Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 7/8 kr. 10-28
  • Ɔyarefo A Wokɔsra No—Sɛnea Wubetumi Aboa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyarefo A Wokɔsra No—Sɛnea Wubetumi Aboa
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a wɔka Kyerɛ Onyansafo ne Nea Efi Ne Hɔ
  • Bere Tenten Bɛn Na ɛsɛ Sɛ Wo Nsrahwɛ No Di?
  • Wo Mmoa a Mfaso wɔ So
  • Sɛ Asɛnnennen a Anibere Wom Sɔre A
  • San Susuw Wo Nsrahwɛ no Ho
  • Bere a Wo Ho Nipa Bi Yare
    Nyan!—2015
  • Kɔ So Nya Abotare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Awerɛkyekye a Yɛde Bɛma Wɔn a Wɔn Yare Nni Sabea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Akisikuru—Wobɛyɛ Dɛn Atumi Aboa
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 7/8 kr. 10-28

Ɔyarefo A Wokɔsra No​—Sɛnea Wubetumi Aboa

WƆDE w’adamfo akɔto ayaresabea, na wopɛ sɛ wokɔsra no hwɛ. Dɛn na ɛsɛ sɛ woka na woyɛ? Dɛn na wubetumi de akɔ? Dɛn na ɛbɛboa titiriw? Na so nneɛma bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ woka anaasɛ woyɛ?

Wopɛ sɛ mfaso ba wo nsrahwɛ no so, ɛnyɛ “nkyia” kɛkɛ te sɛ “Wo ho te dɛn?” na afei ntɛm ara “Merekɔ,” na ebia waka aka ho sɛ “Wo ho nyɛ wo den ntɛm.” Enti dɛn na wobɛyɛ?

Afotu a edi kan a ɛho hia ne sɛ: Fa nyansa di dwuma wɔ wo nsrahwɛ bere no ho. Wubetumi abisa ɔyarefo no anaasɛ n’abusuafo no bere a ɛfata sen biara, te sɛ ebia bere a nnipa afoforo anaasɛ mmusuafo a wɔbɛn no yiye remma hɔ. Ɛbɛyɛ papa sɛ wokɔsra no anwummere a ade rebɛkye ma wɔayɛ no oprehyɛn no, saa bere no ɔyarefo no ani betumi agye nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye na ɛma oyi n’adwene fi ɔyare no so ho asen bere a wɔayɛ no oprehyɛn a n’ani so ntetew no nwiei anaasɛ ɔte yaw nka no.

Nsɛm a wɔka Kyerɛ Onyansafo ne Nea Efi Ne Hɔ

Yebetumi asusuw ɔkasasin ‘nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye’ no ho. Hwɛ kwan sɛ wo na wobɛbɔ nkɔmmɔ no wɔ nsrahwɛ no mu, na ma nkɔmmɔ no tenten nyɛ nea ɛfata. Ɛnsɛ sɛ ɔyarefo no haw ne ho sɛ ɔbɛma w’ani agye nsrahwɛ no ho. Wubetumi de asɛyɛde a ɛte saa ato wo ho so denam sɛnea wobɛyɛ ade adamfofa kwan so no so. Afei dɛn na ɛsɛ sɛ woka na dɛn na ɛnsɛ sɛ woka.

Sɛ tebea a ɔyarefo no wom no nnye koraa mpo a, mfa anim mmɔbɔmmɔbɔ anaa awerɛhow nkɔsra no. Onyansafo a ɔkyerɛw Mmebusɛm no ka sɛ: “Anigye koma ma ahoɔden, na honhom a abotow yow nnompe mu.” (Mmebusɛm 17:22) Enti, kae sɛ, wo na ɛsɛ sɛ woma nkɔmmɔbɔ no hyɛ nkuran na ɛyɛ anigye.​—Mmebusɛm 25:11; fa toto Yesaia 41:13 ho.

Ɛsɛ sɛ amanneɛbɔ a efi ɔyarefo no abusua anaasɛ n’asafo mu no yɛ nea ɛhyɛ nkuran, titiriw no sɛ wo wɔ asɛmpa bi a. Afei nso, mma wo werɛ mfi nkɛntɛnso a aseresɛm bi wɔ wɔ ayaresa so no; hwehwɛ hokwan ahorow fa hyɛ ɔyarefo no serew. Ɛho hia sɛ wokari pɛ wɔ eyi yɛ mu. Wankɔ sɛ wukoyi akɛnnɛn na mmom sɛ wokɔ kyerɛ nokware ayamhyehye.

Ɔyarefo no hia ahotoso nso. Enti, hwɛ yiye na wanka oduruyɛfo anaa ayaresabea no ho asɛmmɔne biara. Ɛyɛ papa nso sɛ woremfa tebea a ɔyarefo no wom anaasɛ n’asɛnnennen no ntoto biribi a ayɛ wo ankasa anaa afoforo pɛn ho, gye sɛ ɛyɛ biribi a nea efii mu bae no yɛ anigye. Ɛsono obiara, na ɔyarefo biara tebea yɛ soronko​—Mmebusɛm 18:13.

Nea etwa to a yɛbɛka wɔ wo nkɔmmɔbɔ no ho ni: So wahu obi a ne nsɛm pue te sɛ otuo mu akorabo, na ɛworo sɛ Iguacú Aworoe mu nsu nsam amane pɛn? Ɛmaa wo botowee, ɛnte saa? Ɛnde hwɛ na wanyɛ w’adamfo anaa wo busuani a wobɛkɔ akɔsra no wɔ ayaresabea no saa. Bere a ɛsɛ sɛ wo kasa no yɛ anigye ne nkuranhyɛ no, mma ɛnyɛ pii ne ntɛmntɛm. Mpere wo ho te sɛ nea ɛsɛ sɛ woka biribi anibu biara mu. Ɛtɔ mmere bi a komm a mobɛyɛ atra hɔ no nso betumi ayɛ awerɛkyekye. Yiw, hwɛ na wamfa nsɛm a wɔtoa no tenteenten anka ɔyarefo no brɛ a efi nsrahwɛfo pii a wɔba ne nkyɛn no no ho.

Bere Tenten Bɛn Na ɛsɛ Sɛ Wo Nsrahwɛ No Di?

Wɔ wiase no mmeae horow bi no, ɛkame ayɛ sɛ ɔyarefo no abusua kɔtra ayaresabea hɔ. Ebia ebehia sɛ woguare onipa no na wɔma no aduan, enti nsrahwɛ a ɛte saa no bedi bere tenten. Nanso wɔ ayaresabea pii no, wɔma nsrahwɛ bere no yɛ tiaa na ɔyarefo no ammrɛ na ayaresabea adwumayɛfo no atumi ayɛ wɔn nnwuma. Enti mpɛn pii no sɛ woyɛ obusuani anaa adamfo paa a ɛnsɛ sɛ wo nsrahwɛ no di boro dɔnhwerew biako, na sɛ woyɛ adamfo ara kwa a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ dɔnhwerew fã. Na sɛ ɔyarefo no ka sɛ tra ase kakra ɛ? Saa koraa mpo a, ɛbɛyɛ papa sɛ wutwa wo nsrahwɛ no so efisɛ ebia na wabrɛ na ne werɛ afi ne ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ w’ankasa de nhumu di dwuma, nea ɛte ara ne sɛ ntra hɔ bere tenteeten.

Sɛ ɛte sɛ nea nnipa pii sra ɔyarefo no hwɛ sen sɛnea eye ma no, anaasɛ ɛbɛma ayaresabea adwumayɛfo no anya kwan ayɛ wɔn adwuma a, ɛnde na afotu yi ho hia yiye. Nokwarem no, wo nsrahwɛ no a ɛbɛyɛ pii nanso ɛyɛ ntiantia no ye na ɛkyerɛ sɛ wudwen ne ho mmom sen biako pɛ a ebedi bere tenten. Kae nso sɛ, sɛ ɔyarefo no wɔ abusuafo a ɛte sɛ nea wɔn ani nnye wo nsrahwɛ no ho anaa mpo ɛhyɛ wɔn abufuw a, ɛsɛ sɛ wode anifere di dwuma.​—Fa toto Mmebusɛm 25:17 ho.

Wo Mmoa a Mfaso wɔ So

Ansa na wobɛyɛ wo nsrahwɛ no mpo no, ahoboa foforo bi a wubedi kan ayɛ wɔ hɔ a ɛbɛboa. So biribi a ɛho hia bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wode kɔ? Na nhoma foforo a ɔbɛkenkan nso ɛ? Ebia, da no ara wo nsa aka nsɛmma nhoma foforo a ɔyarefo no nso ani gye ho. Ɔyarefo no ani betumi agye wo pɛ mu a wufi de wo nsɛmma nhoma foforo ama no no ho. Wubetumi akenkan emu asɛm biako anaa abien a n’ani gye ho titiriw akyerɛ no mpo.

Dɛn bio na wubetumi de akɔ? Nkaeade ketewaa bi te sɛ nhwiren anaa nnuaba bɛma ɛda no ayɛ anigye. Ebetumi ayɛ ade foforo te sɛ adɔkɔdɔkɔde bi a ɔyarefo no ani gye ho anaasɛ aduan bi a wɔahyɛ da asiesie afi fie​—sɛ wɔma ho kwan saa a. Wubetumi abisa saa aduan no ho asɛm afi n’abusuafo hɔ anaasɛ bisa ayarehwɛfo no ansa na wode aduan no aba dan no mu mpo.

Afei wubetumi abisa oduruyɛfo anaa ayarehwɛfo no nea wubetumi asan de abrɛ ɔyarefo anaa nea wubetumi ayɛ ama no de aboa wɔn ma atew wɔn adwuma so anaasɛ nea ɛbɛma no awerɛkyekye. Ebia wɔn ani begye wo mmoa no ho.

So wopɛ sɛ woboa wɔ akwan foforo so? Bisa ɔyarefo no nsɛm nketenkete a ɛho hia. Hena na obegye anaa ɔde ne nkrataa brɛ no? So wubetumi akɔ ne fie anaa ne dan a ɔte mu no mpo mu a nnamfo binom ka wo ho na wakosiesie hɔ ansa na ɔyarefo no asan aba? So ɛsɛ sɛ wɔsesaw sukyerɛmma fi ɔkwan a ɔfa so kɔ ne fie no so, wogugu ne nhwiren so nsu, anaa wɔma ɛyɛ te sɛ obi wɔ fie hɔ na antwetwe awifo adwene? So ɔpɛ sɛ obi hwɛ n’ayɛmmoa ma no? Ebia eyi ne nneɛma afoforo wɔ ɔyarefo no adwenem nanso sɛ wammisa no a, ɛnna adi. Nsɛm a wufi ayamye mu bebisa no bɛboa ma akyerɛ sɛ wudwen ne ho ankasa.

Ɛho hia sɛ wobɛhyɛ ntade a ɛfata de akɔ ayaresabea hɔ. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ, wubehu sɛ sɛnea wubesiesie wo ho na wayɛ w’ade no benya sɛnea ayaresabea adwumayɛfo no bɛhwɛ ɔyarefo no so nkɛntɛnso. Ebia wɔn ani bɛsɔ sɛ nnipa a wɔbɛsra ɔyarefo no asiesie wɔn ho fɛfɛ. Sɛ wohu nnipa a wodi wɔn ho ni pii saa a wɔsra ɔyarefo no hwɛ no a, wɔbɛka sɛ ɔyɛ onipa a ɔwɔ nidi, na ɛte saa nso. Bible ka sɛ wonsiesie wɔn ho ‘sɛnea ɛfata nnipa a wosuro Onyankopɔn,’ na ɛdenam saa a wobɛyɛ no so no, wubetumi ahyɛ adwumayɛfo no nkuran ma wɔahwɛ ɔyarefo no saa ara.​—1 Timoteo 2: 9, 10.

Sɛ Asɛnnennen a Anibere Wom Sɔre A

Ɛtɔ mmere bi a, ɛbɛyɛ den sɛ ɔyarefo a worekɔsra no ahwɛ no ne ayaresabea adwumayɛfo no bedi nkitaho. Asɛm a ɛfata a wubetumi abisa a ɛrenyɛ sɛ worefeefee ne nsɛm mu ne sɛ, “Oduruyɛfo no se wo ho te dɛn?” Sɛ nneɛma nkɔ yiye na wo na woyɛ obusuani anaa ɔsomfo a ɛho asɛyɛde no da wo so a, wubetumi de mmoa ama. Esiane ɔyarefo no yiyedi nti, ebia ɛho behia sɛ wohwehwɛ asɛm no mu fi ayaresabea adwumayɛfo no hɔ. Anaasɛ ebia wubetumi aka abusuafo a biribi nti ebia wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔne oduruyɛfo no bɛkasa no ho akohu no.

Sɛ ɛba saa a, nea ɛsɛ sɛ ɛtra w’adwenem ne sɛ worensuro ayaresabea hɔ tebea anaa adwumayɛfo no. Ebia na ɔyarefo no da beae bi a nnuruyɛfo aniwa wɔ ne ho yiye a mfiri ne ayarefo a wɔn yare mu yɛ den atwa ne ho ahyia. Ɛbɛyɛ te sɛ nea ebia adwumayɛfo no nni adagyew anaasɛ wɔntew wɔn anim. Ebia wubesuro sɛ wobɛbɛn wɔn na ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka biribi a ɛbɛyɛ sɛ nea wɔn ani nnye ho. Nanso sɛ wone ɔyarefo no kasamafo a, wo (ne ɔno) hia mmuae ahorow a emu da hɔ ne ayaresa afoforo. Mma waba mu mmu kosi sɛ wubewie wo dwumadi no. Bere a ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na amma wo ho anyɛ ahi no, kae sɛ Yesu mpo kae wɔ ne mfatoho bi mu sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ obi kɔ so bisa mmoa anaasɛ nsɛm a ɔwɔ hokwan sɛ ne nsa ka.​—Luka 18:1-6.

San Susuw Wo Nsrahwɛ no Ho

Bere a woawie wo nsrahwɛ no na moadi nkra anigye mu akyi no, wubetumi asan asusuw nea wokae na woyɛe no ho. Nhwehwɛmu a ɛte saa no betumi aboa wo ma woahu sɛnea wo nsrahwɛ a edi hɔ, sɛ ɛyɛ ɔyarefo yi ara anaasɛ obi foforo no betumi atu mpɔn na ayɛ akomatɔyam kɛse.

Wɔ ne nyinaa mu no, wubetumi ayɛ nneɛma pa pii wɔ w’ayaresabea nsrahwɛ mu. Ma ahosiesie ne ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛboa ntra w’adwenem. Sɛ wode hokwan no di dwuma wɔ ɔkwan pa so a, wubetumi ama ada adi sɛ “adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen [honam fam] onua.”​—Mmebusɛm 18:24.

[Kratafa 10 adaka]

Wo Nsrahwɛ A Ɛbɛboa Ɔyarefo

1. Yɛ ahoboa.

2. Ma tebea a ɔyarefo no wom ntra w’adwenem. Mma wo nsrahwɛ no nkyɛ pii.

3. Hyɛ atade a ɛfata.

4. Bɔ no nkɔmmɔ, nanso nkasa pii.

5. Boa no wɔ nea wode kɔ anaa nea wobɛpɛ sɛ woyɛ no mu.

6. Da anigye adi na hyɛ nkuran.

7. San fa bere tiaa kɔsra no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena