Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 5/8 kr. 4-6
  • So Afiasenna Ka Ho Bi na Nsɛmmɔnedi Adɔɔso?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Afiasenna Ka Ho Bi na Nsɛmmɔnedi Adɔɔso?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afiasenna Ma Nsɛmmɔnedifo Ho Kokwaw Kɛse
  • Ɛka a Ɛbɛda Ɔmanfo So
  • Ɔmanfo Haw Yɛ Kɛse
  • So Edi Ɔmanfo Apɛde Ho Dwuma?
  • So Nsɛmmɔnedifo Betumi Asesa Ankasa?
    Nyan!—2001
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • So Mfiase Ahorow Betumi Asiw Nsɛmmɔnedi Ano?
    Nyan!—1980
  • Nsɛnnennen a Wɔrehyia Wɔ Afiasenna Ho
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 5/8 kr. 4-6

So Afiasenna Ka Ho Bi na Nsɛmmɔnedi Adɔɔso?

“Afiasenna a animguase ne basabasayɛ wom yɛ ɔkwammɔne koraa a wɔnam so tete nkurɔfo sɛ wɔmmɛyɛ adepa.”—THE ATLANTA CONSTITUTION NO SAMUFO.

MPƐN pii no, wɔnam afiasenna so de asotwe ma kɛkɛ—wɔ bere tiaa bi mu. Sɛ wogyae deduani bi a, so na watua ne bɔne no so ka ankasa?a Na wɔn a wohuu amane no anaa wɔn adɔfo nso ɛ? Bere a ɔbarima bi kum Rita ba a na wadi mfe 16 na wɔde ɔbarima no too afiase mfe abiɛsa pɛ no, Rita kae sɛ: “Obi akum me ba. Mo ara monnwene asɛm yi ho hwɛ. So mubetumi ahu sɛnea mete nka no?” Sɛnea Rita asɛm yi da no adi no, mpɛn pii no ɔhaw no tra hɔ bere a asɛnnibea no awie n’adwuma na wɔmmɔ ho amanneɛ bio no.

Ɛnyɛ wɔn a wɔadi wɔn nsɛmmɔne no nkutoo na saa asɛm yi fa wɔn ho, na mmom ɛfa obiara nso ho. Anyɛ yiye koraa no, sɛ́ nneduafo a wɔagyae wɔn no anya adwensakra anaasɛ wɔn afiasenna no ama wɔasen wɔn kɔn no, gyae a wɔagyae wɔn no mma w’asom nnwo wo koraa, anaasɛ ebia wɔn nti wunni ahobammɔ mpo.

Afiasenna Ma Nsɛmmɔnedifo Ho Kokwaw Kɛse

Ɛnyɛ bere nyinaa na afiasenna ma nsɛmmɔnedifo sesa wɔn suban. Jill Smolowe kyerɛw wɔ Time nsɛmma nhoma mu sɛ: “Sɛ wɔbɔ ka de si afiasedan foforo sen sɛ wɔbɛboa ama nneduafo abrabɔ ayɛ papa a, ɛtaa ma wɔn suban sɛe koraa.” Peter,b a ɔde mfe 14 ada afiase no, bɛte saa asɛm no ase. Ɔka sɛ: “Me mfɛfo nneduafo no mu dodow no ara de nsɛmmɔnedi nketenkete na efii ase, wonyaa nkɔanim kosii sɛ wɔsɛesɛee nkurɔfo nneɛma, na awiei koraa no, wonyaa mu abodin, na wɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru tiaa afoforo. Wɔn fam no, afiasenna te sɛ adwumasuabea. Wobefi hɔ no na wɔasɛe koraa.”

Ɛwom sɛ afiasenna tumi ma nsɛmmɔnedifo a wɔwɔ mmɔnten no so tew de, nanso ɛte sɛ nea entumi nyi nsɛmmɔnedi mfi hɔ koraa—sɛ ɛyɛ ho biribi mpo a. Mpɛn pii no, nkuropɔn mu mmarimaa ne mmerantewa no bu afiasenna sɛ biribi a ɛkyerɛ wɔn mmaninyɛ. Mpɛn pii no, wɔbɛyɛ nsɛmmɔnedifo a wɔasen wɔn kɔn. Larry a ɔde ne nkwa nna mu fã kɛse no ara ada afiase no ka sɛ: “Afiase nsesa obi koraa. Wogyae saa nneduafo yi, na wɔbɛyɛ bɔne koro no ara bio.”

Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States kyerɛ no, saa “akɔneabadi” yi betumi akyerɛkyerɛ nea enti a United States nsɛmmɔnedifo ɔha biara mu 5 na wodi nsɛmmɔne a emu yɛ den nyinaa no mu ɔha mu 50 no. Time nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Mpɛn pii no, sɛ nneduafo nhu adepa biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ a, wɔtaa nya adwemmɔne, na wosua akwan pii a wɔbɛfa so adi nsɛmmɔne ankasa, a . . . sɛ wogyae wɔn a wɔbɛda su a ɛte saa no adi wɔ mmɔnten so.”

Ɛnyɛ United States nkutoo na tebea no te saa. John Vatis a ɔyɛ oduruyɛfo wɔ asraafo afiase wɔ Greece no ka sɛ: “Afiasedan ahorow a yesisi no abɛyɛ mmeae pa a wɔtete nkurɔfo ma wɔbɛyɛ nnipa a wɔn ho yɛ hu na wɔyɛ basabasa na wɔn tirim yɛ den. Sɛ wogyae nneduafo no a, wɔn mu dodow no ara nya ɔpɛ sɛ ‘wɔbɛhaw’ ɔmanfo.”

Ɛka a Ɛbɛda Ɔmanfo So

Nsɛnnennen a afiasenna de ba no ka ɔmanfo sikasɛm nso. Sɛ nhwɛso no, akontaabu kyerɛ sɛ wɔ United States no, deduani biara ma tow tuafo bɔ ka $21,000 afe biara. Wɔbɔ saa ka no mmɔho abiɛsa wɔ nneduafo a wɔadi boro mfe 60 no ho. Wɔ aman pii mu no, asɛnnibea afiasenna nhyehyɛe mu ahotoso a ɔmanfo wɔ no rekɔ fam esiane ntease afoforo nti. Afoforo haw wɔ nsɛmmɔnedifo a wogyae wɔn ntɛm ne amumɔyɛfo foforo a wontumi mfa wɔn ngu afiase esiane mmara bi a wɔahyɛ a mmaranimfo a wɔwɔ nimdeɛ de di dwuma nti. Mpɛn pii no, wɔn a wɔfom wɔn no te nka sɛ wonni ahobammɔ a ɛfata wɔ basabasayɛ foforo a wobetumi ahyia ho, na wonni ano biara wɔ mmara mu.

Ɔmanfo Haw Yɛ Kɛse

Ayayade a wɔde yɛ nneduafo no ma ɔmanfo hwere ahotoso kɛse wɔ afiasenna nhyehyɛe no mu, sɛnea adaka a ɛka eyi ho mu asɛm da no adi no. Ɛyɛ den sɛ ayayade a wɔyɛ nneduafo wɔ afiase no bɛma wɔasakra. Afei nso, ahyehyɛde ahorow pii a wɔhwɛ ma hokwan a nnipa wɔ tra hɔ no haw wɔ mmusuakuw a wɔnnɔɔso pii a wɔde wɔn gu afiase no ho. Wontumi nhu sɛ ebia ɛyɛ ne kwan so anaasɛ mmusua bi a wobu wɔn sen afoforo nti na ama aba saa.

Amanneɛbɔ bi a Sɛnkyerɛwfo Fekuw de too gua wɔ 1998 mu no twee adwene sii tebea a na kan nneduafo bi a wogu Holmesburg Afiase wɔ Pennsylvania, U.S.A., wom no so, na saa nneduafo yi hwehwɛe sɛ wobetua wɔn ka sɛ wɔboapa de wɔn yɛɛ aduruyɛ mu nhwehwɛmu bere a na wogu afiase no. Na nneduafo a wɔde wɔn nyinaa gu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu ho nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ United States no nso ɛ? Amnesty International bɔ amanneɛ sɛ: “Nneduafo a wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu no gyina owia so yɛ adwuma nnɔnhwerew 10 kosi 12, na bere tiaa bi na wɔma wogye wɔn ahome de nom nsu didi awia. . . . Kuruwaba bi a esi nkantankantan bi akyi mu na wɔn nyinaa kɔ tiafi gu. Wɔde nneduafo no nyinaa gu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bere a wɔrekɔ tiafi no. Sɛ kuruwaba no yɛ ma a, nneduafo no kɔ tiafi wɔ abɔnten so.” Nokwarem no, ɛnyɛ nneduafo nyinaa na wɔyɛ wɔn saa. Nanso atirimɔdenne a ɛte saa no yɛ aniwude ma nneduafo no ne wɔn a wɔde wɔn nsa hyɛ adeyɛ a ɛte saa ase no nyinaa.

So Edi Ɔmanfo Apɛde Ho Dwuma?

Nokwarem no, sɛ wɔde nsɛmmɔnedifo a wɔn ho yɛ hu gu afiase a, nnipa pii nya ahotɔ wɔ mmeae dodow no ara. Nnipa a wɔwɔ mmeae afoforo nso ani gye afiasenna nhyehyɛe ho esiane ntease soronko bi nti. Bere a ɛbae sɛ wobegu afiasedan a ɛwɔ Australia kurow ketewa Cooma mu no, nkurɔfo sɔre tiae. Dɛn ntia? Efisɛ na saa afiase no ma kurom hɔfo a wodi hia no nya adwuma yɛ.

Nnansa yi, nniso ahorow bi atontɔn wɔn afiasedan ahorow ama ɔmanfo, na wɔnam so atew ka a wɔbɔ so. Awerɛhosɛm ne sɛ, nsɛmmɔnedifo pii a wɔde wɔn gu afiase ne mfe tenten a wɔde ma wɔn no boa ma nnwuma kɔ so yiye. Enti, wɔde atɛntrenee a wobebu no asesa aguadi.

Ne nyinaa mu no, asɛmmisa no ara ne sɛ: So afiasenna ma nsɛmmɔnedifo sesa? Bere a mmuae no taa yɛ dabi no, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔaboa nneduafo bi ma wɔasesa. Ma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a ɛbaa saa.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛwom sɛ nneduafo a yɛreka wɔn ho asɛm no gyina hɔ ma mmarima de, nanso, nnyinasosɛm a yɛresusuw ho no fa mmarima ne mmea a wɔwɔ afiase no nyinaa ho.

b Yɛasesa edin a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6, 7]

Nea Ɛkɔ So Wɔ Afiase Mu Nhwehwɛmu Kakra a Yɛbɛyɛ

NNEDUAFO A WƆAKYERE SO: Britain afiasedan ahorow no yɛ nea nneduafo akyere so yiye wɔ hɔ, na ɛnyɛ nwonwa! Sɛ wɔde saa man no toto Europa Atɔe fam aman nyinaa ho a, ɛhɔ na nneduafo dɔɔso sen biara, na nnipa 100,000 biara mu 125 na wogu afiase. Wɔ Brazil no, wosii São Paulo afiasedan no sɛ ɛbɛfa nneduafo 500. Nanso, nneduafo 6,000 na wogu mu seesei. Wɔ Russia no, afiasedan a ɛsɛ sɛ ɛfa nneduafo 28 no fa nneduafo 90 kosi 110 seesei. Ɔhaw no mu yɛ den araa ma nea aba ne sɛ nneduafo no nyinaa ntumi nna hɔ bere koro mu. Wɔ Asia man bi mu no, wɔde nneduafo 13 anaa 14 gu afiasedan a ne kɛse yɛ anammɔn 30 mu. Afei nso, wɔ Australia Atɔe fam no, nea ama mpanyimfo no agyina tebea no ano ne sɛ nkankyeedan akɛse a wɔde nneɛma gu mu kɔ amannɔne mu na wɔde nneduafo gu.

BASABASAYƐ: German atesɛm krataa Der Spiegel bɔ amanneɛ sɛ wɔ German afiasedan ahorow mu no, nneduafo a wɔn tirim yɛ den no kunkum nneduafo foforo, na wɔyɛ ebinom ayayade esiane “mmosa, nnubɔne, ɔbarima ne ɔbea nna, ne boseabɔ, a wɔnam so nya sika no” nti. Mpɛn pii no, abusua mu nyiyim na ɛde afiase basabasayɛ no ba. Der Spiegel ka sɛ: “Aman 72 mu na nneduafo no fi. Aperepere ne ntawntawdi a ɛkowie basabasayɛ mu no yɛ nea wontumi nkwati.” Wɔ Amerika Anafo fam afiasedan bi mu no, mpanyimfo no kae sɛ nneduafo bɛyɛ 12 na na wokum wɔn ɔsram biara. Financial Times a ɛwɔ London no ka sɛ: “Nneduafo no kyerɛe sɛ saa dodow no mmɔho abien na wokum wɔn.”

MMONNAATO: Wɔ asɛm “Mmonnaato Ho Haw a Ɛkɔ So Wɔ Afiase” mu no, The New York Times ka sɛ akontaabu bi kyerɛ sɛ wɔ United States no, “mmarima bɛboro 290,000 na wɔto wɔn mmonnaa wɔ afiase afe biara.” Amanneɛbɔ no toa so sɛ: “Ade a ɛyɛ awerɛhow wɔ mmonnaato no ho ne sɛ ɛnyɛ da koro adeyɛ, na mmom, ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛ no daa.” Ahyehyɛde bi bu akontaa sɛ wɔ U.S. afiase ahorow mu no, nneduafo bɛyɛ 60,000 na wɔto wɔn mmonnaa da biara.

NYAREWA NE AHOTEW: Nyarewa a wonya fi nna mu a atrɛw wɔ nneduafo mu no yɛ biribi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ ankasa. Nsamanwaw a nneduafo a wɔwɔ Russia ne Afrika aman bi mu bɔ no ada adi pefee wɔ wiase nyinaa, na saara na wiase nyinaa ani tua ayaresa pa a wɔmfa mma nneduafo, ahotew a enni hɔ, ne aduan pa a wonnya nni no.

[Mfonini]

Afiasedan a nneduafo ahyɛ mu ma wɔ São Paulo, Brazil

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Dario Lopez-Mills

[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

La Santé afiasedan a nneduafo pii gu mu wɔ Paris, France

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Francois Mori

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Mmea a wogu afiase wɔ Managua, Nicaragua

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Javier Galeano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena