Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Masiesie Me Ho Ama Aware?
● “Afotu ma nnipa a wɔrebɛware—DABI”—Henry Mayhew: Mr. ● “Aware a anigye wom wɔ adamfofa mu anigye horow no nyinaa bi, ɛwɔ adwene ne nsusuwii mu anigye no nyinaa bi, ne, ampa, asetra mu anigye horow no nyinaa bi.”—Joseph Addison, Engiresini ɔkyerɛwfo
ADWEN horow a ɛbɔ abira! Nanso nkontaabu ahorow kyerɛ sɛ wɔn a wɔware no betumi anya “asetra mu anigye horow no nyinaa bi” na saa ara na ebetumi aba sɛ wɔrennya. Sɛ nhwɛso no, nkontaabu da no adi sɛ aware ahorow wɔ United States no mu nea ɛboro fã kowie awaregu, ntetewmu (mmara kwan so de anaa nea ɛnte saa) anaa “aware a ɔdɔ nni mu” mu—awarefo a wɔmpɛ sɛ wogyae nanso ɛyɛ awerɛhow.
Nanso, ɛnyɛ aware no na enye na mmom nnipa no na antumi. Ɛnde ɔkwan bɛn so na wuhu sɛ woasiesie wo ho ama aware anaasɛ dabi?
W’ankasa Wo Ho Mu a Wobɛhwehwɛ
Sɛ́ mobɛka aware ntam no yɛ aniberesɛm, te sɛ nea moreka ntam kronkron ama Onyankopɔn. Nanso, Bible no ka ebinom a wɔde ahopere, ebia mpofirim nkate, bɛhyɛ bɔ denneennen, anaa wɔbɛka Onyankopɔn ntam sɛ wɔbɛyɛ ade bi na ɛno akyi “ansa na wabisabisa mu” ho asɛm. (Mmebusɛm 20:25) Esiane sɛ ‘ommisabisa mu’ ansa na waka ntam no nti, ebia obehu sɛ pii wom sen sɛnea ɔde ahopere susuwii no. Nanso mprempren de ne ho aka mu!
Saa ara na ebinom apere wɔn ho aware a wɔanni kan ‘ammisabisa mu.’ Nanso nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ wo ankasa wo koma ne wo adwene mu yiye sɛnea wubetumi. Dɛn ne wo botae horow wɔ asetra mu? Ɔkwan bɛn so na aware bɛka eyi? Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wufi ase susuw ho anibere so, efisɛ ebia aware mu asɛyɛde horow no de botae ne nnwuma horow bi bɛba abɛka ho.
Afei nso hwehwɛ nea enti a wopɛ sɛ woware no mu. So worehwehwɛ ahotɔ wɔ tebea bɔne bi a ebia ɛwɔ fie anaa sukuu no mu? Ababaa kumaa bi ka kyerɛɛ aberante a ɔne no ayɛ aware nhyehyɛe no sɛ: “Sɛ yɛware a m’ani begye yiye. Afei de na ɛho renhia sɛ misi gyinae ahorow bio!” Nanso sɛ́ anka ɛbɛma w’asɛyɛde ano abrɛ ase no, aware ma ɛyɛ kɛse mmom.
Asɛyɛde no Ho Dwuma a Wubedi
Mmerante ne mmabaa pii nso nhwehwɛ wɔn adwuma sɛ okunu ne ɔyere no mu. Sɛ nhwɛso no, Sally a ɔyɛ ayeforo a onnya nnii mfirihyia aduonu no ka wɔ ne kunu ho sɛ: “Afei a yɛaware no bere a ɔkyerɛ me ho anigye nkutoo ne bere a ɔpɛ sɛ ɔne me da. Osusuw sɛ ne nnamfo mmarima no ho hia sɛ ɔne wɔn bɛbɔ te sɛ me ara. . . . Ná misusuw sɛ me nkutoo na mɛyɛ ne de, nanso wadaadaa me”! So ne kunu hui sɛ okunu a wabɛyɛ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ogyae ne nneɛma a ɔyɛ sɛ ɔhokwafo no?
Anaasɛ susuw ayeforo a wadi mfirihyia 19 asɛm a ɔkyerɛwee no ho: “Mɛhwɛ TV na mada sen sɛ mesiesie fie na manoa aduan. Sɛ me kunu awofo bɛsra yɛn a na m’ani awu, efisɛ wosiesie wɔn fi fɛfɛ na me de no de bere nyinaa na emu ayɛ basaa. Minnim aduannoa nso.” So ohui sɛ, sɛ́ wobɛyɛ ɔyere no kyerɛ sɛ wobɛyɛ obi a osiesie fie nso?
Nanso Bible no de akwankyerɛ a emu da hɔ ma okununom ne ɔyerenom. Mmusua ahorow pii a wɔde nnyinasosɛm ahorow yi tra ase a wɔwɔ anigye no yɛ bo a ɛsom no ho adanse a ɛdɔɔso. Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa aware ho no kakra wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 22 no mu. Bere a wususuw eyinom ho no, bisa wo ho sɛ: ‘So masiesie me ho sɛ medi eyi ho dwuma?’
So Woanyin?
Vicky a ɔwaree bere a na ɔne ne kunu nyinaa nnya nnii mfirihyia aduonu no kae sɛ: “Aware yɛ nhyehyɛe a anibere wom. Ɛnyɛ agoru. Ayeforohyia mu anigye no aba awiei. Ɛnkyɛ na abɛyɛ da biara da asetra, na ɛno nyɛ mmerɛw.” Ne kunu Mark de kaa ho sɛ: “Mekae sɛ wɔ m’adwuma a edi kan no mu no na ɛsɛ sɛ mesɔre 6 a.m. Mekɔɔ so dwenee ho sɛ: ‘Eyi yɛ adwuma a ɛyɛ den. So menya ahotɔ da bi?’ Na afei sɛ midu fie a mete nka sɛ Vicky nte ɔbrɛ ahorow a merebrɛ no ase.”
Wɔ abofra fam no nsɛnnennen a ɛte sɛɛ betumi ayɛ te sɛ mmepɔw a wontumi mforo. Nanso, nnipa a wɔanyinyin wɔ ntease a ɛyɛ soronko. Ɛda adi sɛ ‘wɔaforo mmepɔw ahorow bi’ dedaw na wɔasiesie wɔn ho wɔ nkate mu sɛ wobedi nsɛnnennen a ɛte sɛɛ ho dwuma. Enti so ‘woagu mmofrasɛm’ no ampa na ‘woawie nyin wɔ ntease tumi mu? (1 Korintofo 13:11; 14:20) Lloyd Saxton kyerɛkyerɛ mu wɔ The Individual, Marriage, and the Family mu sɛ: “Onipa a wanyin wɔ nkate mu no susuw afoforo ho sen sɛ obesusuw ne nkutoo ho; otumi gye asɛyɛde tom ma afoforo yiyedi ne n’ankasa de nso. Onipa a onnyinii wɔ nkate mu no de ne ho to afoforo so ma wɔakyerɛ no nea ɔnyɛ (na sɛ nneɛma anyɛ yiye ama no a ɔde asodi no to afoforo so) . . . wonnyin da wɔ adwene mu, na wɔmfa afoforo hokwan anaa ahiade ahorow nni wɔn honam fam akɔnnɔ ano dwudwo anim nso.”
Baabiara nni hɔ a onyin da adi kɛse sen sɛnea wo ne afoforo bɔ—titiriw wɔn a wo ne wɔn te. Sɛ nhwɛso no, sua a wubesua sɛnea wubedi adwene a enhyia ho dwuma a wonsɛe onipa foforo no anaa wo ne saa onipa no abusuabɔ, yɛ adesuade kɛse a ɛsɛ sɛ wuhu. Nneɛma a ɛte sɛɛ gye onyin, sɛ́ wubenya nhumu na woahu ‘sɛnea ɛsɛ sɛ wubua obiara.’—Kolosefo 4:6.
Wuhia Honhom Mu Ahoɔden
“Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa] na wobeyi no ayɛ”. (Mmebusɛm 31:30) Saa ara na ɛte wɔ ɔbarima a osuro Yehowa no fam.
“Ɛyɛ bere a misuaa nea Yehowa pɛ sɛ meyɛ, na mebɛdɔɔ no na mibuu no sɛ m’adamfo no akyi ansa na ɛrema nsakrae aba m’aware a ɛto so abien no mu,” saa na Maureen a n’aware a edi kan a na saa bere no onnii mfirihyia aduonu no gui no kae. Ɛdenam Yehowa Adansefo mmoa so no, Maureen suaa Bible no na ofii ase maa ɔne Yehowa abusuabɔ no mu yɛɛ den.
Ankyɛ na onyaa su horow a ɛbɛma wayɛ ɔyere pa. Bere a odii mfirihyia 26 no ɔsan waree bio. Afei de ɔhwehwɛɛ obi a ɔwɔ botae ne ɔdɔ koro no ara ma Onyankopɔn ne n’asɛm no. Bere a wɔanya anigye wɔ mfirihyia abien akyi no, ɔkae sɛ: meyɛ biribiara a metumi de ma aware no yɛ yiye. Wɔ m’aware a edi kan no mu no adwene a minyae ne sɛ, sɛ nneɛma anyɛ yiye a yebetumi agyae aware bere biara. Mprempren de minni saa adwene no bio koraa. Kae a mekae nea Bible no ka kyerɛ me sɛ menyɛ ne bɔ a mebɔ mpae srɛ Onyankopɔn hɔ ahoɔden no ama yɛahu sɛ ɛyɛ yiye ankasa!”
Sɛ wɔresusuw aware ho a, dɛn nti na wummisa awarefo bi a wɔanyin a wɔwɔ anigye na wuntie wɔn adwene wɔ wo ho a woasiesie no ho? Aware betumi ayɛ nea ɛde anigye a ɛsen biara ba anaa nea ɛde awerɛhow a ɛsen biara ba. Sɛ wopaw sɛ wɔbɛware a, dɛn na ɛde bɛba—anigye anaa awerɛhow? Pii gyina onipa ko a woyɛ anaa wopɛ sɛ woyɛ no so.
[Kratafa 22 adaka/mfoni]
Bible Afotu ma Okununom
● Ma wo fifo nneɛma a wohia.—1 Timoteo 5:8.
So ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛyɛ adwuma, a ebia ɛho behia sɛ wosɔre ntɛm na woyɛ adwumaden nnɔnhwerew pii da biara?
● Kɔ so dɔ wo yere te sɛ nea Kristo mpo de ne ho bɔɔ afɔre maa afoforo no.—Efesofo 5:25.
So ɛyɛ wo pɛ sɛ wode wo yere yiyedi ne nneɛma a ɔpɛ bedi wode anim, bere a Onyankopɔn mmara so bu biara nni mu no?
● “Na Kristo nso ansɔ ne ho ani.”—Romafo 15:3.
So ɛyɛ wo pɛ sɛ wode ahofadi ahorow bi bɛbɔ afɔre na woagyae nneɛma bi a wopɛ yiye yɛ?
● Di no ni sɛ ade a ne ho nyɛ den.—1 Petro 3:7.
So wubebu no sɛ ɔsom bo anaa wubedi no ni, bere mpo a nneɛma ahaw wo anaa bere a onni anigye mu no?
So wubetumi adi ne nkate horow a ɛho asɛm yɛ den no ho dwuma a ɛtɔ bere bi a n’asabu ka ho na ɛba saa no?
● Ma wo yere nea ɛsɛ.—1 Korintofo 7:3.
Ɛnyɛ “nea ɛsɛ” a wode bɛma no ara ne sɛ wode wo ho bɛka no ara kwa na mmom w’adwene a wode bɛkɔ no so, akyerɛ ne ho anigye. So woanya ahosodi a wode bɛyɛ saa, a ɛnyɛ wo nkutoo akɔnnɔ ano a wubedwudwo ho na wudwen?
Bible Afotu ma Ɔyerenom
● Ɛsɛ sɛ ɔyere nya obu kɛse me ne kunu.—Efesofo 5:33.
So wobɛkɔ so ara abu wo kunu, ɛwom sɛ ebia obedi wo huammɔ anaasɛ ɔbɛyɛ mfomso ahorow?
Sɛ wo ne n’adwene anhyia wɔ gyinaesi bi ho mpo a, so wobɛbrɛ wo ho ase ahyɛ ne tiyɛ ase, bere dodow a emmu Onyankopɔn mmara biara so no?
● Nnwumayɛfo wɔ fie.—Tito 2:5.
So ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛnoa aduan na woasiesie fie hɔ, ahoro w’abusua no nneɛma? So woyɛ eyi mprempren wɔ wo ankasa wo dan mu anaa wo fi?
So wowɔ ɛho nimdeɛ, na woyɛ nsi a ɛbɛma woatumi ayɛ ofie nnwuma ahorow a ɛsɛ sɛ woyɛ no?—Mmebusɛm 31:27.
● Dɔ wo kunu ne wo mma.—Tito 2:4.
So woasiesie wo ho sɛ wobɛma w’ani akũ wo kunu nkutoo ho sen sɛ wubetie mmarima afoforo adɔkɔdɔkɔsɛm?
So wobɛkɔ so ara adɔ abofra a ɔma wunyan ɔdasu mu no?
● Ma okunu nea ɛsɛ.—1 Korintofo 7:3.
So ɛyɛ wo pɛ sɛ wubeyi ɔdɔ adi wɔ nna mu bere a anka wompɛ no? So woremfa w’ahoɔfɛ nni dwuma nhwehwɛ nea wopɛ?