Yehowa Mpow Koma a Abubu
“Onyankopɔn afɔre ne honbom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.”—DWOM 51:17.
1. Yehowa bu n’asomfo a wɔyɛ bɔne a anibere wom nanso wonu wɔn ho no dɛn?
YEHOWA betumi ‘de omununkum akata ne ho, na mpaebɔ amfa mu annu.’ (Kwadwom 3:44) Nanso ɔpɛ sɛ ne nkurɔfo tumi ba ne nkyɛn. Sɛ n’asomfo no mu biako yɛ bɔne a anibere wom mpo na sɛ onu ne ho a, yɛn soro Agya no kae papa a onnii no ayɛ. Enti ná ɔsomafo Paulo betumi aka akyerɛ mfɛfo Kristofo sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.”—Hebrifo 6:10.
2, 3. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo susuw ho bere a wɔne mfɛfo gyidifo a wɔyɛ bɔne redi no?
2 Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo nso susuw mfe dodow a mfɛfo gyidifo de asom Onyankopɔn nokwaredi mu no ho. Wɔn a wɔayɛ mfomso bi anaasɛ wɔayɛ bɔne a anibere wom na wɔanu wɔn ho ɔsom kronn nso ka eyi ho. Kristofo nguanhwɛfo hwehwɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nguankuw no mu nyinaa honhom mu yiyedi.—Galatifo 6:1, 2.
3 Ɔbɔnefo a wanu ne ho hia Yehowa mmɔborohunu. Nanso pii ho hia. Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 51:10-19 no da eyi adi.
Koma a Emu Tew Ho Hia
4. Dɛn nti na Dawid bɔɔ mpae srɛɛ koma a emu tew ne honhom foforo?
4 Yehowa mmɔborohunu ne fafiri akyi no, dɛn na Kristoni a wahyira ne ho so a ɔwɔ honhom mu tebea a enye mu esiane bɔne nti no behia? Wiɛ, Dawid srɛe sɛ: “Bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dwom 51:10) Ɛda adi s[ Dawid bisaa eyi efisɛ ohui sɛ nkate a emu yɛ den a etumi ma wɔyɛ bɔne a anibere wom no da so ara wɔ ne koma mu. Ebia yɛnyɛɛ bɔne ahorow a esum Dawid afiri wɔ Bat-Seba ne Uria ho no bi de, nanso yehia Yehowa mmoa na ama yɛakwati sɛ yebegyae yɛn ho mu ama nneyɛe bɔne a anibere wom ho sɔhwɛ. Afei nso, ebia yɛn ankasa yebehia ɔsoro mmoa na ama yɛayi su bɔne te sɛ anibere ne nitan afi yɛn komam—nsɛmmɔnedi a ɛte sɛ korɔnbɔ ne awudi.—Kolosefo 3:5, 6; 1 Yohane 3:15.
5. (a) Dɛn na koma a emu tew a obi benya no kyerɛ? (b) Dɛn na na Dawid hwehwɛ bere a ɔsrɛɛ honhom foforo no?
5 Yehowa hwehwɛ sɛ ne nkoa nya “koma a emu tew,” kyerɛ sɛ, adwene ne nsusuwii a ɛho tew. Bere a Dawid hui sɛ wanna ahotew a ɛte sɛɛ adi no, ɔbɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn ntew ne komam, na ɔmma ɛne ɔsoro gyinapɛn ahorow nhyia. Ná odwontofo no hwehwɛ honhom anaa nsusuwii foforo a ɛteɛ nso. Ná ohia honhom a ɛbɛboa no ma wagyina sɔhwɛ ano na wabata Yehowa mmara ne nnyinasosɛm ahorow ho pintinn.
Honhom Kronkron Ho Hia
6. Dɛn nti na Dawid srɛe sɛ Yehowa nnyi ne honhom kronkron no mmfi no so?
6 Sɛ yɛn mfomso ahorow anaa bɔne ama yɛn abam abu a, yebetumi ate nka sɛ Onyankopɔn rebɛpow yɛn na wayi ne honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no afi yɛn so. Dawid tee nka saa, efisɛ ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Ntow me mfi w’anim nkyene, na nyi wo honhom kronkron mfi me so.” (Dwom 51:11) Ɔhobrɛasefo Dawid a wanu ne ho no tee nka sɛ ne bɔne ahorow no ama ɔmfata sɛ ɔsom Yehowa. Onyankopɔn anim a ɔbɛto no afi akyene no kyerɛ n’anim dom, n’awerɛkyekye, ne ne nhyira a ɔbɛhwere. Ná Dawid behia Yehowa honhom kronkron na ama wanya honhom mu nsiesiei. Sɛ honhom kronkron no wɔ ɔhene no so a, obetumi abisa ɔsoro akwankyerɛ wɔ mpaebɔ mu ama wasɔ Yehowa ani, watumi akwati bɔne, na ɔde nyansa adi ade. Dawid hui sɛ wayɛ honhom kronkron Mafo no bɔne no, obisa ma ɛfatae sɛ Yehowa nnyi mmfi no so.
7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ honhom kronkron no na yɛkwati sɛ yɛbɛhow ne werɛ?
7 Yɛn nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ honhom kronkron no na yɛkwati sɛ yɛbɛhow ne werɛ denam n’akwankyerɛ a yɛbɛpow so. (Luka 11:13; Efesofo 4:30) Sɛ ɛnte saa a, yebetumi ahwere honhom no na yentumi nsow n’aba a Onyankopɔn de ma a ɛne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi no. Sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne tia Yehowa Nyankopɔn a yennu yɛn ho titiriw a, na obeyi ne honhom afi yɛn so.
Nkwagye mu Anigye
8. Sɛ yɛyɛ bɔne nanso yɛpɛ nkwagye mu anigye a, dɛn na ehia sɛ yenya?
8 Ɔbɔnefo a wanu ne ho a onya honhom mu nsiesiei no betumi anya anigye wɔ Yehowa ogye nsiesie no mu bio. Dawid kɔn dɔɔ eyi no, ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ma minnya wo nkwagye mu anigye bio, na fa honhom a ɛpɛ dom me.” (Dwom 51:12, New World Translation) Abotɔyam bɛn ara na ɛyɛe sɛ onyaa anigye wɔ nkwagye anidaso a enni huammɔ a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ no mu sɛɛ yi! (Dwom 3:8) Dawid yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn akyi no, obisae sɛ Ɔmma no nkwagye mu anigye bio. Akyiri yi nna mu no, Yehowa yɛɛ nkwagye ho nsiesiei denam ne Ba Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so. Sɛ yɛyɛ bɔne a anibere wom, sɛ́ Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so, na sɛ yɛpɛ nkwagye mu anigye a, ɛsɛ sɛ yenya ahonu su, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakwati sɛ yɛbɛyɛ bɔne atia honhom kronkron no.—Mateo 12: 31, 32; Hebrifo 6:4-6.
9. Dɛn na na Dawid rebisa bere a ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa ‘honhom a ɛpɛ’ mmoa no no?
9 Dawid srɛe sɛ Yehowa mfa “honhom a ɛpɛ” mmoa no. Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ ɔpɛ a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔbɛboa anaa ne honhom kronkron no ho asɛm na ɔka, na mmom Dawid adwene nsusuwii a ɛkanyan no no. Ná Dawid pɛ sɛ Onyankopɔn de honhom a ɛpɛ na ɛbɛma wayɛ nea ɛteɛ na wankɔ bɔne mu bio ma no de boa no. Yehowa Nyankopɔn kɔ so boa ne nkoa, na ɔma wɔn a sɔhwɛ ahorow abrɛ wɔn ase no so. (Dwom 145:14) Awerɛkyekye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yebehu eyi, titiriw sɛ yɛayɛ bɔne, nanso yɛanu yɛn ho na yɛpɛ sɛ yɛkɔ so som Yehowa nokwarem daa a!
Ɔbɛkyerɛ Mmaratofo Dɛn?
10, 11. (a) Ná Dawid betumi akyerɛ Israelfo mmaratofo dɛn? (b) Ná ɛsɛ sɛ Dawid ankasa yɛ dɛn ansa na watumi akyerɛkyerɛ abɔnefo?
10 Ná Dawid pɛ sɛ sɛ Onyankopɔn ma kwan a, ɔyɛ biribi de kyerɛ Yehowa mmɔborohunu ho anisɔ na ɔboa afoforo, a pɛsɛmenkominya nnim. Wɔ mpae a ɔhene a wanu ne ho no bɔɔ Yehowa no mu nsɛm mu no, ɔtoaa so kae sɛ: “Mɛkyerɛ mmaratofo w’akwan, na nnebɔneyɛfo adan aba wo nkyɛn.” (Dwom 51:13) Ná ɔbɔnefo Dawid bɛyɛ dɛn akyerɛ mmaratofo Onyankopɔn Mmara? Ná dɛn na ɔbɛka akyerɛ wɔn? Ná adepa bɛn na ebetumi afi eyi mu aba?
11 Sɛ Dawid rekyerɛ Israel mmaratofo Yehowa akwan de adan wɔn afi wɔn akwammɔne so a, na obetumi atwe adwene asi sɛnea bɔne nye, nea ahonu kyerɛ, ne sɛnea wobenya Onyankopɔn mmoborohunu so. Akyinnye biara nni ho sɛ ná Dawid a wadi Yehowa anim dom a ɔhweree ne ahonim a ɛhaw no ho yaw no bɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo mmɔborohunufo ama abɔnefo a wɔanu wɔn ho a wɔn koma abubu. Nokwarem no, sɛ obetumi de ne nhwɛso no akyerɛkyerɛ afoforo a, na ɛsɛ sɛ n’ankasa di kan gye Yehowa gyinapɛn ahorow tom, na onya Ne hɔ fafiri, efisɛ wɔn a wɔpow sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ ɔsoro ahwehwɛde ahorow ase no nni hokwan biara sɛ ‘wɔka Onyankopɔn ahyɛde.’—Dwom 50:16, 17.
12. Mfaso bɛn na Dawid nya fii nim a na onim sɛ Yehowa agye no afi mogya ho fɔdi mu no so?
12 Dawid retĩ ne tirimbɔ ahorow no mu ɔkwan foforo so no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn me nkwagye Nyankopɔn, gye me fi mogya ho fɔ mu, na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom.” (Dwom 51:14) Nea efi mogya ho fɔdi mu ba ne owu afobu. (Genesis 9: 5, 6) Enti ná nim a Dawid nim sɛ ne nkwagye Nyankopɔn no agye no afi mogya ho sõ a ɛfa Uria ho no bɛma wanya adwene ne koma mu asomdwoe. Afei de ná ne tɛkrɛma betumi ato Onyankopɔn trenee ho anigye dwom, ɛnyɛ ne de. (Ɔsɛnkafo 7:20; Romafo 3:10) Ná Dawid ntumi mpopa ne brasɛe no anaa ɔmma Uria mfi adamoa mu mma, sɛnea nnɛyi nipa biara ntumi mma obi a ɔde no akɔ ɔbrasɛe mu nsa nka n’abrabɔ pa dedaw no anaasɛ ontumi nyan obi a wakum no no. Sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ a, so ɛnsɛ sɛ yesusuw ɛno ho anaa? Na ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa mmɔborohunu a ɔda no adi kyerɛ yɛn wɔ trenee mu no dɛn ara! Nokwarem no, ɛsɛ sɛ anisɔ ka yɛn ma yɛdan afoforo adwene kɔ trenee ne fafiri Fibea no hɔ.
13. Tebea ahorow bɛn mu nkutoo na ɔbɔnefo betumi abue n’ano yiye ayi Yehowa ayɛ?
13 Ɔbɔnefo biara nni hɔ a obetumi abue n’ano yiye ayi Yehowa ayɛ, gye sɛ, sɛnea yɛbɛka no no, Onyankopɔn fi mmɔborohunu mu bue ma no ma ɔka Ne nokware ahorow. Enti Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa], bue m’ano, na mede m’ano maka w’ayeyi.” (Dwom 51:15) Esiane sɛ ná Onyankopɔn de afiri Dawid ama n’ahonim agyae no haw nti, na ɛbɛka no ma wakyerɛ mmaratofo Yehowa akwan, na na obetumi ayi No ayɛ ahofadi mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn bɔne afiri wɔn te sɛ Dawid no nyinaa ani sɔ Yehowa ɔdom a ɔkyerɛ ma wɔn no, na ɛsɛ sɛ wɔde hokwan biara a wobenya ka Onyankopɔn nokware no kyerɛ na ‘wɔka n’ayeyi.’—Dwom 43:3.
Afɔrebɔ Ahorow a Wɔbɔ ma Onyankopɔn a Ɛsɔ Ani
14. (a) Afɔrebɔ ahorow bɛn na Mmara apam no hwehwɛe? (b) Dɛn nti na ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebesusuw sɛ yebetumi ayɛ nnepa bi apata bɔne a yɛkɔ so yɛ?
14 Dawid nyaa nhumu a ɛmu dɔ a ɛma ɔkae sɛ: “Na [Yehowa] wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyew afɔre nsɔ w’ani.” (Dwom 51:16) Ná Mmara apam no hwehwɛ sɛ wɔde mmoa bɔ afɔre ma Onyankopɔn. Nanso ná wontumi mfa afɔrebɔ a ɛte sɛɛ mpata Dawid bɔne ahorow a ɛne awaresɛe ne awudi, a ɛho asotwe ne owu no. Ɛnte saa a, anka ɔbɛyɛ nea obetumi biara de mmoa abɔ afɔre ama Yehowa. Sɛ ahonu a efi komam nni hɔ a, afɔrebɔ yɛ ɔkwa. Enti ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebesusuw sɛ yebetumi ayɛ nnepa bi de apata bɔne a yɛkɔ so yɛ.
15. Obi a wahyira ne ho so a ne koma abubu su te dɛn?
15 Dawid de kaa ho sɛ: “Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempow.” (Dwom 51:17) Ɔbɔnefo a wanu ne ho fam no, “Onyankopɔn afɔre” a ɛsɔ ani “ne honhom a abubu.” Onipa a ɔte saa no mmpem sawere. Obi a wahyira ne ho so a ne honhom abubu no di yaw kɛse wɔ ne komam wɔ ne bɔne ho, Onyankopɔn anim dom a ohu sɛ onni no brɛ no ase, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribiara a ɛbɛma wanya ɔsoro mpeneso bio. Yentumi mfa biribiara a ɛsom bo mma Onyankopɔn, gye sɛ yenu yɛn ho fi yɛn bɔne ahorow ho na yɛde yɛn koma ma no wɔ ɔsom a edi mu mu.—Nahum 1:2.
16. Onyankopɔn bu obi a ne koma abubu wɔ ne bɔne ho dɛn?
16 Onyankopɔn mpow afɔrebɔ te sɛ koma a abubu na apɛtɛw. Enti ɛmfa ho sɛ nsɛnnennen bɛn ara na yɛhyia sɛ ne nkurɔfo no, mommma yɛmmma abasamtu kwan. Sɛ yɛahintiw wɔ nkwa kwan no so wɔ ɔkwan a ɛma yɛn koma hwehwɛ ɔsom mmɔborohunu a, mommma yɛmmpa abaw. Sɛ yɛayɛ bɔne a anibere wom mpo na yɛanu yɛn ho a, Yehowa remmu yɛn koma a abubu no animtiaa. Obegyina Kristo agyede afɔrebɔ no so de afiri yɛn na ɔde yɛn aba Ne dom ase bio. (Yesaia 57:15; Hebrifo 4:16; 1 Yohane 2:1) Nanso te se Dawid no, ɛsɛ yɛbɔ mpae srɛ ɔsoro mpeneso a yebenya bio na ɛnyɛ animka anaa nteɛso a ehia a yɛbɛkwati. Onyankopɔn de firii Dawid nanso ɔteɛɛ no so nso.—2 Samuel 12:11-14.
Ɔsom Kronn a Eho Behia Yɛn
17. Onyankopɔn hɔ fafiri a abɔnefo srɛ akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?
17 Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yɛayɛ bɔne a anibere wom bi a, ɛbɛhaw yɛn kɛse, na ahonu koma bɛka yɛn ma yɛasrɛ Onyankopɔn hɔ fafiri. Nanso momma yɛmmɔ mpae mma afoforo nso. Ɛwom sɛ Dawid hwɛɛ kwan sɛ ɔbɛsan de ɔsom a ɛsɔ ani ama Onyankopɔn de, nanso ne werɛ amfi afoforo pɛsɛmenkominya kwan so wɔ ne dwom no mu. Yehowa hɔ adebisa yi ka ho: “Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yiye; to Yerusalem afasu.”—Dwom 51:18.
18. Dɛn nti na Dawid a wanu ne ho no bɔɔ mpae maa Sion?
18 Yiw, Dawid hwɛɛ kwan sɛ ne nsa bɛsan aka ɔsoro dom. Nanso, ná ɛyɛ odwontofo ɔhobrɛasefo no mpaebɔ sɛ ‘ɛbɛyɛ Onyankopɔn fɛ sɛ ɔbɛyɛ Sion,’ Israel ahenkurow, Yerusalem, a na David pɛ sɛ osi Nyankopɔn asɔrefi wɔ hɔ no ‘yiye.’ Ná Dawid bɔne ahorow a anibere wom no aka ɔman mũ no nyinaa, efisɛ na nkurɔfo no nyinaa betumi ahu amane esiane ɔhene no bɔne no nti. (Fa toto 2 Samuel, ti 24 ho.) Nokwarem no, ne bɔne ahorow no maa “Yerusalem afasu” no yɛɛ mmerɛw, ma enti ná ehia sɛ wɔsan si.
19. Sɛ yɛayɛ bɔne ma wɔde afiri yɛn a, dɛn na ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae?
19 Sɛ yɛayɛ bɔne bi a anibere wom nanso Onyankopɔn de afiri yɛn a, ɛbɛfata sɛ yɛbɔ mpae ma ɔkwan bi so no, osiesie nea yɛn bɔne no sɛee no biara. Ebia yɛde ahohorabɔ baa ne din kronkron no so, yɛmaa asafo no yɛɛ mmerɛw, na ebia yɛde awerɛhow baa yɛn abusua so. Yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no betumi ayi ahohorabɔ biara a aba ne din so afi hɔ, obetumi de ne honhom kronkron no ahyɛ asafo no den, na obetumi akyekye yɛn adɔfo a wɔdɔ no na wɔsom no no werɛ. Nokwarem no, sɛ́ yɛayɛ bɔne anaa ɛnte saa no, ɛsɛ sɛ Yehowa din ho a ɛbɛtew ne ne nkurɔfo yiyedi ho hia yɛn bere nyinaa.—Mateo 6:9.
20. Tebea ahorow bɛn mu na Yehowa ani begye Israel afɔre ne ayɛyɛde ahorow no ho?
20 Sɛ Yehowa si Sion afasu no a, dɛn na ɛbɛba? Dawid too dwom sɛ: “Ɛno na [Yehowa] bɛpɛ trenee afɔre, ɔhyew afɔre ne afɔre mũ, ɛno na wode anantwinini bɛkɔ w’afɔremuka so.” (Dwom 51:19) Dawid fi komam pɛe sɛ ɔne ɔman no nya Yehowa anim dom sɛnea ɛbɛyɛ na wobetumi asom No ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Ɛno na Onyankopɔn ani begye wɔn hyew afɔre ne afɔre mũ ho. Ɛte saa efisɛ ɛbɛyɛ trenee afɔrebɔ a efi nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so, wodi nokware, ne wɔanu wɔn ho na wɔwɔ Onyankopɔn anim dom hɔ. Wofi Yehowa mmɔborohunu ho anisɔ mu de anantwinini bɛbɔ afɔre wɔ n’afɔremuka so —afɔre a eye na ne bo yɛ den sen biara. Ɛnnɛ, yɛhyɛ Yehowa anuonyam denam nea yɛwɔ mu nea ɛsen biara a yɛde brɛ no so. Na ‘yɛn ano a yɛde yɛ anantwinini’ ka yɛn ayɛyɛde no ho, ayeyi afɔre a yɛde ma Yehowa, yɛn Onyankopɔn mmɔborohunufo no.—Hosea 14:2; Hebrifo 13:15.
Yehowa Te Yɛn Sufrɛ
21, 22. Asuade a mfaso wɔ so ma yɛn bɛn na Dwom 51 kura?
21 Dawid mpaebo a efi komam a wɔakyerɛw wɔ Dwom 51 no kyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛda nokware ahonu honhom adi wɔ bɔne ho. Asuade ahorow pɔtee a mfaso wo so ma yɛn nso wɔ dwom yi mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛyɛ bɔne, nanso yenu yɛn ho a, yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn mmɔborohunu so. Nanso momma ahohorabɔ biara a ebia yɛde aba Yehowa din so no nhia yɛn titiriw. (Nkyekyem 1-4) Te sɛ Dawid no, yebetumi agyina yɛn bɔne a yenya fii awo mu no so asrɛ mmɔborohunu afi yɛn soro Agya no hɔ. (Nkyekyem 5) Ɛsɛ sɛ yedi nokware, ne ehia sɛ yɛhwehwɛ nyanse fi Onyankopɔn hɔ. (Nkyekyem 6) Sɛ yɛayɛ bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa ma ɔtew yɛn ho, ɔma yɛn koma a emu tew ne honhom a ase tim.—Nkyekyem 7-10.
22 Yetumi hu fi Dwom 51 mu nso sɛ ɛnsɛ sɛ yɛsen yɛn kɔn wo bɔne mu. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa beyi ne honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no efi yɛn so. Nanso sɛ Onyankopon honhom wɔ yɛn so a, yebetumi akyerɛ afoforo n’akwan ma ayɛ yiye. (Nkyekyem 11-13) Sɛ yɛyɛ bɔne, nanso yenu yɛn ho a, Yehowa bɛma yɛakɔ so ayi no ayɛ, efisɛ ɔmmpow koma a abubu na apɛtɛw da. (Nkyekyem 14-17) Dwom yi kyerɛ bio sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn mpaebɔ fa yɛn nkutoo ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ nhyira ne honhom mu yiyedi ma wɔn a wonya ɔsom kronn ma Yehowa mu kyɛfa nyinaa.—Nkyekyem 18, 19.
23. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Dwom 51 ka yɛn ma yenya akokoduru ne awerɛhyem?
23 Ɛsɛ sɛ Dawid dwom a ɛka kome yi kanyan yɛn ma yenya akokoduru ne awerɛhyem. Ɛboa yɛn ma yehu sɛ, sɛ yɛhwe bɔne mu mpo a, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ anidaso biara nni ho bio. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yenu yɛn ho a, Yehowa mmɔborohunu betumi agye yɛn afi abasamtu mu. Sɛ yenu yɛn ho na yɛde ahofama a edi mũ ma yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no a, otie yɛn mmɔborohunu ho sufrɛ no. Na awerɛkyekye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yehu sɛ Yehowa mpow koma a abubu!
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na Kristofo hia koma a emu tew ne Onyankopɔn honhom kronkron no?
◻ Dɛn na obi a wanu ne ho betumi akyerɛ wɔn a wɔto Yehowa mmara?
◻ Yehowa bu koma a abubu na apɛtɛw dɛn?
◻ Asuade ahorow bɛn na ɛwɔ Dwom 51 mu?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
So wosrɛ honhon kronkron wɔ mpaebɔ mu, na wokwati sɛ wobɛhow ne werɛ?
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Kyerɛ Yehowa dom a ɛnsɛ yɛn no ho anisɔ denam ne nokware no a wobɛka akyerɛ so