Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/03 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asesa Ankasa?
    Nyan!—2001
  • So Afiasenna Ka Ho Bi na Nsɛmmɔnedi Adɔɔso?
    Nyan!—2001
  • “Moama Manya Yehowa Adansefo Ho Adwene Foforo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Momma Yɛnyɛ Nnipa Nyinaa Yiye”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 4/03 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛredi nneduafo adanse no?

Wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ ɔpepem awotwe na wɔyɛ nneduafo, na wɔn mu binom kyerɛ asɛmpa no ho anigye. (1 Tim. 2:4) Baa dwumadibea bi nsa ka nkrataa bɛyɛ 1,400 fi nneduafo ne wɔn abusuafo hɔ ɔsram biara a wɔresrɛ sɛ wɔmmrɛ wɔn nhoma anaa wɔmmɛsra wɔn. Bere a anigye a nneduafo no pii kyerɛ no fi koma pa mu no, osuahu ada no adi sɛ ebinom boapa na wɔyɛ sɛ wɔn ani gye ho, na wɔhwehwɛ sɛ wɔnam saa kwan no so bedidi Onyankopɔn nkurɔfo ho. Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ obiara tie kɔkɔbɔ a edidi so yi a ɛfa adanse a wodi nneduafo ho no.

Wɔ nsɛm pii mu no, wɔnam nkrataakyerɛw so na edi nneduafo adanse. Yɛhyɛ nyansa denneennen sɛ ɛnsɛ sɛ anuanom mmea kyerɛw krataa kɔma nneduafo mmarima, ɛmfa ho mpo sɛ ebia atirimpɔw a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔde honhom fam mmoa rema wɔn no. Ɛsɛ sɛ anuanom mmarima a wɔfata nkutoo na wodi saa asɛyɛde no ho dwuma. Wobetumi ama anuanom mmea a wɔfata ne nneduafo mmea a wofi koma pa mu kyerɛ Bible mu nokware ho anigye no adi nkrataakyerɛw. Ɛnsɛ sɛ mode sika anaa akyɛde biara kɔma nneduafo no, ɛmfa ho sɛ ebia wobebisa mo no.

Sɛ obi a ɔda afiase kyerɛ asɛm no ho anigye a, ɛsɛ sɛ mode ne din anaa n’address ma asafo a ɛwɔ baabi a afiase no wɔ no. Mpɛn pii no, anuanom mmarima a wɔfata a wɔwɔ hɔ no nim sɛnea wobetumi adi nsɛm tebea horow a ebetumi asɔre no ho dwuma. Sɛ munnim asafo a ɛwɔ hɔ no a, ɛsɛ sɛ mode din ne address no kɔma baa dwumadibea.

Hokwan wɔ hɔ sɛ anuanom mmarima ne nneduafo no pii bɛbom asua ade bere koro mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ dwumadi atitiriw a ebetumi ama adawurubɔfo ne nneduafo abom ayɛ ade wɔ afiase hɔ. Bio nso ɛnhyɛ nkuran sɛ ɔdawurubɔfo bi bɛtaa akɔ afiase hɔ sɛnea ɔpɛ biara ne nneduafo abɔ denneennen.

Ɛmmra sɛ ‘yɛbɛyɛ anifere sɛ awɔ, na yɛayɛ kronn sɛ mmorɔnoma’ bere a yɛka asɛmpa no kyerɛ nneduafo no.—Mat. 10:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena