Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 9/15 kr. 21-23
  • So Wubu Onyankopɔn Sɛ Obi Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubu Onyankopɔn Sɛ Obi Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Kyerɛwnsɛm No
  • Fi Koma Mu Bɔ Mpae Daa
  • Hwɛ Abɔde
  • Wo ne Yehowa Nnantew
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae Daa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Onyankopɔn Betie Me Mpaebɔ?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 9/15 kr. 21-23

So Wubu Onyankopɔn Sɛ Obi Ankasa?

SƐ NSƐM akɛse toto wo a, so wobɛn Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu ntɛm ara? Sɛ ɛte saa a, so wote nka sɛ wo ne obi ankasa na ɛrekasa?

Bere a na Yesu Kristo reka ne soro Agya no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Nea ɔsomaa me no yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.” (Yohane 7:28, NW) Yiw, Yehowa Nyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na bɔ a yɛbɛbɔ no mpae no te sɛ yɛn adamfo paa a yɛkɔ ne hɔ kɔhwehwɛ mmoa ne afotu. Nokwarem no, sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ ɛne Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛfa mpaebɔ a wotie ho no hyia. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu bɔ “mpaebɔ tiefo” no mpae denam ne Ba, Yesu Kristo so.—Dwom 65:2; 138:6; Yohane 14:6.

Ebia ebinom bɛte nka sɛ esiane sɛ yentumi nhu Onyankopɔn nti, ɔnyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Wɔ wɔn fam no, ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn nte ase. Ɛtɔ da bi mpo a, ebetumi ayɛ den ama Kristofo binom a wɔasua Onyankopɔn su horow a ɛyɛ nwonwa ho ade no sɛ wobegye atom sɛ ɔwɔ hɔ ankasa. So ɛte saa wɔ wo fam? Sɛ ɛte saa a, ɛdɛn na ebetumi aboa wo na ama woabu Yehowa Nyankopɔn sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa?

Sua Kyerɛwnsɛm No

So wusua Kyerɛw Kronkron no bere nyinaa? Dodow a woyɛ wo Bible adesua fefeefe no, dodow no ara na wuhu Yehowa Nyankopɔn sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Sɛ woyɛ saa a, wo gyidi bɛyɛ den, wubetumi ‘ahu nea wonhu no no.’ (Hebrifo 11:6, 27) Ɔkwan foforo so no, Bible no sua a wobɛtoto mu no ntumi mma wo gyidi nyɛ den ahe biara.

Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Fa no sɛ oduruyɛfo a ɔhwɛ wo aka akyerɛ wo sɛ fa srade bi sra ntwom a ɛtaa gu wo no mu da biara mprenu. So ntwom a agu wo ho no bɛkɔ, sɛ wode srade no sra mu pɛnkoro anaa mprenu ɔsram biara a? Ɛrenkɔ. Saa ara na odwontofo no de “akwankyerɛ” a ɛbɛma yɛanya honhom fam ahoɔden ma yɛn. Kenkan Onyankopɔn Asɛm “komm awia ne anadwo.” (Dwom 1:1, 2, NW) Sɛ yɛpɛ sɛ yenya mu mfaso pii a, ehia sɛ yedi “akwankyerɛ” no akyi da biara—yesusuw Onyankopɔn Asɛm ho denam Kristofo nhoma horow so.—Yosua 1:8.

So wopɛ sɛ woma bere a wode sua ade no yɛ nea ɛhyɛ gyidi den kɛse? Nyansahyɛ bi ni: Bere a woakenkan ti bi wɔ New World Translation of the Holy Scriptures anaa Bible foforo a wɔtwe adwene si kyerɛw nsɛm afoforo so wom awie no, paw nkyekyem bi a w’ani gye ho na hwehwɛ kyerɛw nsɛm a ɛtwe adwene si so no. Eyi bɛma w’adesua atu mpɔn na akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye sɛnea abirabɔ nni Bible mu nsɛm mu no ho. Afei nso, eyi bɛma ne Kyerɛwfo, Yehowa Nyankopɔn ayɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa ama wo.

Kyerɛw nsɛm afoforo a wɔtwe adwene si so betumi ama woahu Bible nkɔmhyɛ ahorow ne ne mmamu nso. Ebia wunim Bible nkɔmhyɛ atitiriw te sɛ nea ɛfa sɛe a na Babilonfo bɛsɛe Yerusalem ho no. Nanso, nkɔmhyɛ ahorow a edi nsɛ ne ne mmamu wɔ Bible no mu. Eyinom mu bi nyɛ nea afoforo nim no pii.

