Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 4/8 kr. 17-20
  • Ná Meyɛ Obi A Owia Dɛnkyɛmmo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Meyɛ Obi A Owia Dɛnkyɛmmo
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛnkyɛmmo anaasɛ “Nhene”​—Ɛbɛyɛ Nea Ɛwɔ He?
  • Menkɔka Me Bɔne Nkyerɛ Polisifo?
  • Sɛnea Polisifo Yɛɛ Wɔn Ade Wɔ Me Mpaemuka no Ho
  • Mekyekyɛɛ “Nhene” wɔ Afiase
  • So Ɛyɛ Mmerɛw sɛ Mɛyɛ Nea Eye?
  • Minyaa M’ahofadi Wɔ Afiase!
    Nyan!—1988
  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Nsɛmmɔnedifo A Wonnye Koraa Atumi Asakra?
    Nyan!—1984
  • Wubetumi Anya Honhom Mu Nkɔso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Wowaw Wɔ Anwheatam So Afiase Bi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 4/8 kr. 17-20

Ná Meyɛ Obi A Owia Dɛnkyɛmmo

HATTON GARDEN, faako a wɔyɛ dɛnkyɛmmo ho adwuma wɔ London no yɛ beae a ɛyɛ hu sɛ wobedi nsɛmmɔne wɔ hɔ. Wɔde mfiri horow a etwitwa mfonini asisi soro wɔ borɔn no so a ɛma polisifo hu nea ɛrekɔ so wɔ saa beae hɔ nyinaa bere nyinaa. Nanso wɔ eyi nyinaa akyi no, me ne nsɛmmɔnedifo bi a yɛde atuo ne nnuru bi asie kɔɔ hɔ June 1973 mu esiane atirimpɔw a ɛte saa nti. Ná wasiesie ne ho te sɛ odwumayeni kɛse bi, na na mehyɛ wɔn a wosua dɛnkyɛmmo ho adwuma atade fitaa bi.

Yɛyɛɛ korɔnbɔ no ho nhyehyɛe yiye, na yɛde yɛn adwene sii bere a yɛde bɛyɛ na yɛaguan ntɛm ara so kɛse. Afei, da a yɛahyɛ no dui no, yedii onipa no akyi fi tokuru a na wakogye ne dɛnkyɛmmo no wom no mu. Anyɛ yiye koraa no na okura nea ɛsom bo bɛyɛ pɔn ɔpepem biako (¢53,220,000) wɔ bag abien mu. Yɛbɔɔ no hwee fam, hwim bag abien no fii ne nsam na yeguan kɔtraa kar a na ɛretwɛn bi mu. Yewiee ne nyinaa wɔ anibu kakraa bi mu.

Bere a yɛkɔɔ yɛn anim kakraa akyi no, yɛsesaa kar a yɛte mu no na yefii London koraa de nneɛma no kosiei kosii sɛ akyiri dwoe. Afei yɛtraa wimhyɛn mu kɔɔ Spain bɛyɛ dapɛn biako anaa nea ɛte saa, a yɛde akwantu ho adansedi nkrataa (passports) a ɛnyɛ yɛn de ankasa na ɛkɔe. Bere a yɛsan bae no yekoyii dɛnkyɛmmo no na yɛde koguu sikakorabea adaka mu wɔ obi a yenim sɛ onni asɛm biara wɔ polisifo nsam din mu. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wohui sɛ yɛne onipa yi nam no maa ɔkorɔnfo a ɔno na odii kan de adwuma yi hyɛɛ yɛn nsa no tee ho asɛm. Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛde dɛnkyɛmmo no sie. Enti bere a ohunahunaa nea adaka no wɔ ne nkyɛn no, ɔdan maa no. Me ne m’adamfo no anhu saa abohene no bio da.

Saa dɛnkyɛmmo adwuma yi na ɛde mfirihyia ason a mede anya nsɛmmɔnedi mu osuahu ne ntetee no baa awiei. Ná madi mfirihyia 16 pɛ bere a sekan a mede wɔɔ ɔbarima bi wɔ ntɔkwaw mu no ma minyaa asɛm a anibere wom a edi kan no. Esiane sɛ me na midii kan yɛɛ mfomso no nti, ɔsennifo no bɔɔ me ka, san bɔɔ me kɔkɔ kɛse na ogyaee me, nanso ɛno anyɛ me hwee. Ɛno akyi no minyaa polisifo nsam amane bere nyinaa.

