Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 6/8 kr. 15-19
  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Nsɛmmɔnedifo A Wonnye Koraa Atumi Asakra?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Nsɛmmɔnedifo A Wonnye Koraa Atumi Asakra?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Obi a Ɔde Akode Bɔ Korɔn Betumi Asakra?
  • Abrabɔ Pa Ma Wohuu Wɔn Mmɔbɔ
  • Wotumi Yɛ Nsakrae Horow Ma Ɛne Asetra Wɔ Afiase Akyi Hyia
  • Tumi a Ɛma Wɔyɛ Nsakrae
  • Minyaa M’ahofadi Wɔ Afiase!
    Nyan!—1988
  • So Afiasenna Ka Ho Bi na Nsɛmmɔnedi Adɔɔso?
    Nyan!—2001
  • “Ná Me Koko Nye Koraa”
    Bible Tumi Sesa Nnipa
  • So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asesa Ankasa?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 6/8 kr. 15-19

Ɛbɛyɛ Dɛn Na Nsɛmmɔnedifo A Wonnye Koraa Atumi Asakra?

Efi Nigeria “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

“YƐN afiase ahorow no . . . yɛ nteteebea ma nsɛmmɔnedifo mprempren,” saa na ɔkyerɛwfo bi kae wɔ Nigeriafo Daily Sketch atesɛm krataa no mu. Eyi ne asɛm koro no ara a wɔka wɔ wiase no afã horow pii. Na saa asɛm yi yɛ nokware kɛse, efisɛ adanse kɛse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ afiasenna ma nneduafo sakra ankasa. Ebinom mpo ka sɛ asotwe a emu yɛ den ma nsɛmmɔnedifo nneyɛe bɔne no nya nkɔso, na ɛma sakra a wɔbɛsakra no yɛ den kɛse. Ampa, nsɛmmɔnedifo pii gye tom sɛ wosua pii fa nsɛmmɔnedi ho bere a wɔwɔ afiase no. Nneduafo a wɔyɛ foforo sua fi wɔn a wɔn koma apirim no hɔ.

Dɛn na ɛsɛ sɛ nniso ahorow no yɛ? Nnipa pii te nka sɛ afiasenna a emu yɛ den betumi ama nsɛmmɔnedifo binom asakra. Nanso, Yehowa Adansefo nim ɔkwan a eye sen saa. Nhwɛso ahorow a ɛyɛ kyerɛwtohɔ a efi wiase nyinaa kyerɛ sɛ Bible mu asɛm no tumi sakra nsɛmmɔnedifo su wɔ faako a wɔafa ɔkwan afoforo so na anyɛ yiye no mpɛn pii. Ma yɛnhwɛ nhwɛso horow kakraa bi a efi Atɔe Fam Afrika.

So Obi a Ɔde Akode Bɔ Korɔn Betumi Asakra?

Efi bere a ɔkɔ sukuu no pɛɛ na James fii ase haw mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo. Ɔreka n’asetra kwan no ho asɛm no, ose: “Mebɛyɛɛ obi a wonim no sɛ ɔyɛ agumadifo wɔ akuraa no ase. Ná ntɔkwaw ne wii ne m’aduan. Na bere a midii mfirihyia 16 no, ɔko a ɛbae wɔ me man mu no ma minyaa hokwan kɛse sɛ mede me ho bɛhyɛ basabasayɛ a m’ani gye ho no mu. Mekɔkaa asraafo dɔm a wɔatew atua no ho, na wɔtetee me sɛ obi a ɔnyɛ ɔsraani nanso ɔko, yɛ nneɛma bɔne ahorow, sɛe ade. M’ani gyee asraafo a wɔreko atia yɛn no mu pii a yekunkum wɔn bere a yɛn kuw no sɔre tiaa wɔn no ho.

“Afei ɔko no baa awiei. Ná ɛyɛ den ma mmarima te sɛ me sɛ wobefi abrabɔ ase foforo bio. Ná wɔasɛe yɛn afie. Ná ɔkɔm de yɛn, yenni ntade anaa ntama a eye, na na yenni adwuma nso. Enti mekɔkaa kuw bi a wɔde akode bɔ korɔn ho, na yɛbɔɔ korɔn a emu yɛ den wɔ ayaresabea ahorow, sukuu ahorow mu, sikakorabea ne adwumayɛbea ahorow. Ná nnipa no suro yɛn.