Sɛ nhwɛso no, kenkan nkɔmhyɛ a ɛfa asotwe a na wobenya afi Yeriko a wɔbɛsan akyekye mu no ne ne mmamu ho. Yosua 6:26 ka sɛ: “Na Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekye Yeriko kurow yi, [Yehowa, NW] anim: ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ ase, na ɔde ne ba akumaa na ebesisi ano apon.” Enyaa ne mmamu mfe 500 akyi efisɛ yɛkenkan wɔ 1 Ahene 16:34: sɛ: “[Ɔhene Ahab] bere so na Bet-Elni Hiel kyekyee Yeriko; n’abakan Abiram na ɔde no hyɛɛ ase, na ne ba kumaa Segub na ɔde no sisii ano apon, sɛ [Yehowa, NW] asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kae no.”a Ɛyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ ankasa nkutoo na obetumi ama wɔahyɛ nkɔm a ɛtete sɛɛ na wahwɛ ma anya mmamu.

Bere a worekenkan Bible no, ebia wobɛpɛ sɛ wuhu asɛm bi mu yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia wobɛpɛ sɛ wubehu mfe dodow a egyee ansa na nkɔmhyɛ bi renya ne mmamu. Sɛ anka wubebisa obi ara kɛkɛ no, adɛn nti na w’ankasa mmɔ mmɔden nhwehwɛ? Fa akontaabu pon ne nhoma a wɔde sua Bible yere wo ho hwehwɛ mmuae no te sɛ nea wohwehwɛ asase mfonini a ɛkyerɛ baabi a ademude bi wɔ no. (Mmebusɛm 2:4, 5) Mmuae no a wubehu no bɛma wo gyidi ayɛ den kɛse na ɛbɛma Yehowa Nyankopɔn ayɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa ama wo.

Fi Koma Mu Bɔ Mpae Daa

Mmu hia a mpaebɔ ne gyidi hia no adewa. Yesu asuafo no de adesrɛ yi too n’anim tee sɛ: “Ma yennya gyidi pii.” (Luka 17:5 NW) Sɛ wummu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a, adɛn nti na wommɔ mpae mmisa no gyidi pii? Fi ahotoso mu bɔ wo soro Agya no mpae sɛ ɔmmoa wo mma wunhu no sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.

Sɛ biribi rehaw w’adwene a, gye bere a ɛfata na fi koma mu ka ho asɛm kyerɛ W’adamfo a ɔwɔ soro no. Bere a na Yesu rebewu no, ɔbɔɔ mpae denneennen. Ɛwom sɛ ɔkasa tiaa mpae tenten a nyamesomfo bɔ wɔ baguam no de, nanso ɔbɔɔ mpae anadwo mu nyinaa wɔ kokoam ansa na ɔrepaw n’asomafo 12 no. (Marko 12:38-40; Luka 6:12-16) Yebetumi asua biribi afi odiyifo Samuel maame Hana hɔ nso. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ onya ɔbabarima nti, ‘ɔbɔɔ Yehowa mpae daa.’—1 Samuel 1:12.

Asuade titiriw bɛn na ɛwɔ eyinom nyinaa mu? Sɛ wopɛ sɛ wunya wo mpaebɔ ho mmuae a, ɛsɛ sɛ wufi koma mu bɔ mpae a emu yɛ den daa—a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia ankasa. (Luka 22:44; Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:17; 1 Yohane 5:13-15) Eyi a wobɛyɛ no bɛboa ma woahu Onyankopɔn sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.

Hwɛ Abɔde

Mfoniniyɛfo dwumadi betumi ada ne nipasu adi. Saa pɛpɛɛpɛ na amansan no Yɛfo ne ne Bɔfo, Yehowa, “su a wonhu” no da adi pefee wɔ nneɛma a ɔbɔe no mu. (Romafo 1:20) Sɛ yɛhwɛ Yehowa nsaano adwuma yiye a, yehu ne nipasu yiye, ma enti ɔbɛyɛ obi ankasa a ɔwɔ hɔ ma yɛn yiye.

Sɛ wohwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ no yiye a, w’ani betumi agye su horow a ɔwɔ no ho yiye. Sɛ nhwɛso no, nsɛm a ɛfa nnomaa akwantu ho no betumi ama woanya Yehowa nyansa ho anisɔ kɛse. Sɛ wokenkan amansan no ho nsɛm a, wubetumi ahu sɛ nsorommakuw a wɔfrɛ no Milky Way a egye mfe 100,000 ansa na hann atumi atwa ho ahyia no yɛ nsorommakuw ɔpepepem pii a ɛwɔ ahunmu no mu biako pɛ. So ɛno mma w’ani nnye nyansa a Ɔbɔadeɛ no wɔ ankasa no ho?

Nokwarem no, Yehowa nyansa yɛ paara! Nanso ɛno kyerɛ dɛn ma wo? Yiw, ɛyɛ nokware sɛ ɔhaw ahorow a yɛn mu biara de kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu no ntumi nkyere n’adwene. Yiw, abɔde ho nimdeɛ kakraa bi mpo betumi ama woahu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.

Wo ne Yehowa Nnantew

So w’ankasa betumi ahu wɔ a Yehowa wɔ hɔ ankasa no? Yiw, sɛ wote sɛ tete agya nokwafo Noa a. Ɔyɛɛ osetie maa Yehowa bere nyinaa araa ma na wobetumi aka sɛ: “Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.” (Genesis 6:9) Noa bɔɔ ne bra te sɛ nea ɔne Yehowa na ɛwɔ hɔ. Onyankopɔn betumi ayɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa ama wo.

Sɛ wo ne Onyankopɔn na ɛrenantew a, ɛnde wugye Kyerɛwnsɛm mu bɔhyɛ ahorow di na woyɛ w’ade ma ɛne no hyia. Sɛ nhwɛso no, wugye Yesu nsɛm yi di: “Monkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan; na wɔde nneɛma afoforo [honam fam ahiade] yi nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:25-33, NW) Nokwarem no, ebia Yehowa mfa nea wuhia nyinaa mma wo sɛnea wopɛ no. Nanso, sɛ wobɔ mpae ma Onyankopɔn boa wo a, ɔbɛyɛ te sɛ obi ankasa a ogyina wo nkyɛn.

Abusuabɔ pa a obi ne Yehowa wɔ yi mu yɛ den bere a ɔkɔ so ne Onyankopɔn nantew no. Susuw Manuela, Ɔdansefo a ɔka Spania kasa a wahyia sɔhwɛ pii no ho. Ɔka sɛ: “Mede nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 18:10 no di dwuma bere biara a mahaw anaa biribi hia me no. Meyɛ no ntɛm kɔ Yehowa hɔ kɔhwehwɛ mmoa. Wakɔ so ayɛ ‘m’aban dennen’ bere nyinaa.” Manuela betumi aka eyi wɔ mfe 36 a ɔde ne ho ato Yehowa so ma waboa no ho.

So afei na woafi ase renya Yehowa mu ahotoso? Mpa abaw, sɛ abusuabɔ a wo ne no wɔ no nnya nyɛɛ sɛnea wopɛ a. Ma wo daa asetra nyɛ sɛ obi a wo ne Onyankopɔn renantew. Bere a wudi nokware wɔ w’asetram no, wubetumi abɛn Yehowa yiye.—Dwom 25:14; Mmebusɛm 3:26, 32.

Ɔkwan foforo a wubetumi ne Onyankopɔn anantew ne sɛ wode wo ho bɛhyɛ ne som mu denneennen. Sɛ woyɛ Ahenni asɛnka adwuma no bi a, woyɛ Yehowa adwumayɛboafo. (1 Korintofo 3:9) Eyi a wubetumi ahu no boa ma Onyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa ma wo.

Odwontofo no de nkuranhyɛ ma sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” (Dwom 37:5) Mma wo werɛ mmfi da sɛ wode adesoa anaa adwennwen biara a wowɔ no bɛto Onyankopɔn so. Hwehwɛ mmoa ne akwankyerɛ fi ne hɔ bere nyinaa. Sɛ wufi mpaebɔ mu de wo ho to Yehowa Nyankopɔn so na wunya ne mu gyidi kɛse bere nyinaa a, wubehu sɛ wowɔ ahobammɔ efisɛ wunim sɛ ɔrennyaw wo. So wunya ahotoso bere a wode nea ɛhaw wo reto Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu no? Wubetumi anya—sɛ Onyankopɔn yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa ma wo a.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛdefa nhwɛso foforo ho no, kenkan Yeroboam afɔremuka a wɔkaa ho asɛm too hɔ sɛ wobegu ho fĩ no ho asɛm wɔ 1 Ahene 13:1-3. Afei hyɛ ne mmamu a wɔakyerɛw wɔ 2 Ahene 23:16-18 no nsow.

[Kratafa 21 mfonini]

Ma bere a wode sua ade no nyɛ nea ɛhyɛ gyidi den

[Kratafa 22 mfonini]

Gye bere bɔ mpae a emu yɛ den daa

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Hwɛ sɛnea Onyankopɔn su horow da adi wɔ abɔde mu no

[Nsɛm Fibea]

Hummingbird: U.S. Fish and Wildlife Service, Washington, D.C./Dean Biggins; stars: Photo: Copyright IAC/RGO 1991, Dr. D. Malin et al, Isaac Newton Telescope, Roque de los Muchachos Observatory, La Palma, Canary Islands

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena