“Mede Wo Asi Wɔn So Ɔhwɛfo”
Yehowa ka kyerɛɛ onipa sɛ ɔnhwɛ asase no so na ɔmmɔ ho ban, na onni abɔde a wɔwɔ nkwa a wɔwɔ so no nyinaa so. Onipa adi nea wɔde hyɛɛ ne nsa yi ho dwuma yiye dɛn?
SƐ NNIPA ma wɔn ti so hwɛ wim hu ɔsoro nsoromma a ɛyɛ wɔn nwonwa. Sɛ esum duru a nea wohu ne eyinom a ayɛ ɔsoro ma, nanso nsoromma dodow kakraa a wohu no yɛ ɔpepehaha a ɛwɔ amansan nyinaa no fa ketewaa bi. Saa nsoromma mpempem yi di akɔneaba a mmara a Ɔbɔadeɛ no ahyehyɛ a ɛfa nkekaho ho no na edi wɔn so. “Mfiase, no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” Sɛnea ɛsõ na ɛyɛ hwanyann fa no yɛ nea adesamma a wɔhwɛ eyi no ntumi nte ase.—Gen. 1:1.
Sɛ wɔde to ɔsoro ho a, asase no yɛ bosea ketewa bi ara kwa. Asase mu nneɛma horow a nkwa wom 5,000,000,000 na ɛwɔ atere ketewa a wɔde asaw dɔte ma mu, na hena na obetumi akyerɛ abɔde ahorow a ‘wodidi ɛpo mu’ no ano? “Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, wo abɔde ahyɛ asase so ma. Ɛpo ni, ɛsõ na ɛterɛw haharaa, ɛhɔ na mmoa manyamanya a enni ano nennamee, mmoa nketewa ne akɛse.”—Dw. 104:24, 25.
Dodow a wɔte saa a wɔn nyinaa bɛtra ase wɔ asase so no de ɔhaw bɛba. Ɛsɛ sɛ wɔma biribiara yɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ na su horow no nyinaa betumi anya hann, mframa, nsu, aduan ne beae a wɔbɛtra ne nhyehyɛe ahorow a ehia a ɛdɔɔso na wɔatumi anya ahomeka. Wɔfrɛ eyi sɛ ‘kari a adebɔ kari pɛ,’ na sɛ biribi sakra wɔ nhyehyɛe yi mu a, esiesie n’ankasa ho. Saa na Yehowa ahyehyɛ no. Ɛyɛ ne de: “Asase ne n’ade dodow yɛ Yehowa dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.”—Dw. 24:1.
Yehowa de asase no ahyɛ onipa nsa: “Ɔsoro yɛ Yehowa soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dw.115:16) Asɛyɛde a wɔde too nnipa so no yɛ nea wodii kan de too adesamma a wodi kan no so: “Wɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea, na ohyiraa wɔn, na ɔkae sɛ, ‘Wo mma pii, sɛnea ɛbɛyɛ a wo asefo bɛtra asase so nyinaa na wɔadi so. Na mede wo masi ɛpo mu nam, wim nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa so?” Onipa hwɛ a ɔbɛhwɛ asase so no yɛ nea ɔbɛbɔ ho ban: “Onyankopɔn de onipa no too Eden Turo no mu na wadɔw hɔ na wahwɛ hɔ.”—Gen. 1:27, 28; 2:15, Good News Bible.
Ɛho hia sɛ nnipa bedi wɔn sohwɛ adwuma yi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wonya Onyankopɔn suban no bi, a ɛkyerɛ sɛ wɔde Yehowa su ahorow no bi na ɛbɔɔ wɔn, ne sɛ atɛntrenee, ɔdɔ, nyansa ne tumi. Saa su horow yi boa wɔn ma wotumi di dwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ asase no ne ɛso afifide ne mmoa so ɔhwɛfo, nanso sɛ wɔde saa su horow yi di dwuma wɔ hokwan a enye so a, ɛde tumi hyɛ nnipa nsa ma wɔsɛe ‘kari a adebɔ kari pɛ’ no. Sɛ wɔde wɔn tumi di dwuma wɔ ɔkwan a atɛntrenee nni mu, ɔdɔ anaasɛ nyansa nnim so a, nsakrae a nneɛma a etwa asase ho ahyia ankasa yɛ no bɛba asiane mu.
Akwankyerɛ Ahorow mu a Ɛsɛ sɛ Wɔfa so ne Mmoa Di
Sɛnea ɛbɛyɛ na ɛne Onyankopɔn sɛso no ahyia no, ɛsɛ sɛ onipa susuw mmoa no ho te sɛ Onyankopɔn. Bible mu nsɛm ahorow pii de akwankyerɛ ma wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so ne mmoa di. Nnipa taa yɛ katee wɔ nsɛm mu, na saa ara nso na wɔyɛ wɔ mmoa ho. Ebinom de nkate di wɔn so, na afoforo nso de atirimɔden a asɛm biara mfa wɔn ho na ɛyɛ saa. Wotumi de mmoa di dwuma horow ma nnipa. Wɔde wɔn di dwuma a eye na wɔde aduan—nufusu, butre, nkesua, kesua ne nam ama. Afei nso ɛnyɛ wɔn ho nhwi nko mu na yenya ntama ne ntade fi na mmom wɔn honam nso—ɛwom sɛ mfiri a ɛyɛ nnade a wɔde kyere wɔn no bɔ mmoa a yenya wɔn ho nhwi yi atirimɔden de.—Gen. 3:21.
Nanso ɛsɛ sɛ wɔde obu ma nkwa sɛ ɛyɛ kronkron wɔ mmoa a wɔde wɔn di dwuma yi mu. Sɛ wokum wɔn kwa ara sɛ wɔde di agoru no kyerɛ sɛ wommu nkwa. Abɔmmɔfo a wokum wɔn de yɛ aduan no mpo hyɛ mmara ase sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma nkwa: “Onhwie ne mogya ngu na ɔmfa dɔte nkata so. Ɔhonam nyinaa kra [nkwa] de, ne mogya ne ne kra [nkwa].” Ɛyɛ kronkron a nkwa yɛ nti na ɛmaa Onyankopɔn de saa anohyeto yi too onipa so: “Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya.”—Lev. 17:13, 14.
Sɛ wobetumi de mmoa adi dwuma sɛ aduan ama nnipa anya nkwa a, ɛnde na ɛbɛyɛ papa nso sɛ wɔde wɔn bedi dwuma wɔ nnuruyɛ mu de agye nnipa nkwa. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ nnipa wɔ ho kwan sɛ wɔde mmoa yi di dwuma wɔ sɔhwɛ horow mu de yɛ wɔn ayayade. Nyansahufo pii bisa asɛm fa papa a sɔhwɛ horow a ɛyɛ atirimɔdensɛm yi yɛ no ho. Jeremy J. Stone, ɔpanyin a ɔhwɛ Federation of American Scientists a ɛwɔ Washington no so no kae sɛe: “Ɛsɛ sɛ wobu mmoa a wohu amane yi nkwa ho akontaa.” Engiresi nyansahufo Dr. D. H. Smyth nso kae sɛ: “Wobetumi anya nimdeɛ horow no bi a ɛnsɛ sɛ wotua ɛka a ɛsom bo saa.” Wɔ ne nhoma Alternatives to Animal Experiments no mu no, Dr. Smyth kyerɛ sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a wɔn a wɔyɛ mpɛɛpɛɛmu no betumi de adi dwuma kyɛn ayayade a wɔbɛyɛ mmoa a wɔde wɔn yɛ sɔhwɛ horow no. Ɛnsɛ sɛ nimdeɛ a wɔhwehwɛ no tirim yɛ den te sɛ nea wɔakyerɛ wɔ nea wɔahyehyɛ wɔ atifi yi so no.
Kwae mu Mmoa a Wokum Wɔn Kwa
Mmoa a wɔde wɔn ahyɛ onipa sohwɛ ase no nnue. Wɔn mu biako a wɔatɔre n’asa no ebɛdan akasa bebui. Wɔatɔre pii ase. Bere bi no na mmorɔnoma ɔpepem bebree kata Amerika Kusuufam wim nyinaa. Sɛ wɔn mu nea wɔfrɛ wɔn Audubon no tu a wɔkyerɛ sɛ wɔn dodow bɛyɛ ɔpepepem. Sɛ nnomaa yi retu a egye nna pii ansa na wɔatwam awie. Mmorɔnoma yi mu nea otwa to no wui wɔ asase so wɔ 1914 mu. Bere bi a atwam no na mmoa a wohu wɔn wɔ Amerika Atɔe asase no so no ne anantwi bi a wɔte sɛ ɛkoɔ a wɔn ho yɛ tuntum. Eduu afe 1900 mu no na wɔakum bɛyɛ sɛ ɔpepem 50, wɔakum wɔn kwa a mfaso biara nni so ma ɛkaa kakra a anka wɔtɔree mmoa yi ase. Ɛnnɛ wuram mmoa no mu pii wɔ hɔ a asiane aba wɔn nkwa ho. Honam fam adepɛ, koronbɔ, adifudepɛ, mframa ne nsu mu a wɔsɛe no, Sɛe a wɔsɛe beae a wɔte, ahuhusɛm a wɔde di nkonimdi bo akyi te sɛ Nimrod—eyinom so na wɔnam titiriw asɛe kwae mu mmoa.
Akuw ahorow a wɔreyɛ atɔre wɔn ase a wɔahyehyɛ wɔn din no yɛ mpem ɔhaha bebree. Sɛ wobu ano a, na wɔtɔre biako ase da biara da mprempren, na ennu 1980 mfe no mu no na wɔtɔre biako biara ase dɔnhwere biara. Wɔ mfe abien pɛ mu, wɔ 1970 mfe no mu no, asono dodow a wɔwɔ Kenya, no so tew fii 40,000 besii 20,000, mmoa a wɔte sɛ mpɔnkɔ no so tew fii 15,000 besii 1,500, na afei wɔ Kenya, Ɔtare Nakuru, faako a nnomaa a wɔn ho fɛfɛ a wɔfrɛ wɔn flamingos ɔpepem bebree boaboa wɔn ho ano no, saa “nnomaa a wɔn ho yɛ fɛ ne nwonwa wɔ wiase no” mu fa ketewaa bi pɛ na aka. Ɔpepem bebree awuwu anaasɛ wɔatu kɔ mmeae ahorow esiane wɔn atare a wɔte ho ne mframa mu fi a wɔyɛ no nti. Afei wɔresɛe Amazon kwae kɛse a nsu tɔ wɔ mu pii no, na sɛ ɛkɔ so saa a, ennu afe 2000 no, na wɔasɛe nnua ne afifide ne mmoa ahorow bebree. Dodow a wokum wɔn no kɔ so ara, ne nyinaa fi sɛ onipa antumi anhwɛ asase yi ne afifide ne mmoa nkwa a wɔde hyɛɛ ne nsa no so.
Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔde Asodi no Bɛto Obi So
Ebinom teɛm fa saa ɔsɛe yi ho sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn mfomso!” Saa nteɛm yi biako fi abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold J. Toynbee, a ɔkae sɛ bere a Onyankopɔn de onipa dii so no na nea ɔkyerɛ ne sɛ “wama Adam ne Hawa kwan sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, Onyankopɔn maa wɔn kwan sɛ wɔnhwɛ so na wɔmmɔ ho ban. Nanso saa nnipa baanu yi antie saa ahyɛde no ne Onyankopɔn ahyɛde foforo no, sɛnea wɔn asefo ayɛ de abesi mprempren no. Wɔasɛe ‘kari a adebɔ kari pɛ’ no, na wɔasɛe nneɛma a atwa ho ahyia a ɛyɛ asase ne beae a wɔte no. Sɛnea Bible kae no, “Ebinom nam nkwaseadeyɛ so sɛe wɔn ankasa ho na afei wonunu Awurade.” Ɔremma kwan na nkwaseasɛm ne adesɛe yi akɔ so, efisɛ Yehowa kae sɛ: “Bere adu sɛ wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no!”—Mmeb. 19:8; Adi, 11:18, GNB.
“Ɔtreneeni hwɛ n’aboa so; nanso abɔnefo mmɔborohunu yɛ atirimɔden.” (Mmeb. 12:10, An American Translation) Wobeyi abɔnefo afi hɔ na aka atreneefo: “Na teefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.” Asase no bɛtra hɔ daa, nnipa bɛtra so de akosi daa, na mmarima ne mmea a wɔasan de wɔn aba Onyankopɔn sɛso no bɛhwɛ paradise no so na woabɔ ho ban de akosi daa na wɔadi mmoa no so tumi wɔ ɔkwan a ɛteɛ na ɔdɔ wom so.—Mmeb. 2:21, 22; Ɔsɛnk. 1:4; Yes. 45:18.
Ɛnna “habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada hɔ, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwi ba ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so: na Yehowa hũ bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yes. 11:6-9.
Ɛno na adesamma bɛma nea Yehowa de hyɛɛ wɔn nsa a ɔkaa ho asɛm fi teteete no abam sɛ “Mede wo masi wɔn so ɔhwɛfo.”
[Kratafa 5 adaka]
SƐNEA ONYANKOPƆN SUSUW MMOA HO
ONYANKOPƆN SUSUW WƆN HO:
“Nkasanoma . . . wɔn mu biako nkwati mo Agya nhwe fam.”—Mat. 10:29.
ƆPƐ SƐ WƆDE AYAMYE SUSUW WƆN HO:
‘Nnansia na fa yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no de gyae, sɛnea ɛbɛyɛ na wo nantwi ne afurum bɛhome.’—Ex. 23:12.
“Nkata nantwi a ɔporow awi ano.”—Deut. 25:4.
“Mfa nantwi ne afurum mmɔ mu mfɛtɛw.”—Deut. 22:10. “Sɛ wuhu nea okyi wo afurum sɛ ɔhyɛ n’adesoa ase a, . . . ɔsan na wo ne no nsan no.”—Ex. 23:5.
“Mo mu hena na . . . n’afurum anaa nantwi kɔtɔ abura mu a, ɔrenkɔtwe no ntɛmntɛm?”—Luka 14:5.
ƆYƐƐ NHYEHYƐE NA MMOA HOROW NO ANYA NKWA:
“Sɛ anomaa berebuw befi wo anim ɔkwan mu, nkyerɛ ɛnã no mpae mma no so.”—Deut. 22:6.
ƆYƐƐ ADUAN HO NHYEHYƐE: “Na asase no home mu ade nyɛ mo de, na munni, . . . ne wo afieboa ne mmoa a wɔwɔ wo asase so.”—Lev. 25:6, 7.
“Wubue wo nsam, na adepa mee wɔn.”—Dw. 104:28.
“Hwɛ ɔsoro nnomaa, . . . nanso mo ɔsoro Agya no yɛn wɔn.”—Mat. 6:26.
ƆDE NYANSA A EHIA MA NKWA MA WƆN: “Nanso wɔyɛ anyansafo sɛɛ . . . wosiesie wɔn aduan ahohuru bere.”—Mmeb. 30:24, 25.
ƆHWEHWƐ SƐ WƆDE ANISƆ A ƐFATA MA WƆN:
“Nnoa oguan ba wɔ ne nã nufusu mu.”—Ex. 23:19.
[Kratafa 6 adaka]
AYAYADE A ONIPA DE AYƐ MMOA HO KYERƐWTOHƆ
WƆ AGUMADI NTI:
Sisi a wɔkyere no. Wɔyɛɛ eyi wɔ Engiresi aburokyiri, afeha a ɛto so 11 kosi 19 no mu. Wɔde hama sa sisi, tutu ne sẽ, na wɔma akraman anan kɔtoa no.
Nantwinini a wɔkyere no. Akraman a wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛkeka nantwinini no hwene na wɔakura mu saa ara bɔtoa nantwi a wɔasan no no. Akraman ahorow bɔtoa no saa ara de kosi sɛ nantwinini no bu hwe fam a ade atɔ no so.
Nantwinini ko. Obi a ɔte ɔpɔnkɔ so tow peaw si nantwinini no kɔn mu ne ne mmati nam no mu. Ɔfoforo nso de peaw wowɔ ne mmati. Afei de nea ɔne nantwinini no ko no bɔ mmɔden sɛ obekum aboa no denam sekan a ɔde wowɔ ne mmati nnompe no nkyɛn. Sɛ aboa no nwu ara a wotwa ne berɛmo nnompe no mu ma aboa no wu ntɛm.
Nkokɔnini ko. Wɔde nnade a ano yɛ nam a n’atenten bɛyɛ nsateakwaa abiɛsa hyehyɛ nkokɔ anan na wɔde ko ara de kosi sɛ wowuwu.
Akraman ko. Wɔde akraman mma ma nnyinamoa ma wokum wɔn, ne nnyinamoa ne akraman nketewa, de kosi sɛ wɔn nyinaa kyerɛ mogya ho akɔnnɔ. Ɛyɛ wɔn ho nyinaa, tetew wɔn aniwa ne wɔn aso, wɔn anan mu bubu de gye wɔn wuranom ani. Mpem bebree wu afe biara.
WƆ NYANSAHU DIN MU:
•Wɔhyɛ nkonturomfi ne nnanko so ma wɔnom sigaret de kosi sɛ akisikuru kum wɔn.
•Wɔde anyinam ahoɔden ka mmoa no de kosi sɛ ade tɔ wɔn so a wɔda hɔ a wontumi nyɛ hwee.
•Wɔde nnanko hyɛ nnaka mu na wɔde ohurii tetare wɔn aso ho. Wɔde nnuru a wɔde hye ti nhwi gu wɔn aniwam kosi sɛ wɔn aniwa sɛe.
•Wɔde ɔkɔm kyen nkonturomfi ma wɔhyɛ wɔn ma wɔnantew hama a afiri twe no so a wonwie da. Wɔyɛ wɔn ayayade ahorow de kosi sɛ wowu wɔ nnɔnhwerew 37 pɛ mu.
•Wofura nnyinamoa ani, yi wɔn ahweaabo, kum ohua nka a wɔwɔ no, twitwa wɔn awode, sɔ wɔn hwɛ sɛ wɔte foro a wɔbɛforo abere nka anaa.
•Wɔsɛe wɔn menewa nti mmoa no ntumi nteɛteɛm.
•Wokum mmoa horow 64,000,000 wɔ U.S. Amerika nkutoo afe biara wɔ nnuruyɛ ho sɔhwɛ horow mu.
[Kratafa 7 mfoni]