“Ɛwom sɛ na yɛkɔ abisa, na yɛde nnuru ahorow dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ahobammɔ wɔ ahonhom ahorow no hɔ de, nanso wiei koraa no polisifo kyeree yɛn. Wɔdeyɛn kuw no mufo pii a m’ankasa meka ho koguu afiase. Nanso yɛkaa yɛn ho boom wɔ afiase hɔ ankasa na yefii atuatew bi ase. Nanso bere a yɛn nsusuwii horow no anyɛ yiye no, wɔpaapae yɛn kuw no mu na wɔde yɛn kokɔɔ afiase ahorow ahorow mu. Afei wokum yɛn kuw no panyin no ankasa​—nsɛmmɔnedifo a ne tirim yɛ den sen biara na wosuro no wɔ saa bere no mu. Eyi maa ehu kaa me, na mebɔɔ Onyankopɔn mpae, mehyɛɛ no bɔ sɛ, sɛ ogye me fi saa ɔhaw yi mu a, mɛsom no.”

Nanso so na nsɛmmɔnedifo a ne koma apirim yi betumi asakra ankasa? Nea ɛyɛ awerɛhow no, bere a woyii no wɔ asram kakraa bi akyi no, ne werɛ fii bɔ a na wahyɛ wɔ mpaebɔ mu no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mesan kɔɔ fie na mifii me kan abrabɔ no ase bio. Nanso, da koro bi mihuu yɛn kuw no muni biako na mibisaa no ne ‘dwumadi ahorow’ ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ me sɛ afei de ɔne Yehowa Adansefo resua ade na wagyae nsɛmmɔnedi! Mibisaa no sɛ, ‘Wɔne henanom?’ na ofii ase kyerɛkyerɛɛ me. Eyi ma mekɔkaa ne ho wɔ Bible adesua a ɔne Yehowa Adansefo a mihui sɛ wɔkyerɛkyerɛ biribi fa Onyankopɔn a mahyɛ bɔ sɛ mɛsom no no yɛ no mu.

“Ankyɛ koraa na mihui sɛ ɛho behia sɛ mesakra m’abrabɔ, nanso na ɛte sɛnea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ mɛsakra. Ade biako a mihui ne sɛ, Adansefo no nnom sigaret, bere a me nso de sɛ mannom tawa anaasɛ marijuana a, mintumi ntra ase no. Sɛ wɔka kyerɛ me se minnyae nnom a, dɛn na mɛyɛ? Nanso Bible a na meresua no kɔɔ so nyaa nkɛntɛnso pa wɔ me so, ɛhyɛɛ me den wɔ ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsakra no mu. Bere a misuaa Yehowa ne ne papayɛ no ho ade pii no, metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mema m’asetra yɛ nea ɛho tew na mesom no na mehyɛ ne din anuonyam. Mekɔɔ so bɔɔ no mpae srɛɛ mmoa.

“Nkakrankakra m’asetra sakrae. Migyaee sigaretnom na migyaee nsɛmmɔnedi su a enye koraa a na mewɔ no. Nanso me Kristofonipa su foforo no de ɔsɔretia bae. Nnipa no ampɛ sɛ wobehu sɛ ‘me ne Yehowa Adansefo rekyinkyin ka asɛm.’ Anyɛ wɔn anigye efisɛ mankogyina akuraa no ananmu wɔ atentam akansi ahorow mu bio. Enti wofii ase dii me ho fɛw na wohunahunaa me kosii sɛ akwakora bi de ne ho begyee mu wɔ m’afã. Ɔfrɛɛ akuraa no ase mpanyimfo na otuu wɔn fo sɛ wonnyae mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛhaw me no. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ nnipa no nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a, anka ɔhaw biara remma akuraa yi ase. Sɛ mokɔ so ara sɛ mobɛhaw ɔbarima yi na asɛm bi sɔre a, merempue mmɛka bi mma mo.’”

James hyiraa ne nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ no asu wɔ 1973 mu a na wadi mfirihyia 23. Mprempren ɔyɛ obi a wasakra koraa​—ɔsomfo a ɔreboa afoforo ma wɔama wɔn asetra ne Onyankopɔn pɛ ahyia.​—Efesofo 4:17-28; 1 Korintofo 6:9-11.

Abrabɔ Pa Ma Wohuu Wɔn Mmɔbɔ

Asɛm foforo ni: Wɔde Oruaefe too afiase mfirihyia 21 esiane sɛ na ɔma akorɔnfo dɔm bi akode nti. Wɔ mfirihyia abien a edi kan wɔ afiase hɔ no mu no, na ɔtaa yɛ n’ade basabasa wɔ afiase hɔ mpanyimfo no ho, na mpo ɔtow hyɛ afiase so ahwɛfo no so. Afei ɔkɔkaa nneduafo afoforo bi ho wɔ Bible adesua a na Yehowa Adansefo a wɔba afiase hɔ dapɛn biara yɛ no mu. Eyi na efii nsakrae horow a ɛbae wɔ n’asetra mu no ase. Nsakrae ahorow bae wɔ ne su mu bere a ɔde nneɛma ahorow a ɔresua afi Bible mu no dii dwuma wɔ ne da biara da abrabɔ mu no. Sɛnea ɔka nea edii akyi bae no ho asɛm ni:

“Afiase hɔ mpanyimfo huu sɛnea masakra no na wofii ase de asɛyɛde ahorow hyɛɛ me nsa. Wɔma mehwɛɛ beae a wɔkora afiase nnuru wɔ no so, efisɛ na wɔn a wɔhwɛ nnuru no so no rewiawia. Wɔde asɛyɛde atitiriw hyɛɛ nneduafo afoforo a wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo no nso nsa.”

Nneduafo afoforo a wɔsakrae yi mu biako ne Godwin a na ɔyɛ kuw bi a wɔde akode bɔ korɔn no panyin no. Wɔkyeree no wɔ 1968 mu na wɔde no kɔtoo afiase mfirihyia 221/2. Ɔreka nea ɛma ɔyɛɛ nsakrae horow yi wɔ n’asetra mu ho asɛm no, ose:

“Mihyiaa wɔn a metetee wɔn no bi wɔ afiase hɔ a na wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo. Ná wɔnnom wii bio, na wonwia ade bio na saa ara nso na na wɔmfa wɔn ho nhyɛ basabasayɛ anaa ɔbra bɔne mu bio. Wɔbɛyɛ wɔn a wodwo, nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase. Ná mente nea ɛma wotumi sakrae koraa saa no ase. Afei da koro metee sɛ Yehowa Adansefo somfo bia wabɛsra wɔn rekyerɛkyerɛ Bible no mu akyerɛ wɔn, na mekɔkaa wɔn Bible adesua kuw no ho. Ná mibu me ho bere nyinaa sɛ meyɛ Kristoni. Ná meyɛ Church Missionary Society (Anglican) no muni. Nanso nneɛma a mifii ase sua fii Bible mu wɔ adesua ahorow yi mu no sakraa me nkakrankakra ma mebɛyɛɛ nokware Kristoni.”

Esiane wɔn abrabɔ pa a na ɛda nsow no nti, wohuu mmarima baanu yi mmɔbɔ wɔ 1981 mu na woyii wɔn fii afiase. Wɔkɔ so ara nya nkɔso wɔ Kristofo su pa ahorow ne afoforo a wɔbɛboa wɔn ma wɔayɛ saa no mu. Wɔabɛyɛ nnipa a wɔn ho wɔ mfaso wɔ faako a wɔte na wɔagye wɔn aba Yehowa Adansefo Kristofo asafo no mu.

Wotumi Yɛ Nsakrae Horow Ma Ɛne Asetra Wɔ Afiase Akyi Hyia

Asɛnnennen a ɛne sɛ wobetumi atra ase ma ɛne asetra a ɛwɔ baabi a wofi no ahyia asiw nsɛmmɔnedifo a wɔkyerɛ sɛ wɔasakra no pii kwan. Asɛm bi a na ɛwɔ Nigeriafo atesɛm krataa a wɔfrɛ no Daily Times mu kae sɛ nneduafo pii “nni ahotoso wɔ wɔn ankasa mu bio na . . . wontumi nyɛ nea asetra wɔ afiase akyi hwehwɛ sɛ wɔyɛ no. Wɔte nka sɛ . . . wɔrentumi nhyia nsɛnnennen ahorow a ɛne gye a wogye di sɛ nnipa no mpɛ wɔn asɛm no.” Enti nnipa a na kan wɔyɛ nsɛmmɔnedifo san kɔfa wɔn kwammɔne no so bio.

Nanso, nnipa a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no nyɛ wɔn a tumi nko na wotumi sakrae na mmom wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔn ho wɔ mfaso na wɔyɛ nhwɛso wɔ asetra mu wɔ baabi a wɔwɔ nso. Ɔkwan bɛn so na wogyinaa nsakrae ahorow a. emu yɛ den a ɛte sɛɛ ano? Wɔde wɔn bere ne Bible mu nimdeɛ no dii dwuma de boaa afoforo ma wɔbɛyɛɛ nnipa pa. Osuahu foforo wɔ hɔ a ɛyɛ eyi ho nhwɛso.

Wɔ Gambia no, Yehowa Adansefo ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔyɛ Nigeriani nyaa hokwan fii afiase mpanyimfo no hɔ sɛ obetumi ne nneduafo no ayɛ Bible adesua. Ná nneduafo a wɔn dodow bɛyɛ 20 ba adesua yi ase dapɛn biara a Kramoni bi a wɔfrɛ no Sangoné a wɔde no abɛto afiase mfirihyia abiɛsa ka ho. Ná afiasenna nyɛ ade foforo mma ɔbarima yi a afei na wadi mfirihyia 26 no. Wodii n’asɛm buu no fɔ bere a na wadi mfirihyia awotwe na wɔde no kɔɔ mmofra bɔne sukuu. Afiasenna foforo dii akyi bae na ɔkɔɔ so ara yɛɛ ɔdebɔneyɛfo a ne koma apirim.

Nanso afei bere a onyaa nkɔso wɔ trenee abrabɔ a wɔhwehwɛ wɔ Onyankopɔn nokware asomfo ho a ɔresua no mu no, ogyaee nnebɔneyɛ adwen horow a ɔwɔ no na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde nneɛma pa a ɔresua no bedi dwuma. Bere a nna a ɔde ada afiase no bɛnee n’awiei no, ɔka kyerɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo no sɛ n’ani gye nokware a ɔresua afi Bible mu no ho na ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa ɔdansefo Kristoni. Nanso ɔkae sɛ, asɛm biako wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ odi ho dwuma ansa. Ná wɔadi kan de no ato afiase wɔ ɔman foforo so dedaw, nanso oguan fii afiase hɔ bere a na aka no asram 17 no. Afei de na ɔpɛ sɛ ɔsan kɔ na okowie bere a aka no di.

Bere a ɔsan kɔɔ ɔman yi mu na ɔde ne ho kɔmaa aban mpanyimfo no, wɔanhu kyerɛwtohɔ biara a ɛfa n’afiasenna anaa guan a oguan fii afiase wɔ mfirihyia anan a atwam no mu no ho. Obi a ɔyɛ adwuma wɔ asennibea hɔ tuu no fo sɛ “san guan bio,” efisɛ wɔ afe biako akyi no, obiara nni’ hokwan sɛ ɔbɛkyere wo. Sangoné ampene eyi so na ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ owie nna a aka no di na ama n’ahonim mu atew. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me ne Yehowa Adansefo asua Bible no, na afei mepɛ sɛ mema me kwan teɛ sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahyira me nkwa so de ayɛ Yehowa apɛde wɔ ɔkwan a ɛho tew so.”

Sangoné wiee nna a aka no di na woyii no wɔ April 1980 mu. Ɔde bere a odii wɔ afiase yi suaa nsaanodwuma. Eyi boaa no ma onyaa nneɛma a ohia wɔ honam fam kosii sɛ onyaa adwuma foforo. Wɔ bere a ɔmfa nyɛ biribiara mu no, ɔde ne ho hyɛɛ afie afieasɛnka adwuma no mu. Na wɔ November 1980 mu no, wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa ɔdansefo a wahyira ne ho so. Ofii ase somee sɛ “akwampaefo boafo,” a ɔde ne bere mu nnɔnhwerew 60 ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo ɔsram biara. Afe biako akyi no, ɔwaree Yehowa Adansefo no mu biako. Ɛnnɛ Sangoné ne ne yere wɔ ɔba kumaa biako. Nanso wɔn ani da so ara gye sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔasakra denam wɔn adwene a wɔbɛyɛ no foforo ma ɛne Yehowa apɛde ahyia no so.​—Romafo 12:2.

Ɛwom sɛ wɔn a na kan wɔyɛ nneduafo baanan pɛ ho asɛm na yɛaka de, nanso Onyankopɔn Asɛm mu tumi no nya afoforo pii so nkɛntɛnso wɔ ɔkwan koro no ara so.

Tumi a Ɛma Wɔyɛ Nsakrae

Yiw, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wom.” Na “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (Hebrifo 4:12; 2 Timoteo 3:16, 17) Emu afotu, ne nkate pa a ɛma wunya sɛ wobɛyɛ nea eye no, tumi ma wɔn a wɔyɛ nsɛmmɔnedifo mpo sakra.

Wɔ wɔn a wɔde tete wɔn no fam no, Onyankopɔn Asɛm no bɔ wɔn ho ban fi wɔn ho a wɔde bɛhyɛ nsɛmmɔnedi mu ho. Nea ɔkyerɛw Dwom 119 no se mmofra betumi ama wɔn ho atew denam yɛ a wobɛyɛ wɔn ade sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no so. (Nkyekyem 9) Yiw, Bible no de afotu ne akwankyerɛ a nyansa ne trenee wom ma​—“ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.​—Mmebusɛm 2:1-9.

[Kratafa 16 mfoni]

Obi betumi ogyae nsɛmmɔnedi

[Kratafa 17 mfoni]

Nsɛmmɔnedifo betumi asakra abɛyɛ Kristofo asomfo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena