Wubu Wɔn A Wɔanyiyin No Dɛn?
NSAKRAE pii na aba yɛn nnɛ bere mu mfe yi mu. Nea ɛka eyi ho ne ɔkwan a nkurɔfo fa so bu wɔn a wɔanyinyin no. Bere bi no na obu a wɔwɔ ma wɔn a wɔanyinyin no yɛ nea ɛwɔ wiase nyinaa. Nanso ɛnte saa bio nnɛ. Nea ɛne eyi bɔ abira koraa na ɛrekɔ so wɔ nsase pii so. Ntoaso sukuu kyerɛkyerɛfo panyin bi a ɔno nso yɛ ɔpanyin ka faa eyi ho sɛ:
“Mpanyinyɛ yɛ ɔyare wɔ Amerika. Obi a wanyin ayɛ ɔpanyin no dan obi a ɔyare kwata, a ɛsɛ sɛ wɔde no kɔto baabi na wɔhwɛ no wɔ hɔ anaasɛ, sɛ ne ti ye na sɛ ɔyɛ ɔdefo a, wɔde no kɔto beae a wotua sika kɛse wɔ hɔ a wɔatew no afi adesamma a aka no ho.”
Maryland sukuupɔn no mu kuw bi a wosua mpanyimfo ho asɛm no hwehwɛɛ adwene a mmofra kura wɔ wɔn a wɔanyinyin no ho no mu na nea wohui ne sɛ mmofra taa bu mpanyimfo sɛ “ayarefo, wodi awerɛhow, wɔabrɛ, wɔn ho ayɛ fi na wɔn ho yɛ tan.” Ɛyɛ asiane wɔ yɛn mmere yi mu sɛ obu a mmofra benya ama wɔn a wɔanyinyin no reyera bere nyinaa. Nea ɛyɛ asiane kɛse mpo ne nokware a ɛyɛ sɛ mmofra pii na mprempren wobu no sɛ ɛnyɛ asɛyɛde a ɛda wɔn so sɛ wɔbɛhwɛ wɔn awofo a worenyin no.
Nanso saa su yi nyɛ nea wɔnhwɛ kwan, anyɛ yiye koraa no wɔ wɔn a wɔfa Bible nkɔmhyɛ so hu nneɛma a ɛrekɔ so wɔ yɛn nnɛ da yi mu no fam. Ɛka siei sɛ wɔn yɛn nnɛ da yi mu no, wɔ saa “nna a edi akyiri” yi a ɛyɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu no, nnipa pii bɛyɛ “ahopɛfo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, apamsɛefo, wɔn a wonni dɔ.”—2 Tim. 3:3-5.
Sɛnea Onyankopɔn Bu Wɔn a Wɔanyinyin No
Ɛyɛ anigye na ɛho hia sɛ yehu sɛnea Onyankopɔn bu wɔn a wɔanyinyin no.
Bere a tete Israel ne Onyankopɔn wɔ apam mu no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro Onyankopɔn.” (Lev. 19:32) Enti obu a wobenya ama mpanyimfo no yɛ asodi bi a ɛyɛ kronkron a wɔde atoa ahobrɛase a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn no mu. Saa ara nso na ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanyin [bere a wadi mfomso mpo], na mmom tu no fo sɛ agya . . . mmea mpanyin sɛ ɛnanom.”—1 Tim. 5:1, 7.
Obu a ɛfa a obi benya ama n’awofo yɛ nea ɛka Mmara Nsɛm Du no ho, nea ɛto so anum no kyerɛ sɛ: “Di w’agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a Awurade [Yehowa] wo Nyankopɔn de rema wo no so.” (Ex. 20:12) Afei nso hyɛ Bible mu nkyekyem a edidi so yi a ɛkyerɛ nea Onyankopɔn susuw wɔ abusuabɔ a ɛsɛ sɛ ɛba mmofra ne wɔn awofo ntam no nsow:
“Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, ne wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.”—Mmeb. 23:22.
“Nea ɔbɔ n’agya atirimɔden na ɔpam ne na no yɛ aniwu ne ahohora ba.”—Mmeb. 19:26
“Aniwa a eyi n’agya ahii na ebu ɛna tie animtiaa no, asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi.”—Mmeb. 30:17.
“Nea ɔbɔ n’agya anaa ne na no, okum na wonkum no. Nea ɔdome n’agya anaa ne na no, okum na wonkum no.”—Ex. 21:15, 17.
Ɛnnɛ de yenni saa Mose mmara no asotwe ahorow no ase. (Rom. 6:14; Kol. 2:13, 14) Nanso, saa mmara yi kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn bu nsɛm a ɛte saa sɛ ɛyɛ nsɛm a ɛho hia yiye.
Obu a Wɔde Ma Wɔ Mmeae Ahorow
Wɔde obu kɛse ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ tete aman horow a ɛnyɛ Onyankopɔn mmara mpo na edi wɔn so no mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ tete Misraim mmofra sɛ sɛ ɔpanyin reba a, ɛsɛ sɛ wɔsɔre na akyerɛ obu ne nidi a wɔde rema no. Wɔka kyerɛɛ tete Helafo sɛ ɛyɛ a wɔnyɛ komm wɔ mpanyimfo anim a ɛno kyerɛ obu.
Mmeae ahorow wɔ wiase nnɛ a wɔda so ara de obu kɛse ma mpanyimfo. Soviet Union, Rusia man no fa bi wɔ hɔ a nnipa a wɔte hɔ no di boro mfirihyia 100, na wɔkae sɛ eyi fi obu kɛse a wɔde ma wɔn no nti. Wɔma wɔte nka sɛ wɔn ho wɔ mfaso, wɔpɛ wɔn, na wɔde obu kɛse ma wɔn wɔ nnipa mu.
Tete U.S. Amerika abakɔsɛm kyerɛ sɛ wɔde obu kɛse maa mpanyimfo na wotiee wɔn. Awofo hwɛ wɔn mma na wɔhwɛ kwan nso sɛ sɛ mma no nyin a, wɔn na wɔbɛhwɛ wɔn awofonom.
New York Daily News no kaa eyi faa su a wokura nnɛ wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho:
“Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ ɛyɛ hokwan kɛse wɔ saa bere [mpanyinyɛ bere] yi mu sɛ obi yɛ obibini anaa Spaniani wɔ New York a. Abibifo ne Spaniafo tumi hwɛ wɔn mpanyimfo so.
“Aborɔfo ntaa nyɛ saa, na mpanyimfo a wɔn abusuafo de wɔn akɔtratra ahɔhodan ne afie ahorow a wotua ka mu a wɔn dodow yɛ 300,000 no mu ɔha mu nkyem 65 yɛ aborɔfo.”
Ɛda adi pefee sɛ ɛho hia sɛ mpanyimfo no te nka sɛ wɔhwehwɛ wɔn, wɔdɔ wɔn. Sɛ amma saa a eyi bu wɔn abaw mu na ɛnkyɛ na wowu. Dr. Amos Johnson a ɔyɛ American Academy of Family Physicians no muni no kae sɛ:
“Mahu wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ ahoɔden na wɔwɔ anigye nso a wɔatew wɔn ho akɔtra ahɔhofie ahorow mu. Ɛnkyɛ na anigye a wɔwɔ wɔ asetra mu no asa, na nea wɔpɛ ne sɛ wowu.
“Wɔpow sɛ wɔbɛkasa, wɔpow sɛ wobedidi, wɔka mpa mu na ɛnkyɛ na wowu. Eyi yɛ ɔyare bi a ɛba a wɔfrɛ no ‘nkokora’ na ɛsɛ sɛ wɔka saa wɔ owu ho krataa a wɔde ma no so.”
Ademude a Wɔde Asie
Mmerante ne mmabaa a wɔma wɔn ani gye wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho no hu sɛ wonya mfaso kɛse fi saa osuahu no mu. Ɔbarima bi a wadi efi mfirihyia aduanan anum rekɔ no kaa osuahu bi a ɛyɛ anigye na mfaso kɛse wom a wanya wɔ n’asetra mu a ɛsen biara sɛ ɛno ne nnɔnhwere a odi wɔ mpanyimfo mu no, na ɔfrɛ eyi sɛ nnɔnhwere “pa.”
Dɛn nti na eyi betumi ayɛ saa? Mpanyimfo akyɛ wɔ asetra mu na wɔanya nneɛma pii mu osuahu. Nea wosusuw ne nea wɔkae no som bo kɛse. Na eyi te saa, titiriw bere a nea ne mfe akɔ anim no atra ase ama Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm akyidi no. Bible no ka wɔn a wɔtete sɛɛ no ho asɛm sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, sɛ wohu no trenee kwan so a.”—Mmeb. 16:31, NW.
Wobetumi ayɛ sɛ ademude a wɔde asie. Nanso sɛ ademude no ho betumi aba mfaso a, na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ hu na wɔde di dwuma. Mpanyimfo adwene ne wɔn nyansa ne nea wosusuw a ɛte sɛ biribi a wɔde ahyɛ nkommena mu no yɛ nea ɛsɛ sɛ wotutu. Enti ɛbɛyɛ papa sɛ mmofra, mmerante ne mmabaa ne wɔn a wɔn ani afi no ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɔ, bisabisa wɔn nsɛm hu wɔn adwene. Na sɛ mpanyimfo no twentwɛn wɔn anan ase sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn adwene anaasɛ wɔbɛka biribi a, fa nyansa kwan so bisa wɔn nea wosusuw wɔ asɛm a wubisa wɔn no ho. Mfaso a wubenya afi eyi mu no bɛyɛ wo nwonwa. Nea ebefi mu aba no nso ne sɛ ɛbɛhyɛ wo nkuran na ama w’ani agye.
Ɛnyɛ afotu pa ne nsɛm a mmofra ntee da da nko na mpanyimfo betumi abɔ ho nkɔmmɔ; mmerante ne mmabaa pii a wɔahaw anya asomdwoe kɛse afi mpanyimfo a wɔne wɔn abɔ no hɔ, efisɛ saa mpanyimfo yi taa yɛ wɔn a wɔwɔ anigye, wɔwɔ ɔdɔ ne ntease nso. Ayamye nsɛm a efi mpanyimfo yi hɔ no tumi brɛ da mu no mu ɔhaw horow no ase. Ɛno nti na yɛn nenanom taa yɛ wɔn a wotumi hwɛ nkokoaa yiye sen biara no.
Eyi nkyerɛ sɛ obi a ne mfe akɔ anim biara tumi ka nsɛm a nyansa wom a etumi kanyan obi. (Ɔsɛnk. 4:13) Ɛnyɛ obiara na ɔyɛ saa. Ɛtɔ bere bi a na adwene a wokura no nteɛ; saa na ɛte wɔ afoforo fam. Ɛtɔ bere bi nso a na wokura su horow bi nso. Nanso wɔn sintɔ ahorow a ɛda adi esiane wɔn mfe akɔ anim no nyinaa akyi no, adwene a Onyankopɔn kura wɔ wɔn ho ne sɛ ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn ho na yɛde obu ma wɔn.
Ɔkwan a Wobɛfa So Aboa
Mmea mpanyimfo baanu bi a wɔyɛ nnamfonom te afie horow mu wɔ kurow biako bi mu. Da koro bi na sukyerɛmma tɔe kɛse. Ade kyee anɔpa no mmerewa no mu biako faa ne mfɛnsere mu hui sɛ obi de sofi atutu sukyerɛmma no nyinaa afi ne kwan mu.
Ɔbea no fii ase susuw nea ɔyɛɛ ayamye adwuma yi a wammisa akatua no ho. Ɔfrɛɛ n’adamfo no bɔɔ no amanneɛ. Nanso n’adamfo aberewa no nso kãe a ɔno nso ne ho adwiri no sɛ obi nso de sofi abetutu sukyerɛmma no afi ne kwan mu ama no.
Adapɛn pii bi akyi no, sukyerɛmma no tɔe bio. Bere a ade kyee no wɔn baanu nyinaa hui sɛ obi abetutu ayi sukyerɛmma no afi wɔn kwan mu bio. Akyiri no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ sukyerɛmma foforo rebɛtɔ pii. Saa anadwofa no, mmerewa yi mu biako kɔdae ntɛm sɔree anɔpahema bɛyɛ 6 a.m. Bere a ɔmaa n’ani so faa ne mfɛnsere mu no, ohuu abarimaa bi a wadi mfirihyia 12 a ɔretutu sukyerɛmma no afi aberewa no kwan mu ama no.
Hwɛ sɛnea n’ani gyei a n’adamfo no nso ka ho sɛ obi asusuw wɔn ho. Na dɛn nti na ɛyɛ anɔpatutu saa? Sɛnea ɛbɛyɛ na mmerewa no renhu no na ayɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotua no ka wɔ n’adwuma no nti! Saa abarimaa yi yɛɛ adwuma a ɛho wɔ mfaso kɛse yiye. Ɛyɛ nneɛma pii a afoforo betumi ayɛ ama nnipa na wɔde ayi wɔn haw horow a ɛba wɔn so esiane onyin nti no bi afi hɔ.
Mmoa wɔ Nyansa Kwan So
Nanso wɔ bere koro no ara mu no, ɛho hia sɛ wɔkari pɛ na wɔde nyansa di dwuma. Ɛnsɛ sɛ obi yɛ katee wɔ mmoa a ɔde ma no mu. Anaasɛ ɔyɛ obi a ne bo nkyɛ fuw. Ɛsɛ sɛ wɔma nea wanyin a wɔreboa no no te nka sɛ ɔda so ara de ne ho na ɔno na odi ne fie nsɛm so.
Sɛ nhwɛso no, da koro bi ɔbarima bi huu aberewa bi sɛ ɔso adesoa duruduru bi. Enti ɔde obu bisaa no sɛ: “So metumi aboa wo asoa eyi anaa, m’aberewa?” Aberewa no serewee, na ɔkyerɛɛ anigye ne obu maa mmoa a wɔpɛ sɛ wɔde ma no no, nanso ɔkae sɛ: “Dabi, m’ankasa metumi asoa.”
Wɔ ɔkwan foforo so no, na ɔbarima bi retwam wɔ kurow no abɔnten kwan a ɛso nni adagyew no so, wɔ awɔwbere bi mu. Ohui sɛ aberewa bi gyina ɔkwan no nkyɛn a wahaw. Ɛno na ohui sɛ sukyerɛmma pii wɔ ɔkwan no so nanso ɔbea no pɛ sɛ otwam. Enti ɔbɛn aberewa no bisaa no sɛ: “So metumi aboa wo anaa?” Ntɛm ara na aberewa no penee so sɛ: “Oo, yiw, wubetumi aboa me.”
Nsrahwɛ Kyerɛ Pii Ma Wɔn
Sra a wɔsra mpanyimfo hwɛ no ma wɔn ani gye kɛse. Sɛnea mpanyimfo yi mu biako ka faa saa nsrahwɛ yi ho no: “Wonnim anigye a wɔde brɛ obi a ne mma ne ne mmanana wɔ akyirikyiri.” Wubetumi anya osuahu bi a wobɛka akyerɛ wɔn, anaasɛ atesɛm nkrataa mu nsɛm bi a ɛho bɛba mfaso ama wɔn. Nanso, mpɛn pii no otiefo pa a wobɛyɛ no mpo bɛyɛ nea ɛho hia sen biara ne ɔsom a wode bɛma wɔn mpo.
Ade foforo a mpanyimfo pɛ a wɔn ani sɔ yiye bere a wɔn aniwa nhu ade yiye no ne nhoma a wɔbɛkenkan ama wɔatie. Ebia na wowɔ asɛm bi a ɛhyɛ nkuran a obi akyerɛw wo. Anaasɛ ebia na wowɔ biribi a wobɛpɛ sɛ wokenkan ma wɔn. Ebia wubetumi akenkan na wo ne wɔn asusuw Bible no fa bi ho. Wɔn mu pii nya nneɛma horow a wotintim wɔ Nyan! ne Ɔwɛn-Aban no mu no ho anigye kɛse sɛ wɔkenkan no den kyerɛ wɔn a.
Ɛtɔ bere bi a wubetumi akyerɛ anigye a wowɔ wɔ wɔn ho no denam akyɛde ketewaa bi a wode bɛbrɛ wɔn no so. Ebetumi ayɛ aduan, nhwiren anaasɛ biribi foforo te sɛ ebia sika. Yiw, wubetumi de sika mpo akyɛ wɔn sɛ wuhu sɛ ahia wɔn a. Afei nso ebia wubetumi anoa aduan ama wɔn anaasɛ wubetumi afa wɔn afi adi sɛ wobetumi akɔ a. Anaasɛ wɔn ani begye sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn akɔ afie horow mu anaasɛ nhyiam horow ase. Wubetumi aka wɔn ho akɔ hɔ na sɛ wo ne wɔn kɔ a, hwɛ hu sɛ afoforo ne wɔn redi nkitaho anaa wɔreyɛ biribi ama wɔn.
Ɛtɔ bere bi a mfe a akɔ anim de nyarewa ahorow anaasɛ sintɔ ahorow ba a ɛmma obi ntumi mfi adi na wakɔyɛ nea ehia no anaasɛ wakodi gua. Ɛbɛyɛ ayamye kɛse sɛ wode wo ho bɛma na woayɛ saa ama no, anaasɛ woahwɛ ama obi ayɛ ama no.
Yiw, akwan horow pii wɔ hɔ a afoforo betumi afa so aboa na ama asetra ayɛ anigye kakra ama mpanyimfo. Saa yɛ kyerɛ su a Onyankopɔn suro wom a wuyi no adi. Ɛboa nea ɔde ma no nso efisɛ ɛma ne koma tɔ ne yam sɛ watumi ayɛ biribi a ɛteɛ. Yesu kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom kyɛn ogye.”—Aso. 20:35.
Ɛno ne su a ɛwɔ adwuma pa a abarimaa a wadi mfirihyia 12 no yɛ maa mmerewa baanu no a ɛyɛ sofi a ɔde tutuu sukyerɛmma a atɔ agu wɔn kwan no so maa wɔn no mu. Wasua su a Onyankopɔn suro wom yi afi ntetee pa a ne nsa ka fii Bible mu nnyinasosɛm a osua fii Yehowa Adansefo no mu biako hɔ no mu. N’agya akyerɛ no sɛ nea ɛka Onyankopɔn akoa a obi bɛyɛ ho ne sɛ obi bɛyɛ nnwuma pa ama afoforo ne afei nso Onyankopɔn mu gyidi a obi benya.—Yak. 2:26.
Sika Fam Mmoa
Nsase horow pii wɔ hɔ a aban adwumayɛbea ahorow de sika fam mmoa ma, na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de wɔn ho ma eyi.
Ɛtɔ bere bi nso a na sika fam mmoa a wɔde ma no nnɔɔso anaasɛ wɔmmma bi koraa mpo. Ɛnde na sika fam asɛyɛde bɛn na ɛda obi ankasa mma a wɔanyinyin no so wɔ wɔn nkwakoraa ne wɔn mmerewa no fam? Onyankopɔn Asɛm no ka biribi fa asɛm a ɛho hia yiye yi ho sɛ:
“Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua Onyankopɔn som pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
“Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”—1 Tim. 5:4, 8.
Sɛ́ obi bɛka sɛ ɛnsɛ sɛ obi gye wɔn awofo a wɔanyinyin no ho asɛyɛde tom no yɛ nea nyansa nnim. Awofo na wɔhwɛɛ wɔn mma wɔ akwan horow pii so. Wɔde wɔn ani too wɔn so bɛyɛ sɛ efi mfirihyia 18 kosi 20 ma wɔmaa wɔn aduan, dabere, ntama, ntetee, sika ne nneɛma afoforo. Nea ɛka eyi ho ne wɔn so a wɔhwɛ bere a wɔyɛ nkokoaa a wontumi nyɛ hwee no ne bere a wɔyare. Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ɛyɛ mfomso sɛ bere a mmofra no anyinyin no wɔbɛhwɛ wɔn awofo a wɔayɛ nkwakoraa ne mmerewa no?
Mmom, bere bi ba a wontumi nhwɛ obi a wanyin adan aberewa anaasɛ akwakora no wɔ nsɛm bi nti. Sɛ enya ba saa a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn kɔ afie a wɔhwɛ mpanyimfo wom mu. Sɛ ɛho behia saa a ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔsra wɔn bere biara. Sɛ́ obi bedi ne mfe a etwa to wɔ ahɔho fie bi a wɔhwɛ mpanyimfo wɔ mu mu no nyɛ dɛ na ɛnyɛ fɛ nso.
So nea adesamma nsa aka ara ne sɛ daakye wobenyin abɔ nkwakora ne mmerewa na ebia wɔayare ada mpa mu a wontumi nyɛ biribiara, nnya anigye a da bi na wonya no, na owu abɛyɛ nea etwa to?