“Asaabo” Ne “Koma” Wɔ Kyerɛwnsɛm No Mu
ASAABO ankasa no gyina hɔ ma nipadua no fã bi a ɛwɔ fam sen koma ankasa no. Sɛnea ne nkyerɛase ahorow no biako kyerɛ no, asaabo no mu na onipa nkate, ɔpɛ ne akɔnnɔ ahorow fi. Webster’s New Collegiate Dictionary de asaabo no ka obi “suban” ho asɛm.a Wɔ Adiyisɛm 2:23 no, Yesu Kristo a wɔanyan no ahyɛ no anuonyam no ka sɛ: “Mene nea ɔhwehwɛ asaabo ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.” (Hwɛ Yeremia 11:20 nso, asehɔ asɛm, NW, Reference Bible.) Asaabo ne koma no yɛ nipadua no mu nkwaa a ɛsono emu biara na ɛsono mmeae a emu biara wɔ nso. Asaabo ankasa no wɔ fam wɔ nipadua no mu sen koma ankasa no. Emu biara yɛ ade soronko wɔ nneɛma a ɛkanyan ho nso. Sɛnea emu biara yɛ ade no ba bɛyɛ nea ɛkyerɛ biribi. Enti wobetumi ahu sɛ saa nneyɛe horow yi gyina hɔ ma su horow a ɛkyerɛ onipa ko a nea wɔrehwehwɛ ne mu no yɛ. So biribi ka obi koma ankasa no ma ɛbɔ ntɛmntɛm anaasɛ, sɛ yɛbɛka a, ɛma ɛyɛ nwini? So biribi kanyan n’asaabo ma ɛyɛ adwuma bere a ɛnsɛ sɛ ɛyɛ saa ne wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so? Koma ne asaabo mu Hwehwɛfo no tumi hu nea nneyɛe a ɛte sɛɛ kyerɛ na ɔte onipa no ase yiye wɔ asaabo ko a ɔyɛ no mu.
Wɔ Dwom 16:6-8 no, Dawid a ɔhyehyɛɛ dwom no kyerɛwee sɛ: “Me hye hama akɔfa nea eye ama me, yiw, apɛgyade no yɛ me fɛ. Mekamfo [Yehowa] a wakyerɛ me kasanyansa, nso anadwo m’asaabo tu me fo [ɛteɛ me so]. Mede [Yehowa] masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim.” Nokwarem no, ɔkwan bɛn so na Dawid asaabo teɛɛ no so anadwo bere a wanyan no? Wiɛ, sɛ ná Dawid anya adwene bi a ɛnteɛ a ɛfa Yehowa su wɔ ne ho, onipa ko a ɔyɛ ankasa ho a, ne sɛnkyerɛnne kwan so asaabo no bɛma wanya adwene a ɛteɛ wɔ Yehowa atirimpɔw wɔ ne ho no ho. Enti na Dawid kɔɔ so kae sɛ: “Na worennyaw me kra asaman, woremma wo hotefo nhu ɔda mu porɔwee.”—Dwom 16:10.
Ɛwom, Dawid benya owusɔre afi ɔdamoa mu, anaa Sheol wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu; nanso wɔ honhom akwankyerɛ ase wɔ Pentekoste da, 33 Y.B. mu, Yesu Kristo wusɔre akyi nnafua 50 no, ɔsomafo Petro de Dwom 16:10 dii dwuma wɔ Yesu Kristo ho, Petro kae wɔ Asomafo no Nnwuma 2:25-28 sɛ: “Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ: Mihuu Awurade m’anim daa, efisɛ ɔwɔ me nifa na manhim. Eyi nti me koma tɔɔ me yam, na me tɛkrɛma ho san no; na me honam nso bɛda anidaso mu, efisɛ worennyaw me kra asaman, na woremma wo kronkronni no nhu porɔw. Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.”
Koma a ɛwɔ anigye hyɛɛ odwontofo Dawid den, na saa ara na koma a ɛwɔ anigye maa nea ɔyɛ Dawid ho mfonini kɛse, Yesu Kristo asase so asetra bɛyɛɛ nea ɔde yɛɛ adwuma kɛse. Koma ankasa no ka nipadua no sɛnea Mmebusɛm 14:30 ka no: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.” Dawid Kɛse, Yesu Kristo, tumi kɔɔ so nyaa koma a edwo wɔ tebea horow a ɛyɛ abufuw mu, yiw, wɔ ɔtaa ne ɔhwe mu kosii bere a wɔbɔɔ no asɛndua mu. Ɛyɛ saa bere no nko na koma a abubu ma owui.—Dwom 69:20.
Wɔaka wɔ Hebrifo 4:12 sɛ “Onyankopɔn asɛm . . . [yɛ] koma nsusuwii ne adwene temmufo.” Eyi kyerɛ sɛ “koma” no na ɛkanyan nsusuwii ne adwene horow a ɛma “Onyankopɔn asɛm” no yɛ ne temmufo no.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛdefa “asaabo” ho no, hwɛ nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow a edidi so yi mu nso, The Compact Edition of the Oxford English Dictionary; The Concise Oxford Dictionary; The Random House Dictionary of the English Language (Unabridged) ; The American, Heritage Dictionary of the English Language; Webster’s New World Dictionary of the American Language.