Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 11/8 kr. 19-20
  • Dɛn Nti Na Nitan Pii Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Nitan Pii Wɔ Hɔ?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn A Wɔtan Wɔn!
    Nyan!—1984
  • Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Yi Mu Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Bere Bi Bɛba a Ɔtan Befi Hɔ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 11/8 kr. 19-20

Dɛn Nti Na Nitan Pii Wɔ Hɔ?

NITAN pii rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Ebia wote mmea ne mmofra a wokunkum wɔn ho asɛm. Ebia ɔtopae a ɛpae wɔ mmorɔn so bekunkum nnipa pii a nyansa nnim. Anaa ebia wokenkan amanneɛbɔ ahorow a ɛte sɛ eyinom:

“Obiara da nitan adi na obiara asiesie ne ho sɛ obekum obi foforo biara. Ɛtɔ bere bi a misuro sɛ Lebanon yɛ nea ebia ɛbɛto adesamma nyinaa no ho nhwɛso.” Saa na obi a onyaa Nobel akyɛde a wɔfrɛ no Isaac Bashevis Singer no kae, na ɔde kaa ho sɛ: “Yɛn bra a asɛe yi ma misuro.”​—U.S. News and World Report, December 19, 1983.

“Wɔ ɔkasatia a akɔ so mfirihyia anan ne basabasayɛ a ɛkɔɔ so ɔsram biako akyi no, mmusua ne nyamesom mu nitan anya nkɔanim wɔ India asasesin a wɔfrɛ no Assam a wotu Petrol pii wɔ hɔ no mu.”​—Time, March 7, 1983.

“Belfast Atɔe Fam ne akono a wɔde nnade ne semɛnte agye ban de ayɛ ‘asomdwoe hye’ . . . Wɔrebɔ wɔn ho ban wɔ wɔn mu no, nsɛmmɔnedifo [a wofi amammui akuw ahorow mu] no de Irishfo abakɔsɛm koro no ara a ɛte sɛ abura a awuduru wom no kanyan wɔn nitan horow no.”​—National Geographic, April 1981.

Nitan te sɛ akisikuru wɔ adesamma abusua no mu. Yesusuw sɛ yɛte wiase bi a ani abue mu a ade ne ho afi atirimɔdensɛm a wodii tete no ho koraa. Nanso wɔ mmusua nyinaa mu no, yehu nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow a Bible ɔkyerɛwfo bi kaa ho asɛm bere bi no ho adanse: “Ɔtan hwanyan atutuw.”​—Mmebusɛm 10:12.

Wɔn a wɔka nsɛm a ɛsɛe adwene na wɔde nitan ne atutuw ba denam nsɛm a ɛnyɛ nokware a wɔka kyerɛ no so. Ebia nitan a ntease nnim mu bɛma ankorankoro bi ayɛ basabasa pii. Yiw, mpɛn pii no ahiasɛm ahorow a ntease wom ma ɔhaw no yɛ kɛse. Nanso bere a wuhu abasamtu, anidaso a wonni, nnipa a nitan ama wɔanya wɔn ho adwemmɔne a wonnim wɔn dodow no yaw ne basabasayɛ no, ebia wode ahometew bebisa sɛ: ‘Dɛn ntia? Dɛn nti na nitan pii wɔ hɔ saa? So wobetumi ama nitan afi hɔ? So nitan befi wiase no mu koraa?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena