Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 3 kr. 4-5
  • Hu Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hu Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba
  • Bible Mu Afotusɛm
  • Sɛ Wuhu Nokware a Ɛwɔ Asɛm Bi Mu a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?
  • Nea Wubetumi Ayɛ
  • Ɔtanhunu—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?
    Nyan!—2020
  • Afoforo wɔ wo ho Adwemmɔne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔtan Hunu—Ɛyɛ Amansan Haw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ɔtan Hunu Befi Wiase—Da Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 3 kr. 4-5
Ɔbea bi rekɔpɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ kar, na mmarima mmienu bi rebisabisa no nsɛm. Wohwɛ ɔbea no anim a, wuhu sɛ ne yam hyehye no paa.

Hu Nokware A Ɛwɔ Asɛm No Mu

Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba

Wɔn a wɔtan nkurɔfo no, mpɛn pii no wobɛhwɛ na egyina yɛsee-yɛsee bi so. Wo de, hwɛ atesɛm a edidi so yi:

  • Nnwumawuranom binom susuw sɛ mfiridwuma nyɛ mmea adwuma. Nanso ɛnte saa.

  • Bɛyɛ mfe 700 a atwam no, sɛ wokɔ Europe a, na wɔka to Yudafo so sɛ wɔde awuduru gugu nsubura mu, na saa ara nso na wɔde yare san nkurɔfo. Bere a na Nasifo redi tumi no, wɔsan twaa atoro too Yudafo no so sɛ wɔn na wɔama Germany sikasɛm ayɛ basaa. Saa nsɛm yi a wɔka guu Yudafo no so no maa nkurɔfo benyaa wɔn ho tan paa, na ɛde besi nnɛ nyinaa ebinom da so tan wɔn.

  • Nkurɔfo pii susuw sɛ wɔn a wɔadi dɛm ani nnye na wɔn koko nye.

Wɔn a wogye nsɛm a ɛtete saa di no, ebia na wɔate asɛm bi a wosusuw sɛ ɛfoa nea wɔreka no so, enti wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔwɔ nnyinaso. Enti sɛ ɛba sɛ obi ne wɔn nyɛ adwene a, wobu no sɛ onnim nea ɔreka.

Bible Mu Afotusɛm

“Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye.”​—MMEBUSƐM 19:2.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Sɛ yɛanhu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu a, ebetumi ama yɛadi mfomso. Enti sɛ yɛte asɛm bi na sɛ yɛanhwehwɛ mu yiye a, ebetumi ama yɛanya nkurɔfo ho adwemmɔne.

Wohwɛ a, Bible Foa Nnipa Mu Nyiyim So?

Ebinom ka sɛ, sɛ obi kenkan Bible a, ɛma onya nkurɔfo ho adwemmɔne. Nanso dɛn na Bible kyerɛkyerɛ?

  • Nnipa nyinaa fi abusua baako mu: Onyankopɔn ‘yɛɛ nnipa aman nyinaa fii onipa baako mu.’​—Asomafo Nnwuma 17:26.

  • Onyankopɔn nyiyi nnipa mu: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”​—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

  • Onyankopɔn de, ɔhwɛ komam na ɛnyɛ nea nnipa ani hu: “Onipa desani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”​—1 Samuel 16:7.a

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

Sɛ Wuhu Nokware a Ɛwɔ Asɛm Bi Mu a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hu obi yiye na nkurɔfo ka ne ho asɛmmɔne a, yɛrennye ntom. Sɛ ɛba sɛ obi ka nnipa bi ho asɛmmɔne na sɛ yɛhwehwɛ mu na yehu sɛ ɛnyɛ nokware a, ɛbɛboa yɛn paa. Ɛba saa a, bere biara a yɛbɛte nkurɔfo ho nsɛm no, yɛbɛhwehwɛ mu yiye.

Asɛm a Esii Ankasa: Jovica (Balkans)

Yɛadi kan aka Jovica ho asɛm dedaw. Ɔman a ɔte mu no, nnipa bi wɔ hɔ a nkurɔfo nhyɛ da mpɛ wɔn asɛm. Ɔrenyin nyinaa na wɔn ho asɛmmɔne nkoa ara na ɔte. Sɛ́ ɛyɛ TV so oo, radio so oo, na wɔnka wɔn ho asɛm pa. Enti Jovica ka sɛ: “Me nso mibenyaa wɔn ho adwemmɔne, na na metan wɔn mpo. Ná minhu mfomso biara a ɛwɔ nea mereyɛ no ho.

“Nanso, bere a mekɔɔ sraadi no, na me ne wɔn ara na ɛte, na na me ne wɔn ara na ɛyɛ adwuma. Ɛno de, na meyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Akyiri yi, mibehuu wɔn yiye. Mifii ase mpo suaa wɔn kasa, na m’ani begyee wɔn nnwom nso ho. Afei de, na mitumi ne wɔn bɔ, enti sɛnea na mihu wɔn kan no na minhu wɔn saa bio. Nanso yɛyɛ nnipa yi de, minim sɛ ɛwom ara a wɔn ho adwene a ɛmfata a mewɔ no betumi asan ayi ne ti. Enti sɛ wɔreka wɔn ho asɛmmɔne wɔ radio so anaa TV so a, mintie. Afei nso, sini ahorow bi wɔ hɔ a, na wɔyɛ de di wɔn ho fɛw, na na ebinom nso ka nsɛm de goru wɔn ho. Ne nyinaa meyɛe sɛ meremfa m’adwene nkɔ so. Minim sɛ, sɛ obi nya nkurɔfo ho adwemmɔne a, ebewie ase no, na wɔn ho yɛ no ahi, na n’ani bɛba ne ho so no na wanya wɔn ho tan mpo.”

Nea Wubetumi Ayɛ

  • Sɛ nkurɔfo keka sɛ nnipakuw bi te sɛɛ anaa sɛɛ a, kae sɛ ɛno nkyerɛ sɛ saa na wɔn nyinaa te.

  • Sɛ yɛte nkurɔfo bi ho asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɛnyɛ biribiara na yenim fa wɔn ho.

  • Sɛ wopɛ sɛ wuhu asɛm bi mu yiye a, kɔ baabi a wugye di sɛ wɔbɛka mu nokware akyerɛ wo.

Wodii ɔtan so nkonim

Mfoni ahorow: 1. Mmarima mmienu bi nam na wɔrebɔ nkɔmmɔ. 2. Wɔn mu baako ne ne nnamfo wɔ baabi, na n’ani agye.

Dɛn na ɛboaa Arabni ne Yudani bi ma woyii ɔtan fii wɔn mu?

Hwɛ video a wɔato din Enti Bere Bi Bɛba a Nokware Dɔ Bedi Ɔtan So? Wubehu wɔ jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena