So Mfiase Ahorow Betumi Asiw Nsɛmmɔnedi Ano?
So Nneduafo Hyɛn Hɔ a Wɔasɛe na Wofi Hɔ Sɛ Wɔn a Wɔayɛ Yiye?
NSƐM a ɔtemmufo Panyin Alan Huggins a ofi Hong Kong no kae ne sɛ, “ebia nea yehia titiriw sen biribiara no nyɛ ɔkwan foforo a wɔbɛfa so de obi ato afiase, na mmom ɔkwan foforo a wɔfa so susuw abrabɔ ho.”
Ɔtemmufo Huggins buu nea ehia ankasa no wɔ bere a nsɛmmɔnedi redɔɔso na wɔhwehwɛ mmara horow de adi ho dwuma anaasɛ anyɛ yiye koraa no wɔresusuw nsɛmmɔnedi mmara ho no. Dɛn na wobetumi ayɛ na wɔde asiw nsɛmmɔnedi ano, anaasɛ anyɛ yiye koraa no wɔde abrɛ no ase?
Ɛhefa na mmerɛwyɛ no wɔ wɔ ɔko a wɔko tia nsɛmmɔnedi yi mu? Nea wɔte sɛ nkurɔfo ka wɔ mmeae ahorow ne sɛ wɔmma asotwe no mu nyɛ den na wɔnhwɛ nni asotwe no ho dwuma. Ebinom nso kyerɛ sɛ mmara no mu yɛ den dodo na wonhu wɔn mmɔbɔ. Pii pene so sɛ afiase nhyehyɛe no nyɛ nea wobetumi agyina so de asa nsɛmmɔnedifo yare. Enti, nniso horow bi apɛɛpɛɛ wɔn mmara ne asotwe ho mmara horow no mu bio wɔ nnansa yi mfe no mu. Nea wogye ho akyinnye titiriw ne owu asotwe no. Aman horow agu owu asotwe no, nanso afei de afoforo nso hwehwɛ sɛ wɔsan de eyi ba bio. Nsɛmmɔne a ɛte sɛ awaresɛe adɔɔso koraa dodo ma enti nnipa pii wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwe obi aso wɔ eyi nti.
Wɔn a wosua saa ɔhaw yi ho ade no mu binom ka sɛ ɛnyɛ asotwe a emu yɛ den anaa ɛyɛ mmerɛw na ɛkyerɛ nea enti a nsɛmmɔnedi akɔ so no. Mmom, nea wɔka ne sɛ esiane sɛ atemmu a wɔde ma no nkari pɛ nti nnipa mmu mmara no, sɛ́, atemmufo ne wɔn adwumayɛfo no aporɔw nti, eyi boa ma nsɛmmɔnedi kɔ so, na afei afiase anaa nneduaban ahorow no pii wɔ hɔ a ɛhɔ mmom na wɔkɔ kosua nsɛmmɔnedi.
Tebea Horow a Enye a Ɛwɔ Afiase
Atesɛm krataa kyerɛwfo bi kyerɛw fii South Amerika man bi a afiase dan kɛse bi wɔ hɔ mu kae sɛ: ‘Aguamammɔ ne mmonnaato ayɛ nea wɔyɛ wɔ ha bere nyinaa. Sɛnea ɔbɛyɛ na aberante bi a ɔda afiase no beguan afi nsɛmmɔne a wodi wɔ hɔ no ano no ɔpɛe sɛ wɔde no to ɔdan a ne kɛse bɛyɛ anammɔn 3, ahinanan mu. Dɛn na obi betumi ahwɛ kwan afi mmarima a wɔadan wɔn ho mmoa wɔ afiase a emu nnipa dodow abɔ ho mpɛn abiɛsa mu (bɛyɛ nneduafo 5,200 wɔ ɔdan a wosi maa nnipa 1,800 mu) , a wɔn nyinaa di nsɛmmɔne. Wɔrentumi nhwɛ kwan sɛ nea wasɛe a wɔde no kɔɔ hɔ no befi hɔ aba a wayɛ yiye.
Saa ara nso na ɔbarima bi a odii asram 20 wɔ Europa nneduadan bi mu no kae sɛ: “Nkɔmmɔ a wɔbɔ da biara da ne nsɛmmɔne a wɔadi ne nea wɔhwɛ kwan sɛ wobedi daakye bere a wɔafi adi kɔ. Wɔka osuahu a wɔanya kyerɛ wɔn ho wɔn ho, mmɔden a wɔbɔ ne akwan horow a wɔasua na eyi ma ɔdeduani no siesie ne ho sɛ afei de obenya nsɛmmɔnedi no mu mfaso bere a wɔagyaa no.”
Kristoni bi a ɔsom mpɛn anan wɔ afiase ahorow mu esiane Kristoni a ɔyɛ na ɔmpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ amansɛm mu nti no kae sɛ: “Sɛ́ afiase bɛyɛ faako a wɔsakra nkurɔfo mmom no, adan nsɛmmɔnedifo sukuu. Nea wɔtaa ka ne sɛ: ‘Wohyɛn hɔ sɛ worekɔsakra, wufi hɔ a wɔasɛe wo awie koraa.’ Nnipa binom wɔ hɔ a wɔde wɔn too afiase wɔ bɔne ketewaa bi a wɔyɛe, sɛ ebia korɔnbɔ nti, nanso wɔsan baa hɔ nea ɛto so abien ne abiɛsa wɔ nsɛmmɔnedi afoforo a ɛsosoe nti. Minim ɔdeduani bi a ɔka kasahorow anum na ɔka no yiye nso, na wakyerɛw nhoma horow nso a wɔtɔn. Ɔbaa afiase hɔ wɔ nsɛmmɔne ahorow a odii nti. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nnipa apow no, na saa na n’abusua ne ne nnamfonom ayɛ, na onni adwuma, enti dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔbɛyɛ bɔne foforo bio na wasan aba afiase, faako a obetumi ayɛ adwuma adidi na wada. Mmom adwene a okura no nteɛ de, nanso n’abasamtu ma ɔbɛdanee sɛ obi a wɔagye no atom sɛ odi nsɛmmɔne.
Ɔsesɛw Ho Mmɔden Bi a Wɔrebɔ
Nsɛm a wɔte a ɛrekɔ so a ɛyɛ hu wɔ aman horow mu no ama afei de wɔrebɔ ɔsesɛw ho mmɔden. Sɛ wɔde mmɔdenbɔ di eyinom ho dwuma a, wobetumi asakra nneduafo pii a wɔn bɔne no nyɛ nea ɛyɛ aniberesɛm no na wɔasan wɔn akyi adan nnipa pa wɔ nnipa mu bio. Afei nso nnesoa akɛse a ɛyɛ ɛka a ɛba bɛda afoforo so esiane sɛ afiase nna ho nhyehyɛe no ntumi nni dwuma nsesɛw nnipa a wodi nsɛmmɔne no nso ano bɛbrɛ ase wɔ eyi nti.
Saa ɔsesɛw ho nhyehyɛe yi renya nkɔso wɔ akwan horow bi so—eyi gyina mmɔden a wɔn a wodi ho dwuma no bɔ anaa wɔmmɔ so, na afei egyina sika a wɔde ma wɔn no nso so. ‘Wɔayɛ nsakrae wɔ afiase ahorow 19 a ɛwɔ Amerika a wɔyɛɛ mpɛɛpɛɛmu wɔ mu no mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasakra tebea ɛwɔ hɔ no. Afiase no mu atew afei, na wɔayi wɔn a wɔn bɔne mu nyɛ duru no afi afoforo a wɔde ayɛ wɔn adwuma no ho. Afei wɔahyehyɛ mmara ama atemmufo kwan ma wɔde asotwe a ɛfata ma, wɔma ebi mu yɛ mmerɛw sɛnea ɛfata na wɔatwe afoforo aso wɔ ɔkwan a emu yɛ den so sɛnea ɛfata.
Wɔayɛ nhyehyɛe nso na ahyehyɛde ahorow de Bible ne ɔsom ho nhoma akɔma wɔn. Wɔayɛ nhyehyɛe a wɔkyerɛkyerɛ nneduafo no nsaanodwuma sɛnea ɛbɛyɛ na woyi wɔn fi hɔ a wɔatumi ayɛ adwuma de aboa wɔn ankasa ho. Wɔayɛ ɔkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe wɔ afiase no mu, nanso kakraa bi pɛ na wɔde wɔn ho ma eyi na wɔn mu dodow no ara bu wɔn ani gu so.
Enti, wɔ adwene ne mmɔden a wɔbɔ no nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea nsɛmmɔnedi no rekɔ so ara. So mmara anaasɛ asotwe bi wɔ hɔ a ebetumi asiw eyi ano? So mmara horow a emu yɛ den anaasɛ mmara a wɔagow mu betumi ayɛ? Na ɔsom mu mmara nso ɛ? So ebetumi de adetreneeyɛ ahyɛ nnipa mu? So anidaso bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobetumi ayi nsɛmmɔnedi afi hɔ na ɛde ahotɔ aba? Nsɛm a edidi so yi ka nsɛm a enya yɛn nyinaa so nkɛntɛnso yi ho asɛm.