So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asesa Ankasa?
“Obiara ntumi nhyɛ ne yɔnko nipa sɛ ɔnsesa. Ɛsɛ sɛ onipa no ankasa na ofi ne pɛ mu sesa.”—VIVIEN STERN, A SIN AGAINST THE FUTURE—IMPRISONMENT IN THE WORLD.
ADE titiriw a ebetumi ama nneduafo asesa ankasa ne nimdeɛ bi a wobenya ne wɔn gyinapɛn ne wɔn nsusuwii a wɔbɛsesa no. Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa komapafo bi wɔ hɔ a wɔrebɔ mmɔden akyerɛkyerɛ nneduafo na wɔaboa wɔn. Nneduafo pii kyerɛ adwuma pa a nkurɔfo a wɔte saa no fi wɔn pɛ mu yɛ no ho anisɔ ankasa.
Ebia ebinom begye kyim sɛ ɛnyɛ ade a wobetumi asesa tebea a ɛkɔ so wɔ afiase no ankasa, na saa ara na ɛbɛyɛ den sɛ nneduafo a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu no bɛsesa. Bere a ɛyɛ nokware sɛ afiasenna nkutoo ntumi mma obi nnya su foforo no, Bible nkyerɛkyerɛ aboa ebinom ma wɔasesa wɔn asetra. Eyi kyerɛ sɛ ankorankoro betumi asesa.
Ɛnnɛ, ɛdenam Bible mmoa so no, nneduafo bi reyɛ nsakrae a ɛma wɔda nsusuwii pa ne abrabɔ pa adi. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Bible afotu yi a wodi so no so: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” (Romafo 12:2) Ɔkwan bɛn so na wotumi yɛ eyi?
Bible no Dwumadi
Nnipa pii te nka sɛ nyamesom betumi adi dwuma titiriw aboa nneduafo ma wɔasakra afi wɔn kan nneyɛe ho. Nokwarem no, ɔhaw titiriw a ɛwɔ eyi mu ne sɛ deduani no nsakrae biara a ɔyɛe bere a na ɔda afiase no betumi asesa bere a wogyae no no. Deduani bi ka no saa kwan yi so sɛ: “Nnipa pii hu Kristo wɔ saa beae yi—nanso sɛ wofi ha a, wɔn werɛ fi Kristo!”
Osuahu ada no adi sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɛmmɔnedifo no ankasa fi ne pɛ mu yɛ nsakrae a edi mu—wɔ n’adwene ne ne komam—na ɛsɛ sɛ eyi da adi denam ne ho a obenu wɔ ne kan bɔne no ho so. Bible nkyerɛkyerɛ betumi aboa ma obi ahu sɛnea Onyankopɔn te nka fa amumɔyɛ ho ne nea enti a enye. Eyi betumi ama wakwati asetra kwan a ɛte saa no koraa.
Yehowa Adansefo ayɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ho nhyehyɛe wɔ afiase pii wɔ wiase nyinaa, na nea afi mu aba no yɛ anigye. (Hwɛ kratafa 10.) Deduani bi kae sɛ: “Wɔaboa yɛn ma yɛahu nea Bible ka fa asetra atirimpɔw ne nhyira a ɛwɔ hɔ ma adesamma daakye ho,” na ɔde ka ho sɛ: “Ɛyɛ nhomasua a ɛda nsow!” Deduani foforo kae sɛ: “Yegyina Onyankopɔn afotu so si gyinae. . . . Yehu sɛ yɛayɛ nsakrae bi. Yenim nea ɛho hia kɛse wɔ asetram.”
Nokwarem no, nea ɛma obi sakra no kɔ akyi sen sɛ wɔde no bɛto afiase. Nea ebetumi ama afiasenna to atwa koraa ne sɛ wobeyi nea ɛkɔfa ba no afi hɔ. Wɔka Bible mu nokwasɛm ahorow a ɛyɛ anigye a aka nneduafo pii koma no ho asɛm wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ yi mu sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:9, 29.
Sɛ saa bere no ba a, wɔbɛhwɛ ma wɔadi Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn no so denam nniso a edi mu, Onyankopɔn soro Ahenni a ɛwɔ Kristo ase—nniso a wɔakyerɛkyerɛ Kristofo sɛ wɔmmɔ ho mpae no—so. (Mateo 6:10) Wɔ saa wiase foforo no mu no, obiara bɛsakra denam Onyankopɔn mmara a ɛkorɔn a obesua so. Afei asɛm a edi hɔ yi bɛbam koraa sɛ ‘Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so.’ (Yesaia 11:9) Dɛn na ebefi mu aba? Wɔn a wodi mmara so wɔ wiase foforo no mu no ‘begye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:11.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]
Nneduafo a Wɔma Wonya Anidaso
Yehowa Adansefo afi wɔn pɛ mu de bɛboro mfe 20 ayɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma nkonimdi mu wɔ aban afiasedan a ɛwɔ Atlanta, Georgia, U.S.A., no mu. Wɔde saa bere yi aboa nneduafo bɛboro 40 ma wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu, na nneduafo bɛboro 90 nso na wɔne wɔn sua Bible no daa.
Nyan! bisabisaa Bible akyerɛkyerɛfo a wofi ɔdɔ mu ayɛ adwuma wɔ saa afiasedan no mu pii nsɛm nnansa yi.
◼ Dɛn nti na Bible nkyerɛkyerɛ tumi ma nneduafo bi sesa wɔn suban?
David: Nneduafo pii yɛ nkurɔfo a wɔnnaa ɔdɔ adi nkyerɛɛ wɔn fi mmofraberem. Enti sɛ wobehu sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn na sɛ wɔde wɔn ahiade to n’anim wɔ mpaebɔ mu na otie wɔn mpaebɔ a, ɔbɛyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa ma wɔn. Eyi ka wɔn ma wɔn nso bɛdɔ no.
Ray: Nneduafo no biako a me ne no suaa ade no yɛ nea wɔyɛɛ no ayayade wɔ mmofraberem. Bere a mibisaa no dekode a ɛmaa n’ani gyee Yehowa ho no, obuae sɛ sɛ wusua Bible mu nokware no a, wuhu sɛ Yehowa te wo ase ankasa. Eyi kaa no ma onyaa ɔpɛ sɛ obesua ɔdɔ Nyankopɔn a ɔte saa no su ho ade pii.
◼ Ebinom ka sɛ adwene soronko bi a nneduafo kura nti na ɛma wɔkyerɛ ɔsom bi ho anigye—sɛ́ ɛbɛma wɔatew wɔn afiasenna no so anaasɛ ɛbɛma wɔayi wɔn adwene afi bere a wɔde ama wɔn no so. Dɛn na wo suahu ada no adi?
Fred: Sɛ nneduafo no ba yɛn nhyiam ahorow a, yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ biribi de akanyan wɔn nkate. Yɛne wɔn sua Bible no ara kwa. Bere tiaa bi mu no, wohu sɛ Bible no na yɛde kyerɛkyerɛ wɔn na ɛno ara nen. Nneduafo no bi ba me nkyɛn bɛsrɛ sɛ memmoa wɔn wɔ wɔn nsɛnnii mu wɔ asɛnnibea. Me ne wɔn nsusuw biribi a ɛte saa ho. Enti, wɔn a wɔba yɛn adesua ahorow na wɔtra hɔ bere tenten bi no wɔ ɔpɛ ankasa sɛ wobehu nea Bible no ka.
Nick: Ade biako a mehyɛ no nsow ne nsakrae a nneduafo bi yɛ bere a wɔda afiase no. Ebinom abɛyɛ asomfo a wɔagye asubɔ, na wɔahu amane kɛse esiane nneduafo foforo nneyɛe nti. Ɛno yɛ ɔhaw ma wɔn. Sɛ Bible nkaa wɔn koma a, anka wontumi nni nokware wɔ tebea a ɛte saa mu.
Israel: Mpɛn pii no, wɔyɛ nkurɔfo a wɔwɔ ɔpɛ kɛse sɛ wobesua Yehowa ho ade, na wɔda no adi wɔ ɔkwan a ɛka koma so. Wutumi hu sɛ efi wɔn komam.
Joe: Wɔn a wɔbɛdan nokware Kristofo no bɛte nea enti a nneɛma ankɔ yiye wɔ wɔn asetram no ase. Wɔbɛte ase nso sɛ wobetumi asakra—wotumi nya anidaso. Afei wotumi hwɛ kwan sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛbam daakye ampa.
◼ Dɛn nti na afiasenna nkutoo ntumi nsesa nsɛmmɔnedifo?
Joe: Ɛnyɛ sakra a nsɛmmɔnedifo bɛsakra nti na wɔtwe wɔn aso, na mmom, sɛ́ ebeyi wɔn afi ɔmanfo ho. Ɛno ankasa ne asɛm no—atirimpɔw nti a wɔde mmarima yi gu afiase ne no.
Henry: Afiasenna ntumi nsesa ɔsɛmmɔnedifo no nsusuwii. Sɛ nnipa dodow no ara fi hɔ ba a, wɔkɔ so di bɔne koro no ara.
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Wɔaboa nneduafo pii ma wɔasua Bible mu nokware no