Yɛde Bɔ Bra Nnɛ
“W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—DWOM 119:105.
DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Nhoma a nkurɔfo bu no sɛ ɛyɛ papa no, ɛyɛ a ɛnhyɛ da mma yɛn akwankyerɛ papa biara wɔ asetena mu. Afei nso, akwankyerɛ nhoma a nnipa kyerɛw no, bere nyinaa wɔyɛ nsakrae wɔ mu. Bible de, ɛkyerɛ sɛ “biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ” fi tete no, “wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ.”—Romafo 15:4.
ƐHO NHWƐSO: Bible no nyɛ aduruyɛ nhoma nanso sɛ wode emu nyansahyɛ no yɛ adwuma a, ɛbɛma w’asom adwo wo na woanya akwahosan pa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛka sɛ “koma a edwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmebusɛm 14:30) Bible no san bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔtew ne ho no hwehwɛ nea n’ankasa pɛ; ɔtwe ne ho fi nyansa nyinaa ho.” (Mmebusɛm 18:1) Ɛsan ka wɔ baabi foforo sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.
NEA NHWEHWƐMUFO AHU: Sɛ wudwo na wowɔ nnamfo pa, na sɛ wo yam ye a, ebetumi ama woanya akwahosan pa. Nhoma bi ka sɛ: “Mmarima a wɔn bo fuw ntɛmntɛm tumi nya ɔyare a ɛma obi fã dwudwo ntɛm sen wɔn a wodi wɔn abufuw so.” (The Journal of the American Medical Association) Wɔde mfe du yɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Australia, na wohui sɛ mpanyimfo a “wɔwɔ nnamfo pa a wotumi ne wɔn di atirimsɛm” no taa nyin kyɛ. Afe 2008 mu no, nhwehwɛmufo bi a wofi Canada ne United States hui sɛ, “sɛ wobɔ afoforo ho ka a, ɛma w’ani gye sen sɛ wode sika no bɛyɛ wo ara wo ho nneɛma bi.”
WUDWEN HO DƐN? Sɛ yɛreka akwahosan pa ho asɛm a, nhoma foforo bɛn na adi boro mfe 2,000 a wubetumi de wo ho ato so? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“M’ani gye Bible ho paa . . . efisɛ ɛka aduruyɛ ho nsɛm a ɛso bi ni.”—ODURUYƐFO HOWARD KELLY, ƆPANYIN A ƆWƆ SUAPƆN A WƆFRƐ NO THE JOHNS HOPKINS UNIVERSITY SCHOOL OF MEDICINE