So Wokae?
So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no akenkan ho? Sɛ ɛte saa a, ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:
◻ Dɛn nti na yebetumi anya nnipa a Yehowa paw wɔn sɛ wɔnkyerɛ ne nkurɔfo kwan no mu ahotoso?
Yehowa paw nnipa a wɔwɔ su a ehia na wɔde akyerɛ ne nkurɔfo ɔkwan a ɔpɛ sɛ wɔfa so wɔ bere pɔtee bi mu ma wodi asɛyɛde ahorow bi ho dwuma.—8/15, kratafa 14.
◻ Dɛn na yebetumi asua afi Yona suahu no mu?
Ná Yona dwen ne nkutoo ho dodo sen afoforo. Yebetumi asua biribi afi Yona hɔ denam yɛn nkate horow a yɛremma ɛho nhia yɛn dodo nkyɛn afoforo de no so.—8/15, kratafa 19.
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ “aban dennen ne [Yehowa, NW] din?” (Mmebusɛm 18:10)
Nea Onyankopɔn din mu a yebeguan akɔ no kyerɛ ne sɛ yebenya Yehowa ankasa mu ahotoso. (Dwom 20:1; 122:4) Nea ɛkyerɛ ne sɛ yebegyina ne tumidi akyi, adi ne mmara ne ne nnyinasosɛm so, na yɛanya ne bɔhyɛ mu gyidi, de ɔsom a edi mũ ama no. (Yesaia 50:10; Hebrifo 11:6)—9/1, kratafa 10.
◻ Ɔkwan bɛn so na sɛnea Paulo dii adanse wɔ mpanyimfo anim no yɛ nhwɛso ma yɛn?
Paulo de anidahɔ dii dwuma bere a na ɔrekasa akyerɛ Ɔhene Agripa no, sii nsɛm a na ɔne Agripa adwene hyia wɔ ho no so dua. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yesi asɛmpa no ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran no so dua titiriw, na yɛtwe adwene si anidaso koro a yɛne wɔn kura no so. (1 Korintofo 9:22)—9/1, kratafa 31.
◻ Henanom na wonya Yehowa abodwokyɛre mu mfaso?
Esiane Yehowa abodwokyɛre nti, ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii renya hokwan a ɛbɛma wɔagye wɔn wɔ ‘Yehowa da’ a ɛreba no mu. (2 Petro 3:9-15) Afei nso, n’abodwokyɛre rema yɛn mu biara hokwan a yɛde ‘bɛkɔ so de osuro ne ahopopo ayɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma.’ (Filipifo 2:12)—9/15, kratafa 20.
◻ Ná Septuagint Bible nkyerɛase no som bo dɛn?
Nkyerɛase yi boae kɛse maa Yehowa Nyankopɔn ne N’ahenni, a Yesu Kristo di so sɛ Ɔhene no ho nimdeɛ trɛwee. Wɔnam Septuagint no so too fapem a ɛho hia bi maa Yudafo a na wɔka Hela kasa ne Amanaman mufo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no gyee Ahenni ho asɛmpa no.—9/15, kratafa 30.
◻ Dɛn na ɔba desɛefo ho bɛ no kyerɛ yɛn wɔ Nyankopɔn ho?
Nea edi kan ne sɛ Yehowa yɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6) Nea ɛto so abien ne sɛ, sɛ adwensakra ma mmɔborohunu ho behia a, wayɛ ‘krado sɛ ɔde befiri.’ (Dwom 86:5, NW)—10/1, nkratafa 12, 13.
◻ Bere bɛn na asomdwoe tebea a wɔhyɛɛ ho bɔ wɔ Yesaia 65:21-25 no bɛba?
Sɛ́ Yehowa asomfo a wɔayɛ biako wɔ honhom mu paradise nnɛ no, mprempren wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no mufo renya asomdwoe a Onyankopɔn de ma. (Yohane 10:16) Na asomdwoe a ɛte saa no bɛtrɛw akɔ asase so Paradise ankasa so, bere a ‘Onyankopɔn pɛ bɛyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro no.’ Saa bere no na odiyifo Yesaia nsɛm no benya mmamu korakora. (Mateo 6:10)—10/15, kratafa 24.
◻ Adɛn nti na Kristofo kae ayeforohyia da nanso wonni awoda?
Bible nka aware ho asɛmmɔne. Sɛ Kristofo pɛ sɛ wɔkae wɔn ayeforohyia da de susuw anigye a saa adeyɛ no yɛ ne wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛma aware no ayɛ anigye no ho a, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Nanso, abosonsomfo awodadi nkutoo na ɛwɔ Bible kyerɛwtohɔ mu, na wodii atirimɔdensɛm wɔ ɛnonom ase.—10/15, nkratafa 30, 31.
◻ Wɔ Paulo mfatoho a ɛwɔ 1 Korintofo 3:12, 13 no mu no, dɛn na “ogya” no gyina hɔ ma, na dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye wɔ ho?
Ogya bi wɔ hɔ a yɛn nyinaa hyia wɔ asetra mu—yɛn gyidi ho sɔhwɛ. (Yohane 15:20; Yakobo 1:2, 3) Wɔbɛsɔ obiara a yɛbɛkyerɛkyerɛ no nokware no ahwɛ. Sɛ yɛankyerɛkyerɛ yiye a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ awerɛhow sɛnea Paulo bɔɔ kɔkɔ no. (1 Korintofo 3:15)—11/1, kratafa 11.
◻ Ɔkwan bɛn so na Noa ‘ne nokware Nyankopɔn no nantewee’?
(Genesis 6:9) Noa ne Nyankopɔn nantewee kyerɛ sɛ ɔyɛɛ nea Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ. Esiane sɛ Noa hyiraa ne nkwa so de yɛɛ Nyankopɔn apɛde nti, ɔne Nyankopɔn nyaa abusuabɔ a ɛyɛ anigye na emu yɛ den.—11/15, kratafa 10.
◻ Hokwan ahorow bɛn na abue ama yɛn esiane sɛ yennim bere pɔtee a Onyankopɔn bɛtɔ abɔnefo so were nti?
Eyi ma yenya hokwan de da no adi sɛ yɛdɔ Yehowa ampa, na yɛpɛ sɛ yɛnantew n’akwan so daa. Ɛkyerɛ nso sɛ yedi Nyankopɔn nokware na yɛwɔ sɛnea odi nsɛm ho dwuma no mu ahotoso. Bio nso, eyi boa ma yɛn ani da hɔ, na yɛwɛn wɔ honhom mu. (Mateo 24:42-44)—11/15, kratafa 18.
◻ Dɛn na “Onyankopɔn ba no din” a yebegye adi no kyerɛ?
(1 Yohane 5:13) Eyi kyerɛ Kristo ahyɛde nyinaa a yebedi so, a n’ahyɛde a ese ‘yɛnnodɔ yɛn ho’ no ka ho. (Yohane 15:14, 17) Ɔdɔ hwehwɛ sɛ ɛbɛyɛ afoforo papa. Etumi yi mmusua, nyamesom, ne asetra mu nyiyim nyinaa fi hɔ.—12/1, kratafa 7.
◻ Adɛn nti na ‘wɔtan’ Yehowa Adansefo?
(Mateo 10:22) Ade a enti wɔtaa tete Kristofo no ara nti na wɔatan Yehowa Adansefo wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so. Nea edi kan no, Yehowa Adansefo de wɔn som mu gyidi ahorow di dwuma wɔ akwan a ɛma wɔn ho yɛ ebinom ahi so. Nea ɛto so abien, wɔbɔ wɔn atoro sobo—wɔka wɔn gyidi ho atosɛm kyinkyim no.—12/1, kratafa 14.