ɔbea foforo bi nso anyɛ ne ho mmɔbɔmmɔbɔ bere a ne kunu wui no. N’ani sɔɔ ne nnamfonom mmoa na ɔkyerɛɛ afoforo ho anigye kɛse. Ose: “Na metaa bɔ mpae na me ne Yehowa nyaa abusuabɔ a emu yɛ den.” Na hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn daapem abasa no bɛwowaw obi!

Mmoa wɔ Bere a Yɛadi Mfomso

15. Dɛn ne Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 19:7-13 no mu nsɛntitiriw?

15 Ɛwom sɛ yɛdɔ Yehowa mmara de, nanso ɛtɔ mmere bi a, yedi mfomso. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi haw yɛn, sɛnea ɛyɛɛ Dawid a na Onyankopɔn mmara, nkaesɛm, ahyɛde, ne atemmude ahorow yɛ no akɔnnɔ sen sika amapa no. Ɔkae sɛ: “W’akoa nam so hu ade, ɛsodi mu wɔ akatua pii. Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu? Me bɔne a ahintaw me, fa firi me. Nso bɔ w’akoa ho ban ɔboayɔ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na medi bem, na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho.” (Dwom 19:7-13) Momma yɛnhwehwɛ nsɛm yi mu.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati ahantan?

16 Ahantan nneyɛe yɛ bɔne a anibere wom koraa sen mfomso ahorow. Wɔpow Saulo sɛ ɔhene efisɛ ofi ahantan mu bɔɔ afɔre na ɔkyɛee Amalekfo hene Agag nkwa ne asade a eye sen biara so, ɛwom sɛ na Onyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnsɛe Amalekfo no de. (1 Samuel 13:8-14; 15:8-19) Wɔde kwata bɔɔ Ɔhene Usia sɛ ofi ahantan mu gyee asɔfo adwuma yɛe nti. (2 Beresosɛm 26:16-21) Bere a wɔde apam adaka no rekɔ Yerusalem na anka anantwi a wɔretwe teaseɛnam no reyɛ aka ato fam no, Onyankopɔn bɔɔ Usa kum no sɛ wankyerɛ obu na osoo Adaka no mu sɛ ɔreteɛ asi hɔ yiye no. (2 Samuel 6:6, 7) Enti sɛ yennim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ anaasɛ yennim sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ biribi a, ɛsɛ sɛ yɛda ahobrɛase adi na yebisa wɔn a wɔwɔ nhumu. (Mmebusɛm 11:2; 13:10) Nokwarem no, sɛ yɛada ahantan adi pɛn a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae ma ɔde firi yɛn na yɛsrɛ ne mmoa na yɛakwati sɛ yɛbɛyɛ ahantan daakye.

17. Ɔkwan bɛn so bɔne a wɔde hintaw no betumi aka obi, nanso ɔkwan bɛn so na obetumi anya fafiri ne ahotɔ?

17 Bɔne a wɔde hintaw betumi ahaw yɛn. Sɛnea Dwom 32:1-5 kyerɛ no, Dawid bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne bɔne behintaw, nanso ɔkae sɛ: “Mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.” Mmɔden a Dawid bɔe sɛ ɔbɛhyɛ n’ahonim a ebu no fɔ so no maa ogurowee, na ahohia maa n’ahoɔden so tewee te sɛnea dua bi mu nsu yow wɔ ɔpɛ anaa ahohuru bere mu ɔhyew mu no. Ɛda adi sɛ ɛhaw no wɔ adwenem ne honam fam na n’ani anye esiane sɛ wanka ne bɔne nti. Na ne bɔne a ɔbɛka akyerɛ Onyankopɔn no nkutoo na ɛbɛma wanya fafiri ne ahotɔ. Dawid kae sɛ: “[Anigye] ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so. . . . Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” Mmoa a Kristofo mpanyimfo fi ɔdɔ mu de ma no betumi aboa obi ma ne ho atɔ no.​—Mmebusɛm 28:13; Yakobo 5:13-20.

18. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ nea efi bɔne mu ba no betumi atra hɔ bere tenten, nanso dɛn na ebetumi ama awerɛkyekye wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ mu?

18 Nea efi bɔne mu ba no betumi atra hɔ bere tenten. Ɛbaa saa wɔ Dawid a ɔne Batseba sɛee aware, ɔma wokum ne kunu, na ɔwaree okunafo a wanyinsɛn no fam. (2 Samuel 11:1-27) Ɛwom sɛ esiane Ahenni apam no, Dawid ahonu, ne sɛnea ohuu afoforo mmɔbɔ no nti, Onyankopɔn huu no mmɔbɔ, nanso ohuu ‘bɔne a ɛsɔree wɔ ne fi baa ne so’ mu amane. (2 Samuel 12:1-12) Ɔba a ofii awaresɛe yi mu bae no wui. Dawid ba Amnon too n’agya babea Tamar mmonnaa na ne nuabarima Absalom ma wokum Amnon. (2 Samuel 12:15-23; 13:1-33) Absalom guu Dawid anim ase denam Dawid yefamnom a ɔne wɔn dae no so. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa ahenni no adi so nanso wokum no. (2 Samuel 15:1-18:33) Nneɛma da so ara fi bɔne mu ba. Sɛ nhwɛso no, ebia obi a ɔyɛ bɔne ma wotu no no bɛkyerɛ ahonu ma wɔasan agye no wɔ asafo no mu, nanso ebegye mfe pii ansa na wadi ne din a ɛho agu fi ne nkate mu yawdi a efi bɔne mu ba no so nkonim. Enti, hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebenya Yehowa fafiri na ne daapem abasa no awowaw yɛn!

Wɔagye Yɛn Afi Nneɛma a Ɛhyɛ Yɛn So No Mu

19. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn bere a yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den no?

19 Sɛ yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, ebetumi aba sɛ yerennya nyansa ne ahoɔden a ɛdɔɔso a yɛde besi gyinae bi na yɛadi ho dwuma. Sɛ ɛba saa a, Onyankopɔn honhom no “boa yɛn yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɛ no, yennim, nanso honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn.” (Romafo 8:26) Sɛ Yehowa ma nsakrae ba yɛn nsɛm tebea mu a, ɛsɛ sɛ yɛde ho aseda ma. Nanso ne basa betumi agye yɛn wɔ ɔkwan foforo so. Sɛ yɛbɔ mpae srɛ nyansa a, Yehowa nam ne honhom so betumi akyerɛ yɛn nea yɛnyɛ na wama yɛn ahoɔden a yehia na yɛde ayɛ. (Yakobo 1:5-8) Ɛnam ne mmoa so no, yebetumi agyina bere a ‘wɔhow yɛn werɛ wɔ sɔhwɛ ahorow mu’ no na yɛanya gyidi a wɔasɔ ahwɛ na wɔahyɛ no den afi mu.​—1 Petro 1:6-8.

20. Sɛ yɛma Yehowa daapem abasa no wowaw yɛn ampa a, dɛn na yebenya?

20 Ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ wɔ Onyankopɔn a yɛbɛkɔ akɔdan no wɔ mpaebɔ mu no mu da. Dawid kae sɛ: “M’ani hwɛ [Yehowa] daa, na ɔno na obeyi me nan afi afiri mu. Dan w’ani hwɛ me, na dom me, na meyɛ ankonam, na meyɛ mmɔbɔ. Me koma mu ahohia so, yi me fi m’ahokyere mu. Hwɛ m’amane ne m’ahometew, na fa me bɔne nyinaa firi me.” (Dwom 25:15-18) Te sɛ Dawid no, sɛ yɛma Yehowa daapem abasa no wowaw yɛn ampa a, yebenya ɔsoro ogye, ɔdom, ne fafiri.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ adwenemhaw ho nsɛm a ɛwɔ October 22, 1987, Awake!, nkratafa 2-16, ne November 8, 1987, Awake!, nkratafa 12-16 mu no.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa ne nkoa a wɔyare?

◻ Sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yebegyina adwenemhaw ano a, dɛn na ebetumi aboa yɛn?

◻ Dɛn na ebetumi aboa ma ɔdɔfo bi wu ho awerɛhodi ano abrɛ ase?

◻ Wɔn a wɔde wɔn bɔne hintaw no bɛyɛ dɛn na wɔanya ahotɔ?

◻ Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ ma Yehowa nkurɔfo bere a wohyia sɔhwɛ a emu yɛn den no?

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Yebetumi anya awerɛkyekye afi owusɔre anidaso no mu te sɛ nea Hiob a osuro Onyankopɔn no nyae no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena