‘Me Kra, Hyira Yehowa’
NANCY ka sɛ: “Wɔ asram kakra a abɛsen yi mu no, me som adwuma akɔ fam, na minni ho anigye.”a Wasom sɛ ɔkwampaefo, bere nyinaa ɔsɛmpakafo bɛyɛ mfe du ni. Afei, ɔde ka ho sɛ: “M’ani nnye nea ɛreba me so no ho. Ɛte sɛ nea meka Ahenni nkrasɛm no bi ne bi a emfi me koma mu ankasa. Dɛn na menyɛ?”
Susuw, Keith, Yehowa Adansefo asafo no mu ɔpanyin bi nso asɛm no ho. Hwɛ sɛnea ne ho dwiriw no bere a ɔtee sɛ ne yere ka sɛ: “Ɛte sɛ nea woredwen biribi ho. Wɔ mpae a wobɔe seesei ara mu no, wodaa ase sɛ woanya aduan, nanso eyi nyɛ adidi bere!” Keith gye tom sɛ: “Mitumi hu sɛ me mpaebɔ ayɛ biribi a emfi koma mu.”
Akyinnye biara nni ho sɛ, wompɛ sɛ ayeyi a wode ma Yehowa Nyankopɔn no bɛyɛ nea anigye nnim, anaasɛ emfi koma mu. Na mmom, wopɛ sɛ efi koma ne anisɔ mu. Nanso, nkate nte sɛ ntama a yebetumi de afura anaa yɛayi agu hɔ. Ɛsɛ sɛ efi obi koma mu? Ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi anya anisɔ wɔ ne koma mu? Dwom a ɛto so 103 no ma yehu asɛm yi mu.
Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete Israel no na ɔhyehyɛɛ Dwom a ɛto so 103 no. Ofii ase sɛ: ‘Me kra, hyira Yehowa, na me mu ade nyinaa nhyira ne din kronkron.’ (Dwom 103:1) Nhoma bi ka sɛ: “Asɛmfua hyira, sɛnea wɔde ka Onyankopɔn ho asɛm no, kyerɛ sɛ wubeyi no ayɛ, anya ɔdɔ a emu yɛ den bere nyinaa, na afei woakyerɛ anisɔ ama no.” Dawid a na ɔpɛ sɛ ofi ne koma mu nyinaa yi Yehowa ayɛ no, ka kyerɛɛ ne kra—ne ho—sɛ, ‘hyira Yehowa.’ Nanso dɛn na ɛmaa Dawid nyaa ɔdɔ a ɛte saa wɔ ne koma mu maa Nyankopɔn a ɔsom no no?
Dawid toa so sɛ: ‘Mma wo werɛ mmfi Yehowa nneyɛe pa nyinaa.’ (Dwom 103:2) Ɛda adi sɛ, wɔde anisɔ a yebenya ama Yehowa no bata anisɔ mu a yebefi adwennwen “ne nneyɛe” ho no ho. Yehowa nneyɛe pɔtee bɛn na na ɛwɔ Dawid adwene mu? Sɛ yɛhwɛ Yehowa Nyankopɔn abɔde, te sɛ ɔsoro a nsoromma ahyɛ hɔ mã wɔ anadwo a wim tew a, ebetumi ama yɛanya Ɔbɔadeɛ no ho anisɔ wɔ yɛn koma mu. Ɔsoro a nsoromma hyerɛn wɔ hɔ no kaa Dawid koma kɛse. (Dwom 8:3, 4; 19:1) Nanso, wɔ Dwom 103 mu no, Dawid kae Yehowa nnwuma foforo bi.
Yehowa “De Wo Mfomso Nyinaa Firi Wo”
Dwom yi mu no, Dawid bɔɔ Onyankopɔn adɔeyɛ din. Ɔreka nea edi kan koraa wɔ eyinom mu ho asɛm no, ɔtoo dwom sɛ: ‘Yehowa de wo mfomso nyinaa firi wo.’ (Dwom 103:3) Ɛda adi sɛ na Dawid nim bɔne tebea a ɔno ankasa wom no yiye. Bere a odiyifo Natan kɔɔ ne nkyɛn ne no kosusuw ɔne Bat-Seba aguamammɔ ho no, Dawid gye toom sɛ: “Wo [Yehowa] nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne.” (Dwom 51:4) Ofi awerɛhow mu srɛe sɛ: “Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato. Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu.” (Dwom 51:1, 2) Hwɛ anisɔ ara a Dawid benya sɛ ɔde ne bɔne afiri no! Sɛ́ onipa a ɔnyɛ pɛ no, ɔyɛɛ bɔne afoforo wɔ n’asetra mu, nanso onuu ne ho, gyee animka toom bere nyinaa, na osiesiee n’akwan. Dawid dwennwen ayamye kɛse a Onyankopɔn yii adi kyerɛɛ no no ho, na ɛno na ɛkaa no ma ohyiraa Yehowa.
So yɛn nso yɛnyɛ abɔnefo? (Romafo 5:12) Ɔsomafo Paulo mpo bɔɔ abubuw sɛ: “Me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho, nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no. Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?” (Romafo 7:22-24) Hwɛ anisɔ ara a yebetumi anya sɛ Yehowa mfa yɛn mfomso nhyɛ ne yam! Sɛ yɛsakra na yɛhwehwɛ fafiri a, ofi anigye mu popa yɛn bɔne.
Dawid kaee sɛ: “[Yehowa] sa wo nyarewa nyinaa.” (Dwom 103:3) Esiane sɛ ayaresa yɛ nsiesie nti, ɛkɔ akyiri sen bɔne fafiri ara kwa. Nea ɛka ho ne “nyarewa” no—ɔhaw ahorow a efi yɛn nneyɛe bɔne mu ba a woyi fi hɔ. Wɔ wiase foforo a ɔreyɛ no mu no, Yehowa beyi nipaduam ɔhaw ahorow a bɔne de aba, te sɛ ɔyare ne owu, afi hɔ koraa. (Yesaia 25:8; Adiyisɛm 21:1-4) Nanso, nnɛ mpo no, Onyankopɔn resa yɛn honhom fam nyarewa ahorow. Wɔ ebinom fam no, nea ɛka eyi ho ne ahonim bɔne ne wɔn ho a wɔatwe afi ne ho. ‘Mommma yɛn werɛ mmfi’ nea Yehowa ayɛ ama yɛn mu biara dedaw wɔ eyi mu no.
Ɔno na “Ogye Wo Nkwa”
Dawid to dwom sɛ: “[Yehowa] gye wo nkwa fi amana mu.” (Dwom 103:4) ‘Amena’ yɛ adesamma nyinaa adamoa—Sheol, anaa Hades. Ansa mpo na Dawid rebɛyɛ Israel hene no, na ɔwɔ owu amanehunu mu. Sɛ nhwɛso no, Israel hene Saulo nyaa Dawid ho nitammɔne, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum no wɔ tebea ahorow pii mu. (1 Samuel 18:9-29; 19:10; 23:6-29) Filistifo nso pɛe sɛ wokum Dawid. (1 Samuel 21:10-15) Nanso, Yehowa gyee no fii ‘amena mu’ bere nyinaa. Hwɛ anisɔ ara a na Dawid betumi anya bere a ɔkaakae Yehowa nneyɛe a ɛte sɛɛ no!
Na wo nso ɛ? So Yehowa awowaw wo wɔ ahohia bere ne mmere a emu yɛ den mu? Anaasɛ, so woahu tebea bi a ogyee N’adansefo anokwafo nkwa fii Sheol amena mu wɔ yɛn mmere yi mu? Ebia ne nneyɛe a ɛfa ogye ho nsɛm a woakenkan afi saa nsɛmma nhoma yi nkratafa ahorow bi mu no aka wo koma. Dɛn nti na wonnye bere nsusuw nokware Nyankopɔn no nneyɛe a ɛte saa ho? Nokwarem no, yɛn nyinaa wɔ ntease bi nti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma Yehowa wɔ owusɔre ho anidaso no ho.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.
Yehowa ma yɛn nkwa ne nneɛma a ɛma asetra yɛ anigye ne nea mfaso wɔ so nyinaa. Odwontofo no kae sɛ Onyankopɔn “de adɔe ne mmɔborohunu bɔ wo abotiri.” (Dwom 103:4) Wɔ yɛn ahohia mu no, Yehowa nnyaw yɛn na mmom ɔnam n’ahyehyɛde a aniwa hu ne mpanyimfo a wapaw wɔn, anaa nguanhwɛfo, a wɔwɔ asafo no mu no so boa yɛn. Mmoa a ɛte saa ma yetumi gyina sɔhwɛ mu a yɛnhwere obu ne nidi a yɛwɔ no. Kristofo ahwɛfo dwen nguan no ho yiye. Wɔkyekyere wɔn a wɔyare na wɔn koma atu werɛ, na wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de ma wɔn a wɔahwe ase so gyina. (Yesaia 32:1, 2; 1 Petro 5:2, 3; Yuda 22, 23) Yehowa honhom kanyan saa nguanhwɛfo yi ma woyi mmɔborohunu ne ɔdɔ adi kyerɛ nguankuw no. Nokwarem no, “n’adɔe ne ne mmɔborohunu” te sɛ ahemmotiri a ɔde hyɛ yɛn na ɛma yenya nidi! Mommma yɛn werɛ mmfi ne nneyɛe da, momma yenhyira Yehowa ne ne din kronkron no.
Bere a odwontofo Dawid gu so retu ne ho fo no, ɔtoo dwom sɛ: “[Yehowa] de adepa hyɛ w’afono ma ma wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.” (Dwom 103:5) Nkwa a Yehowa de ma no ne nea ɛma akomatɔyam ne anigye. Nokware no ho nimdeɛ yɛ ademude a ɛso bi nni na ɛyɛ ade a ɛde anigye kɛse ba! Na hwɛ sɛnea adwuma a Yehowa de ama yɛn, asɛnka ne asuafoyɛ a ɛte saa no ma akomatɔyam. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebenya obi a n’ani gye ho sɛ obesua nokware Nyankopɔn no ho ade na yɛaboa onii no ma wabehu Yehowa na wahyira no! Nanso, sɛ mpɔtam hɔfo bi tie o, wɔantie o, ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛanya adwuma a wɔnam so tew Yehowa din ho na wobu n’amansan tumidi bem no mu kyɛfa.
Bere a yegu so reyɛ Onyankopɔn Ahenni ho dawurubɔ adwuma no, yɛn mu hena na ɔmmrɛ? Nanso Yehowa kɔ so ma ne nkoa nya ahoɔden foforo, na ɔma wɔyɛ “sɛ akɔre” a wɔwɔ ntaban akɛse na wotumi tu kɔ wim sorosoro. Hwɛ anisɔ ara a yebetumi anya sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ma yɛn “tumi” a ɛte saa sɛnea yebetumi afi nokwaredi mu ayɛ yɛn som adwuma no da biara da!—Yesaia 40:29-31.
Sɛ nhwɛso no: Clara yɛ honam fam adwuma, na ɔsan de nnɔnhwerew 50 yɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na mabrɛ, na esiane sɛ me ne obi ayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ adwuma no nti, mebɔ mmɔden sɛ mɛkɔ asɛnka. Nanso sɛ minya fi adi pɛ a, mete nka sɛ me ho ayɛ den.” Ebia wo nso woahu ahoɔden a Onyankopɔn de ma de boa wɔ Kristofo som adwuma mu no. Ɛmmra sɛ ɛbɛka wo ma woaka nea Dawid kae wɔ nnwom no nnianim nsɛm no mu no bi sɛ: ‘Me kra, hyira Yehowa, na me mu ade nyinaa nhyira ne din kronkron.’
Yehowa Gye Ne Nkurɔfo
Odwontofo no san to dwom sɛ: ‘Yehowa di asɛntrenee, na obu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa. Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose, ɔmaa Israel mma huu ne nneyɛe.’ (Dwom 103:6, 7) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Dawid redwennwen nhyɛso a Misrifo ‘asisifo’ no de baa Israelfo so wɔ Mose nna no mu no ho. Ɛbɛyɛ sɛ, sɛnea Yehowa maa Mose huu n’akwan a ɔnam so gye ne nkurɔfo no maa Dawid nyaa anisɔ wɔ ne koma mu.
Sɛ yesusuw sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo dii no ho a yebetumi anya anisɔ a ɛte saa ara. Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nnɛyi Yehowa asomfo, a wɔwɔ hɔ te sɛ nea wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no eti 29 ne 30 mu no suahu ahorow no so. Ɛno ne nsɛm foforo a wɔakyerɛw wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma mu no betumi ama yɛahu sɛnea Yehowa aboa ne nkurɔfo wɔ nnɛ mmere yi mu ma wɔagyina afiasenna, basabasayɛfo ntua, anohyeto ahorow, nneduaban ahorow, ne adwumayɛban ahorow mu no ano. Nsase a ɔko asɛe hɔ te sɛ Burundi, Liberia, Rwanda, ne kan Yugoslavia ahyia sɔhwɛ ahorow. Wɔ ɔtaa nyinaa mu no, Yehowa awowaw ne nkoa anokwafo bere nyinaa. Sɛ yedwennwen Yehowa, yɛn Nyankopɔn pumpuni no nneyɛe a ɛte saa ho a, ɛbɛma yɛate nka sɛnea Misraim ogye ho nsɛm maa Dawid tee nka no ara.
Susuw sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu yi yɛn fi bɔne nnesoa ase no ho. Ɔde “Kristo mogya” ama yɛn sɛ ɛntew yɛn “ahonim ho mfi nnwuma funu mu.” (Hebrifo 9:14) Sɛ yenu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho na yɛhwehwɛ bɔne fafiri denam Kristo mogya a ohwie gui no so a, Onyankopɔn ma yɛne yɛn mfomso ntam ware koraa—“sɛ nea apuei ne atɔe ntam ware no”—na ɔma yenya n’anim dom. Susuw Yehowa nsiesiei a ɔnam Kristofo nhyiam, fekubɔ a ɛma denhyɛ, nguanhwɛfo a wɔwɔ asafo no mu, ne nhoma a egyina Bible so a yɛn nsa ka fi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hɔ so ayɛ no ho. (Mateo 24:45) So Yehowa nneyɛe a ɛte saa nyinaa no mmoa yɛn mma yɛnhyɛ yɛne ne ntam abusuabɔ no mu den anaa? Dawid kae sɛ: ‘Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne Yehowa, ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso. . . . Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni; na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu.’ (Dwom 103:8-14) Sɛ yedwennwen Yehowa dɔ ho a, ebetumi aka yɛn yiye ma yɛahyɛ no anuonyam na yɛama ne din kronkron no so.
‘Yehowa Nnwuma Nyinaa, Munhyira No’
Sɛ yɛde Yehowa a onwu da, “mmeresanten Nyankopɔn” no toto “onipa a owu” no “nna” ho a, onipa nna yɛ tiaa ankasa—‘ɛte sɛ sare.’ Nanso Dawid fi anisɔ mu twe adwene si so sɛ: ‘Yehowa adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ hɔ ma mma mma, ma wɔn a wodi n’apam so, na wɔkae n’ahyɛde sɛ wɔbɛyɛ.’ (Genesis 21:33, ase hɔ asɛm; Dwom 103:15-18) Yehowa werɛ mfi wɔn a wosuro no no. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.—Yohane 3:16; 17:3.
Dawid rekyerɛ Yehowa ahenni ho anisɔ no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so.” (Dwom 103:19) Ɛwom sɛ wɔnam Israel ahenni so daa Yehowa ahenni adi de, nanso n’agua wɔ soro. Ɛdenam N’adebɔ so no, Yehowa ne Otumfo Pumpuni wɔ amansan nyinaa so na odi ne soro apɛde ho dwuma wɔ soro ne asase so sɛnea n’atirimpɔw te.
Dawid tu abɔfo a wɔwɔ soro no mpo fo. Ɔto dwom sɛ: ‘Yehowa abɔfo, munhyira no, mo tumi abran a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no. Yehowa asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no. Yehowa nnwuma nyinaa, munhyira no, mmeaemmeae a odi tumi nyinaa. Me kra, hyira Yehowa.’ (Dwom 103:20-22) So ɛnsɛ sɛ Yehowa adɔe a oyi adi kyerɛ yɛn no kanyan yɛn nso ma yehyira no anaa? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa! Na yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛte yɛn nne a yɛde yi Nyankopɔn ayɛ no wɔ ayeyifo pii a abɔfo mpo ka ho a wɔbom to dwom no mu. Ɛmmra sɛ yebefi yɛn koma mu nyinaa ayi yɛn soro Agya no ayɛ, na yɛabɔ no din pa bere nyinaa. Nokwarem no, momma yɛmma Dawid nsɛm yi ntra yɛn koma so, ‘Me kra, hyira Yehowa.’
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin no bi.
[Kratafa 23 mfonini]
Dawid dwennwen Yehowa adɔe ho. So woyɛ saa?