Bere a mewɔɔ sekan no akyi asram dunwɔtwe no, yɛkɔkoo ntɔkwaw bi a ɛmaa ɔbarima bi wui wom. Wɔde yɛn kɔɔ asennibea sɛ yɛyɛ awudifo, nanso wogyaee yɛn efisɛ wɔantumi ankyerɛ nea okum no pɔtee. Nanso wɔde me kɔɔ Borstal (mmofra a wodi nsɛmmɔne afiase) . Ansa na dɛnkyɛmmo adwuma no reba no, na mada afiase mprɛnsa, na wɔabɔ me ka anaa wɔde me ato ɔhwɛ ase mpɛn pii. Ná ne nyinaa yɛ agoru a sɛnea nnipa a wɔde nsɛmmɔnedi ayɛ wɔn adwuma ka no, “Wubedi nkonim wɔ bi mu na woadi nkogu wɔ bi mu.”

Dɛnkyɛmmo anaasɛ “Nhene”​—Ɛbɛyɛ Nea Ɛwɔ He?

Bere a mesan baa England wɔ dɛnkyɛmmo korɔnbɔ no akyi no, na polisifo rehwehwɛ me akyere me denneennen. Enti mehwehwɛɛ baabi kɔtrae wɔ London kurotia, faako a ɛhɔ yɛ dinn na ɛmmɛn me fi ne wɔn a na wɔpɛ me akyere me no. Mibehui akyiri yi sɛ na ɔbea a fie no yɛ ne de no ne Yehowa Adansefo a na wɔyɛ nnipa a mentee wɔn ho asɛm da no sua Bible no dapɛn biara. Ɔkaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ me, nanso na ɔrentumi nhaw m’adwene. Ná me nnamfo nsɛmmɔnedifo no da so ara wɔ hɔ, menom nnubɔne ahorow, metow kyakya na menom nsa kɛse. Nanso da koro antwam a wanka Bible ho asɛm bi.

Da koro bi ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ mimekyia Adansefo baanu a wɔba bɛyɛ adesua no. Mfiase no na misusuw sɛ wɔrebɛpɛ me akyere me, enti mehwehwɛɛ faako a meguan afa wɔ ne ban no akyi, atwam wɔ keteke nnade no so​—sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere me a! Akyiri yi miwiawiaa me ho kɔtraa ɔdan no akyi na mitiee nea wɔreka no. Nkakrankakra m’ani begyee ho na mepenee so sɛ me ne wɔn ne me fiewura no bɛyɛ saa adesua no bi. Ne “nhene” a ɛyɛ Bible mu nyansa no fii ase nyaa tumi. Onyankopɔn ne n’Ahenni ho nimdeɛ ho anigye a mewɔ no kɔɔ so ntɛmntɛm. Ankyɛ, afei de na yɛyɛ adesua no mprɛnsa da koro.

Ɛwom sɛ na me fiewura yamyefo no nnya nyɛɛ Ɔdansefo a wabɔ asu de, nanso na ɔkɔ adesua wɔ Ahenni Asa so (faako a Yehowa Adansefo hyiam) wɔ faako a yɛwɔ no. Ná ɔtaa to nsa frɛ me sɛ yɛnkɔ, enti mekɔ kɔhwɛɛ sɛnea ɛte. Me ho dwiriw me kɛse. Ná ɛnyɛ anihaw anaa mfonoe sɛnea na merehwɛ kwan no. Anigye ne ɔdɔ a na ɛda adi no yɛ nokware ankasa. Na na anisɔ a wɔn nyinaa wɔ ma honhom mu nneɛma no da nsow. Enti mekɔe bere nyinaa. Afei de na migye di sɛ mahu nokware no. Ná mepɛ sɛ meyɛ nkurɔfo yi mu biako; sɛ menya gyidi, anigye ne anidaso a wɔwɔ no bi; sɛ me ne Yehowa benya abusuabɔ sɛnea wɔwɔ no.

Menkɔka Me Bɔne Nkyerɛ Polisifo?

Afei mifii ase tee nka sɛ ɛsɛ sɛ misiesie m’asetra yiye. M’ahonim ka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho kɔma polisifo na wɔtwe m’aso, ɛwom sɛ ɛbɛyɛ den de. Nsusuwii yi maa ehu kaa me, efisɛ na minim sɛ ebetumi akyerɛ to a wɔde me bɛto afiase bɛyɛ mfirihyia 15. Nea ɛka ho bio no, na ɛsɛ sɛ migyina animtiabu ne fɛwdi ahorow a me kan nnamfo a wɔwɔ afiase dedaw esiane nsɛmmɔnedi ahorow nti de bɛba me so no ano. Nanso na ɔkwan foforo biara nni hɔ a mɛfa so. Sɛ́ adeyɛ a edi kan no, migyaee nnubɔne ahorow nom na afei nso migyaee ka ahorow a me kan nneyɛe bɔne no ama nkurɔfo de me no mu.

Ansa na mede me ho bɛkɔ akɔma polisifo no, mepɛe sɛ mɛkɔ akohu me na na maka me gyinaesi no ne nea enti a masi saa gyinae no ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na mepɛ n’asɛm yiye. Na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛn mmofra yi atwe yɛn ho afi nsɛmmɔnedi ho, nanso yɛn nyinaa buu yɛn ani guu n’afotu no so na, bere a yennya nnii mfirihyia aduonu no na yɛakɔ afiase aba. Ná ɛyɛ awerɛhow sɛ ɛkame ayɛ sɛ bere biara na ne babarima biako anaa ɔfoforo wɔ afiase. Nanso wɔ ne nyinaa mu no wannyaw yɛn.

Me nna no de ne kar bɛfaa me ma yɛkɔɔ fie sɛ merekohu no. Ná ɛyɛ hu, efisɛ na polisifo no ba yɛn fi bere nyinaa bɛhwɛ sɛ maba. Ná m’adwene ne sɛ m’ankasa de me ho bɛkɔ akɔma wɔn bere a maka m’asɛm no awiei na ɛnyɛ sɛ mɛma wɔadi kan akyere me. Enti na ɛsɛ sɛ mehwɛ yiye. Mipiaa me ho daa fam wɔ kar ketewa no mu na yeduu fie asomdwoe mu. Me na ani gyei sɛ me nsɛmmɔnedi bere no aba awiei, na afei de manya biribi a eye na ɛsom bo a mede m’asetra nkae begyina so. Ná afei na madi mfirihyia 24 pɛ. Meyɛɛ nea metumi wɔ nsrahwɛ tiaa no mu de kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ no a na saa bere no minnim sɛ ɛno na ɛbɛyɛ hokwan koro pɛ a menya. Owui bere a na mewɔ afiase.

Sɛnea Polisifo Yɛɛ Wɔn Ade Wɔ Me Mpaemuka no Ho

Wɔ January 1974 mu, bere a me mmaranimfo ne me nuabarima no ka me ho no, mekɔɔ polisifo no hɔ. Bere a meka kyerɛɛ polisini a ɔwɔ hɔ no sɛ me ne Alfred Scully no, ɔhwɛɛ me haa te sɛ nea wante nea mekae no. Ná ɛyɛ asram asia ni a wɔhwehwɛɛ me!

Wɔ nna kakraa a edii hɔ no mu no wobisabisaa me nsɛm nnɔnhwerew pii, efisɛ na wonhuu dɛnkyɛmmo no ara ɛ. Ná wɔn adwene mu yɛ wɔn naa wɔ ma a mede me ho akɔma wɔn no ho. Adwene a wɔanya wɔ mfirihyia pii mu osuahu mu ne sɛ: Sɛ obi ba bɛyɛ ɔbɔnefo a, ɔyɛ ɔbɔnefo bere nyinaa. Bere a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛka ‘nsakrae a mayɛ wɔ m’asetra mu no ho asɛm akyerɛ wɔn no, wɔsrew me kɛkɛ. Wɔde me too afiase wɔ Brixton kosii sɛ bere a wɔde bedi asɛm no dui wɔ asram asia akyi.

Ná Bible mu nimdeɛ a mewɔ no nnɔɔso, efisɛ na ɛyɛ asram abien pɛ ni a mifii ase kenkanee. Afei, bere a mewɔ bere pii yi no, mifii ase hwehwɛɛ mu kɔɔ akyiri denam Adansefo no nhoma a me nsa tumi kae no so. Me nnamfo a wofi Ahenni Asa so bae no maa me nsa kaa nhoma ahorow a mɛkenkan, na bere a bere kɔɔ so no mebɛyɛɛ den honhom mu.

Wɔ June 3, 1974 mu no wodii m’asɛm. Mpanyimfo a wofi Ahenni Asa so no biako kasa maa me, na me fiewura no agya a ɔyɛ asetra ho nsɛm ho odwumayɛfo a n’adwuma no fa nnipa a wɔayɛ bɔne pɛn ho titiriw no nso kasa maa me. Ɔtemmufo no susuw wɔn nkamfo no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ me ara na mede me ho mae ne adwene a mede yɛɛ saa no ho. Ohuu me mmɔbɔ kɛse. Sɛ́ anka ɔde me bɛto afiase mfirihyia pii no, ɔmaa me mfirihyia anum. Minyaa ahotɔ kɛse. Ɛdenam abrabɔ pa ho fafiri ne nneɛma afoforo so no, na wobetumi agyae me wɔ mfirihyia abiɛsa akyi. Mede saa bere no bɛtoa me Bible adesua no so na maka asɛmpa no akyerɛ obiara a menya no a ɔpɛ sɛ otie wɔ afiase hɔ.

Mekyekyɛɛ “Nhene” wɔ Afiase

Afiase a wodii kan de me kɔe ne Wormwood Scrubs wɔ London atɔe fam. Dɔ a na nnipa dɔɔso wɔ hɔ dodo ne tebea horow a ahotɔ nni mu no anhaw me, efisɛ bere a na mewɔ London no na ɛnyɛ den mma me nnamfo Adansefo no sɛ wɔbɛba abɛhwɛ me. Wɔbɛhwɛɛ me, na meda wɔn ase pii. Wɔ Scrubs de na wɔde yɛn gu ɔdan mu nnɔnhwerew 23 da biara. Ɛha na mihuu sɛnea komam mpaebɔ betumi ahyɛ obi den.

Sɛ edu bere a yɛde teɛteɛ yɛn apɔw mu da biara a, mebɔ mmɔden sɛ me ne nneduafo afoforo bɛkyɛ Bible mu “nhene” no, na mehwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu ho nsɛm pii no. Sɛ me kan nnamfo nsɛmmɔnedifo no hu eyi a wodi me ho fɛw. Bɛyɛ asram asia akyi no wɔsan yii me kɔɔ afiase foforo wɔ Maidstone, Kent, na awiei koraa no wɔde hyɛɛ me nsa sɛ menhwɛ nhomakorabea a ɛwɔ hɔ no so. Ná ɛnyɛ sɛ ɛno yɛ adwuma a ɛyɛ anigye nko na mmom ɛmaa me ne nneduafo no pii nyaa nkitahodi na enti ɛma minyaa hokwan kaa me gyidi ho asɛm. Ebinom tumi yɛɛ yiye, efisɛ bere a woyii wɔn akyi no, anyɛ yiye koraa no nneduafo no mu baanu gyee asubɔ akyiri yi.

So Ɛyɛ Mmerɛw sɛ Mɛyɛ Nea Eye?

Wɔ m’afiasenna no nyinaa mu no Adansefo no bɛsraa me bere nyinaa na wɔkɔɔ so boaa me bere a woyii me no akyi. Asram abiɛsa akyi no, migyee asubɔ wɔ London nhyiam kɛse bi ase de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa a na madi kan ayɛ bere tenten wɔ afiase no ho sɛnkyerɛnne. Mprempren, wɔ mfirihyia asia akyi no, meyɛ ɔbarima ɔwarefo a ɔwɔ anigye ne mma baanu ne adwuma pa.

Nsakrae a meyɛe wɔ m’asetra mu no anyɛ nea na ɛyɛ mmerɛw. Wɔ ntɔkwawko akyi no, na adwuma a ɛyɛ den ankasa a mayɛ pɛn ne sɛ mɛhohoro me kar ho. Afei de na ɛsɛ sɛ metra ase yɛ adwuma nnɔnhwerew awotwe da biara na meboa ofie adwumayɛ nso. Ná nhyehyɛe yɛ nea mennwenee bi ho da wɔ m’asetra mu. Afei de nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ asetra mu ho hia. Ná bere nyinaa mede ahantan bu nteɛso biara a wɔde ma animtiaa. Afei de na ɛho hia sɛ migye nokwasɛm no tom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na me kwan betumi ayɛ nea ɛteɛ. Ná bere nyinaa mewɔ sika pii. Afei de ɛho hia sɛ mehwɛ yiye wɔ m’akatua ho na manya biribi ama abusua no.

Merenka sɛ ayɛ nea ɛyɛ mmerɛw ama me. Nanso ayɛ nea eye. Ɔdɔ a me yere wɔ, me mma no ho asɛyɛde, m’adwumawura ayamye, me nuanom Kristofo mmoa​—eyinom nyinaa aboa ma nsakrae no atumi ayɛ yiye. Na nea ɛsen ne nyinaa no, saa ara na Yehowa nam n’Asɛm Bible no ne me mpaebɔ a otie so aboa me.

Eyinom nyinaa ho na mede aseda kɛse ma. Maguan afi nsɛmmɔnedi asetra a nyansa nnim mu na masua sɛnea metumi anya anigye ankasa. Sɛ mehwɛ m’akyi a mihu sɛ me kan asetra no ayɛ nea mfaso biara nni so. Hwɛ nokware ara a Bible asɛm no yɛ, sɛ: “Nyansa ne nimdeɛ yɛ ahonyade a egye nkwa, Yahweh suro ne n’ademude”! Yiw, ademude, nyansa nhene a ɛsom bo sen dɛnkyɛmmo biara a mawia! (Yesaia 33:6, The Jerusalem Bible.)​—Sɛnea Alfred Scully ka kyerɛe.

[Kratafa 20 adaka]

“Owifo nwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia. Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.”​—Efesofo 4:28, 32.

[Kratafa 17 mfoni]

Alfred Scully 1975 afiase mfonini

[Kratafa 19 mfoni]

Alfred Scully ne ne yere ne ne mma nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena